Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/15 kr. 8-10
  • Dɛn Nti na Adansefo no kɔ so Srasra Nkurɔfo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Adansefo no kɔ so Srasra Nkurɔfo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Anim Asɛyɛde
  • Dɛn na Ɛkanyan Adansefo No?
  • So Adansefo no Gye Akatua?
  • Tumi a Wɔn Adansedi no Anya
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Adanse a Wodi “Amanaman Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɛsɛ sɛ Wɔka Asɛmpa no Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Ahyehyɛde No Di Boa Wo Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/15 kr. 8-10

Dɛn Nti na Adansefo no kɔ so Srasra Nkurɔfo?

‘WƆASAN aba bio! Adapɛn kakraa bi ni na wɔbaa ha!’ So eyi ba wo tirim bere a Yehowa Adansefo no biako ba wo nkyɛn no? Ɛnnɛ Yehowa Adansefo srasra nnipa ɔpepem pii daa. Ebia wubebisa sɛ, Dɛn nti na wɔkɔ so srasra nkurɔfo bere a wonim sɛ nnipa pii wɔ wɔn asɔre ahorow a wɔkɔ anaasɛ wɔn ani nnye ho no? Ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi ho mmuae.

Onyankopɔn Anim Asɛyɛde

Yehowa Adansefo asua afi Kyerɛwnsɛm no mu sɛ efi 1914, afe a Wiase Ko I fii ase no, nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no yɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa mprempren wiase nhyehyɛe yi awiei ne Onyankopɔn Ahenni nniso a ɛrebedi asase yi so ho no mmamu. Ɛkame ayɛ sɛ nsɛmmɔnedi, mogyahwiegu, ne nitan a akɔ so bɛyɛ afeha ni no ama adesamma ne wɔn haw ano aduru a ɛnam amammuisɛm so bɛba ntam kwan aware asen bere biara. Akodi ne amumɔyɛsɛm a ɛkɔ so haw adesamma abusua no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa nniso ntumi nsakra nnipa koma, wɔn adwene, ne wɔn su horow. Nsɛm a esisii bere a atwam ho adwemmɔne a agye ntini wɔ nnipa mu da so ara sɛe mmusua, aman, ne nyamesom akuw ntam abusuabɔ. Ɛte saa wɔ mmeae a ɛmmemmɛn te sɛ Afghanistan, India, Mfinimfini Apuei, Northern Ireland, South Africa, ne kan Yugoslavia. Ɛnde, dɛn ne ano aduru koro pɛ a ɛtra hɔ daa?

Dɛn na Ɛkanyan Adansefo No?

Yehowa Adansefo gye tom sɛ ano aduru a Onyankopɔn de ma—n’Ahenni nniso a Kristo di so a wahyɛ ho bɔ no—ne ano aduru a edi mũ. Yesu Kristo mpo de saa Ahenni nniso no ho adesrɛ baa ne mpaebɔ nhwɛso a agye din no mu sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” Adansefo no gye di sɛ saa mpae yi srɛ ankasa sɛ Onyankopɔn mfa ne ho nnye adesamma nsɛm mu.—Mateo 6:9, 10.

Ɛnde dɛn nti na Yehowa Adansefo te nka bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kɔ afie afie mu kɔka saa asɛm no kyerɛ? Esiane mmara abien a Yesu sii so dua ntia: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:37-39.

Adansefo no ankasa pɛ sɛ wonya Onyankopɔn nhyira, na esiane sɛ wɔdɔ wɔn afipamfo nti, wɔpɛ sɛ wɔn nso wonya saa nhyira no bi. Enti, bere a wodi Yesu nhwɛso akyi no, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim hyɛ wɔn ma wɔkɔsrasra wɔn afipamfo. Wɔpɛ sɛ anyɛ yiye koraa no wɔma wɔn hokwan ma wohu nea ‘anigye Nyankopɔn’ no ahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma adesamma asoɔmmerɛfo wɔ asase a ɛso atew so no.—1 Timoteo 1:11; 2 Petro 3:13.

Ná Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo Paulo gye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no di ma enti otumi kyerɛwee sɛ: “Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no ho nimdeɛ, daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ.” Yiw, Onyankopɔn a ‘ontumi nni atoro’ de daa nkwa “hyɛɛ” wɔn a wofi ahobrɛase mu hwehwɛ no na wɔsom no no “bɔ.”—Tito 1:1, 2; Sefania 2:3.

So Adansefo no Gye Akatua?

Ɛtɔ mmere bi a nnipa binom ka sɛ Adansefo no gye wɔn som adwuma no ho akatua. Eyi nyɛ nokware koraa! Wobu Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korinto asafo no aniberesɛm: “Na yɛnte sɛ pii no a wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ aguade, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam [kasa], Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.”—2 Korintofo 2:17.

Nyamesom akannifo binom ka asɛm de pɛ sika, sɛ́ ɛyɛ akatua a wogye wɔ wɔn som adwuma ho anaa nea wɔnam wɔn TV so som adwuma so nya no. Nyamesom akuw pii wɔ asɔfo a wotua wɔn ka.

Nea ɛne no bɔ abira no, Adansefo no nni asɔfo a wotua wɔn ka. Anisɔ ka nnipa pii ma wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa horow. Eyi na wɔde tuatua wiase nyinaa asɛnka adwuma no ho aka. Nea ɛne Yesu afotu a ese: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa!” hyia no, Adansefo no fi wɔn pɛ mu de nea wɔwɔ, a wɔn bere ne wɔn ahoɔden ka ho di dwuma de nnɔnhwerew ɔpepem pii yɛ Onyankopɔn som adwuma no afe biara. Wɔnam saayɛ so kyerɛkyerɛ anigyefo ade wɔ afie afie ne ofie Bible adesua ahorow a wɔyɛ mu.—Mateo 10:8; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 20:19, 20.

Nokwasɛm ahorow da no adi sɛ Yehowa Adansefo ankorankoro, wɔn asafo ahorow, anaa Ɔwɛn Aban Asafo no nni sikapɛ ho adwene bi. Wontua obiara ka wɔ afie afie asɛnka a wɔkɔ no ho. Ɛnde wɔyɛ dɛn nya sika de yɛ adwuma no? Ɛdenam ntoboa horow a nnipa a wɔwɔ anisɔ a wɔwɔ wiase nyinaa fi wɔn pɛ mu yi no so. Wonnyigye kɔlɛhyen biara.

Tumi a Wɔn Adansedi no Anya

So Adansefo no afie afie ɔsom adwuma ne bɔnnɔ so adansedi no nya amanfo so tumi bi? Adanse a ɛwɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu kyerɛ sɛ eyi te saa ankasa. Wɔbɔ Yehowa Adansefo din bere a woyi obi a ɔrebɔ ɔpon bi mu wɔ TV so dwumadi ahorow ne sini mu. Aseresɛm nhoma ahorow a mfonini wom abɔ Adansefo din. Wonim nsi a wɔde yɛ wɔn adwuma no yiye araa ma aseresɛm nhomayɛfo a wɔwɔ wiase nyinaa de Yehowa Adansefo ho nsɛm aba wɔn nhoma mu. Ebia eyinom bɛyɛ te sɛ nea wɔde goru wɔn ho de, nanso ɛtaa gyina nokwasɛm titiriw a ɛfata bi so—sɛ wonim Adansefo no wɔ wɔn afie afie asɛnka a wɔkɔ so yɛ no ho.—Asomafo no Nnwuma 20:20.

Nansa yi aseresɛm nhoma mu mfonini bi daa ɔbarima bi a na ɔreforo bepɔw bi akohu “nyamekyerɛfo” bi adi. Ɔkae sɛ: “Ka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ebesisi ho asɛm kyerɛ me!” Ɔkwan bɛn so na “nyamekyerɛfo” no buae? “Ma yɛnhwɛ . . . Ɔkɔm, yaredɔm, ne asasewosow bɛba. Owia bɛdan sum, na ɔsram adan mogya.” Nea okobisaa ade no bisae sɛ: “Asɛmpa a ɛwom ne nea ɛwɔ he?” “Nyamekyerɛfo” no buae sɛ: “Onyankopɔn bɛpopa aniwam nusu nyinaa . . . ná owu nni hɔ bio, awerɛhow, ne ɛyaw nni hɔ bio!” Ɔhɔho no bisae sɛ: “Woyɛɛ dɛn huu saa nneɛma yi?” Obuaa dɛn? “Obiara ntumi nkwati Yehowa Adansefo!” Na ɛbɛyɛ sɛ ɛte saa ara wɔ aseresɛm nhoma mu mfoniniyɛfo no ankasa fam!

Ɛnyɛ Adansefo no nsrahwɛ a wɔyɛ no daa no ho asɛm nko ne nsɛm a aseresɛm nhoma yi ne afoforo a ɛtete saa mu mfonini ka, na mmom ɛkyerɛ asɛm biako a wɔkɔ so ka nso. Mfoniniyɛfo no nam nsɛm kakraa bi so kaa Adansefo no afie afie adansedi no fã titiriw ho asɛm na ɔfaa kyerɛw nsɛm mu nsɛm kae.—Fa toto Mateo 24:7, 29; Adiyisɛm 21:3, 4 ho.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii pow Adansefo no asɛm no mmu wɔn abaw mu anaa ɛmmrɛ wɔn mmɔden a wɔbɔ no ase. Ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” Eyi nyinaa akyi no, ɔdɔ kanyan Adansefo no ma wɔkɔ so srasra wɔn afipamfo, na wɔbɛkɔ so ayɛ saa ara de akosi sɛ Onyankopɔn de mprempren nhyehyɛe a aporɔw yi bɛba awiei.—2 Petro 3:3, 4.

Yesu kae sɛ wɔ nna a edi akyiri no mu no, ebehia sɛ wɔka asɛmpa no kan. Nea ɛbɛyɛ na woahwehwɛ nea enti a wɔka asɛmpa no ne ɔkwan a wɔfa so ka no mu akɔ akyiri no, hwɛ nsɛm abien a edidi so no.—Marko 13:10.

[Kratafa 9 mfonini ahorow]

Yehowa Adansefo nni asɔfokuw a wogye akatua—wɔn nyinaa yɛ asomfo a wɔatu wɔn ho ama

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena