Ahyehyɛde a Enya Nkɔso Sen Biara no mu a Mesom
SƐNEA ROBERT HATZFELD KA KYERƐE
Ɛnnɛ, nnipa bebree de remote control na ɛsɔ wɔn television de hwɛ tie amanneɛbɔ nsɛm a mfonini no kɔla te sɛ nea ɛte ankasa wɔ asetram, na wommu no sɛ ade a ɛyɛ nwonwa koraa. Nanso, wobɛka sɛ nnano yi ara na na madi mfe 12 a na mehan m’ani hwɛ sini a na emu nnipa no sõsõ sen nnipa ankasa a na wɔrekasa no!
EBIA wubesusuw sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛho hia biara. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ me sɛ anwonwasɛm foforo a aba wɔ 1915 mu, bere a na sini a ɔkasa nnim a ɛyɛ tuntum ne fitaa no fii ase nkyɛe no. Ɔbarima bi a na n’abɔgyesɛ afuw kuhaa baa sini no so, na ɔkae sɛ: “I.B.S.A., International Bible Students Association no na wɔreyi ‘The Photo Drama of Creation’ no akyerɛ mo. Wɔde nnɔnhwerew abien na eyii Bible mu asɛm no kyerɛɛ yɛn. Ná Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛwom no mu da hɔ na na ahomeka wom. Nanso, sini a ahokeka wom, a wɔde mfonini a ɛnkeka ne ho a wɔde kɔla ayɛ ahyehyem, na wɔakyere ɔkasa agu hama so a wɔbɔ di akyi no maa m’ani gyei ankasa.
Saa bere no de manhu, nanso anigye a minyae wɔ saa nyansahu mu ade foforo no mu no na mede fii adwuma a na mɛyɛ no me nkwa nna nyinaa mu wɔ asase so ahyehyɛde a enya nkɔso sen biara no mu ase.
Me Mmofrabere Mu
Wɔ 1891 mu no, me papa fi Dillenburg a ɛwɔ Germany no mu kɔtraa Allegheny a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A., faako a Germanfo te. Akyiri yi, ohyiaa ɔbea bi a ofi Germanfo abusua bi mu, na ɔwaree no. Wɔwoo me July 7, 1903, na misuaa German kasa ne Engiresi nyinaa wɔ me mmofrabere mu. Aka kakra ma Wiase Ko I afi ase wɔ 1914 mu no, nsamanwaw a ɛtrɛwee kɛse kunkum m’awofo baanu no, na mebɛyɛɛ ayisaa. Ɔyare a ɛma obi nipadua fã dwudwo kum me maame papa saa bere no ara mu.
Me sewa Minna Boemer fi ayamye mu de me kaa n’abusua ho. Ɔkae sɛ: “Mewɔ mmofra baanum, na metumi de biako aka ho.” Ɛwom sɛ m’ani gyinaa m’awofo de, nanso Sewa Minna maa m’ani gyei wɔ fie.
Ná me sewa ka Bible Asuafo (sɛnea saa bere no na wɔfrɛ Yehowa Adansefo) no Allegheny Asafo no ho dedaw. Ansa na 1909 reba no, na Onua C. T. Russel a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani nso wɔ saa asafo no mu. Sewa Minna de me kɔɔ nhyiam horow no. Ɛwom sɛ saa bere no yɛn abusua no ammɔ mmɔden kɛse sɛ yebesua ade anaa yɛbɛka asɛm no de, nanso biribiara a yɛtee wɔ nhyiam horow ase no, yɛka kyerɛɛ nnipa a yenim wɔn wɔ bɔnnɔ so.
Ɛyɛ saa bere no na “Adebɔ Mfonini” no maa me ho dwiriw me no. Esiane sɛ na m’ani gye ho sɛ mehu sɛnea biribi di mũ nti, akwan foforo a wɔfaa so twaa mfonini no, sɛnea na kasa no ne mfonini ahorow no hyia, ne mfonini a ɛkyerɛɛ sɛnea adeyɛ a egye nna dodow bi kɔ so nkakrankakra no maa m’ani gyei. Sɛnea nhwiren han nkakrankakra a mehwɛe no yɛɛ me anigye yiye!
Wɔ 1916 mu no, Onua Russell wui ma yɛn werɛ howee. Esiane sɛ na yɛte Allegheny hɔ ara nti, yɛkɔɔ n’ayi no bi wɔ Carnegie Asa no so. Saa asa no so na Onua Russell ne E. L. Eaton gyee akyinnye wɔ 1903 mu. Ná matete nsɛm pii afa Methodist Episkopal sɔfo panyin yi a ogyee C. T. Russell akyinnye nna asia de hwehwɛe sɛ otu Onua Russell Bible nimdeɛ gu no ho. Mmom no, wɔka sɛ Russell ‘buu nsu guu hell so.’ Ná Sara Kaelin, ɔkwampaefo bi a wonim no yiye wɔ Pittsburgh, nim Owura ne Owurayere Russell ankasa. Wɔ ayi no ase no, ohui sɛ Maria Russell de nhwiren bi kɔtoo adaka no mu de krataa bi kaa ho sɛ, “Mede Ma Me Kunu a Medɔ No.” Ɛwom sɛ na Maria ne no atetew mu mfe bi a atwam de, nanso na ɔda so ara bu no sɛ ne kunu.
Bere a mfe no twaam no, minyaa hokwan pii suaa nsaanodwuma ahorow a ɛboaa me wɔ me dwumadi no mu. Ná me wɔfa a ɔhwɛ me no gye paa sisi adan. Sɛ mifi sukuu ba akwamma a, na ɔma me ne n’adwumayɛfo a wɔyɛ anyinam ahoɔden ho adwuma no yɛ adwuma, na yɛsesa nkanea a wɔde mframa sɔ yɛ no anyinam ahoɔden de wɔ afie dedaw akɛse mu. Wɔ 1918 mu no, yɛn sukuufo no yɛɛ radio afiri bi a wɔnam so di nkitaho a na enni mu pii. Ná yehyiam anwummere yeyɛ anyinam ahoɔden mu nhwehwɛmu ahorow. Wɔ 1926 mu no, me ne m’adamfo bi sii gyinae sɛ yɛbɛyɛ adwuma bi a yefi yɛn mmofraase pɛe—sɛ yɛbɛyɛ po so ahyɛn mu adwuma na yɛatutu akwan akɔ wiase mmeaemmeae pii. Yenyaa kwan wɔ Radio Corporation of America no sukuu a ɛhɔ na wɔtete wɔn a wɔde radio afiri a wɔde di nkitaho di dwuma no mu.
Asetra Foforo wɔ Betel
Ná radio sukuu a yɛkɔ no wɔ New York City, enti na mitwa asubɔnten no kɔ Bible Asuafo no nhyiam horow a na wɔyɛ wɔ Masonfo tete Asɔredan no asa bi so no. Saa bere no, na asafo biako pɛ na ɛwɔ New York mantam no nyinaa mu. Bere a anuanom a wofi Betel (Bible Asuafo no adwumayɛbea ti hɔ abusua no fie) tee sɛ meresua ade na ama manya tumidi krataa de abue radio adwuma bi no, wɔkae sɛ: “Dɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ adwuma wɔ po so? Yɛwɔ radio dwumadi bi wɔ ha yi ara, na yehia adwumayɛni.” Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra adwumayɛbea hɔ ma wommisabisa me nsɛm bi. Ná nea minim wɔ Betel ho ara ne sɛ ɛyɛ Bible Asuafo no adwumayɛbea ti.
Anuanom no bisabisaa me nsɛm na wɔhyɛɛ me nyansa sɛ minwie me sukuu no, nnye tumi krataa, na afei memmra Betel. Bere a miwiee sukuu no, sɛ́ anka mɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ po so hyɛn mu no, meboaboaa ntade kakraa bi a mewɔ no ano, na mefaa keteke bi a ɛnam asase ase kɔɔ Betel. Ɛwom sɛ na mahyira me ho so ama Yehowa, anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa mfe pii de, nanso mannye asubɔ de kosi December 1926, bere a midii adapɛn abien wɔ Betel no. Saa bere no na ɛtaa ba saa.
Saa bere no na nnipa 150 a wɔwɔ Betel no ama ɛhɔ akyere so. Ná nnipa baanan na wɔwɔ ɔdan biara mu. Ankyɛ na mihuu wɔn mu dodow no ara, efisɛ ɔdan biako mu na na yɛn nyinaa didi, yɛ adwuma, na yɛda, na na yɛn nyinaa wɔ asafo biako pɛ a ɛwɔ New York City no mu nso. Wosii Betel foforo a ɛwɔ 124 Columbia Heights no wɔ 1927 mu, na ɛmaa nnipa baanu traa dan biako mu.
Afei nso wobuee nhoma tintimbea foforo a ɛwɔ 117 Adams Street no wɔ 1927 mu. Meboa ma woyii nhoma tintimbea dedaw a ɛwɔ 55 Concord Street no mu nneɛma kɔɔ mu. Radio mfiri a na ɛwɔ ɔdan no mu akyi no, na mfiri a wɔde foro abansoro, nea wɔde tintim nhoma, nea wɔde horo ntade, akanea a wɔde ngo sɔ—sɛ anyinam ahama sɔ so a, na meyɛ ho adwuma.
Nanso, na Betel sen nhoma tintimbea ara kwa. Wɔn a wɔyɛɛ nhoma biara, kratawa biara, ne nsɛmma nhoma biara no yɛ asomfo ahobrɛasefo a wɔde nsi yɛ adwuma. Ná ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wobenya anuonyam na wɔagye din wɔ wiase. Mmom no, na nea wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛyɛ Awurade adwuma no—na na adwuma pii wɔ hɔ a wobetumi ayɛ!
Me ne Onua Rutherford Fekubɔ
Minyaa mfaso kɛse fii hokwan a minyae sɛ me ne Joseph F. Rutherford, Asafo ti no titrani a ɔto so abien, bɛyɛ adwuma. Ná ɔyɛ nipa a ne mu yɛ duru, ne tenten boro anammɔn asia, na ɔnyɛɛ kɛse dodo, na mmom na ɔbɔ si. Ná mmerante a wɔwɔ Betel no pii suro no kakra kosi sɛ wohuu sɛnea ɔte. Ná osua ade bere nyinaa, na ɔkyerɛw nneɛma pii.
Ná Onua Rutherford tumi yi aseresɛm. Ná anuanom mmea baanu a wɔanyinyin bi wɔ Betel abusua no mu a wɔatra hɔ fi Onua Russell bere so. Ná wɔmpɛ serew koraa, na na wogye di sɛ ɛnyɛ papa sɛ obi bɛserew denneennen, sɛ asɛm bi yɛ serew mpo a. Ɛtɔ da bi na sɛ yɛredidi a, Onua Rutherford ka aseresɛm bi ma obiara serew, na na ɛhaw anuanom mmea baanu yi. Nanso, na ɔtaa di Bible nkɔmmɔbɔ a ɛho hia anim adidi bere.
Ná Onua Rutherford nim aduan noa, na na n’ani gye ho sɛ ɔbɛnoa nnuan ama ne nnamfo. Bere bi, wɔn a wɔnoa aduan wɔ Betel no twitwaa nkasɛɛ bi mu bere a na wɔretwitwa akokɔ. Ɔkɔɔ mukaase hɔ kɔkyerɛɛ wɔn ɔkwampa a wɔfa so twitwa akokɔ nam. Ná ɔmpɛ akokɔ nkasɛe a wɔatwitwa mu wɔ n’aduan mu!
Mpɛn pii no, na mewɔ Onua Rutherford nkyɛn bere a dwumadi titiriw biara nkɔ so no, wɔ baabi te sɛ yɛn radio dwumadibea a wɔfrɛ no WBBR hɔ, anaa baabi a osua ade wɔ Staten Island no. Ná ɔyɛ ɔbarima yamyefo a ɔde nea ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo no di dwuma. Biribiara nni hɔ a na ɔpɛ sɛ afoforo yɛ a na ɔno ankasa nyɛ. Ná Onua Rutherford nte sɛ nnipa atitiriw pii a wɔwɔ nyamesom ahyehyɛde afoforo mu no, na mmom na ɔwɔ honhom ne abrabɔ fam su a ɛkyɛn so. Ɛdaa adi pefee sɛ ɔtraa ase maa Yehowa Ahenni no.
Sika Fam Ahokyere Bere
Mekɔɔ Betel no akyi mfe kakraa bi no, wiase no kɔɔ Sikasɛm mu Ahokyere Kɛse no mu. Aguadi gui, na nneɛma bo nso kɔɔ soro. Ná adwuma ho yɛ den, na sika nni hɔ. Ntoboa a nkurɔfo yii na wɔde boaa Betel adwuma, na Yehowa hwɛ hui sɛ nea ɛbɛso adwuma no wɔ hɔ bere nyinaa. Aduan ammɔ yɛn da, ɛwom sɛ ebia obiara annya nea ɔpɛ ankasa de. Yɛhwɛɛ yɛn nneɛma so yiye sɛnea yebetumi biara, na anuanom a wonni Betel no maa yɛn honam fam mmoa sɛnea wobetumi biara.
Wɔ 1932 mu no, Onua Robert Martin a ɔyɛ yɛn nhoma tintimbea no sohwɛfo nokwafo no wui. Wɔpaw Nathan Knorr a na wadi mfe aduonu ason ma obesii n’ananmu. Ná ɔyɛ aberante a ne ho akokwaw yiye. Minnim obi a na ɛyɛ no den sɛ obebu no sɛ nhoma tintimbea no sohwɛfo. Anuanom anokwafo afoforo te sɛ John Kurzen, George Kelly, Doug Galbraith, Ralph Leffler, ne Ed Becker—a wɔn nyinaa yɛ me mfɛfo adwumayɛfo—fi wɔn pɛ mu de wɔn nimdeɛ ne wɔn nyansa boaa Ahenni som adwuma no.—Fa toto Exodus 35:34, 35 ho.
Radio ho Adwuma a Meyɛe
Ná yɛn ahyehyɛde no yɛ nea wɔahyira so koraa sɛ ɛbɛfa akwan biara a ɛwɔ hɔ so de atrɛw asɛmpa no mu. Ná ɛho hia sɛ wiase no nyinaa te Ahenni ho asɛm no, nanso na yɛyɛ mpempem kakraa bi pɛ. Wɔ Wiase Ko I no akyi no na radio mu nyansahu nnyaa nkɔanim kɛse. Nanso, anuanom a wɔwɔ nhumu no tee nka sɛ saa kwan a wɔnam so di nkitaho yi ne nea Yehowa de ama saa bere no. Enti wɔ 1923 mu no, wofii ase sɛ wɔreyɛ radio dwumadibea a wɔfrɛ no WBBR no wɔ Staten Island, New York City amantam anum no biako mu.
Ɛtɔ mmere bi a me nkutoo na na meyɛ yɛn radio dwumadibea no ho adwuma. Ɛhɔ na na mete wɔ Staten Island, nanso na mede korow twa nsu kɔfa keteke, a ne nyinaa gye nnɔnhwerew abiɛsa kɔ Brooklyn nhoma tintimbea no mu kɔyɛ anyinam ahoɔden anaa mfiri ho adwuma. Nea ɛbɛyɛ na yɛn radio dwumadibea no atumi ayɛ adwuma bere nyinaa no, yenyaa anyinam ahoɔden afiri a ɛde diesel yɛ adwuma maa no. Ná yɛwɔ yɛn ankasa asubura ne turo bi a ɛmaa ɛhɔ adwumayɛfo kakraa bi no ne afei Betel abusua a wɔwɔ Brooklyn no aduan nso wɔ Staten Island.
Ansa na yɛrenya afoforo mmoa akyiri yi no, na radio ho adwuma no ho asɛyɛde no mma minnya kwan nkɔ nhyiam ne asɛnka pii. Ná hokwan biara nni hɔ a yɛde behyiam agye yɛn ani sɛ afe afe akwamma bere no nkutoo. Bere bi obi bisaa me sɛ: “Bere a na w’asɛyɛde dɔɔso saa no, so woansusuw ho da sɛ wubefi Betel?” Nokwasɛm ne sɛ na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ no sɛ: “Dabi.” Ɛyɛ hokwan ne anigye a manya sɛ me ne anuanom mmarima ne mmea a wɔatu wɔn ho ama pii saa bɛtra na me ne wɔn ayɛ adwuma. Na bere nyinaa na adwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, nnwuma foforo koraa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.
Yɛyɛɛ drama a ɛkanyan anigye, na yɛbɔɔ no dawuru wɔ radio so. Esiane sɛ na yenni mfiri a ɛma yɛn nnyigyei ahorow nti, yɛn ankasa faa akwan bi so yɛɛ bi. Yɛyɛɛ afiri bi a ebetumi ama yɛn mframa a ɛrebɔ bɔkɔɔ anaa ahum a ano yɛ den nnyigyei. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nnyigyei a ɛte sɛ apɔnkɔ tɔte a wɔde tiatia akwan a mmosea wɔ so so no, yɛde kube abon bobɔɔ ntaboo a wɔde ntama adura ho mu. Ná drama biara yɛ adeyɛ a ɛyɛ fɛ. Na nkurɔfo tiei. Esiane sɛ saa bere no na nneɛma a ɛtwetwe nkurɔfo adwene pii nni hɔ nti, nnipa pii traa wɔn radio ho komm tiei.
Wɔ 1920 mfe no mu ne 1930 mfe no mfiase no, Asafo ti no yɛɛ radio nkitahodi ho nhyehyɛe bi a werɛ remfi da wɔ abakɔsɛm mu, na etumi maa radio dwumadibea ahorow a ɛdɔɔso sen biara bɔɔ dwumadi koro ho dawuru. Enti Ahenni no ho asɛm duu ɔpepem pii nkyɛn wɔ wiase nyinaa.
Gramafon Afiri No
Wɔ 1930 mfe no mfinimfini ne 1940 mfe no mfiase no, yɛyɛɛ afiri a wɔde bɔ apaawa wɔ radio dwumadibea, gramafon afiri, ne nneɛma afoforo a wɔde te nnyigyei. Ɔhweaa traa kurukuruwa a ɛso yɛ tromtrom te sɛ ahwehwɛ na na yɛde twa mpaawa a edidi kan no wɔ afiri bi a wɔfrɛ no lathe soronko so. Afei na yɛde afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketenkete paa hwɛ apaawa a edi kan biara yiye hu sɛ ɛho ntɔɔ kyima. Sɛ yehu sintɔ bi wom a, yɛsan kyere dekode no foforo, na yetwa apaawa foforo wɔ lathe afiri no so. Afei yɛde apaawa a edi kan a yɛde ɔhweaa ayɛ no kɔ adwumayɛbea a wɔyɛ mpaawa no ma wotwa mpaawa no yɛ ma yɛn.
Ade biako a mekae yiye ne ɔkasa a Onua Rutherford mae wɔ 1933 mu a ne ti asɛm ne sɛ, “Sɛnea Afe Kronkron no Aka Asomdwoe ne Dwoodwoo.” Ná pope no aka sɛ saa afe no yɛ “afe kronkron,” na yɛnam radio amanneɛbɔ ne gramafon so paa ho ntama na yɛkyerɛe sɛ ade pa biara remfi mu mma. Sɛnea ɛkɔyɛe no, Katolek Asɔre no gyinaa Hitler akyi ma obedii tumi, enti asomdwoe ho anidaso biara yerae.
Wɔ United States no, wɔtee Katolekfo Yiyedi ahyehyɛde no na wɔadi nea asɔre no hia ho dwuma ama wɔn. Wɔde wɔn ankasa nkurɔfo yeyɛɛ atesɛm nkrataa, nsɛmma nhoma, ne nhoma a agye din akyerɛwfo no mpanyimfo. Wɔde wɔn ho hyehyɛɛ amammuisɛm mu na wɔkae sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi radio dwumadibea biara a ɛbɔ yɛn Bible ɔkasa ahorow no dawuru ho. Katolekfo Yiyedi kuw no to hyɛɛ Adansefo pii so yɛɛ wɔn ayayade, titiriw wɔ New Jersey a ɛbɛn hɔ no. Ná saa bere no yɛ awerɛhow bere yiye!
Asɛnka Adwuma mu Anigye
Eduu 1950 mfe no mfinimfini no, na Ahenni adawurubɔfo a wɔredɔɔso no reka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn fie pon ano pɛɛ. Eyi bɛyɛɛ ɔkwan a etu mpɔn sen radio a wɔfa so boa ankorankoro ma wɔte Bible mu nokware ase no koraa. Enti wɔ 1957 mu no, wosii gyinae sɛ wɔbɛtɔn WBBR na wɔde yɛn sika no atrɛw asɛmpatrɛw adwuma no mu wɔ nsase afoforo so.
Wɔ 1955 mu no, wɔde me kɔɔ Bedford Asafo a ɛwɔ Brooklyn mu, na mehwɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no so daa. Afei nso Asafo ti no somaa me kɔɔ ɔmantifi kɔmaa ɔkasa ahorow wɔ New York, Pennsylvania, Connecticut, ne New Jersey. Bere a wɔde me kɔɔ Bedford Asafo mu no, mekaa no me tirim sɛ, ‘Madi boro mfe 50. Ɛsɛ sɛ mede me ho hyɛ asɛnka adwuma no mu sɛnea metumi biara saa bere yi. Akyiri yi ebia menya sisiyare a ɛmma mintumi nnya mu anigye pii.’
Bere a mede saa mfe no nyinaa yɛɛ mfiri a wɔde bɔ Ahenni no dawuru wɔ radio so ho adwuma no, m’ani gyei ankasa sɛ miduaa Bible mu nokware aba no wɔ ankorankoro mu tee na miguguu so nsu. M’ani gyei ankasa sɛ me ne asafo no yɛɛ adwuma. Anuanom pii de me yɛɛ wɔn busuani, na wɔma minyaa abotɔyam. Wɔn a na wɔyɛ mmofra nketewa a saa bere yi wɔanyinyin no mu bi da so frɛ me nanabarima. Wɔ mfe 30 mu no, me ne wɔn boom de anigye yɛɛ asɛnka adwuma no kosii sɛ me nan mu gowee maa mantumi amforo antweri anaa mantumi amfa asase ase keteke antutu akwan bio. Wɔ 1985 mu no, mekɔɔ Brooklyn Heights Asafo a na wohyiam wɔ Betel hɔ ara no mu.
Bere a Yehowa ahyehyɛde no mu trɛwee no, minyaa hokwan huu ne nhyira wɔ amannɔne nsase so, bere a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam akɛse wɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri mu no. Nea esii nyinaa akyi no mitumi tutuu akwan kɔɔ wiase mmeae pii! Efi 1950 no, yɛn a yɛwɔ Betel no mu bi tumi kohuu London, Paris, Rome, Nuremberg, ne Copenhagen. Yɛde wim akohyɛn a wɔde ayɛ wimhyɛn a wɔde fa nnipa, ahyɛmma, ne keteke na etutuu akwan no. Nokwarem no, akwan a yetutui no maa yehuu mmeae a ɛyɛ fɛ, nanso nea na ɛyɛ fɛ sen biara ne yɛn nuanom a wɔyɛ nnipadɔm a wɔde anigye behyiaa yɛn kwan no. Mfe pii akyi no, yetutuu akwan kɔɔ Apuei Fam, kɔɔ Europa Atɔe Fam bio, ne Europa Apuei Fam nnansa yi ara. Nhyiam a ɛyɛ anigye a wɔyɛe wɔ Poland, Germany, ne Czechoslovakia no yɛɛ ahodwiriw. Hwɛ sɛnea yɛn teokrase abusua no anyin afa efi bere a mebɛyɛɛ emuni no!
Ɔsoro Akwankyerɛ
Nea na ɛte sɛ gyinae nketenkete a ahyehyɛde no sisii no asow aba kɛse. Bere a na yɛreyɛ nneɛma a yɛde befi nnwuma bi ase na aboa yɛn kɛkɛ ama yɛatumi ayɛ adansedi adwuma no, hena na na onim sɛ ebenya nkɔanim a ɛte sɛɛ? Yɛakɔ yɛn anim wɔ gyidi no mu, na yɛadi Yehowa akwankyerɛ akyi.
Ahyehyɛde a enya nkɔanim yi nsuroe sɛ ɛde nyansahu mu nneɛma a ɛwɔ hɔ bedi dwuma anaa ɛbɛyɛ n’ankasa ne de de aboa wiase nyinaa adwuma no. Akwan horow a wɔafa so atrɛw Ahenni adawurubɔ adwuma no mu ne afie afie asɛnka, radio so dawurubɔ, gramafon apaawa a wɔde di adanse, ne nhyehyɛe a wɔyɛ ne nkurɔfo yɛ Bible adesua wɔ wɔn afie mu. Yɛn ankasa nhoma tintimbea ho nhyehyɛe a yɛyɛɛ no mfiase no, ne mpremprem kɔmputa a wɔde di dwuma wɔ nhoma kyerɛw mu ne mfiri akɛse a wɔde tintim nhoma wɔ kasa horow pii mu no nyɛ adewa. Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne nhyiam horow a yɛtaa kɔ no nyinaa aboa ahyɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no anuonyam. Manya hokwan no sɛ mankasa mehu saa nneɛma yi nyinaa na manya mu kyɛfa.
Mihu no pefee sɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ asase so a ne honhom kyerɛ no kwan no nya nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ no ho akwankyerɛ. N’amansan ahyehyɛde no, nea aniwa hu ne nea aniwa nhu, nyinaa yɛ adwuma bom.
Minnuu me ho da sɛ mesakraa me tirim a mebɔe wɔ me mmeranteberem sɛ mɛyɛ adwuma wɔ po so ahyɛn mu no. Anyɛ hwee koraa no, nsɛm a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so sen biara no sisi wɔ Yehowa ahyehyɛde yi mu pɛɛ! Enti asetra kwan a menam so rekonya “ɔsoro frɛ” no ayɛ nea anigye ne nhyira pii wom, na ahonu biara nnim.—Filipifo 3:13, 14.
Bere nyinaa meka kyerɛ mmofra sɛ wɔnkae 1914—ɛno ne Dwom 19:14, a ɛhɔ se: “Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, Awurade, me botan ne me gyefo.” Yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani wɔ biribiara mu na yɛbɔ mpae te sɛ nea Dawid yɛe yi: “Awurade, kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa.” (Dwom 25:4, 5) Saa nsɛm no kyerɛ pii. Kae a yɛbɛkae no bɛboa yɛn ma yɛanantew ɔkwan a ɛteɛ so, de yɛn ani akyerɛ beae a ɛfata, na ama yɛne Yehowa ahyehyɛde a enya nkɔanim no abɔ anan.
[Kratafa 23 mfonini]
Ná Onua Rutherford ani gye ho sɛ ɔbɛnoa nnuan ama ne nnamfo
[Kratafa 25 mfonini]
Robert Hatzfeld a ɔte radio adwuma a na wɔfrɛ no WBBR no mfiri anim
[Kratafa 26 mfonini]
Mfonini a Onua Hatzfeld twae nnansa yi ara