Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 9/15 kr. 30-31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mo Ho Aka Dɔɔso a, Mobɛyɛ no Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Sikasɛm Mu Ahokyere Ne Ɛka—Bible Betumi Aboa Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Boseabɔ Ne Kristofo Dɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɛfata Sɛ Wobɛde Ka?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 9/15 kr. 30-31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ sika fam ahokyere mmere yi mu no, ankorankoro ne nnwumakuw bebree de reto gua wɔ mmara kwan so sɛ wɔabɔ ka. So ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia sɛ Kristoni bi de bɛto gua sɛ wabɔ ka?

Asɛm yi ho mmuae yɛ mfatoho biako a ɛfata a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm no de akwankyerɛ a mfaso wɔ so ma yɛn wɔ nsɛm a ɛda adi pefee sɛ nnansa yi ara na ɛreba ho. Aman pii wɔ mmara horow a ɛfa ɛka a wɔbɔ ho. Ɛsono sɛnea ɔman biara mmara te, na ɛnyɛ Kristofo asafo no asɛyɛde sɛ ɛde mmara mu afotu bɛma wɔ eyi ho. Nanso momma yɛnhwehwɛ mmara kwan so nsiesie a wɔayɛ ama ɛkabɔ no mu tiawa.

Ade biako nti a nniso ahorow ma ankorankoro ne nnwumakuw de ka a wɔbɔ to gua ne sɛ ɛbɔ wɔn a wɔma nkurɔfo bosea anaa wɔde nneɛma firi (wɔn a wɔde fɛm) ho ban wɔ nnipa anaa nnwumakuw a wɔbobɔ bosea anaa wɔdede aka (akafo) nanso wontua wɔn aka ho. Wɔ wɔn a wɔde nneɛma firi fam no, ebetumi ayɛ te sɛ nea ano aduru ara ne sɛ wɔde bɛkɔ asennibea ma wɔde ato gua sɛ ɔkafo no abɔ ka sɛnea ɛbɛyɛ a afei wobetumi akyekyɛ ɔkafo no agyapade mu de atew ka no so.

Ɔkwan foforo a ɛkabɔ a wɔnam mmara so de to gua di dwuma ne sɛ ɛbɔ akafo a nokwarem no, wontumi ntua wɔn aka ho ban. Ɔkafo no betumi de ato gua wɔ mmara kwan so sɛ wabɔ ka, na ama wɔn a ɔde wɔn ka no afa n’agyapade no bi. Nanso, mmara no betumi ama ne fie anaa agyapade nketenkete bi akɔ so ayɛ ne dea, na afei wakɔ so abɔ ne bra a onsuro sɛ n’ahode befi ne nsa anaa wɔn a kan no na ɔde wɔn ka no de besi awowa.

Enti, ɛda adi pefee sɛ wɔyeyɛɛ saa mmara yi sɛnea ɛbɛyɛ a afanu a wɔwɔ sikasɛm anaa aguadi nhyehyɛe no nyinaa benya ahobammɔ bi. Nanso, momma yɛnhwɛ afotu a mfaso wɔ so a Bible no de ma.

Ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛkenkan Bible no afi mfiase akosi awiei a onhu sɛ ɛnhyɛ ɛka a obi bɛde ho nkuran. Yehu kɔkɔbɔ ahorow te sɛ Mmebusɛm 22:7: “Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.”

Kae Yesu mfatoho a ɛwɔ Mateo 18:23-34 a ɛfa akoa bi a na ɔde ka kɛse bi ho no nso. “Ne wura no hyɛe sɛ wɔntɔn no ne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa,” nanso afei ne wura a na ɔyɛ ɔhene no gow nsɛm mu na ohuu no mmɔbɔ. Bere a akyiri yi saa akoa no ankyerɛ mmɔborohunu no, ɔhene no hyɛe sɛ wɔmfa no ‘mma ahawfo nkosi sɛ obetua ɛka a ɔde no nyinaa.’ Ɛda adi pefee sɛ nea eye sen biara, a ɛno na wɔhyɛ ho nkuran ne sɛ wɔbɛkwati boseabɔ.

Ná Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ tete Israel no ne wɔn ho di gua, na ɛtɔ da bi a na wɔbɔ wɔn ho bosea anaa wɔde sika fɛm. Dɛn na Yehowa kae sɛ wɔnyɛ? Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ bosea de fi adwuma bi ase anaa ɔde trɛw mu a, na mmara ma kwan, na mfomso nni ho sɛ Hebrini bi begye ho mfɛntom. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya bere a wɔde sika refɛm Israelni a odi hia no; ná ɛnsɛ sɛ wɔhwehwɛ mfaso wɔ obi ahokyere mu denam mfɛntom a wobegye so. (Exodus 22:25) Deuteronomium 15:7, 8 ka sɛ: ‘Sɛ wo nuanom mu biara dan wo mu hiani a, bue wo nsam ma no, na fɛm no nea ɛbɛso ne hia a ehia no no.’

Yehu ayamye anaa mmɔborohunu a ɛte saa ara wɔ ahyɛde ahorow a ɛhyɛe sɛ wɔn a wɔde sika fɛm afoforo no ntumi nnye wɔn kafo bi asetrade te sɛ abusua no wiyammo anaa ntama bi a onii no behia na ɔde akata ne ho anadwo mfa nsi awowa no mu.—Deuteronomium 24:6, 10-13; Hesekiel 18:5-9.

Nokwarem no, ɛnyɛ Yudafo nyinaa na wogyee adwene a na ɛwɔ mmara a ɔdɔ wom a wɔn Temmufo ne Mmarahyɛfo no de maa wɔn yi toom na wɔde dii dwuma. (Yesaia 33:22) Yudafo adifudepɛfo binom ne wɔn nuanom dii no atirimmɔden so paa. Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔde nneɛma firi binom betumi adi atirimmɔdensɛm anaa wɔayɛ katee wɔ Kristoni nokwafo bi mpo a saa bere no biribi a na ɔnhwɛ kwan bi a ɛtoo no nti wantumi antua ɛka bi no so. (Ɔsɛnkafo 9:11) Ebia wiasefo a wɔbɔ nkurɔfo bosea anaa wɔde nneɛma firi nam wɔn kateeyɛ ne wɔn nhyɛso so betumi apiapia ɔkafo a ɔte saa ma wakɔ tebea bi mu ma wate nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne ho ban. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ saa? Wɔ tebea horow bi mu no, ade koro pɛ a wɔn a wɔde nneɛma firi begye atom ne sɛ onii no nam mmara so de bɛto gua sɛ wabɔ ka. Enti Kristoni a ɛnyɛ sɛ na ɔreyɛ adifudepɛ anaa anibiannaso wɔ ne ka a ɔde ho no betumi de ato gua wɔ mmara kwan so sɛ wabɔ ka.

Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ asɛm no wɔ ɔkwan foforo so. Ebetumi aba sɛ nea ɛmaa Kristoni bi dee ka ara ne sɛ wamfa ahosodi anni dwuma wɔ sika ko a ɔsɛee no anaa sika dodow a ɔsɛee no no mu, anaa wamfa nhumu anni dwuma sɛnea ɛsɛ wɔ n’aguadi ho gyinaesi ahorow mu. So ɛsɛ sɛ ɔyɛ anibiannaso wɔ ɛka no ho na ɔde ahopere de kɔto gua wɔ mmara kwan so sɛ wabɔ ka sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtɔ no, na ama ahaw afoforo esiane atɛmpa a wamfa anni dwuma nti? Bible no mpene sikasɛm mu anibiannaso a ɛte saa so. Ɛhyɛ Onyankopɔn somfo sɛ ɔmma ne yiw nyɛ yiw. (Mateo 5:37) Kae Yesu asɛm a ɔde kyerɛɛ sɛnea sɛ obi rebɛto aban bi a ɛsɛ sɛ ɔtra ase bu ho akontaa no nso. (Luka 14:28-30) Nea ɛne ɛno hyia no, ɛsɛ sɛ Kristoni bi susuw ɔhaw a ebetumi asɔre ho yiye ansa na wafɛm ade. Sɛ onya fɛm ade a, ɛsɛ sɛ ohu n’asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔsan tua sika no ma ankorankoro anaa nnwumakuw a ɔde wɔn ka no. Sɛ afoforo pii behu sɛ Kristoni bi nni asɛyɛde ho dwuma yiye anaa wontumi nnye no nni a, ɛbɛsɛe dinpa a wayere ne ho anya no, ma enti wɔn a wɔwɔ akyi no renka ne ho asɛmpa bio.—1 Timoteo 3:2, 7.

Kae nea Dwom 15:4 ka kyerɛ yɛn wɔ onipa ko a Yehowa gye no tom ho no. Yɛkenkan sɛ: “[Nea Onyankopɔn pene ne so no] ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.” Yiw, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ Kristofo ne wɔn a wɔkɔfɛm wɔn hɔ ade no di no sɛnea wɔbɛpɛ sɛ afoforo ne wɔn di no ara pɛ.—Mateo 7:12.

Enti sɛ yɛbɛbɔ no mua a, Bible no nkyerɛ sɛ entumi mma sɛ wɔ tebea a emu yɛ den yiye mu no, Kristoni bi bɛhwehwɛ ahobammɔ afi Kaesare mmara a ɛfa ɛkabɔ a wɔde to gua ho no mu mfaso. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo da nsow sɛ wɔn a wodi nokware na wotumi gye wɔn di. Enti, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa wɔ ɔpɛ a anibere wom a wobenya sɛ wobetua wɔn aka no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena