Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
“ADE biako na masrɛ [Yehowa], ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra [Yehowa] fi, na mahwɛ [Yehowa] animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.”—Dwom 27:4.
Ɔhene Dawid de anigye hwɛɛ Yehowa asɔrefie. So wote nka saa ara wɔ mmeae a wɔde ɔsom kronn ma wɔ hɔ nnɛ no ho? Ɔwɛn Aban Asafo no Betel afie bɛboro 95 no ka mmeae a wɔsom Yehowa wɔ yɛn mmere yi mu no ho.
Helga a ofii Betel fie adwuma ase wɔ Germany 1948 mu no ka sɛ: “Sɛ mehwɛ mfe pii a mede asom wɔ Betel no a, ɛma minya anisɔ kɛse paa, na emu kɔ so yɛ den afe biara.” Helga ka wiase nyinaa Betel adwumayɛfo 13,828 a wɔwɔ anigye, a wɔ 1993 ɔsom afe mu no, ‘wɔhwɛɛ Yehowa animtew’ no ho. Dɛn ankasa na edin Betel kyerɛ? Ɔkwan bɛn so na Yehowa Dansefo biara, sɛ́ ɔsom wɔ Betel anaa baabi foforo no, betumi de anisɔ ahwɛ saa nhyehyɛe yi?
Edin a Egye Ahofama
“Betel” yɛ din a ɛfata yiye, efisɛ Hebri asɛmfua Behth-ʼElʹ no kyerɛ “Onyankopɔn Fie.” (Genesis 28:19, New World Translation of the Holy Scriptures—With References, no ase hɔ asɛm) Yiw, Betel te sɛ ofie a ɛwɔ nhyehyɛe pa, anaa ‘ofie a wɔde nyansa na asi,’ a nea ɛkɔ so wɔ hɔ biara twe adwene si Onyankopɔn ne n’apɛde so. (Mmebusɛm 24:3) Herta de anisɔ ka sɛ: “Ɛte sɛ nea wowɔ abusua bi mu. Yɛwɔ da biara da mu dwumadi ho nhyehyɛe pa.” Ɔde mfe 45 ne akyi asom wɔ Betel fie koro no ara a Helga wɔ no. Abusua kɛse yi muni biara wɔ n’adwuma ne n’afã, na ɛma ɔte anigye ne ahobammɔ nka. Sɛnea ɛfata edin Betel no, dwumadibea biara yɛ ne nneɛma pɛpɛɛpɛ, na ɛwɔ nhyehyɛe pa. Eyi de asomdwoe ba, ɛma asɛmpaka adwuma no tu mpɔn, na ɛma asafo ahorow tumi kyerɛ obu kɛse ma “Onyankopɔn Fie.”—1 Korintofo 14:33, 40.
Dɛn nti na afie a ɛtete saa ho hia? Sɛ́ nhwɛso no, wotintim nsɛmma nhoma yi wɔ Betel fie bi nhomatintimbea. Ahenni nkrasɛm no ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ ne honhom fam aduan kyekyɛ a Yesu Kristo huu ne nyinaa siei no ma nhyehyɛe pa te sɛ Betel de no yɛ nea ɛho hia kɛse—wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛ adwuma wɔ hɔ de boa, na Yehowa asomfo nyinaa kyerɛ obu kɛse wɔ ho.—Mateo 24:14, 45.
So wopɛ sɛ wuhu pii fa adwuma a wɔyɛ da biara no ho? Wɔ faako a Helga ne Herta wɔ no, ɛdɔn bi bɔ wɔ atrae a ɛwowɔ hɔ no nyinaa mu anɔpa 6:30, ɛwom sɛ adwumayɛfo bɛboro 800 no pii sɔre ntɛm sen saa mpo siesie wɔn ho ma da no de. Efi Dwoda kosi Memeneda no, ɛbɔ anɔpa 7:00 a abusua no hyiam wɔ adididan ahorow no mu yɛ daa asɛm. Wodi anɔpaduan a ahoɔden wom wɔ ɛno akyi. Adwuma da biara fi ase anɔpa 8:00, na wɔde nnɔnhwerew awotwe na ɛyɛ adwuma, a bere a wɔrekodidi awia nkutoo na wogyae adwuma. (Mpɛn pii no, abusua no yɛ adwuma da fã Memeneda.) Sɛ́ ɛyɛ mukaase, nhoma tintimbea, beae a wɔhoro ade, office, adwinnan, beae a wɔtetare nhoma akyi, anaa adwumayɛbea foforo biara no, adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.
Abusua no mufo ne asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ bɔ fekuw wɔ asafo nhyiam horow ase ne asɛnka adwuma no mu anwummere anwummere ne dapɛn awiei. Betel anuanom mmarima no pii yɛ mpanyimfo anaa asafo mu asomfo wɔ saa asafo ahorow yi mu. Nokwarem no, Adansefo a wɔwɔ asafo ahorow yi mu no ani sɔ saa biakoyɛ yi, na afanu no nyinaa yɛ adwuma bom sɛ kuw biako, a wɔwɔ obu ne ntease ma wɔn ho wɔn ho. (Kolosefo 2:19) Betel dwumayɛni biara nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’adwuma a ɔyɛ wɔ “Onyankopɔn Fie” no di nnwuma foforo kan. Nanso, nsi a ɔde yɛ asɛnka adwuma no ne ne ho a ɔde bɔ asafo no ho, ne afei kari a ɔkari pɛ, hyɛ Betel dwumayɛni den honhom mu, ɛma onya anigye kɛse, na ɛma onya nkɔso kɛse sɛ abusua no muni. Hwɛ sɛnea saa su horow yi ho hia bere a obi yɛ adwuma wɔ “fie” a wɔde ahofama a efi koma nyinaa mu bata ne din ho mu no!
Betel Ɔsom Adwuma a Wɔma Ɛyɛ Anigye
Dɛn na aboa Yehowa Adansefo pii ma wɔanya Betel ɔsom adwuma no mu anigye? Franse Betel abusua no mufo a wɔde mfe pii asom ka nea edi so yi: “Yehowa ho dɔ. Yɛn bo a yɛasi sɛ yebenya boasetɔ wɔ baabiara a ɔde yɛn bɛto; odwo, ahobrɛase, ne obu a yɛkyerɛ ma Asafo ti no akwankyerɛ.” (Denise) “Mahu hia a ehia sɛ yɛkyerɛ obu ma nnyinasosɛm a Paulo kaa ho asɛm wɔ Romafo 12:10 no: ‘Munni kan nnidi mo ho ni.’ Saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ yɛn sɛnea ehia sɛ yɛnhyɛ afoforo mma wonnye yɛn nsusuwii ntom, na mmom, yebesusuw afoforo nso nsusuwii ho. Ɔkwan foforo so no, ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ anuonyam.” (Jean-Jacques) Barbara ka sɛ: “Sɛ yɛhwɛ nneɛma ɔhonam mu, sɛnea ɛte wɔ onipa ani so a, obu a yɛwɔ ma Betel ɔsom adwuma no betumi asɛe, efisɛ eyi betumi ama yɛn werɛ afi sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan. Sɛ yɛma afoforo mfomso to yɛn hintidua a, yebetumi ahwere obu a ɛte saa.”
Obiara nyɛ pɛ wɔ Betel, enti ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye susuw fekuw a wɔbɔ ho. Ɛrenyɛ papa sɛ mmerante ne mmabaa anaa wɔn a wɔaba hɔ foforo ne wɔn atipɛnfo nkutoo bɛbɔ. Wɔn a wɔwɔ anwiinwii su anaa wonnwen adwempa fekubɔ mma denhyɛ wɔ Betel anaa asafo no mu. Nanso, “nyansa a efi soro,” a wɔka ho asɛm wɔ Yakobo 3:17 no a yebesuasua no de nhyira ba. “Nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye [“ɛnyɛ nyinyim a ɛnsɛ,” New World Translation], ɛnyɛ nyaatwom.” Su horow a ɛtete saa ne afei abodwokyɛre ne ayamye da adi wɔ “Onyankopɔn Fie,” na ɛma ɛhɔ asetra yɛ anigye na ɛhyɛ nkuran. Wɔn a wɔnyɛ Adansefo mpo taa kamfo adwumayɛfo no suban pa, adamfofa su, ne anigye a wɔwɔ no.
Anny, a wadi boro mfe 70, na wasom sɛ Germany Betel abusua no muni fi 1956, kyerɛ nea ɛma n’ani gye sɛ ɔbɛkɔ so asom: “Nea ɛbɛyɛ a me honhom fam yiyedi bɛkɔ so no, meyere me ho denneennen kenkan Asafo ti no nhoma ahorow nyinaa, kɔ nhyiam daa, na minya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Sɛnea ɛbɛyɛ a menya apɔwmuden no, mebɔ mmɔden nso teɛteɛ me mpɔw mu anɔpa biara, mentaa mfa afiri a wɔde foro abansoro no, na metaa nantew mpɛn pii sɛnea metumi, titiriw wɔ asɛnka adwuma mu.”
Wɔn a wɔasom akyɛ wɔ Betel no pii ne Anny bɛyɛ adwene. Wonnyae adesua ne adwumayɛ da. Apɔwmuden a wobenya hwehwɛ sɛ wɔda ntɛm, wɔteɛteɛ wɔn mpɔw mu, na wonnidi na wɔnnom nsa mmoro so. Nea ɛsen ne nyinaa no, wommu wɔn ani ngu wɔn kokoam mpaebɔ ne Bible adesua so.
Obu Kɛse a Wɔkyerɛ wɔ Betel Ɔsom Kronn Ho
Asɛm a wɔtaa bisa Betelfo ne, “Ɛhefa na woyɛ adwuma?” Adwuma no gu ahorow, nanso ɛsɛ sɛ obiara kyerɛ obu kɛse wɔ emu biara ho. Dɛn ntia? Efisɛ adwuma biara—sɛ́ ɛyɛ afiri a wɔde tintim honhom fam aduan na wɔde di dwuma, adehoro, aduannoa ne fie hɔ siesie, anaa office adwuma—yɛ ɔsom kronn. Sɛnea yɛaka wɔ atifi hɔ no, Kristofo nyɛ nyiyim a ɛnsɛ. Kae sɛ na wobu asɔrefie hɔ nnwuma a ɛho hia a asɔfo ne Lewifo no yɛe wɔ adiwo ne adididan ahorow mu no nyinaa sɛ ɔsom kronn ma Yehowa. Ná mmoa a wokum wɔn siesie wɔn sɛ afɔrebɔde, akanea a wɔde ngo gugu mu, ɛhɔ aprapra ne ɔwɛn adwuma mpo ka ho. Saa ara na Betel adwuma biara yɛ “Awurade adwuma mu” dwumadi a ɛma abotɔyam na mfaso wɔ so, ma enti ɛyɛ hokwan a ɛso nni.—1 Korintofo 15:58.
Susuw esu bi a ɛmma yɛnkyerɛ anisɔ mma “Onyankopɔn Fie” no ho kakra. Ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Betel ne wɔn a wonni hɔ nyinaa hwɛ yiye wɔ anibere ne ahoɔyaw, a ɛyɛ “nnompe mu porɔw” no ho. (Mmebusɛm 14:30) Ntease nnim sɛ obi ani bɛbere ɔsom hokwan ahorow a Betel adwumayɛfo wɔ no. Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔma ahoɔyaw a ɛyɛ ɔhonam nnwuma no biako no kwan wɔ Betel abusua no mu. Fa ahobrɛase twɛn—ɛno yɛ afotu pa ma obi a ɛte sɛ nea wɔasian ne ho de ɔsom hokwan akɛse ama afoforo. Nea ɛka ho no, adefo paa ne ahiafo koraa tra bom wɔ Betel. Hwɛ abasamtu ara a ɛbɛyɛ sɛ obi de ne ho ‘bɛtoto obi ho’! ‘Nnuan ne nea wɔde kata wɔn ho’ a wɔma wɔn ani sɔ aboa pii ma wɔakɔ so de nokwaredi asom wɔ “Onyankopɔn Fie” mfe pii.—Galatifo 5:20, 26; 6:4; 1 Timoteo 6:8.
Yehowa Adansefo ne afoforo ɔpepem pii nya mfaso kɛse fi Betel adwuma a wonnye ho akatua no mu—adwuma a esiane Onyankopɔn ne yɔnko dɔ nti, wɔde wɔn ho nyinaa ma de yɛ no. Ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na wɔde hwɛ Betel afie ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhomatintimbea ahorow no, te sɛ teokrase adan afoforo. (2 Korintofo 9:7) Te sɛ Ɔhene Dawid ne Israel mmapɔmma ne adwuma so ahwɛfo no, yebetumi akyerɛ obu kɛse ne anisɔ ama “Onyankopɔn Fie” denam yɛn ahoɔden ne sika a yɛde bɛboa Asafo ti no so. (1 Beresosɛm 29:3-7) Momma yɛnhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so ‘ahwɛ Yehowa animtew’ wɔ Betel.
“Onyankopɔn Fie” Nhyira
Sɛ wokɔ ɔmansin nhyiam bi ase a, so wunya akomatɔyam kɛse sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ anigye atwa wo ho ahyia? Wo de susuw ho hwɛ, Betel adwumayɛni nya hokwan som Yehowa wɔ anuanom bebree ntam da biara! (Dwom 26:12) Hwɛ sɛnea ɛno betumi aboa no ma wanya honhom mu nkɔso! Onua bi kae sɛ wɔ afe biako mu no, osuaa nneɛma pii a ɛboaa no ma osiesiee ne nipasu yiye wɔ Betel sen nea osuaa no mfe abiɛsa mu wɔ beae foforo. Dɛn ntia? Efisɛ wannya hokwan anhwɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw pii gyidi ansuasua saa wɔ baabiara.—Mmebusɛm 13:20.
Sɛ obi wɔ Betel a, afotufo a wɔn ho akokwaw atwa ne ho ahyia sɛnea yɛbɛka no no. Afei nso, mfaso wɔ tie a obi betie nkyerɛkyerɛmu a wɔasiesie no yiye a wɔde ma wɔ anɔpa daa asɛm no ne Betel abusua no Ɔwɛn-Aban Adesua no ase, ne bere a ɔretie baguam ɔkasa Dwoda anwummere no. Wɔn a wɔaba hɔ foforo no nya afotu fi Betelfo Foforo Sukuu no mu, na wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔkenkan Bible mũ no nyinaa wɔ asram 12 mu.
Wonya nkuranhyɛ foforo fi amanneɛbɔ ne osuahu ahorow a efi ahɔho a wofi aman foforo mu ba hɔ nkyɛn. Afei nso, Sodikuw no mufo anaa wɔn ananmusifo kɔsrasra baa dwumadibea ahorow no. Helga ka sɛ: “Ɛwom sɛ saa anuanom no wɔ pii yɛ de, nanso bere nyinaa wonya bere ka asɛm a ɛyɛ anigye anaa wɔserew.” Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ wo ankasa wubehu sɛnea mmarima anokwafo a wɔte saa no wɔ adamfofa su ne ahobrɛase!
Sɛ obi wɔ Betel titiriw a na obehu sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no di dwuma ne sɛnea ne honhom kronkron no kanyan nkurɔfo koma ma wofi wɔn koma mu yɛ adwuma. Onua bi a wasom wɔ France Betel fi 1949 ka sɛ: “Sɛ obi wɔ Betel a, ɔte nka sɛ ɔka adwinnade titiriw a wɔde yɛ adwuma no ho.” Ɔtoa so ka sɛ: “Nokwarem no, metumi aka sɛ wɔ me fam no, Betel yɛ bere nyinaa ɔsom adwuma bi a ɛma mede me bere ne m’ahoɔden nyinaa yɛ adwuma wɔ Yehowa som mu de boa anuanom a wɔdɔɔso sen biara.” Na so ɛnyɛ ɛno ne yɛn asetra mu atirimpɔw ankasa—sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde? Wɔ Betel no, obi betumi de ‘ayeyi ama daa nyinaa.’ Nhyira bɛn ara ni!—Dwom 44:8.
Sɛnea yɛahu no, obi a ɔyɛ adwuma wɔ Betel betumi ahu Yehowa animtew na wanya nhyira pii. (Hebrifo 6:10) So “Onyankopɔn Fie” a wobɛkɔ akɔsom no betumi asom bo ama wo? Yehowa Adansefo a anyɛ yiye koraa no wɔadi mfe 19, a wɔwɔ honhom fam ne honam fam akwahosan pa, na te sɛ Timoteo no, ‘anuanom bɔ wɔn din pa’ no betumi asom wɔ Betel. (Asomafo no Nnwuma 16:2) Nnipa pii de Betel ɔsom adwuma ayɛ wɔn nkwa nna nyinaa adwuma, te sɛ wɔn a wɔfaa wɔn nsɛm kae wɔ atifi hɔ no. Wɔn fam no, ɔpɛ a emu yɛ den a na odwontofo no wɔ—sɛ ‘ɔbɛtra Yehowa fie ne nna a obedi nyinaa’—no aba mu.
Yehowa Adansefo kyerɛ afɔrebɔ honhom a anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Betel a wofi wɔn pɛ mu de anigye di asɛyɛde ho dwuma no ho obu kɛse. Sɛ́ yɛsom Yehowa wɔ Betel anaasɛ baabi foforo no, yɛn mu biara wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ ɔte nka te sɛ Ɔhene Dawid—sɛ ɔde anisɔ anaa anigye bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie.”
[Kratafa 31 mfonini]
Saa Kristofo yi de anigye anya ɔsom kronn mu kyɛfa wɔ Germany Betel mfe pii