Nnipa Amanehunu—Dɛn Nti na Onyankopɔn ma ho Kwan?
WƆ ONIPA abakɔsɛm mfiase no, na awerɛhow anaa ɛyaw biara nni hɔ a ɛma obi sũ. Ná nnipa nhu amane biara. Adesamma nyaa pɛyɛ tebea mfiase. “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:31.
Nanso ebinom gye akyinnye ka sɛ, ‘Adam ne Hawa a wɔka wɔn ho asɛm sɛ na wɔwɔ Eden turom no yɛ anansesɛm kɛkɛ.’ Nea ɛyɛ awerɛhow no, Kristoman asɔfo pii ka saa. Nanso, ɛnyɛ onipa hunu bi ara kɛkɛ sɛ Yesu Kristo ankasa na ɔfoaa nsɛm a esisii wɔ Eden no so sɛ ɛyɛ nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu. (Mateo 19:4-6) Afei nso, ɔkwan koro pɛ a yebetumi afa so ate nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nnipa hu amane ase ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nsɛm a esisii wɔ onipa abakɔsɛm mfiase yi mu.
Wɔmaa onipa a odi kan, Adam, adwuma a akomatɔyam wom sɛ ɔnhwɛ Eden turo no so. Afei nso, Onyankopɔn de botae sii hɔ maa no sɛ ɔntrɛw ne fie a ɛwɔ Eden no mu nyɛ no asase nyinaa so turo a anigye wom. (Genesis 1:28; 2:15) Nea ɛbɛboa Adam ma wayɛ saa adwuma kɛse yi no, Onyankopɔn de Hawa maa no sɛ aware mu ɔhokafo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo na wɔnnɔɔso na wɔnyɛ asase so ma. Nanso na biribi foforo ho hia na Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne adesamma no atumi abam. Esiane sɛ wɔyɛɛ onipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, na ɔwɔ hokwan sɛ ɔpaw nea n’ankasa pɛ; enti, na ɛnsɛ sɛ onipa apɛde ne Onyankopɔn de bɔ abira da. Anyɛ saa a, basabasayɛ bɛba amansan no mu, na ɛmma Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa abusua a wɔwɔ asomdwoe ahyɛ asase so ma no mma mu.
Ná Onyankopɔn nniso a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ ase no nyɛ ɔhyɛ. Ná ɛsɛ sɛ onipa fi n’ankasa pɛ ne ɔdɔ mu da no adi. Sɛ́ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ bere a Yesu Kristo hyiaa sɔhwɛ bi a emu yɛ den no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.”—Luka 22:42.
Saa ara na na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa fi wɔn pɛ mu kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase. Eyi nti, Yehowa Nyankopɔn yɛɛ sɔhwɛ tiawa bi ho nhyehyɛe. Ɔfrɛɛ turom hɔ nnua no biako “papa ne bɔne hu dua.” Ná egyina hɔ ma hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔkyerɛ abrabɔ pa ho gyinapɛn. Onyankopɔn de nsɛm a emu da hɔ barae sɛ wonnni dua pɔtee yi so aba. Sɛ Adam ne Hawa yɛ asoɔden a, nea ɛbɛba wɔn so ne owu.—Genesis 2:9, 16, 17.
Nnipa Amanehunu Mfiase
Da bi Onyankopɔn honhom mu ba bi sii ne bo kogyee ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi no ho kyim. Bere a ɔnam ɔwɔ so kasae no, obisaa Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” (Genesis 3:1) Enti ɔmaa Hawa adwene mu fii ase yɛɛ no nãã wɔ teɛ a ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi teɛ no ho.a Hawa maa no mmuae a ɛyɛ nokware a na ne kunu aka akyerɛ no no. Nanso, honhom abɔde no kae sɛ Onyankopɔn asɛm no nyɛ nokware na odii atoro wɔ nea asoɔden de ba no ho sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Genesis 3:4, 5.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔdaadaa Hawa maa ogye dii sɛ asoɔden mfa amanehunu mma, na mmom asetra pa. Dodow a ɔhwɛɛ aduaba no, dodow no ara na ɛyɛɛ no akɔnnɔ, na ofii ase dii. Akyiri yi, ɔdanee Adam ti maa ɔno nso dii bi. Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam pawee sɛ obenya ne yere anim dom sen sɛ obenya Onyankopɔn de.—Genesis 3:6; 1 Timoteo 2:13, 14.
Honhom abɔde no nam atuatew yi a ɔde bae no so bɛyɛɛ obi a ɔsɔre tia Onyankopɔn. Enti wɔbɛfrɛɛ no Satan, a efi Hebri kasa a ɛkyerɛ “ɔsɔretiafo” mu. Odii atoro faa Onyankopɔn ho nso de yɛɛ ne ho ɔnototofo. Enti, wɔsan frɛ no Ɔbonsam, a efi Hela kasa a ɛkyerɛ “ɔnototofo” mu.—Adiyisɛm 12:9.
Enti, nnipa amanehunu fii ase. Onyankopɔn abɔde baasa de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so paw pɛsɛmenkominya asetra kwan de sɔre tiaa wɔn Bɔfo. Asemmisa a afei ɛsɔree ne sɛ, Ɔkwan a ɛteɛ bɛn na na Onyankopɔn bɛfa so adi atuatew yi ho dwuma ma n’abɔde a wonim nyansa a aka, a ɔsoro abɔfo anokwafo ne Adam ne Hawa asefo a wɔbɛba akyiri yi ka ho no anya awerɛhyem?
Nyansa a Onyankopɔn de Dii ho Dwuma
Ebia ebinom begye akyinnye sɛ anka ɛbɛyɛ papa koraa sɛ Onyankopɔn bɛsɛe Satan, Adam, ne Hawa amonom hɔ ara. Nanso anka ɛno mma nsɛmpɔw a atuatew no kɔfa bae no to ntwa. Satan gyee ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi no ho kyim kyerɛe sɛ sɛ nnipa de wɔn ho fi Onyankopɔn nniso ho a, wobedi yiye kɛse. Afei nso, sɛnea otumi nyaa nnipa baanu a wodi kan no ma wɔsɔre tiaa Onyankopɔn nniso no maa nsemmisa afoforo sɔree. Esiane sɛ Adam ne Hawa yɛɛ bɔne nti, so na ɛkyerɛ sɛ mfomso wɔ ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ onipa no ho? So na Onyankopɔn betumi anya obi a ɔbɛkɔ so adi no nokware wɔ asase so? Na Yehowa mma a wɔyɛ abɔfo a wohuu Satan atuatew no nso ɛ? So na wobegye teɛ a N’amansan tumidi teɛ no atom? Akyinnye biara nni ho sɛ na ehia bere tenten a ɛfata na wɔde ahu nsɛmpɔw yi mu nokware. Ɛno nti na Onyankopɔn ama Satan atra hɔ abesi yɛn bere yi so no.
Adam ne Hawa de, Onyankopɔn buu wɔn kumfɔ da a wɔyɛɛ asoɔden no. Enti ade a na ɛbɛkɔ akowie owu mu no fii ase. Adam ne Hawa asefo a wonyinsɛn wɔn wɔ wɔn bɔne no akyi no nyaa bɔne ne owu fii wɔn awofo a wɔnyɛ pɛ no hɔ.—Romafo 5:14.
Satan dii kan nyaa nnipa baanu a wodi kan no begyinaa n’afã wɔ ɔsɛmpɔw no mu. Wabɔ mmɔden sɛ ɔde bere a wɔde ama no no bɛtwe Adam asefo nyinaa abɛhyɛ n’ase. Watumi adaadaa abɔfo dodow bi nso ma wɔabɛka n’atuatew no ho. Nanso, Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo no mu dodow no ara fi nokwaredi mu agye teɛ a Yehowa tumidi teɛ no atom.—Genesis 6:1, 2; Yuda 6; Adiyisɛm 12:3, 9.
Onyankopɔn nniso ne Satan de ho ɔsɛmpɔw na ɛsɔree, ɔsɛmpɔw a na egyina mu denneennen wɔ Hiob nna no mu. Ɔtreneeni yi de n’abrabɔ kyerɛe sɛ ɔpɛ Onyankopɔn trenee nniso no sen Satan ahofadi no, sɛnea na mmarima a wosuro Onyankopɔn te sɛ Habel, Henok, Noa, Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef ayɛ dedaw no. Ná nkɔmmɔbɔ bi a ɛkɔɔ so wɔ Onyankopɔn abɔfo anokwafo no anim wɔ soro no fa Hiob ho. Onyankopɔn kaa eyi kyerɛɛ Satan de gyinaa Ne trenee nniso no akyi: “So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.”—Hiob 1:6-8.
Sɛ́ anka Satan begye ne nkogudi atom no, ɔkae sɛ pɛsɛmenkominya adwene nkutoo nti na Hiob som Onyankopɔn efisɛ na Onyankopɔn de honam fam ahonyade pii adom no. Enti Satan kae sɛ: “Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!” (Hiob 1:11) Satan amma anso hɔ ara mpo, ogyee Onyankopɔn abɔde nyinaa nokwaredi ho kyim. Ɔkae sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) Ná saa ntua a wɔde twiri yi mfa Hiob nkutoo ho na mmom Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Ná Satan kyerɛ sɛ, sɛ wɔn nkwa ba asiane mu a, wɔde wɔne Yehowa ntam abusuabɔ bɛto nkyɛn.
Ná Yehowa Nyankopɔn wɔ Hiob nokwaredi mu ahotoso a edi mũ. Nea edi eyi ho adanse ne sɛ ɔmaa kwan maa Satan de nnipa amanehunu baa Hiob so. Ɛnyɛ sɛ Hiob nam ne nokwaredi no so san n’ankasa din ho nko, na mmom nea ɛsen saa no, ogyee teɛ a Yehowa amansan tumidi teɛ no toom. Ɛbɛdaa adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo.—Hiob 2:10; 42:7.
Nanso, nea ɔyɛɛ nokware a wodi wɔ sɔhwɛ mu ho nhwɛso a ɛsen biara ne Yesu Kristo. Onyankopɔn de Ɔba a ɔyɛ ɔbɔfo yi nkwa fi soro bɛhyɛɛ ɔbaabun bi awotwaa mu. Enti wɔamfa bɔne ne sintɔ anwo Yesu. Mmom no, onyin bɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ, sɛnea na onipa a odi kan no te ansa na ɔrehwere ne pɛyɛ no ara pɛ. Satan de n’ani sii Yesu so titiriw, de sɔhwɛ bebree baa no so ma ekowiee animguase wu mu. Nanso Satan antumi amma Yesu annyae ne nokwaredi. Yesu gyee teɛ a n’Agya nniso teɛ no toom korakora. Ɔkyerɛe nso sɛ na onipa Adam a ɔyɛ pɛ no nni Satan atuatew a ɔkɔkaa ho no ho anoyi biara. Anka Adam betumi adi nokware wɔ ne sɔhwɛ a esua sen saa koraa no mu.
Dɛn Bio na Wɔada no Adi?
Bɛyɛ mfe 6,000 a nnipa ahu amane atwam wɔ Adam ne Hawa atuatew no akyi. Wɔ saa bere yi mu no, Onyankopɔn ama adesamma asɔ nniso ahorow pii ahwɛ. Nnipa amanehunu ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ hu no da no adi sɛ onipa ntumi nni ne ho so. Nokwarem no, basabasa kɔ so nnɛ wɔ asase so mmeae pii. Onyankopɔn a yɛbɛde yɛn ho afi ne ho sɛnea Satan hyɛ ho nkuran no de amanehunu na ɛba.
Biribiara nni hɔ a ehia sɛ Yehowa sɔ hwɛ. Onim sɛ ɔkwan a ɔfa so di tumi no teɛ na ɛde yiyedi a ɛkyɛn so brɛ n’abɔde. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ a obebua nsemmisa a Satan atuatew no kɔfa bae no nyinaa yiye no, wama n’abɔde a wonim nyansa hokwan a wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔpɛ ne trenee nniso no.
Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no na yɛadi no nokware no so mfaso horow bunkam amane a yehu wɔ Ɔbonsam nsam bere tiaa bi no so koraa. Hiob tebea no yɛ eyi ho mfatoho. Yehowa Nyankopɔn maa Hiob ho tɔɔ no wɔ ɔyare a Ɔbonsam de baa no so no mu. Bio nso, Onyankopɔn “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” Awiei koraa, bere a wɔtoo ne nkwa mu mfe 140 no, “Hiob wui, na wabɔ akora, na wadi nna amee.”—Hiob 42:10-17.
Bible kyerɛwfo a ɔne Kristoni Yakobo twe adwene si eyi so ka sɛ: “Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.”—Yakobo 5:11.
Afei bere a wɔde ama Satan ne ne wiase no asõ. Ɛnkyɛ, Onyankopɔn bɛdan amanehunu a Satan atuatew no de aba adesamma so no nyinaa ani. Obenyan awufo mpo. (Yohane 11:25) Ɛno na mmarima anokwafo te sɛ Hiob benya hokwan atra ase daa wɔ paradise asase so. Daakye nhyira horow yi a Onyankopɔn de bɛdom n’asomfo no bebu no bem akosi daa sɛ Amansan hene a ɔteɛ a nokwarem no, ‘n’ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.’
[Ase hɔ asɛm]
a Philip Mauro, afeha a ɛto so 20 mfiase no mu mmaranimfo ne nhoma kyerɛwfo a ɔhwehwɛɛ ɔsɛmpɔw yi mu wɔ n’asɛm “Bɔne Fibea” mu no, kae sɛ eyi “na ɛde adesamma haw nyinaa bae.”
[Kratafa 8 adaka/mfonini]
NNIPA ANYAME ATIRIMƆDENFO
WƆKA TETE anyame ho asɛm mpɛn pii sɛ mogyapɛfo ne ahohwifo. Ná awofo hyew wɔn mma wɔ ogya mu animono mpo de pata wɔn. (Deuteronomium 12:31) Wɔ adeyɛ foforo a ɛtra so mu no, ná abosonsomfo nyansapɛfo no kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni nkate te sɛ abufuw anaa mmɔborohunu.
Saa nyansapɛfo yi adwenhorow a efi adaemone hɔ no nyaa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, Yudafo no so nkɛntɛnso. Yudani nyansapɛfo Philo, a ɔtraa ase Yesu bere so no kae sɛ, Onyankopɔn “nni nkate biara koraa.”
Farisifo a wɔyɛ Yudafo fekuw a wɔyɛ katee no mpo ankwati Helafo nyansapɛ no nkɛntɛnso. Wɔfaa Plato nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra bi a onwu hyɛ onipa mu. Afei nso, sɛnea afeha a edi kan abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, ná Farisifo no gye di sɛ nnipa abɔnefo “nya daa asotwe.” Nanso, Bible no nka adwene a ɛte saa ho asɛm biara.—Genesis 2:7; 3:19; Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4.
Na Yesu akyidifo no nso ɛ? So wɔmaa kwan ma abosonsomfo nyansapɛ nyaa wɔn so nkɛntɛnso? Bere a ɔsomafo Paulo huu asiane yi no, ɔbɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:8; hwɛ 1 Timoteo 6:20 nso.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ahwɛfo dodow bi a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu no buu wɔn ani guu saa kɔkɔbɔ no so na wɔkyerɛkyerɛɛ sɛ Onyankopɔn nni nkate. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Ne nyinaa mu no, wɔtee Onyankopɔn su ahorow ase kɛse sɛnea wɔasisi so dua wɔ Yudafo ne nyansapɛ mu adwene a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu no . . . Nnipa dodow no ara annye adwene a ɛne sɛ Agya no betumi anya nkate horow te sɛ mmɔborohunu no antom . . . anyɛ yiye koraa no de besi afeha a ɛto so aduonu yi awiei.”
Enti, Kristoman faa onyame tirimɔdenfo a ɔtwe abɔnefo aso denam ayayade a ɔyɛ wɔn animono so no so daa no atoro nkyerɛkyerɛ no. Nanso, Yehowa Nyankopɔn ka no pefee wɔ n’Asɛm mu sɛ, “bɔne so akatua ne owu,” na ɛnyɛ ayayade a wɔyɛ obi animono daa.—Romafo 6:23.
[Nsɛm Fibea]
Atifi hɔ: Acropolis Museum, Greece
British Museum na wɔmaa ho kwan
[Kratafa 7 mfonini]
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛdan asase no paradise a ɛte sɛ Eden no nya mmamu!