Yɛn ho Ase a Yɛbɛbrɛ Ama Tumidi wɔ Anigye Mu
“Mufi koma mu abrɛ mo aso ase.”—ROMAFO 6:17.
1, 2. (a) Honhom bɛn na ɛda adi wɔ wiase nnɛ, na dɛn ne ne fibea ne nkɛntɛnso a etumi nya? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so kyerɛ sɛ wɔyɛ soronko?
“HONHOM a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no” abu so kɛse nnɛ. Ɛyɛ honhom a ɛma wɔhwehwɛ ahofadi a anohyeto nnim, a efi Satan, “wim tumi no panyin” hɔ. Saa honhom, ‘mframa,’ anaa esu a edi akoten a ɛne pɛsɛmenkominya ne asoɔden yi, nya “tumi” wɔ adesamma mu fã kɛse no so, anaa edi wɔn so. Eyi yɛ ade biako nti a wiase no rehyia nea wɔfrɛ no tumidi a ɛho aba asɛm.—Efesofo 2:2.
2 Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nhome ‘mframa’ bɔne, anaa atuatew honhom yi nkɔ wɔn honhom mu ohurututu mu. Wonim sɛ “Onyankopɔn abufuw [bɛba] asoɔden mma so.” Ɔsomafo Paulo de ka ho sɛ: “Enti mo ne wɔn nnni twaka. (Efesofo 5:6, 7) Mmom no, nokware Kristofo bɔ mmɔden yɛ “ma wɔ [Yehowa] honhom mu,” wɔnom “nyansa a efi soro,” a “ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw” no.—Efesofo 5:17, 18; Yakobo 3:17.
Yɛn Pɛ mu a Yebefi Abrɛ Yɛn Ho Ase Ama Yehowa Tumidi
3. Dɛn ne ade a ɛma obi fi ne pɛ mu brɛ ne ho ase, na asuade kɛse bɛn na abakɔsɛm de ma yɛn?
3 Ade a ɛma obi brɛ ne ho ase ma tumidi ne sɛ obegye atom sɛ ɛfata. Adesamma abakɔsɛm da no adi sɛ Yehowa tumidi a wɔpow no mfa anigye mma. Saa a Adam ne Hawa yɛe no amfa anigye ammrɛ wɔn, na saa ara na amfa anigye ammrɛ nea ɔkanyan atuatew no, Satan Ɔbonsam. (Genesis 3:16-19) Satan ‘afa abufuw kɛse’ mprempren a ɔwɔ animguase tebea mu no, efisɛ onim sɛ ne bere yɛ tiaa. (Adiyisɛm 12:12) Asomdwoe ne anigye a adesamma, ne amansan yi nyinaa, benya no gyina gye a obiara begye Yehowa tumidi a ɛteɛ no atom so.—Dwom 103:19-22.
4. (a) Ahobrɛase ne osetie bɛn na Yehowa pɛ sɛ n’asomfo da no adi? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye di, na ɔkwan bɛn so na odwontofo no da eyi adi?
4 Nanso, esiane sɛ Yehowa su horow no kari pɛ nti, n’ani nnye osetie a obi yɛ a emfi komam ho. Nokwarem no ɔwɔ tumi! Nanso ɔnyɛ nhyɛso. Ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn, na ɔpɛ sɛ n’abɔde a wonim nyansa fi wɔn pɛ ne ɔdɔ mu yɛ osetie ma no. Ɔpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumidi ase esiane sɛ wofi koma nyinaa mu paw sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ ne trenee tumidi a ɛfata ase, na wogye di sɛ wontumi mfa biribiara ntoto osetie a wɔbɛyɛ ama no daa ho nti. Onipa a Yehowa pɛ sɛ ɔtra n’amansan mu ne obi a ɔte nka te sɛ odwontofo no a ɔkaa eyi no: “[Yehowa] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani. [Yehowa] suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. [Yehowa] atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ.” (Dwom 19:7-9) Ahotoso korakora a yebenya sɛ Yehowa tumidi fata na ɛteɛ—eyi na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su, sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra Yehowa wiase foforo no mu a.
Yɛn ho Ase a Yɛbɛbrɛ Ama Yɛn Hene no wɔ Anigye Mu
5. Akatua bɛn na Yesu nyaa wɔ osetie a ɔyɛe no ho, na dɛn na yefi yɛn pɛ mu gye tom?
5 Kristo Yesu ankasa yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama ne soro Agya no mu. Yɛkenkan sɛ “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” Paulo de ka ho sɛ: “Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu ne Awurade mma agya Onyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:8-11) Yiw, yɛde anigye bu nkotodwe wɔ yɛn Kannifo ne nea ɔredi Hene, Kristo Yesu anim.—Mateo 23:10.
6. Ɔkwan bɛn so na Yesu ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔdansefo ne ɔkannifo ma aman, na ɔkwan bɛn so na “n’ahenni” no bɛtoa so wɔ ahohiahia kɛse no akyi?
6 Yehowa hyɛɛ nkɔm faa yɛn Kannifo Kristo ho sɛ: “Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene mmarahyɛfo.” (Yesaia 55:4) Yesu ada ne ho adi sɛ n’Agya “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo” ma nnipa a wofi aman nyinaa mu denam n’asase so asɛnka adwuma ne asɛnka adwuma no a ofi soro akyerɛ no kwan wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi no so. (Adiyisɛm 3:14; Mateo 28:18-20) “Nnipakuw kɛse” no mu nnipa pii a wobefi “ahohiahia kɛse” no mu aka wɔ Kristo nniso ase no na wogyina hɔ ma aman a ɛte saa. (Adiyisɛm 7:9, 14) Nanso Kristo nniso no remma awiei saa bere no. “N’ahenni” no bedi mfirihyia apem. Obedi nnipa asoɔmmerɛfo ahiade ho dwuma ma ɛne ne din “Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoe-hene” ahyia.—Yesaia 9:6, 7; Adiyisɛm 20:6.
7. Sɛ yɛpɛ sɛ Kristo Yesu kyerɛ yɛn kwan kɔ “nkwa asuti” no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ntɛm, na dɛn na ɛbɛma Yesu ne Yehowa adɔ yɛn?
7 Sɛ yɛpɛ sɛ yenya mfaso fi “nkwa asuti” a Oguammaa Kristo Yesu kyerɛ nnipa komapafo kwan kɔ ho no mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm de yɛn asetra kwan kyerɛ sɛ yɛde anigye brɛ yɛn ho ase hyɛ ne tumidi ase sɛ Ɔhene. (Adiyisɛm 7:17; 22:1, 2; fa toto Dwom 2:12 ho.) Yesu kae sɛ: “Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so! Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no.” (Yohane 14:15, 21) So wopɛ sɛ Yesu ne n’Agya dɔ wo? Ɛnde brɛ wo ho ase ma wɔn tumidi.
Ahwɛfo De Anigye Yɛ Osetie
8, 9. (a) Dɛn na Kristo de ama na ahyɛ asafo no den, na akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ saa mmarima yi yɛ nhwɛso ma nguankuw no? (b) Wɔyɛ Kristofo ahwɛfo ahobrɛase ho mfonini dɛn wɔ Adiyisɛm nhoma no mu, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ “koma a etie” bere a wɔredi nsɛm no?
8 “Asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo.” Sɛ́ ɔhwɛfo no, ɔde “akyɛde maa nnipa” maa asafo no ‘denhyɛ.’ (Efesofo 4:8, 11, 12; 5:24) Wɔka kyerɛ saa honhom mu mpanyimfo yi sɛ ‘wɔnyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa no,’ ɛnyɛ ‘sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom sɛ wɔn a wɔyɛ nhwɛso ma nguankuw no.’ (1 Petro 5:1-3) Nguankuw no yɛ Yehowa dea, na Kristo na ɔyɛ ne “guanhwɛfo pa” no. (Yohane 10:14) Esiane sɛ ahwɛfo no hwɛ kwan sɛ nguan a Yehowa ne Kristo de ahyɛ wɔn nsa no befi wɔn pɛ mu ne wɔn ayɛ biako sɛnea ɛsɛ nti, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ nhwɛso pa wɔ ahobrɛase mu.—Asomafo no Nnwuma 20:28.
9 Wɔ afeha a edi kan mu no, wɔyɛɛ ahwɛfo a wɔasra wɔn no ho mfonini sɛ wɔwɔ Kristo nsa nifa “mu,” anaa ne nsa nifa “so,” na ɛkyerɛ sɛ na wɔbrɛ wɔn ho ase ma no sɛ asafo no Ti. (Adiyisɛm 1:16, 20; 2:1) Saa ara na ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu brɛ wɔn ho ase ma Kristo akwankyerɛ na ‘wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn tumi nsa no ase.’ (1 Petro 5:6) Sɛ wɔhwehwɛ sɛ wodi asɛm bi a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yehowa mpae sɛnea Salomo yɛe wɔ ne nokwaredi mfe mu yi: “Ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu.” (1 Ahene 3:9) Koma a etie bɛka ɔpanyin ma wahwehwɛ sɛ obehu nneɛma sɛnea Yehowa ne Kristo Yesu hu no, sɛnea ɛbɛyɛ a gyinae a wobesi wɔ asase so no ne nea wosi wɔ soro no bɛsɛ sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara.—Mateo 18:18-20.
10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ahwɛfo nyinaa bɔ mmɔden suasua Yesu wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne nguan no dii mu?
10 Ahwɛfo akwantufo ne asafo mu mpanyimfo bɛbɔ mmɔden asuasua ɔkwan a Kristo faa so yɛnee nguan no nso. Yesu anyɛ te sɛ Farisifo no anhyehyɛ mmara pii a ɛsodi yɛ den. (Mateo 23:2-11) Ɔka kyerɛɛ nnipa a wɔte sɛ nguan sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Bere a ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ obiara ‘soa n’ankasa adesoa’ no, ɛsɛ sɛ ahwɛfo no kae Yesu nhwɛso no na wɔboa anuanom ma wɔte nka sɛ wɔn Kristofo asɛyɛde ho adesoa no yɛ “mmerɛw,” ɛyɛ “hare,” na ne soa yɛ anigye.—Galatifo 6:5.
Teokrase Ahobrɛase
11. (a) Ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akyerɛ obu ama tiyɛ na nso ɔnyɛ teokraseni ankasa? Yɛ ho mfatoho. (b) Dɛn na teokraseni a obi bɛyɛ ankasa kyerɛ?
11 Teokrase yɛ Onyankopɔn nniso. Tiyɛ ho nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 11:3 no ho asɛm wom. Nanso ɛhwehwɛ pii sen saa. Obi betumi ayɛ ne ho sɛnea ɔkyerɛ obu ma tiyɛ, nanso ɔnyɛ n’ade teokrase kwan so nkosi ase. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa? Yɛbɛyɛ ho mfatoho a, demokrase yɛ amanfo nniso, na wɔakyerɛ demokraseni ase sɛ “obi a ogye demokrase nsusuwii di.” Obi betumi aka sɛ ɔyɛ demokraseni, ma wato aba, de ne ho ahyɛ amammuisɛm mu denneennen mpo. Nanso, sɛ obu nea demokrase kyerɛ ankasa ne nnyinasosɛm a ɛwom nyinaa so wɔ ne nneyɛe mu a, so wobetumi aka sɛ ɔyɛ demokraseni ankasa? Saa ara na sɛ obi bɛyɛ teokraseni a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ pii sen brɛ a ɔbɛbrɛ ne ho ase ama tiyɛ ara kwa. Ɛsɛ sɛ osuasua Yehowa akwan ne ne su horow. Ɛsɛ sɛ ɔma Yehowa di no so wɔ ɔkwan biara so. Na esiane sɛ Yehowa de tumi a edi mũ ama ne Ba no nti, nea teokraseni a obi bɛyɛ kyerɛ bio ne sɛ obesuasua Yesu.
12, 13. (a) Dɛn titiriw na teokraseni a obi bɛyɛ no hwehwɛ? (b) So teokrase ahobrɛase hwehwɛ sɛ wodi mmara pii so? Yɛ ho mfatoho.
12 Kae sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔdɔ kanyan obi ma ofi ne pɛ mu brɛ ne ho ase. Saa na odi amansan no so. Ɔno ne ɔdɔ nipasu ankasa. (1 Yohane 4:8) Kristo Yesu yɛ “n’anuonyam no haran ne ne su sɛso.” (Hebrifo 1:3) Ɔhwehwɛ sɛ ne nokware asuafo bɛdɔ wɔn ho wɔn ho. (Yohane 15:17) Enti ɛnyɛ ahobrɛase nko na ɛsɛ sɛ teokraseni nya, na mmom ɔdɔ nso. Wobetumi abɔ asɛm no mua sɛɛ: Teokrase yɛ Onyankopɔn nniso; Onyankopɔn yɛ ɔdɔ; enti teokrase yɛ ɔdɔ nniso.
13 Ɔpanyin bi betumi asusuw sɛ nea ɛbɛyɛ na anuanom ayɛ teokrasefo no, ɛsɛ sɛ wodi mmara ahorow nyinaa so. Mpanyimfo binom de nyansahyɛ ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma wɔ bere ne bere mu no ahyehyɛ mmara ahorow. (Mateo 24:45) Sɛ́ nhwɛso no, wɔhyɛɛ nyansa bere bi sɛ nea ɛbɛyɛ na obi atumi ahu anuanom a wɔwɔ asafo no mu yiye ntɛm no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔntra beae koro pɛ wɔ Ahenni Asa so bere nyinaa. Wɔkaa eyi sɛ nyansahyɛ a mfaso wɔ so, ɛnyɛ mmara katee. Nanso mpanyimfo bi betumi ama adan mmara na wɔate nka sɛ wɔn a wonni so no nyɛ teokrasefo. Nanso, ebia na adwempa pii nti na onua anaa onuawa bi pɛ sɛ ɔtra beae bi. Sɛ ɔpanyin bi amfa ɔdɔ ansusuw nsɛm a ɛte saa ho a, so na n’ankasa yɛ teokraseni ankasa? Sɛ yɛbɛyɛ teokrasefo a, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ yɛn ade nyinaa ɔdɔ mu.’—1 Korintofo 16:14.
Anigye a Yɛde Bɛsom
14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin bi betumi ama anuanom mmarima ne mmea binom ahwere wɔn anigye a wɔde som Yehowa, na dɛn nti na eyi nyɛ teokrase kwan? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ n’ani sɔ ɔdɔ a yɛnam yɛn som so kyerɛ no ho sen dodow a yɛyɛ? (d) Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo susuw ho?
14 Teokrasefo a yɛbɛyɛ no nso kyerɛ Yehowa a yɛde anigye bɛsom no. Yehowa ne ‘anigye Nyankopɔn no.’ (1 Timoteo 1:11) Ɔpɛ sɛ n’asomfo de anigye som no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ katee wɔ ahyɛde ahorow ho no kae sɛ nea edi so yi ka ahyɛde ahorow a na ɛsɛ sɛ Israel ‘hwɛ yiye sɛ wobedi so’ no ho: “Ma w’ani nnye [Yehowa] wo Nyankopɔn anim, nea wode wo nsa ka nyinaa ho.” (Deuteronomium 12:1, 18) Ɛsɛ sɛ biribiara a yɛde yɛn nsa ka wɔ Yehowa som mu no yɛ anigye, ɛnyɛ adesoa. Ahwɛfo betumi ayɛ pii ama anuanom de anigye ayɛ nea wobetumi wɔ Yehowa som mu. Nanso, sɛ mpanyimfo anhwɛ yiye a, wobetumi ama anuanom bi ahwere wɔn anigye. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wɔde ebinom adwuma toto afoforo ho na wɔkamfo wɔn a wotumi duu asafo no asɛnka nnɔnherew nkyekyem no ho anaa wonya boroo saa, na wɔnam anifere kwan so kasa tia wɔn a wɔantumi annu ho a, wɔn a ebia wɔwɔ ntease pa a enti wɔn nnɔnhwerew annu saa no bɛte nka dɛn? So eyi mma wɔn ahonim mmu wɔn fɔ wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so mma wɔnhwere wɔn anigye?
15 Mmɔden a ebinom bɔ de nnɔnhwerew kakraa bi yɛ baguam asɛnka adwuma no betumi ayɛ nea ɛsen afoforo a esiane sɛ wonyinii pii, wɔwɔ akwahosan pa, anaa nneɛma foforo bi nti, wɔde nnɔnhwerew pii yɛ asɛnka adwuma no mmɔdenbɔ. Wɔ eyi mu no, ɛnyɛ mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wobu atɛn. Nokwarem no, Yesu na Agya no ama no “tumi sɛ ommu atɛn.” (Yohane 5:27) So Yesu kasa tiaa okunafo hiani no esiane sɛ nea oyii no sua sen obiara de nti? Dabi, ohuu sɛnea na saa ntaapo abien no som bo ma no. Ná ɛyɛ “nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa.” Hwɛ Yehowa ho dɔ kɛse a eyi daa no adi! (Marko 12:41-44) So ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu mmɔden a wɔn a nea wotumi yɛ nyinaa sua sen “obiara de” no fi ɔdɔ mu bɔ no? Yehowa ho dɔ a ɛkanyan saa mmɔdenbɔ no betumi ayɛ nea emu yɛ den yiye!
16. (a) Sɛ ahwɛfo ka akontaabu ho asɛm wɔ wɔn kasa ahorow mu a, dɛn nti na ehia sɛ wonya nhumu na wɔkari pɛ? (b) Ɔkwan a eye sen biara bɛn na wobetumi afa so aboa anuanom ma wɔatrɛw wɔn som adwuma no mu?
16 So ɛsɛ sɛ yɛdan saa nsɛm yi “mmara” foforo, sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka akontaabu—dodow nkyekyem mpo—ho asɛm? Ɛnte saa koraa! Asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ ahwɛfo hyɛ anuanom nkuran ma wɔtrɛw wɔn som adwuma no mu, na bere koro no ara wɔboa wɔn ma wɔde anigye yɛ nea wobetumi biara. (Galatifo 6:4) Wɔ talente ho bɛ a Yesu bui no mu no, owura no de nea ɔwɔ hyɛɛ ne nkoa nsa “sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te.” (Mateo 25:14, 15) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo nso susuw nea Ahenni dawurubɔfo biara betumi ayɛ ho. Eyi gye nhumu. Ebetumi aba sɛ ehia ankasa sɛ wɔhyɛ ebinom nkuran ma wɔyɛ pii. Ebia ebehia sɛ wɔboa wɔn ma wɔyɛ wɔn dwumadi ho nhyehyɛe pa. Sɛnea ɛte biara no, sɛ wobetumi aboa wɔn ma wɔde anigye ayɛ nea wobetumi nyinaa a, ebia saa anigye no bɛhyɛ wɔn den ma wɔatrɛw wɔn Kristofo dwumadi no mu bere a ɛfata.—Nehemia 8:10; Dwom 59:16; Yeremia 20:9.
Anigye mu a Yefi Brɛ Yɛn ho Ase mu Asomdwoe
17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na anigye mu a yefi brɛ yɛn ho ase betumi ama yɛanya anigye ne trenee? (b) Sɛ yɛwɛn yɛn aso ma Onyankopɔn mmara nsɛm a, dɛn na yebenya?
17 Anigye mu a yebefi abrɛ yɛn ho ase ama Yehowa tumidi a ɛfata no de asomdwoe kɛse brɛ yɛn. Odwontofo no ka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoãtoã wɔn.” (Dwom 119:165) Yenya mfaso fi Onyankopɔn mmara sodi mu. Yehowa ka kyerɛɛ Israel sɛ: “Sɛ [Yehowa], wo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.
18 Kristo agyede afɔrebɔ no ma yɛne Onyankopɔn nya asomdwoe. (2 Korintofo 5:18, 19) Sɛ yɛwɔ Kristo agyede mogya no mu gyidi, na yefi ahonim pa mu bɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn mmerɛwyɛ ahorow so ayɛ Onyankopɔn apɛde a, yenya ahotɔ fi afobu nkate mu. (1 Yohane 3:19-23) Gyidi a ɛte saa a nnwuma ka ho no ma yenya gyinabea pa wɔ Yehowa anim ne anidaso a ɛyɛ anigye sɛ yebefi “ahohiahia kɛse” no mu aka, na yɛatra ase daa wɔ Yehowa wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 7:14-17; Yohane 3:36; Yakobo 2:22, 23) ‘Sɛ yɛbɛwɛn yɛn aso ama Onyankopɔn mmara nsɛm nkutoo de a,’ yɛn nsa betumi aka eyi nyinaa.
19. Dɛn na anigye a yebenya no nnɛ ne daa nkwa a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya no gyina so, na ɔkwan bɛn so na Dawid daa nea yegye di fi komam adi?
19 Yiw, anigye a yebenya no nnɛ, ne daa nkwa a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya wɔ paradise asase so no gyina brɛ a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama tumi a Yehowa di sɛ Amansan Hene no so. Ɛmmra sɛ bere nyinaa yɛbɛte nka te sɛ Dawid a ɔkaa eyi no: “Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, [Yehowa], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Beresosɛm 29:11, 13.
Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Wokae
◻ Ahobrɛase ne osetie bɛn na Yehowa pɛ sɛ n’asomfo da no adi?
◻ Akatua bɛn na Yesu nyae wɔ osetie a ɔyɛe no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛnam yɛn asetra kwan so kyerɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ahwɛfo nyinaa bɔ mmɔden suasua Yesu wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne nguan no dii mu?
◻ Dɛn na teokraseni a obi bɛyɛ no hwehwɛ?
◻ Nhyira horow bɛn na anigye mu a yebefi abrɛ yɛn ho ase de bɛba?
[Kratafa 24 mfonini]
Mpanyimfo hyɛ nguankuw no nkuran ma wɔde anigye yɛ nea wobetumi biara
[Kratafa 26 mfonini]
Yehowa ani gye wɔn a wofi komam yɛ osetie ma no ho