Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 9/15 kr. 3-4
  • So Wode Bɔne Firi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Bɔne Firi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔne Fafiri Yɛ Den
  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Fi Komam Fa Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Bɔne Firi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 9/15 kr. 3-4

So Wode Bɔne Firi?

NÁ BILL ne ne babea Lisa a wadi mfe 16 no ani nhyia koraa. Ná nneɛma nketenkete a wɔn adwene nhyia wɔ ho taa kowie anobaabae a ano yɛ den mu. Awiei koraa no, akameakame no mu yɛɛ den kosii sɛ ɔka kyerɛɛ Lisa sɛ ontu mfi fie hɔ.a

Bere bi akyi no, Lisa behui sɛ wadi mfomso, na ɔsrɛɛ ne papa hɔ bɔne fafiri. Nanso sɛ́ anka obebu n’ani agu Lisa mfomso a atwam no so no, ne papa a ne bo afuw no ampene mmɔden a ɔbɔe sɛ obesiesie wɔn ntam no so. Wo de susuw ho hwɛ! Ná onni ɔpɛ sɛ obehu n’ankasa ne ba mmɔbɔ!

Mfehaha pii a atwam no, wobuu ɔbarima bi a ne ho nni asɛm fɔ kum no wɔ bɔne bi a na ɔnyɛe ho. Nkurɔfo bedii adansekurum, na amammui mpanyimfo amfa atɛmpa anni dwuma, wɔhyɛɛ da buu wɔn ani guu atɛntrenee so. Saa ɔbarima a na ne ho nni asɛm no ne Yesu Kristo. Bere tiaa bi ansa na ɔrebewu no, ɔbɔɔ mpae ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Agya, fa firi wɔn, na wonnim nea wɔyɛ!”—Luka 23:34.

Yesu fi ne pɛ ne ne koma mu de firii, na wɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ wonsuasua no wɔ eyi mu. (Efesofo 4:32) Nanso te sɛ Bill no, nnipa pii mpɛ koraa sɛ wobefi mmɔborohunu mu de bɔne afiri. Woyɛ w’ade dɛn wɔ eyi ho? Sɛ afoforo fom wo a, so wowɔ ɔpɛ sɛ wode befiri wɔn? Na bɔne a anibere wom nso ɛ? So ɛsɛ sɛ yɛde ɛnonom nso firi?

Bɔne Fafiri Yɛ Den

Bɔne a wɔde firi nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Na mmere a emu yɛ den yi mu no, ɔhaw kɛse aba nnipa ntam abusuabɔ mu. Abusua asetra titiriw na ɔhaw ne nhyɛso ayɛ mu ma. Kristoni ɔsomafo Paulo kaa no bere tenten a atwam ni sɛ tebea a ɛte saa bɛba wɔ “nna a edi akyiri” no mu. Ɔkae sɛ: “Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, . . . wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.”—2 Timoteo 3:1-4.

Enti, tebea a atwa yɛn ho ahyia de nhyɛso horow a yentumi nkwati ba yɛn nyinaa so, na ɛma ɛyɛ den sɛ yebetumi de afoforo bɔne afiri wɔn. Nea ɛka ho no, yɛko tia nhyɛso horow a ɛwɔ yɛn mu nso. Paulo bɔɔ abubuw sɛ: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnde ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.” (Romafo 7:19, 20) Ne saa nti, yɛn mu pii mfa bɔne mfiri sɛnea anka yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ no. Anyɛ yiye koraa no, sintɔ a yenya fii awo mu ne bɔne nya yɛn nyinaa so nkɛntɛnso kɛse ma ɛtɔ da bi a ɛmma yenhu yɛn mfɛfo nnipa mmɔbɔ.

Bere a wɔhyɛɛ ɔbea bi nkuran sɛ ɔmfa obi mfomso ketewaa bi a ɔyɛ tiaa no mfiri no no, ɔkae sɛ: “Bɔne fafiri mfata obiara.” Sɛ yɛannwen asɛm a ɛte saa ho ankɔ akyiri a, ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛda ɔdɔ a enni hɔ, atirimɔdensɛm anaa animtiaabu mpo adi. Nanso, sɛ yesusuw ho kɔ akyiri a, yehu sɛ ɛda abasamtu nka a nnipa pii te bere a wɔne wiase a wobu no sɛ ɛyɛ pɛsɛmenkominya, ennwen afoforo ho na ɛda nitan adi di no. Ɔbarima bi kae sɛ: “Nkurɔfo sisi wo, bere a wode wɔn bɔne firi wɔn no. Ɛte sɛ nea wotiatia w’anim.”

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ fafiri su a obi benya no yɛ den wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nanso, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yemfi ayamye mu mfa bɔne mfiri. (Fa toto 2 Korintofo 2:7 ho.) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde bɔne firi?

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛasesa edin ahorow.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena