Ma W’aware Nyɛ Abusuabɔ a Ɛtra hɔ Daa
“Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—MATEO 19:6.
1. Dɛn na ɛma nokware Kristofo aware nya nkɔso nnɛ?
YEHOWA nkurɔfo mpempem pii nya aware a abotɔyam wom na ɛtra hɔ kyɛ. Nanso, nkonimdi a ɛte saa no mma kwa. Nkɔso ba Kristofo aware mu bere a (1) ahokafo baanu no nyinaa kyerɛ obu ma Onyankopɔn adwene wɔ aware nhyehyɛe no ho, na (2) wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde n’Asɛm no mu nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ wɔn asetram. Anyɛ hwee mpo no, Onyankopɔn ankasa na ɔhyehyɛɛ aware. Ɔno ne Onii a ‘wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ asase so nyinaa.’ (Efesofo 3:14, 15) Esiane sɛ Yehowa nim nea ɛma aware nya nkɔso nti, sɛ yedi n’akwankyerɛ akyi a, yenya mfaso.—Yesaia 48:17.
2. Dɛn na Bible nnyinasosɛm a wɔmfa nni dwuma wɔ aware mu de ba?
2 Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible nnyinasosɛm a wɔmfa nni dwuma no betumi de ɔhaw aba aware mu. Animdefo binom gye di sɛ nnipa a wɔreware wɔ United States nnɛ no baasa biara mu abien na akyiri yi wobegyae aware. Kristofo mpo mfaa wɔn ho nnii wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu ɔhaw ne ahokyere no ho. (2 Timoteo 3:1) Sikasɛm mu ahokyere ne adwuma mu nsɛm betumi de ɔhaw aba aware biara mu. Kristofo binom nso te huammɔdi nka kɛse sɛ wɔn ahokafo mfa Bible nnyinasosɛm nni dwuma. Ɔyere Kristoni bi ka sɛ: “Medɔ Yehowa, nanso ɔhaw ahyɛ m’aware mu ma mfe 20. Me kunu yɛ pɛsɛmenkominya na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ nsakrae biara. Mete nka sɛ waka me ahyɛ.” Kristofo awarefo pii aka nsɛm a ɛtete saa. Dɛn na ɛnkɔ yiye? Na dɛn na ebetumi aboa ama awarefo afi komam adwen wɔn ahokafo ho na wɔammɛyɛ atamfo ankasa?
Wɔyɛɛ Aware sɛ Ɛntra Hɔ Daa
3, 4. (a) Dɛn ne Onyankopɔn gyinapɛn wɔ aware ho? (b) Dɛn nti na tra a ɛsɛ sɛ aware tra hɔ daa no teɛ na mfaso wɔ so?
3 Sɛ awarefo bi bɔ mmɔden sɛ dɛn ara mpo a, wɔda so yɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔaka abom. (Deuteronomium 32:5) Ɛno nti na ɔsomafo Paulo kae sɛ “[wɔn a wɔware] no ho behia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:28) Tebea no bi tumi sɛe araa ma ekowie ntetewmu ne awaregyae mu mpo. (Mateo 19:9; 1 Korintofo 7:12-15) Nanso Kristofo dodow no ara de Paulo afotu yi di dwuma: “Ɔbea nnnyaa ne kunu, . . . na okunu nso nnnyaa ne yere.” (1 Korintofo 7:10, 11) Nokwarem no, wɔyɛɛ aware sɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa, efisɛ Yesu Kristo kae sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—Mateo 19:6.
4 Wɔ obi a ɔte nka sɛ ɔwɔ aware bɔne bi a ɔdɔ nnim mu fam no, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa gyinapɛn mu yɛ den na ntease nnim. Nanso ɛnte saa. Aware abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa no ka awarefo a wosuro Onyankopɔn ma wogyina wɔn nsɛnnennen ano, na wɔhwɛ di ho dwuma sen sɛ wɔde ahopere begyae wɔn asɛyɛde ahorow mu bere a wohu sɛ ɔhaw afi ase no. Ɔbarima bi a na waware mfe 20 ne akyi kaa ho asɛm sɛ: “Nea ɛbɛyɛ biara ɔhaw bɛba mmere bi. Ɛnyɛ bere nyinaa na obiara ani begye ne yɔnko ho. Saa bere no na ahofama ho hia ankasa.” Nokwarem no, aware mu ahokafo a wɔyɛ Kristofo te nka sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ aware Farebae no titiriw na wobebu akontaa akyerɛ no.—Fa toto Ɔsɛnkafo 5:4 ho.
Tiyɛ ne Ahobrɛase
5. Afotu a Paulo de ma okununom ne ɔyerenom no bi ne dɛn?
5 Enti, sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so aguan ɔhaw no, na mmom saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ɔkwampa a wobetumi afa so de Onyankopɔn Asɛm mu afotu adi dwuma yiye. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 5:22-25, 28, 29 yi ho: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa. Na sɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no. Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.”
6. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okununom Kristofo yɛ soronko wɔ wiasefo mmarima ho?
6 Mmarima taa de wɔn tiyɛ no di dwuma ɔkwammɔne so de hyɛ wɔn yerenom so. (Genesis 3:16) Nanso, Paulo hyɛɛ okununom Kristofo sɛ wɔnna nsow wɔ wiasefo mmarima ho, nyɛ wɔn ade te sɛ Kristo, na ɛnyɛ atirimɔdenfo a wodi biribiara a wɔn yerenom yɛ so. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔdesani Yesu Kristo tirim nyɛ den, na wanhyɛ nkurɔfo so. Ɔde nidi ne obu maa n’akyidifo kae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.”—Mateo 11:28, 29.
7. Ɔkwan bɛn na ɔbarima betumi afa so adi ne yere ni sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no yɛ honam fam adwuma bi a?
7 Okunu Kristoni di ne yere ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw. (1 Petro 3:7) Sɛ́ nhwɛso no, fa no sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no yɛ honam fam adwuma bi. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no susuw eyi ho, na ɔboa no de da tema adi kyerɛ no sɛnea obetumi biara. Ade titiriw biako a mmea ka sɛ ɛma wogyae aware ne sɛ wɔn kununom nhwɛ mmofra no ne fie. Enti, okunu Kristoni bɔ mmɔden fa akwan a etu mpɔn so boa ɔbea no wɔ fie ma ɛso ba abusua mũ no nyinaa mfaso.
8. Dɛn na ahobrɛase hwehwɛ wɔ ɔyerenom Kristofo ho?
8 Nidi a wɔde ma ɔyerenom Kristofo ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn kununom. Nanso eyi nkyerɛ nkoayɛ a ɛbrɛ obi ase. Onyankopɔn anhyɛ sɛ ɔyere nyɛ afenaa, na mmom “boafo” (“yɔnko,” New World Translation of the Holy Scriptures—With References, no ase hɔ asɛm), na ɛkyerɛ biribi a ɛfata ɔbarima. (Genesis 2:18) Wɔka ɔyere ho asɛm wɔ Malaki 2:14 sɛ ɔbarima “hokafo.” Ne saa nti, Bible mmere mu ɔyerenom nyaa hokwan pii yɛɛ nea wɔn ankasa pɛ. Ɛdefa “ɔyepa” ho no, Bible no ka sɛ: “Ne kunu koma da no so.” Nokwarem no, ɔde nneɛma bi te sɛ ofie hwɛ, aduan tɔ, agyapade a wodi ano, ne adwuma ketewa bi sohwɛ hyɛɛ ne nsa.—Mmebusɛm 31:10-31.
9. (a) Ɔkwan bɛn so na mmea a na wosuro Onyankopɔn wɔ Bible mmere mu daa nokware ahobrɛase adi? (b) Dɛn na ebetumi aboa ɔyere Kristoni ma wakɔ so abrɛ ne ho ase nnɛ?
9 Nanso, na ɔyere a osuro Onyankopɔn bu ne kunu tiyɛ. Sɛ́ nhwɛso no, Sara “tiee Abraham frɛɛ no owura,” a ɛnyɛ sɛ adeyɛ bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ de kyerɛ obu kɛkɛ, na mmom ɔde kyerɛe sɛ ofi komam brɛ ne ho ase. (1 Petro 3:6; Genesis 18:12) Afei nso anhaw no sɛ obegyaw kurow a ofi mu, Ur, a na ahotɔ wɔ hɔ no ne ne kunu akɔtra ntamadan mu. (Hebrifo 11:8, 9) Nanso na ahobrɛase nkyerɛ sɛ ɔyere ntumi nsi gyinae kɛse bere a ɛho abehia saa no. Bere a Mose amfa Onyankopɔn mmara a ɛfa twetiatwa ho anni dwuma no, ne yere Sipora yɛɛ ho biribi ntɛm de kwatii amanehunu. (Exodus 4:24-26) Ɛnyɛ nea ɛhwehwɛ ara ne sɛ wɔbɛsɔ ɔbarima a ɔnyɛ pɛ bi ani. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom ‘brɛ wɔn ho ase ma wɔn ankasa kununom, sɛ wɔyɛ ma Awurade.’ (Efesofo 5:22) Sɛ ɔyere Kristoni ma ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ tra n’adwene mu a, eyi boa no ma obu n’ani gu ne kunu mfomso nketenkete ne nneɛma bi a ontumi nyɛ so, na saa ara na ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso yɛ.
Nkɔmmɔbɔ—Ade a Ɛma Aware Sɔ
10. Nkitahodi ho hia dɛn wɔ aware mu?
10 Bere a wobisaa mmaranimfo a odi awaresɛm ade titiriw biako a ɛma awarefo gyae aware no, obuae sɛ: “Nkɔmmɔ a wontumi mfi nokwaredi mu mmɔ nna nea ɛwɔ wɔn koma mu adi, na wɔne wɔn ho nni te sɛ nnamfo paa.” Yiw, nkitahodi ne ade a ɛma aware gyina. Sɛnea Bible no ka no, “wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Ehia sɛ okununom ne ɔyerenom yɛ ‘nnamfo a wotu agyina,’ a wɔwɔ abusuabɔ a emu yɛ den a anigye wom. (Mmebusɛm 2:17) Nanso, nkɔmmɔbɔ yɛ awarefo pii den, ma wɔde nsɛm hyɛ wɔn mu nkakrankakra kosi sɛ ɛbɛhyɛ wɔn so ma wɔde abufuw atu nsɛm penpen. Anaasɛ ebia awarefo bɛyɛ wɔn ho tɛ sɛ nea wobu wɔn ho nanso na obiara mfa ne yɔnko asɛm nyɛ nhwee.
11. Ɛbɛyɛ dɛn na okunu ne ɔyere ntam nkɔmmɔbɔ atumi anya nkɔso?
11 Ɛte sɛ nea ɔhaw no fã bi fi akwan soronko a mmarima ne mmea taa di nkitaho no. Ɛda adi sɛ mmea dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛka wɔn nkate ho asɛm, na mmarima nso ani taa gye ho sɛ wɔbɛka nokwasɛm ahorow ho asɛm. Mmea taa dwen afoforo ho na wɔwɔ tema, bere a mmarima taa hwehwɛ, na wɔkyerɛ sɛnea wodi nsɛm ho dwuma. Nanso, sɛ awarefo baanu no nyinaa asi wɔn bo sɛ ‘wɔbɛyɛ ntɛm atie, ayɛ nyaa akasa, na wɔayɛ nyaa afa abufuw” a, nkɔmmɔbɔ pa betumi akɔ so. (Yakobo 1:19) Monhwɛ mo ho anim na monyɛ asõ ntie mo ho yiye. Mumfi ayamye mu mmisa mo ho nsɛm mfa nhu nea ɛwɔ obiara adwene mu. (Fa toto 1 Samuel 1:8; Mmebusɛm 20:5 ho.) Sɛ wo hokafo ka biribi a ɛhaw no a, sɛ́ anka wobɛhwehwɛ ano aduru ntɛmntɛm no, yɛ asõ tie no yiye bere a wobɔ mmɔden sɛ mubedi ho dwuma. Na mumfi ahobrɛase mu mmɔ mpae mmom, nhwehwɛ ɔsoro akwankyerɛ.—Dwom 65:2; Romafo 12:12.
12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo awarefo betumi atɔ bere ama wɔn ho?
12 Ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea asetram haw ne ahokyere mma awarefo nnya bere ne ahoɔden pii mfa mmɔ nkɔmmɔ a ɛso wɔ mfaso. Nanso, sɛ Kristofo bɛma wɔn aware ho aba nyam, na wɔakwati sɛ ɛho begu fĩ a, ɛsɛ sɛ wɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den. Ɛho hia sɛ wobu wɔn aware no sɛ biribi a ne bo yɛ den, ɛsom bo, na wɔtɔ bere ma wɔn aware no ne wɔn ho. (Fa toto Kolosefo 4:5 ho.) Wɔ ebinom fam no, nea wobetumi ayɛ na ama wɔanya bere abɔ nkɔmmɔ a ɛso wɔ mfaso ne sɛ wobedum TV no. Awarefo a wɔbɛtaa abom adidi no bɛboa wɔn ma wɔabɛn wɔn ho. Saa bere no wobetumi ‘abom atu agyina’ wɔ abusua mu nsɛm ahorow ho. (Mmebusɛm 13:10) Na hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ wɔde bɛyɛ wɔn su sɛ wobesiesie nsɛm nketenkete a ɛhyɛ abufuw ne nneɛma a wɔnte ase ansa na abɛyɛ ade a ɛde ɔhaw kɛse ba!—Fa toto Mateo 5:23, 24; Efesofo 4:26 ho.
13. (a) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ nsɛm a wɔka no pefee ne nokwaredi mu? (b) Akwan bɛn na aware mu ahokafo betumi afa so ama wɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den?
13 Ɔbarima bi gye toom sɛ: “Mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ mɛda me nsusuwii adi na mahyɛ da aka sɛnea mete nka ankasa akyerɛ [me yere].” Nanso, wo tirim asɛm a wobɛda no adi ho hia na ama moanya abusuabɔ pa. Hwɛ sɛnea na Yesu ka nsɛm pefee na ɔka nokware kyerɛ wɔn a na wɔbɛyɛ ayeforo kuw no mufo. Ɔkae sɛ: “Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.” (Yohane 15:15) Enti bu wo hokafo sɛ w’adamfo. Ka sɛnea wote nka kyerɛ no. Bɔ mmɔden ka ‘ɔdɔ nsɛm’ ntiantia a efi komam kyerɛ no. (Nnwom mu Dwom 1:2) Ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ mmerɛw sɛ obiara bɛka ne komam asɛm, nanso sɛ awarefo baanu no nyinaa bɔ ho mmɔden sɛnea ɛsɛ a, ɛbɛboa kɛse ma wɔn aware no ayɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa.
Nsɛm a Mubesiesie
14, 15. Ɔkwan bɛn so na wobetumi akwati akasakasa?
14 Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm nketenkete bɛsɔre bere ne bere mu. Nanso ɛnsɛ sɛ wo fie dan ‘ofi a ɔko ayɛ no ma.’ (Mmebusɛm 17:1) Monhwɛ yiye na moansusuw nsɛm a ɛnsɛ sɛ mmofra te ho bere a wɔbɛn hɔ, na susuw wo hokafo no nkate ho. Bere a Rahel yɛɛ basaa wɔ bonin a na ɔyɛ ho na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔmma no mma no, Yakob de abufuw kae sɛ: “Misi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?” (Genesis 30:1, 2) Sɛ ofie asɛm bi ba a, di ɔhaw no ho dwuma, na nkasa ntia onipa no. Bere a moresusuw kokoam asɛm bi ho no, monkwati sɛ ‘mobɛworo kasa a munsusuw ho’ anaa mubetwitwa mo yɔnko ano wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so.—Mmebusɛm 12:18.
15 Ampa, ebia na wugye di yiye sɛ nea woka no ye, nanso wubetumi ada no adi wɔ ɔkwan a ‘anobow ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm’ biara nnim so. (Efesofo 4:31) Okunu bi ka sɛ: “Momfa ɛnne a mode kasa daa no nsusuw nsɛnnennen ho. Sɛ mo mu biako de abufuw kasa denneennen a, muntwa so. Monsan mmra so bere tiaa bi akyi. Mumfi ase bio.” Mmebusɛm 17:14 de afotu pa yi ma sɛ: “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” Mommɔ mmɔden nsusuw nsɛm ho bio bere a mo baanu nyinaa bo adwo no.
Monkɔ So Nni Mo Ho Nokware
16. Dɛn nti na awaresɛe yɛ asɛm a anibere wom saa?
16 Hebrifo 13:4 ka sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” Awaresɛe yɛ bɔne a etia Onyankopɔn. Ɛsɛe aware nso. (Genesis 39:9) Aware ho ɔfotufo bi kyerɛw sɛ: “Sɛ awaresɛe bɛda adi a, ɛka abusua mũ no nyinaa te sɛ ahum kɛse bi, na ɛtetew mmusua mu, ɛsɛe ahotoso ne obu, na epira mmofra.” Nyinsɛn anaa ɔyare a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu nso betumi afi mu aba.
17. Wɔbɛyɛ dɛn atumi akwati anaa wɔapow awaresɛe ho akɔnnɔ?
17 Ebinom nam nna ho adwene a aporɔw a wiase no wɔ a ɛda adi wɔ nhoma ahorow mu, television so, ne sini ahorow mu, a wɔde hyɛ wɔn adwenem no so kanyan awaresɛe ho nkate wɔ wɔn mu. (Galatifo 6:8) Nanso, nhwehwɛmufo ka sɛ ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ na ɛtaa de awaresɛe ba, na mmom wɔkyerɛ sɛ efi ɔpɛ a obi nya sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ ne ho da so ara yɛ fɛ anaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ afoforo nso bɛdɔ no kɛse. (Fa toto Mmebusɛm 7:18 ho.) Ɛmfa ho nea efi biara no, ɛsɛ sɛ Kristofo pow ɔbrasɛe ho nsusuwii hunu. Fi nokwaredi mu ne wo hokafo nsusuw wo nkate ho. Sɛ ɛho behia a, hwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ. Saa a wobɛyɛ no betumi aboa wo yiye ma woakwati bɔne. Afei nso, ɛho hia sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ sɛnea wɔne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu bɔ no ho. Ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nhyia sɛ obi bɛware na bere koro no ara obenya onipa foforo ho akɔnnɔ. (Hiob 31:1; Mateo 5:28) Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahwɛyiye titiriw na wɔannya mfɛfo adwumayɛfo ho anigye. Ma abusuabɔ pa mmara mo ntam, nanso munnni agoru a ɛmfata.
18. Dɛn na ɛtaa de ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛnnennen ba aware mu, na ɔkwan bɛn so na wobetumi adi ho dwuma?
18 Ahobammɔ a ɛkyɛn eyi mpo ne sɛ wo ne wo hokafo benya abusuabɔ a ɔdɔ ne nkɔmmɔbɔ wom. Nhwehwɛmufo pii ka sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛnnennen a ɛsɔre wɔ aware mu no ntaa mfi adeyɛ no, na mmom nkitahodi pa a enni hɔ na ɛtaa de ba. Sɛ awarefo bɔ nkɔmmɔ ma obiara ka ne komam asɛm na wotua aware aboade no sɛ biribi a wɔde kyerɛ ɔdɔ na mmom nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara kwa a, nsɛnnennen a ɛtete saa ntaa mma.a Wɔ tebea a ɛfata saa mu no, nna betumi ahyɛ aware abusuabɔ no mu den.—1 Korintofo 7:2-5; 10:24.
19. Dɛn ne “pɛyɛ hama,” na tumi bɛn na ebetumi anya wɔ aware so?
19 Ɔdɔ ne “pɛyɛ hama” wɔ Kristofo asafo no mu. Awarefo a wosuro Onyankopɔn nam ɔdɔ a wobenya so betumi ‘ahuhu ama wɔn ho de akyekyɛ wɔn ho.’ (Kolosefo 3:13, 14) Ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so hwehwɛ afoforo yiyedi. (1 Korintofo 13:4-8) Bɔ mmɔden nya ɔdɔ a ɛte saa. Ɛbɛboa wo ma woahyɛ w’aware abusuabɔ mu den. Fa Bible nnyinasosɛm di dwuma wɔ w’aware mu. Sɛ woyɛ saa a, w’aware bɛyɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa, na ɛde ayeyi ne nidi bɛbrɛ Yehowa Nyankopɔn.
[Ase hɔ asɛm]
a Asɛm a wɔato din “Nkitahodi—Ɛsen Kasa Ara Kwa,” a epuee wɔ August 1, 1993 Ɔwɛn-Aban mu no kyerɛɛ ɔkwan a awarefo betumi afa so akwati eyi ho nsɛnnennen.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ aware yɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa?
◻ Dɛn ne Bible no adwene wɔ tiyɛ ne ahobrɛase ho?
◻ Aware mu ahokafo bɛyɛ dɛn atumi ama nkɔmmɔbɔ anya nkɔso?
◻ Ɔkwan bɛn so na aware mu ahokafo betumi asiesie nsɛm wɔ Kristofo kwan so?
◻ Dɛn na ɛbɛboa ma aware abusuabɔ no mu ayɛ den?
[Kratafa 12 mfonini]
Sɛ ɛsɛ sɛ okunu Kristoni bi yere yɛ honam fam adwuma a, ɔremma nnwuma nnhyɛ ɔbea no so