Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 11/15 kr. 4-7
  • Awufo Wɔ He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awufo Wɔ He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Henanom na Wɔkɔ Soro?
  • Wɔn a Wɔnkɔ Soro
  • Wɔadeda wɔ Owu Mu
  • Yɛn Nananom a Wɔawuwu Benya Asetra Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Henanom Na Wɔkɔ Ɔsoro, Na Dɛn Ntia?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • W’adɔfo a Wɔawuwu So Wubehu Wɔn Bio?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 11/15 kr. 4-7

Awufo Wɔ He?

YORUBAFO a wɔwɔ Afrika Atɔe Fam ka sɛ: “Asase yɛ gua so; ɔsoro ne yɛn fie.” Ɔsom ahorow pii kura saa adwene yi. Adwene a ɛwom ne sɛ asase te sɛ gua so a yɛkɔ hɔ bere tiaa bi na yɛsan fi hɔ. Sɛnea saa gyidi yi kyerɛ no, sɛ yewu a, yɛkɔ soro, yɛn atrae ankasa.

Bible no kyerɛkyerɛ ampa sɛ ebinom kɔ soro. Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: ‘Trabere pii wɔ m’agya fi. Merekɔ makosiesie baabi mama mo. Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.’—Yohane 14:2, 3.

Yesu nsɛm no nkyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa kɔ soro anaa ɔsoro ne adesamma fie. Wɔde ebinom kɔ soro sɛ wonkodi asase so ahene. Ná Yehowa Nyankopɔn nim sɛ nnipa nniso horow ntumi nni asase so nsɛm ho dwuma yiye da. Enti, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔde ɔsoro nniso anaa Ahenni bi a awiei koraa ebedi asase so tumi, na adan no Paradise a mfiase no ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɛbɛyɛ no bɛba. (Mateo 6:9, 10) Yesu na na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. (Daniel 7:13, 14) Ná wɔbɛpaw afoforo afi adesamma mu ma wɔne no akodi ade. Bible no ka siei sɛ wɔn a wɔde wɔn bɛkɔ soro no bɛyɛ “ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn” na “wobedi asase so ahene.”—Adiyisɛm 5:10.

Henanom na Wɔkɔ Soro?

Esiane asɛyɛde kɛse a saa ɔsoro sodifo yi benya nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ehia sɛ wodi ahwehwɛde ahorow a emu yɛ den so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛkɔ soro no nya Yehowa ho nokware nimdeɛ na wotie no. (Yohane 17:3; Romafo 6:17, 18) Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkyerɛ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi. (Yohane 3:16) Nanso, pii ka ho. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn frɛ wɔn na ɔpaw wɔn denam ne Ba no so. (2 Timoteo 1:9, 10; 1 Petro 2:9) Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔabɔ wɔn asu na ‘wɔawo wɔn foforo,’ wɔde Onyankopɔn honhom kronkron awo wɔn. (Yohane 1:12, 13; 3:3-6) Ɛho hia nso sɛ wokura wɔn mudi mu ma Onyankopɔn kosi owu mu.—2 Timoteo 2:11-13; Adiyisɛm 2:10.

Nnipa ɔpepem huhaa a wɔtraa ase a wɔawuwu no annu saa ahwehwɛde ahorow yi ho. Nnipa bebree nnyaa hokwan pii nsuaa nokware Nyankopɔn no ho ade. Afoforo nso nkenkanee Bible no da na wonnim Yesu Kristo ho nsɛm pii anaasɛ wonnim ne ho hwee. Wɔ nokware Kristofo a wɔwɔ asase so nnɛ mu mpo no, kakraa bi na Onyankopɔn apaw wɔn ama ɔsoro asetra.

Enti, wɔn a wɔbɛkɔ soro no dodow bɛyɛ kakraa bi. Yesu kaa saafo no ho asɛm sɛ “kuw ketewa.” (Luka 12:32) Akyiri yi, woyii no adi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ wɔn a “wɔatɔ wɔn afi asase so” sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro no dodow bɛyɛ 144,000 pɛ. (Adiyisɛm 14:1, 3; 20:6) Sɛ yɛde wɔn dodow toto nnipa ɔpepepem pii a wɔatra asase so no ho a, wɔnnɔɔso ampa.

Wɔn a Wɔnkɔ Soro

Dɛn na ɛba wɔn a wɔnkɔ soro no so? So wɔrehu amane wɔ beae bi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa sɛnea ɔsom ahorow bi kyerɛkyerɛ no? Nokwarem no, ɛnte saa, efisɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Awofo a wɔwɔ dɔ ntow wɔn mma ngu ogya mu, na Yehowa nyɛ nkurɔfo ayayade wɔ ɔkwan a ɛte saa so.—1 Yohane 4:8.

Anidaso a ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔawuwu no dodow no ara ne sɛ wobenya owusɔre aba asase so paradise bi mu. Bible no ka sɛ Yehowa bɔɔ asase no “sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Odwontofo no kae sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Ɛyɛ asase so, na ɛnyɛ ɔsoro, na adesamma bɛtra daa.

Yesu ka siei sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne [“onipa ba” Yesu de], na wɔafi adi.” (Yohane 5:27-29) Kristoni somafo Paulo foaa so sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Yesu hyɛɛ ɔmumɔyɛfo bi a onuu ne ho bɔ wɔ amanehunu dua no so sɛ ɔnam asase so paradise bi a obenyan aba mu so benya nkwa.—Luka 23:43.

Ɛnde, tebea bɛn mu na awufo a wobenyan wɔn aba nkwa mu wɔ asase so asetra mu no wɔ mprempren? Asɛm bi a esii wɔ Yesu som adwuma mu no boa ma yebua saa asɛm yi. Ná n’adamfo Lasaro awu. Ansa na Yesu rekonyan no no, Ɔka kyerɛɛ N’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.” (Yohane 11:11) Enti, Yesu de owu totoo nna, nnahɔɔ a adaeso nnim, ho.

Wɔadeda wɔ Owu Mu

Kyerɛw nsɛm afoforo ne adwene a ɛne sɛ obi da wɔ owu mu yi hyia. Ɛnkyerɛ sɛ nnipa wɔ akra a enwu da bi a ɛkɔ ahonhom atrae hɔ bere a wɔawuwu no. Mmom no, Bible no ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10) Bio nso, odwontofo no kaa onipa ho asɛm sɛ “ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Dwom 146:4.

Kyerɛw nsɛm yi da no adi pefee sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no ntumi nhu yɛn anaa wɔnte yɛn kasa. Wontumi mfa nhyira anaa amanehunu mma. Wonni ɔsoro, na wɔnte nananom atrae bi nso. Wonni nkwa mu, wɔnte ase.

Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, obenyan wɔn a mprempren wɔadeda wɔ owu mu a ɔkae wɔn no aba nkwa mu wɔ paradise asase bi so. Ɛbɛyɛ asase a wɔayi nneɛma a egu so fĩ, ɔhaw ahorow, ne nsɛnnennen a adesamma rehyia mprempren no afi so. Hwɛ anigye bere a ɛno bɛyɛ! Wɔ saa Paradise no mu no, wobenya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa, efisɛ Dwom 37:29 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”

[Adaka wɔ kratafa 6, 7]

MIGYAEE AWUFO SOM

“Bere a na meyɛ abarimaa no, na meboa me papa ma oyi mmusu ma ne papa a wawu no daa. Bere bi a me papa ho yɛɛ no den fii ɔyare a emu yɛ den bi mu no, ɔkɔmfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa abirekyi, bayerɛ, besẽ, ne nsã nyi mmusu mma ne papa a wawu no mfa nkyerɛ anisɔ wɔ ne ho a ayɛ no den no ho. Ɔka kyerɛɛ no bio sɛ ɔnsrɛ ne nananom a wɔawuwu sɛ wɔmmɔ ne ho ban mfi ɔyare ne mmusu afoforo ho.

“Me maame totɔɔ nneɛma a ɛho hia ma mmusuyi no a na ɛbɛba so wɔ me nanabarima no damoa ho no. Ná ɔdamoa no bɛn yɛn fie pɛɛ sɛnea ɛhɔ amammerɛ kyerɛ no.

“Wɔtoo nsa frɛɛ nnamfo, abusuafo, ne afipamfo sɛ wɔmmɛhwɛ afɔrebɔ no. Me papa siesiee ne ho fɛfɛɛfɛ sɛnea ɛfata adeyɛ no, na ɔtraa agua bi so de n’ani kyerɛɛ abosonnan no, faako a na mpapo a wɔde abobɔ afɔre dedaw ntikoraa sesa so wɔ hɔ no. Adwuma a meyɛe ne sɛ mihwiee bobesa fii toa bi mu guu kuruwa ketewa bi mu de maa me papa. Ɔno nso hwie guu fam de yii mpae. Me papa bɔɔ ne papa din frɛɛ no mprɛnsa, na ɔbɔɔ no mpae sɛ onnye no mfi mmusu a ɛbɛba daakye mu.

“Yɛde besẽ kaa ho, na yekum odwennini noae, na obiara a ɔwɔ hɔ wee bi. Me nso mewee bi, na mesaw dii nnwonto ne nkyene a wɔbɔe no akyi. Me papa de asaw a ɛyɛ fɛ gyinaa mu denneennen, ɛmfa ho sɛ na ɛda adi sɛ wabɔ akwakora no. Ɛwom ara a na wabɔ ne nananom mpae sɛ wonhyira wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa na me ne nkurɔfo no agye so sɛ Ise, a ɛkyerɛ sɛ ‘Ɛnyɛ hɔ.’ Mede anigye hwɛɛ me papa hãã, na m’ani gyinaa da a menyin na mabɔ afɔre ama me nananom a wɔawuwu no.

“Afɔre bebrebe a yɛbɔe no nyinaa akyi no, abusua no ankɔ so annya asomdwoe. Bere a na me maame mmabarima baasa da so ara te nkwa mu no, mmabea baasa a ɔwoo wɔn no mu biara antra nkwa mu ankyɛ; wɔn nyinaa wuwui wɔ wɔn mmofraase. Bere a me maame nyinsɛnee bio no, me papa bobɔɔ afɔre akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛwo abofra no asomdwoe mu.

“Maame woo ɔbea bio. Mfe abien akyi no, abofra no yare wui. Me papa kobisaa ɔkɔmfo no na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔtamfo bi na okum no. Ɔkɔmfo no kae sɛ nea ɛbɛyɛ na abofra no ‘kra’ adi werɛ no, ɛho hia sɛ wɔde gyentia bi a ɛredɛw, nsã akɔtoa, ne ɔkraman ba bɔ afɔre no. Ná ɛsɛ sɛ yɛde gyentia a ɛredɛw no si ɔdamoa no so, de nsã no petepete so, na yesie ɔkraman ba no anikan wɔ ɔdamoa no nkyɛn. Ɔkyerɛe sɛ eyi benyan abofra a wawu no kra ma adi ne wu no ho werɛ.

“Mede nsã akɔtoa ne gyentia a ɛredɛw no kɔɔ ɔdamoa no ho, na me papa faa ɔkraman ba no, na osiee no sɛnea ɔkɔmfo no kae sɛ ɔnyɛ no. Ná yɛn nyinaa gye di sɛ wɔ nnanson mu no, abeawa a wawu no kra bekum nea ɔmaa owuu ɔpatuwu no. Asram abien twaam a yɛante sɛ obiara awu wɔ mpɔtam hɔ. Meyɛɛ basaa.

“Saa bere no na madi mfe 18. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mihyiaa Yehowa Adansefo na wɔkyerɛɛ me fii Kyerɛwnsɛm no mu sɛ awufo ntumi mmoa ateasefo anaa wompira wɔn. Bere a Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ gyee ntini wɔ me koma mu no, meka kyerɛɛ me papa sɛ mintumi ne no nkɔbɔ afɔre mma awufo bio. Mfiase no, ne bo fuw me sɛ magyaw no, sɛnea ɔkaa no no. Nanso bere a ohui sɛ menyɛɛ m’adwene sɛ megyae me gyidi foforo no mu no, wansiw ɔsom a mede ma Yehowa no ho kwan.

“Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ April 18, 1948. Efi saa bere no, makɔ so de anigye ne akomatɔyam kɛse asom Yehowa, na maboa afoforo ma wɔatwe wɔn ho afi ɔsom a wɔde ma nananom a wɔawuwu, a wontumi mmoa yɛn anaa wompira yɛn no ho.”—J. B. Omiegbe a ɔwɔ Benin City, Nigeria, na ɔkyerɛw mae.

[Kratafa 7 mfonini]

Anigye kɛse bɛba bere a wɔanyan awufo aba paradise asase so no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena