Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 11/1 kr. 2-4
  • Nnipa Amanehunu—So Ebegyae da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Amanehunu—So Ebegyae da Bi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible Ka Fa Amanehunu Ho
    Nyan!—2015
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Awerɛkyekye Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wohu Amane No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 11/1 kr. 2-4

Nnipa Amanehunu—So Ebegyae da Bi?

TEBEA horow a ɛyɛ hu a ɛba bere a ɔtopae bi pae wɔ Sarajevo gua bi a nnipa ayɛ hɔ ma so; nnipa bebree a wodi wɔn awu ne dɛm wɔ Rwanda; mmofra a ɔkɔm atware wɔn a wɔreteɛm hwehwɛ aduan; mmusua a wɔn ani atan a wɔresusuw nneɛma a wɔahwere ho wɔ asasewosow bi a asi wɔ Los Angeles no akyi; nnipa a nsuyiri a asɛe Bangladesh ama wɔrehu amane a wontumi nyɛ hwee. Yehu nnipa amanehunu a ɛtete saa ho nsɛm daa wɔ TV so anaa nsɛmma nhoma ahorow ne atesɛm nkrataa mu.

Nea ɛyɛ awerɛhow a nnipa amanehunu de ba ne sɛ ɛma nnipa binom hwere Onyankopɔn mu gyidi. Sɛnea asɛm bi a Yudafo kuw bi a ɛwɔ United States tintimii kyerɛ no, “amumɔyɛ a ɛrekɔ so no ne ade a ɛsen biara a ɛmma wonnya gyidi bere nyinaa.” Akyerɛwfo no twe adwene si nnipa a wowuwui wɔ Nasifo nneduaban te sɛ Auschwitz mu ne wɔn a atopae te sɛ nea ɛtowee wɔ Hiroshima kunkum wɔn no so. Akyerɛwfo no ka sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn a ɔteɛ na ɔwɔ tumi betumi ama kwan ma wɔatɔre nnipa pii saa a wɔn ho nni asɛm ase no ma nyamesomfo ahonim haw wɔn, na wontumi nte ase.”

Nea ɛyɛ awerɛhow no, amanehunu ho amanneɛbɔ ahorow a abu so no betumi akum nnipa nkate ano. Wɔ nnipa pii fam no, bere tenten a ɛnka wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo no, afoforo amanehunu mpusuw wɔn biara.

Nanso, ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ anyɛ yiye koraa no yetumi te ahummɔbɔ nka ma yɛn ankasa adɔfo no kyerɛ yɛn biribi fa yɛn Yɛfo no ho. Bible no ka sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ “Onyankopɔn suban” ne “[ne] sɛso” so. (Genesis 1:26, 27) Eyi nkyerɛ sɛ adesamma nipaban te sɛ Onyankopɔn de. Dabi, efisɛ Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “Onyankopɔn yɛ honhom” na “honhom nni nam ne nnompe.” (Yohane 4:24; Luka 24:39) Onyankopɔn suban so a wɔyɛɛ yɛn no kyerɛ tumi a yɛwɔ sɛ yɛbɛda Onyankopɔn su horow adi. Enti, esiane sɛ nnipa a wɔn adwene mu da hɔ nya ahummɔbɔ ma wɔn a wohu amane nti, ɛsɛ sɛ yɛde ba awiei sɛ onipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, wɔ ahummɔbɔ na ne yam hyehye no yiye ma n’abɔde a wɔyɛ nnipa a wɔrehu amane no.—Fa toto Luka 11:13 ho.

Ɔkwan biako a Onyankopɔn afa so akyerɛ n’ahummɔbɔ ne sɛ wama wɔakyerɛw nea ama amanehunu aba ho nkyerɛkyerɛmu ama adesamma. Wayɛ eyi wɔ n’Asɛm Bible mu. Bible no kyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ommenya asetra mu anigye, ɛnyɛ sɛ ommehu amane. (Genesis 2:7-9) Ɛda no adi nso sɛ nnipa a wodi kan no de amanehunu baa wɔn ho so denam Onyankopɔn trenee nniso a wɔpowee no so.—Deuteronomium 32:4, 5; Romafo 5:12.

Eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn da so wɔ ahummɔbɔ ma nnipa a wɔrehu amane. Eyi da adi pefee wɔ ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde nnipa amanehunu bɛba awiei no mu. “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4; hwɛ Yesaia 25:8; 65:17-25; Romafo 8:19-21 nso.

Bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn mmuu n’ani nguu nnipa amanehunu so, na wasi ne bo sɛ ɔde bɛba awiei. Nanso dɛn ankasa na ɛde nnipa amanehunu bae, na dɛn nti na Onyankopɔn ama ho kwan abesi yɛn bere yi so?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Anim ne kratafa 32: Alexandra Boulat/Sipa Press

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Kevin Frayer/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena