Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 9/1 kr. 3-5
  • Adannandi mu a Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adannandi mu a Wɔhwehwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adanse Ahorow a Enhyia
  • So Adannandi Yɛ Ade a Nhomanimfo Paw?
  • Ɛyɛ Asɛm a Egyina Gyidi So
  • So Adannandi Ne Bible No Hyia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 9/1 kr. 3-5

Adannandi mu a Wɔhwehwɛ

Mprempren wɔn a adannandi adi wɔn ti yiye reka denneennen sɛ wɔnsan nhwehwɛ nkwa mfiase mu

FA NO sɛ woyɛ ɔtemmufo a woredi nsɛmmɔnedifo bi asɛm. Nea wɔabɔ no sobo no ka sɛ odi bem, na adansefo ba bedi adanse ma no. Nanso, bere a woretie wɔn nsɛm no, wuhu sɛ adansefo no biara asɛm ne ɔfoforo de nhyia. Afei, bere a wɔfrɛ nea wɔabɔ no sobo no adansefo begyina adaka mu bio no, wɔsesa wɔn ano. Sɛ́ ɔtemmufo no, so wubebu wɔn adanse no sɛ edi mũ? So ɛbɛma woagyae nea wɔabɔ no sobo no? Akyinnye biara nni ho sɛ worenyɛ saa, efisɛ abirabɔsɛm biara a epue adanse ahorow a wodi no mu sɛe nea wɔabɔ no sobo no mu ahotoso biara a wowɔ.

Saa na adannandi nkyerɛkyerɛ no ho asɛm te. Adansefo pii aba a wɔde nkwa mfiase ho nkyerɛkyerɛmu ahorow ama de agyina adannandi nkyerɛkyerɛ no akyi. Nanso so wɔn adanse ahorow no bɛyɛ nea edi mũ wɔ asenni bagua no anim? So wɔn a wogye nkyerɛkyerɛ no tom no nsɛm a wɔka no hyia?

Adanse Ahorow a Enhyia

Ɔkwan bɛn so na nkwa fii ase? Ebia asemmisa foforo biara nni hɔ a akanyan adwenkyerɛ ahorow na ɛde akyinnyegye kɛse aba saa da. Nanso, akyinnyegye no mfa adannandi ne adebɔ ho ara kwa; ntawntawdi kɛse no ara kɔ so wɔ wɔn a wogye adannandi di no ankasa mu. Ɛkame ayɛ sɛ wogye adannandi ho asɛm biara—sɛnea ɛbae, baabi a efii ase, onii anaa dekode a ɛde bae, ne bere tenten a edii—ho akyinnye denneennen.

Mfe pii mu no, adannandifo kyerɛe sɛ nkwa fii ase wɔ ‘nsu’ hyehyew a nnuru wom mu. Mprempren ebinom gye di sɛ ebetumi aba sɛ ɛpo ani ahuru na ɛde nkwa bae. Baabi foforo a wosusuw sɛ nkwa fii ase ne baabi a nsuhyew tue fi po ase. Ebinom kyerɛ sɛ nsoromma a ɛtete guu asase so na ɛde abɔde a nkwa wom bae. Anaasɛ ebia, sɛnea afoforo ka no, okyinnsoromma nketewaa bi bɛhwehwee asase so maa ewim tebea sakrae, na ɛmaa nkwa fii ase. Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Ma okyinnsoromma ketewaa bi a ɛyɛ dade mmɛhwe asase so, na akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a ɛyɛ nwonwa betumi asisi.”

Wɔresusuw nea ɛyɛe a nkwa fii ase nso ho bio. Time nsɛmma nhoma ka sɛ, “Nkwa amma bɔkɔɔ, wɔ kommyɛ tebea ahorow mu, sɛnea mmere bi na wosusuw no, na mmom wɔ tebea horow a ɛyɛ hu a ogya paapaee okyinnsoromma bi mu ne ahude a nsoromma a etua dua ne okyinnsoromma nketewa de bae mu.” Nyansahufo bi ka mprempren sɛ, sɛ nkwa nam kwan basabasa a ɛte sɛɛ so na ɛbae a, ɛnde na ɛbɛyɛ sɛ adeyɛ no nyinaa gyee bere tiaa bi sen sɛnea na wosusuw bere bi no.

Nyansahufo wɔ adwene a ɛsonsonoe nso wɔ dwuma a Onyankopɔn—“sɛ ɔwɔ hɔ a”—dii ho. Ebinom ka sɛ nkwa bae a na Ɔbɔadeɛ biara nsa nnim, bere a afoforo kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ofii adeyɛ no ase na ogyaw maa adannandi toaa so.

Bere a nkwa fii ase akyi no, ɔkwan bɛn so na adannandi bae? Ɛha mpo no, nsɛm a wɔka nhyia. Wɔ 1958 mu, bere a na wɔatintim The Origin of Species no akyi mfe ɔha no, ɔdannandifo Owura Julian Huxley kae sɛ: “Awiei koraa no, wɔagye ade kɛse a Darwin hui no, amansan nnyinasosɛm a ɛfa abɔde a nkwa wom a ebi tumi fi awosu mu tra nkwa mu na ebi ntumi ntra ho nkyerɛkyerɛ no atom koraa sɛ ɛne ɔkwan koro pɛ a adannandi atitiriw nam so bae.” Nanso, mfe aduonu anan akyi no, ɔdannandifo Michael Ruse kyerɛwee sɛ: “Abɔde a nkwa wom ho adenimfo a wɔredɔɔso . . . gye kyim sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ biara a egyina Darwin nnyinasosɛm so—titiriw, nkyerɛkyerɛ biara a ebu abɔde a nkwa wom a ebi tumi fi awosu mu tra nkwa mu na ebi ntumi ntra sɛ ɛne ɔkwan titiriw a adannandi nam so bae biara—yɛ nnaadaasɛm a enni mũ.”

Bere a Time nsɛmma nhoma ka sɛ “nokwasɛm a edi mũ pii” wɔ hɔ a ɛtaa adannandi nkyerɛkyerɛ akyi no, egye tom nso sɛ adannandi yɛ anansesɛm hwanyann a “sintɔ pii ne nkyerɛkyerɛ ahorow a enhyia a ɛfa sɛnea wobenya adanse ahorow ama sintɔ ahorow no ho wom.” Sɛ́ anka wobesusuw sɛ wɔabua asɛm no awie no, mprempren wɔn a adannandi adi wɔn ti yiye binom reka no denneennen sɛ wɔnsan nhwehwɛ nkwa mfiase mu.

Enti, adannandi ho asɛm no—titiriw, nea ɛfa nkwa a wose efi adannandi mu ho no—nnyina adanse a edi mũ so. Nyansahufo T. H. Janabi ka sɛ wɔn a wogyina adannandi no akyi “ayeyɛ nkyerɛkyerɛ pii a mfomso wom a wɔagyae akyi di wɔ mfe pii a atwam no mu, na nyansahufo adwene ntumi nhyiae wɔ nkyerɛkyerɛ biara ho de besi nnɛ.”

Nea ɛyɛ anika ne sɛ, Charles Darwin hwɛɛ adwene a enhyia a ɛte saa no kwan. Ɔkyerɛwee wɔ The Origin of Species nnianim nsɛm mu sɛ: “Minim yiye sɛ nhoma yi mu nsɛm biako mpo nni hɔ a wontumi nnyina so nyɛ nhwehwɛmu, na mpɛn pii no ɛda adi sɛ ebetumi akowie gyinaesi ahorow a ɛne me nkyerɛkyerɛmu yi bɛbɔ abira koraa mu.”

Nokwarem no, adanse a enhyia a ɛte saa no ma nsemmisa ahorow sɔre wɔ nokware a adannandi nkyerɛkyerɛ yɛ no ho.

So Adannandi Yɛ Ade a Nhomanimfo Paw?

Nhoma Milestones of History ka sɛ efi adannandi nkyerɛkyerɛ no mfiase na “nnipa pii akyerɛ ho anigye efisɛ ɛte sɛ nea egyina nyansahu so kɛse sen nkwa a wɔhyɛɛ da bɔe ho nkyerɛkyerɛ no.”

Bio nso, ahupoosɛm a adannandifo binom ka no betumi ayɛ nea eyi hu ankasa. Sɛ́ nhwɛso no, nyansahufo H. S. Shelton ka sɛ adwene a ɛne sɛ nkwa yɛ nea wɔhyɛɛ da bɔe no “yɛ agyimisɛm dodo sɛ wobesusuw ho anibere so.” Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Richard Dawkins ka no pen sɛ: “Sɛ wuhyia obi a ose onnye adannandi nni a, saa nipa no yɛ obi a onnim de, ɔkwasea anaa ɔbɔdamfo.” Ɔbenfo René Dubos ka saa ara sɛ: “Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ pii gye tom mprempren sɛ ɛyɛ nokwasɛm sɛ biribiara a ɛwɔ amansan yi mu—efi ɔsoro abɔde horow so besi nnipa so—nam adannandi so na ɛbae na ɛkɔ so dannan.”

Sɛ wohwɛ saa nsɛm yi a, ɛte sɛ nea obiara a onim nyansa kakra begye adannandi nkyerɛkyerɛ no atom ntɛmso. Anyɛ yiye koraa no, saa a obi bɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ onii no “wɔ nimdeɛ” na ɔnyɛ “ɔkwasea.” Nanso, mmarima ne mmea a wonim nhoma yiye wɔ hɔ a wɔnyɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no akyitaafo. Francis Hitching kyerɛw wɔ ne nhoma The Neck of the Giraffe mu sɛ: “Mihuu nyansahufo pii a na wɔn ankasa wɔ adwenem naayɛ ahorow ne kakraa bi mpo a wɔkaa sɛ ada adi sɛ Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no nyɛ nyansahu nkyerɛkyerɛ koraa.”

Chandra Wickramasinghe, Britaniani nyansahufo bi a wɔkamfo no kɛse paw gyinabea a ɛte saa ara. Ɔka sɛ: “Adanse biara nni Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ atitiriw no mu biara ho. Ɛyɛ asetram nhyɛsode bi a edii wiase no so wɔ 1860, na misusuw sɛ ayɛ asiane kɛse ama nyansahu fi saa bere no.”

T. H. Janabi yɛɛ adwenkyerɛ horow a nyansahufo de too gua mu nhwehwɛmu. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ tebea no yɛ soronko koraa wɔ nea wɔama yɛagye adi no ho. Adanse no nnɔɔso koraa, na ɛtɔ sin dodo sɛ ɛbɛtaa nkyerɛkyerɛ hwanyann sɛɛ a ɛfa sɛnea nkwa fii ase ho no akyi.”

Enti, ɛnsɛ sɛ wobu wɔn a wonnye adannandi nkyerɛkyerɛ no ntom no sɛ wɔyɛ nnipa a ‘wonnim de, nkwaseafo anaa abɔdamfo.’ Ɛdefa adwenkyerɛ ahorow a ɛko tia adannandi ho no, na ɛsɛ sɛ obi a ogye adannandi di kɛse, George Gaylord Simpson gye tom sɛ: “Nokwarem no, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebefi animtiaabu mu abɔ saa adwenhorow yi agu anaasɛ yebedi ho fɛw. Wɔn a na wonnye adannandi ntom bere bi a atwam (ne mprempren) no yɛ adesuafo a wɔn adwenem abue na wɔaben.”

Ɛyɛ Asɛm a Egyina Gyidi So

Ebinom susuw sɛ adannandi a wogye tom gyina nokwasɛm so, bere a adebɔ a wogye tom gyina gyidi so. Ɛyɛ nokware sɛ onipa biara nhuu Onyankopɔn pɛn. (Yohane 1:18; fa toto 2 Korintofo 5:7 ho.) Nanso, eyi mma adannandi nkyerɛkyerɛ nni nkonim, efisɛ egyina nsɛm a obiara nhuu pɛn anaa wontumi nyɛɛ bi so.

Sɛ́ nhwɛso no, nyansahufo nhuu abɔde mu nsakrae a wɔfrɛ no mutations—nea mfaso wɔ so mpo—a ɛde abɔde afoforo a nkwa wom ba da; nanso wogye di sɛ saa kwan yi ara so na abɔde a nkwa wom afoforo nam bae. Wonhuu sɛnea nkwa tumi fi abɔde bi a nkwa nnim mu ba no pɛn; nanso wɔkyerɛ sɛ saa kwan yi so na nkwa fii ase.

Adanse a enni adannandi nkyerɛkyerɛ ho saa no ma T. H. Janabi frɛ no “‘gyidi’ hunu bi.” Abɔde a aniwa hu ho ɔdenimfo Fred Hoyle frɛ no “Darwin Nkyerɛkyerɛ a wogye tom sɛ mfomso nni ho no.” Dɔkta Evan Shute de bi ka ho ma ɛkɔ akyiri. Ɔka sɛ, “Misusuw sɛ obi a ogye adebɔ di nni ahintasɛm ho nkyerɛkyerɛmu ho haw kɛse sɛ wɔn a wofi koma nyinaa mu gye adannandi di no.”

Animdefo afoforo gye tom. Robert Jastrow a ɔyɛ nsoromma ho nimdefo gye tom sɛ, “Sɛ misusuw sɛnea onipa te ho a, fi a abɔde soronko a ɛte saa no betumi afi nnuru bi a ɛfraa nsuhyew mu aba no yɛ anwonwade te sɛ onipa mfiase ho nsɛm a Bible ka no ara pɛ.”

Ɛnde, dɛn nti na nnipa pii da so ara pow sɛ wobegye adwene a ɛne sɛ wɔbɔɔ nkwa no atom?

[Kratafa 3 mfonini]

Ahupoosɛm a wɔn a wogye adannandi di binom ka no betumi ahyɛ wo so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena