Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/1 kr. 29-31
  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • N’ankasa Nsɛm Ka Dɔktafo No
  • Honhom mu Botae Ahorow
  • Daakye bi a Ahobammɔ Wom
  • Mmofra A Wɔwɔ “Tumi A Ɛboro So”
    Nyan!—1994
  • “Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/1 kr. 29-31

‘Masɔ Gyidi no Mu’

SƐNEA BRUNELLA INCONDITI NNAMFO KA KYERƐE

“NÁ MEMENEDA no yɛ awerɛhow ne ankonamyɛ da. Ná me nkutoo na mewɔ ɔdan no mu a minni anidaso biara. Na mete nka sɛ nea menam abrannaa bi so. Na biribiara rekɔ so yiye, na afei mpofirim ara obi kaa pon no hwee mu, na ɛmfa ho mmɔden biara a mebɔe no, mannya kwan amfi.”

Abasamtu a emu yɛ den kaa Brunella Inconditi a wadi mfe 15 no. Ná ne nkwa nna tiawa no mu da tititiw no retwam. Saa afe no mfiase no, ná ɔdɔ kɛse a wanya ama Yehowa ne Bible no aka no ma wahyira ne nkwa so ama no. Ná wɔbɛbɔ no asu wɔ July 1990 wɔ Yehowa Adansefo “Kasa Kronn” Mantam Nhyiam ase wɔ Montreal, Canada. Mmom no, sɛɛ na Brunella rebehyia ne gyidi ho sɔhwɛ a ɛbɛtra hɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

Aka nnaanu ma Brunella de nsu mu asubɔ ayɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no, ohui sɛ wanya leukemia [mogya nkwammoaa fitaa a ɛdɔɔso mmoroso]. Dɔktafo a wɔwɔ ɛhɔ mmofra ayaresabea pɛe sɛ wofi ase sa no yare ntɛm so, enti Brunella daa ayaresabea hɔ.

N’ankasa Nsɛm Ka Dɔktafo No

Ná Brunella nim sɛ mogya yɛ ade kronkron ma Yehowa Nyankopɔn. (Leviticus 17:11) Ná n’awofo, Edmondo ne Nicoletta, aka ato hɔ sɛ wɔmmma wɔn ba no mogya wɔ n’ayaresa no mu. Ne papa ka sɛ: “Ɛwom sɛ na Brunella yɛ abofra a mmara mma no kwan sɛ obetumi asi gyinae ama ne ho de, nanso ɔpɛe sɛ dɔktafo no te fi ɔno nso anom. Ɔka kyerɛɛ wɔn pen sɛ ɔmpɛ ayaresa a ebebu Bible ahyɛde a ɛka sɛ ‘yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho’ no so.”—Asomafo no Nnwuma 15:20.

Wɔ July 10, 1990 no, dɔktafo baasa ne asetram nsɛm ho dwumayeni bi ne Brunella awofo ne Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mufo baanu hyiae. Ná nhwehwɛmu a wɔayɛ no ada no adi sɛ Brunella anya leukemia a emu yɛ den. Dɔktafo no kyerɛkyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so asa yare no. Wɔde anifire kae sɛ ɔyare no sa yɛ den. Asafo mu mpanyimfo no biako kae sɛ: “Brunella nneyɛe ne ne bo a na wasi sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn kaa dɔktafo ne asetram nsɛm ho dwumayeni no. Ɔdɔ a n’awofo yii no adi ne mmoa a onya fii nnamfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu hɔ no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔn ani gyee sɛnea yɛtee wɔn ase na yɛkyerɛɛ obu maa wɔn gyinabea no ho nso.”

Dɔktafo no sii gyinae sɛ wɔremma no mogya. Ná wɔde nnuru a ano yɛ den pii a ekum ɔyare mmoawa na ɛbɛsa no yare, nanso na emu renyɛ den pii sɛnea wɔyɛ no no. Na eyi bɛtew ne mogya mu nkwammoaa a aduruyɛ no bekunkum wɔn no so. Nicoletta kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Dɔktafo no susuw Brunella honam fam, ne nkate, ne ne honhom mu ahiade ho. Bere a yɛkaa sɛ wɔnkɔgye akwankyerɛ mfi ɔbenfo bi a ɔwɔ nimdeɛ kɛse wɔ mmofra a wɔyare leukemia a wɔmfa mogya nni dwuma wɔ wɔn ayaresa mu hɔ no, wɔpenee so.” Brunella ne ayaresabea hɔ adwumayɛfo no nyaa abusuabɔ a ɔdɔ wom.

Honhom mu Botae Ahorow

Ɛwom sɛ mfiase no nkɔso bi fii aduruyɛ no mu bae de, nanso na ɛno yɛ Brunella amanehunu no mfiase ara kwa. Bɛyɛ November 1990 no na ne yare no akɔ fam, enti wɔbɔɔ no asu ntɛm ara. Brunella reka asram kakra a na atwam mu asɛm no, ogye toom sɛ: “Ná ɛyɛ den yiye. Ná mihia ahoɔden kɛse, na na ehia sɛ minya adwempa. . . . Wɔsɔɔ me gyidi hwɛe, nanso migyinaa pintinn, na ɛda so ara wɔ me nhyehyɛe mu sɛ mɛyɛ daa kwampaefo [bere nyinaa somfo].”

Brunella yare no mu yɛɛ den bio wɔ 1991 mfiase hɔ. Bere a wɔrema no aduru a ano yɛ den a ekunkum ɔyare mmoawa no, anka ɔreyɛ awu, nanso bere a na wɔnhwɛ kwan no, ne ho tɔɔ no ma ɛyɛɛ obiara anigye. Eduu August mu no, na ne ho atɔ no yiye ma otumi de saa ɔsram no yɛɛ ɔsom adwuma sɛ ɔkwampaefo boafo. Ne yare no mu san yɛɛ den bio, na ebeduu November 1991 no, na kokoram aka ne nipadua afã horow pii. Dɔktafo bi fii ase yɛɛ no aduru bi a etumi sa nipadua mu ne honam ani nyarewa wɔ ayaresabea foforo bi mu.

Wɔ tebea horow a emu yɛ den sɛɛ mu mpo no, Brunella gyinaa pintinn na ɔde honhom mu botae ahorow sisii n’anim. Bere a ɔtee leukemia no ho asɛm nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛtra ase asram asia pɛ. Afei bɛyɛ afe ne fã akyi no, na Brunella da so te ase a ɔreyɛ ne daakye ho nhyehyɛe. Asafo mu ɔpanyin bi kae sɛ: “Wantwentwɛn ne nan ase wɔ ne botae horow no ho dwumadi ho. Gyidi a Brunella wɔ wɔ Onyankopɔn Paradise a wahyɛ ho bɔ mu no wowaw no wɔ n’amanehunu bere no nyinaa mu. Ɛwom sɛ na onnyinii de, nanso ɔbɛyɛɛ Kristoni a ne ho akokwaw. Ne suban ne ne nneyɛe hyɛɛ asafo no den na enyaa wɔn a wonim no nyinaa a ayaresabea adwumayɛfo ka ho so nkɛntɛnso.” Ne maame ka sɛ: “Wanwiinwii da. Sɛ obi bisa no sɛ ne ho te dɛn a, na obua sɛ, ‘Eye, na wo nso ɛ?’”

Daakye bi a Ahobammɔ Wom

Brunella yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ Yehowa Adansefo “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam wɔ July 1992. Nanso, bere a nhyiam no bere dui no, na wɔagye Brunella ato ayaresabea, na na ne nkwa nna resa. Nanso ɔtraa mmubuafo agua mu kɔɔ nhyiam no, na na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔhwɛ drama a wɔtoo din Nea Ɛteɛ a Yɛbɛyɛ wɔ Yehowa Ani So no bi.

Ɔkɔɔ fie ne n’abusua kɔtrae wɔ ne nkwa nna a edi akyiri no mu. Nicoletta ka sɛ: “Awiei koraa no, na odwen afoforo ho sen n’ankasa ne ho. Ná ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Bible no, na na ɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yebehyia wɔ Paradise.’”

Brunella wui wɔ July 27, 1992, a na okura owusɔre wɔ Paradise asase so ho anidaso no mu pintinn. Afei na na wafi ase redi ne botae horow no ho dwuma, nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtoa so de ne bere nyinaa asom wɔ ne wusɔre no akyi. Aka nna kakraa bi ma Brunella awu no, ɔkyerɛw krataa a edi so yi a wɔkenkanee wɔ n’ayi ase no.

“M’adɔfo:

“Meda mo ase sɛ moaba. Ɛha a moaba no yɛ awerɛkyekye kɛse ma m’abusua no.

“Nea mereka akyerɛ nkurɔfo a na wɔbɛn me ne sɛ, yɛayɛ bi. Yehyiaa tebea horow a na enye, nanso mmere foforo wɔ hɔ a na ɛyɛ anigye nso. Ná ɛyɛ ɔko a ɛyɛ den na enni awiei, nanso mente nka sɛ madi nkogu. Sɛnea Kyerɛwnsɛm ka no, ‘Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no maso mu.’—2 Timoteo 4:7.

“M’asua nneɛma pii, na manya nkɔso pii nso, na me nnamfo ne wɔn a na wɔbɛn me huu nsakrae no. Meda nnipa a wɔboaa me no nyinaa ase.

“Mo a mowɔ nhyehyɛe foforo no ne Yehowa mu gyidi no nim sɛ owusɔre bɛba, sɛnea Yohane 5:28, 29 ka no. Enti monyɛ den gyidi no mu, na yebetumi ahu yɛn ho bio.

“Meda nnipa a wonim amanehunu a mefaa mu no ase. Meyɛ mo mu biara atuu na mefew mo ano. Medɔ mo nyinaa.”

Abofra a na Brunella yɛ anaa ne yare no amma wantwentwɛn ne nan ase wɔ ne ho so a na obehyira ama Onyankopɔn no ho. Ne gyidi nhwɛso ne ne bo a osii no hyɛ mmofra ne mpanyin nyinaa nkuran sɛ wɔntow biribiara a ebetumi asiw wɔn kwan wɔ nkwa mmirikatu no ho no ngu.—Hebrifo 12:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena