Ɔfã a Ɛsɛ Sɛ Yehowa Som Nya wɔ Yɛn Asetra Mu
“Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa.”—DWOM 145:2.
1. Ɛdefa ɔsom ho no, dɛn na Yehowa hwehwɛ?
“ME, [YEHOWA] wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo.” (Exodus 20:5) Mose tee saa asɛm no fii Yehowa hɔ, na akyiri yi ɔno nso kae bere a na ɔrekasa kyerɛ Israel man no. (Deuteronomium 5:9) Ná Mose adwene si no pi koraa sɛ Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ sɛ N’asomfo som Ɔno nkutoo.
2, 3. (a) Dɛn na ɛkaa Israelfo no ma wohui sɛ nea esii wɔ Bepɔw Sinai nkyɛn no yɛ ade soronko? (b) Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ Israelfo no ne Onyankopɔn nnɛyi asomfo som ho?
2 Bere a Israelfo no ne “afrafrafo pii” a wɔne wɔn fii Misraim no bɔɔ nsra wɔ Bepɔw Sinai nkyɛn no, wohuu ade soronko bi. (Exodus 12:38) Ná ɛne ɔsom a wɔde ma Misraim anyame a saa bere no na amanehunu anaa ahaw du no agu wɔn anim ase no nsɛ koraa. Bere a Yehowa daa no adi kyerɛɛ Mose sɛ waba hɔ no, ahude bi sisii: aprannaa, anyinam, ne torobɛnto nnyigyei a ano yɛ den kɛse a ɛmaa nsra no mu nnipa nyinaa ho popoe. Afei ogya ne wusiw bae bere a bepɔw no nyinaa wosoe no. (Exodus 19:16-20; Hebrifo 12:18-21) Sɛ na Israelni biara hia adanse foforo na ama wahu sɛ nea ɛrekɔ so no yɛ ade soronko a, na ɛnkyɛ ɛbɛba. Ankyɛ, Mose sian fii bepɔw no so bae bere a okogyee Onyankopɔn mmara ahorow no foforo no. Sɛnea kyerɛwtohɔ a efi honhom mu kyerɛ no, na ‘Mose anim were hyerɛn; na nkurɔfo no suroe sɛ wɔbɛbɛn no.’ Nokwarem no na ɛyɛ biribi a ɛboro nnipa tumi so a wɔn werɛ remfi da!—Exodus 34:30.
3 Ná Onyankopɔn man a ɛyɛ biribi nsusuwso no nim ɔfã a Yehowa som wɔ no pefee. Ná ɔne wɔn Gyefo. Ná wɔn nkwa ankasa gyina ne so. Ɔno ara nso na na ɔyɛ wɔn Mmarahyɛfo. Nanso so wɔde Yehowa som dii kan? Na Onyankopɔn nnɛyi asomfo nso ɛ? Ɔfã bɛn na Yehowa som wɔ wɔ wɔn asetra mu?—Romafo 15:4.
Ɔsom a Israelfo De Maa Yehowa
4. Wɔ Israelfo no sare so akwantu mu no, na wɔn nsra no mu nhyehyɛe te dɛn, na dɛn na na ɛwɔ nsra no mfinimfini?
4 Sɛ wufi wim hwɛɛ nsra a Israelfo no bɔe wɔ sare so no a, anka dɛn na wubehu? Ntamadan pii a wɔasisi no kama a ebia nnipa ɔpepem abiɛsa anaa nea ɛboro saa na wɔtete mu, a wɔakyekyɛ wɔn mu mmusuakuw abiɛsa abiɛsa wɔ kusuu fam, kesee fam, apuei fam, ne atɔe fam. Sɛ wobɛn ho kakra na wohwɛ a, anka wubehu akuw afoforo nso wɔ ɛrekɔ nsra no mfinimfini hɔ. Saa ntamadan akuw anan yi mu na na Lewi abusuakuw mu mmusua no tete. Ná ɔdan soronko bi a wɔde ntama fasu bi agye ho wɔ nsra no mfinimfini pɛɛ. Ná eyi ne “ahyiae ntamadan” a Israelfo a wɔyɛ “koma mu anyansafo” sii no sɛnea Yehowa kyerɛe sɛ wɔnyɛ no.—Numeri 1:52, 53; 2:3, 10, 17, 18, 25; Exodus 35:10.
5. Dwuma bɛn na ahyiae ntamadan no dii wɔ Israel?
5 Israelfo no sii ahyiae ntamadan no wɔ mmeae bɛyɛ 40 a wɔbɔɔ nsra wɔ hɔ wɔ wɔn sare so akwantu no mu nyinaa, na ɛbɛyɛɛ wɔn nsrabɔ no fã titiriw. (Numeri, ti 33) Sɛnea ɛfata no, Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ na ɔte ne nkurɔfo mu wɔ wɔn nsra no mfinimfini pɛɛ. N’anuonyam yɛɛ ahyiae ntamadan no mu ma. (Exodus 29:43-46; 40:34; Numeri 5:3; 11:20; 16:3) Nhoma a wɔfrɛ no Our Living Bible no ka sɛ: “Ná asɔrefi a wotumi tutu soa yi ho hia sen biara, efisɛ ɛmaa mmusuakuw no nyaa baabi a wobehyiam asom. Enti ɛma wɔyɛɛ biako wɔ mfe pii a wɔde nantenantew sare so no mu, na ɛmaa wotumi boom yɛɛ ade.” Nea ɛsen saa no, ahyiae ntamadan no kaee Israelfo no bere nyinaa sɛ wɔn Bɔfo no a wɔbɛsom no ne wɔn asetram ade titiriw.
6, 7. Ɔdan a wɔsom wom bɛn na ebesii ahyiae ntamadan no ananmu, na ɔkwan bɛn so na ɛso baa Israel man no mfaso?
6 Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, ahyiae ntamadan no kɔɔ so yɛɛ ade a Israelfo som gyina so. (Yosua 18:1; 1 Samuel 1:3) Akyiri yi, Ɔhene Dawid kae sɛ ɔpɛ sɛ osi dan ankasa. Eyi ne asɔrefi a akyiri yi ne ba Salomo sii no. (2 Samuel 7:1-10) Bere a wɔrehyira so no, omununkum bi sian baa hɔ de kyerɛe sɛ Yehowa apene saa dan no so. Salomo bɔɔ mpae sɛ: “Osi na masi dan mayɛ trabea mama wo, baabi a wobɛtra hɔ daa.” (1 Ahene 8:12, 13; 2 Beresosɛm 6:2) Afei asɔrefi a wɔasi no foforo no bɛyɛɛ beae titiriw a ɔman no somee.
7 Afe biara Israelfo mmarima nyinaa kɔɔ Yerusalem mprɛnsa kodii afahyɛ ahorow a na ɛyɛ anigye wɔ asɔrefi hɔ de kyerɛɛ Onyankopɔn nhyira ho anisɔ. Sɛnea ɛfata no, wɔfrɛɛ saa nhyiam horow yi ‘Yehowa afahyɛ’ de twee adwene sii Onyankopɔn som so. (Leviticus 23:2, 4) Mmea a wɔwɔ ahofama ne abusuafo afoforo kɔɔ bi.—1 Samuel 1:3-7; Luka 2:41-44.
8. Ɔkwan bɛn so na Dwom 84:1-12 di hia a Yehowa som ho hia no ho adanse?
8 Nnwontofo a wɔde honhom kaa wɔn no gye toom pefee sɛ ɔsom wɔ ɔfã titiriw wɔ wɔn asetra mu. Kora mmabarima no too dwom sɛ: “Wo trabea hɔnom yɛ fɛ dɛn ara, asafo [Yehowa].” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ ɔdan bi kɛkɛ na na wɔrekamfo. Mmom no, wɔmomaa wɔn nne so yii Yehowa Nyankopɔn ayɛ sɛ: “Me koma ne me honam di ahurusi ma Onyankopɔn teasefo.” Lewifo no som de anigye kɛse brɛɛ wɔn. Wɔkae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔte wo fi, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ.” Nokwarem no, na Israelfo nyinaa betumi ato dwom sɛ: “Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu na w’atempɔn wɔ ne komam. . . . Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bepue Onyankopɔn anim, Sion.” Ɛwom sɛ ebia na ɔkwan a Israelni tu kɔ Yerusalem no ware na ɔbrɛ wom de, nanso na ɔsan nya ahoɔden bere a wadu ahenkurow no mu no. Anigye hyɛɛ ne koma ma bere a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ ɔbɛsom Yehowa no ho ayeyi mae no: “Na wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tra mmom sen sɛ mɛtra abɔnefo ntamadan mu. . . . Asafo [Yehowa], nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo so.” Nsɛm a ɛte sɛɛ yi da sɛnea saa Israelfo no de Yehowa som dii kan no adi.—Dwom 84:1-12.
9. Dɛn na ɛbaa Israel man so bere a wɔamfa Yehowa som anni kan no?
9 Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ Israel ankɔ so amfa nokware som anni kan. Wɔmaa atoro nyamesom sɛee Yehowa ho nsi a na wɔwɔ no. Ɛno nti, Yehowa de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa maa wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Bere a Israelfo no san kɔɔ wɔn asase so mfe 70 akyi no, Yehowa maa adiyifo anokwafo Hagai, Sakaria, ne Malaki de afotu a emu yɛ hyew maa wɔn. Ɔsɔfo Esra ne Amrado Nehemia kanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔsan sii asɔrefi no de nokware som sii hɔ bio. Nanso bere a mfehaha bi twaam no, nokware som san bɛyɛɛ ade a wommu no ahiasɛm wɔ ɔman no mu.
Nokware Som ho Nsi wɔ Afeha a Edi Kan Mu
10, 11. Ɔfã bɛn na na Yehowa som wɔ wɔ anokwafo asetram bere a na Yesu wɔ asase so no?
10 Wɔ Yehowa bere a ɔhyɛe mu no, Mesia no bae. Ná anokwafo mmiako mmiako bi de wɔn ani ato Yehowa so sɛ obegye wɔn. (Luka 2:25; 3:15) Luka Asɛmpa kyerɛwtohɔ no bɔ Hana a na wadi mfe 84 din ka ne ho asɛm sɛ okunafo a “na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.”—Luka 2:37.
11 Yesu kae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Kae sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a ɔkɔtoo sikasesafo no wɔ asɔrefi hɔ no. Obutubutuw wɔn apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua. Marko bɔ amanneɛ sɛ: “[Yesu amma] ɔkwan sɛ obi nsoa ade mfa asɔrefi hɔ. Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.” (Marko 11:15-17) Yiw, Yesu amma obiara a ɔsõ nneɛma a ɔretwam akɔ kurow no fã foforo mpo kwan ma wantwam wɔ asɔrefi no adiwo hɔ. Yesu nneyɛe no hyɛɛ afotu a na wadi kan de ama yi mu den: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:33) Yesu gyaw yɛn nhwɛso fɛfɛ wɔ ahofama a edi mũ a ɔde maa Yehowa no mu. Ná ɔde nsɛm a ɔka no di dwuma ampa.—1 Petro 2:21.
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo no kyerɛe sɛ wɔde Yehowa som dii kan?
12 Yesu nam ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ n’adwuma a ɛne Yudafo anokwafo a na wɔn koma abubu a ogyee wɔn fii atoro som nneyɛe ho adesoa mu no so yɛɛ nhwɛso foforo a na ɛsɛ sɛ n’akyidifo di akyi. (Luka 4:18) Kristofo a wodi kan no tiee Yesu ahyɛde a ese wɔnyɛ asuafo na wɔmmɔ wɔn asu no denam akokoduru a wɔde bɔɔ Yehowa apɛde a ɛfa wɔn Wura a wɔanyan no no ho dawuru so. Yehowa som a wɔde dii kan no sɔɔ N’ani kɛse. Enti, Onyankopɔn ankasa bɔfo yii asomafo Petro ne Yohane fii afiase wɔ anwonwa kwan so, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.” Esiane sɛ wonyaa denhyɛ bio nti, wotiei. “Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ” no da wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ ne afie afie nso.—Asomafo no Nnwuma 1:8; 4:29, 30; 5:20, 42; Mateo 28:19, 20.
13, 14. (a) Efi Kristosom mfiase no, dɛn na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn asomfo? (b) Dɛn na Onyankopɔn asomfo anokwafo akɔ so ayɛ?
13 Bere a Onyankopɔn asomfo anokwafo no asɛnka ho ɔsɔretia no yɛɛ kɛse no, ɔmaa wɔn akwankyerɛ sɛ wɔnkyerɛw afotu a ɛyɛ ne bere mu de. Petro kyerɛwee wɔ afe 60 Y.B. mu akyi pɛɛ sɛ: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho. Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a wodi kan no nyaa awerɛhyem fii saa nsɛm no mu. Ná wonim sɛ sɛ wohu amane kakra a, Onyankopɔn bewie wɔn ntetee no. (1 Petro 5:7-10) Wɔ saa Yudafo nneɛma nhyehyɛe no nna a etwa to mu no, nokware Kristofo maa ɔsom a wofi ɔdɔ mu de maa Yehowa no so wɔ akwan soronko so.—Kolosefo 1:23.
14 Sɛnea na ɔsomafo Paulo aka asie no, ɔwae bi, nokware som a wɔwae fii ho bae. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3) Nsɛm a esisii wɔ afeha a edi kan no mfe a etwa to mu no dii eyi ho adanse. (1 Yohane 2:18, 19) Satan tumi duaa atoro Kristofo wɔ anokwafo no mu, na ɛmaa ɛyɛɛ den sɛ wobehu nsonsonoe a ɛda saa “wura bɔne” yi ne Kristofo a wɔte sɛ awi ntam. Nanso, bere a mfehaha bi twaam no, ankorankoro binom de Onyankopɔn som dii kan, ɛwom mpo sɛ ɛde wɔn nkwa too asiane mu de. Nanso Onyankopɔn ansan ammoaboa n’asomfo ano amma wɔamma nokware som so de kosii “amanaman no bere” no mfe a etwa to no mu.—Mateo 13:24-30, 36-43; Luka 21:24.
Yehowa Som a Wɔama so Nnɛ
15. Efi 1919 no, ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:2-4 ne Mika 4:1-4 no anya mmamu?
15 Wɔ 1919 mu no, Yehowa hyɛɛ nkaefo a wɔasra wɔn no den maa wɔde nsi yɛɛ wiase nyinaa adansedi adwuma bi a apagyaw ɔsom a wɔde ma nokware Nyankopɔn no. Esiane sɛnkyerɛnne kwan so “nguan foforo” a efi 1935 no wɔba bere nyinaa no nti, nkurɔfo a wɔsen yuu foro kɔ “[Yehowa] fi bepɔw” so no adɔɔso. Wɔ 1993 ɔsom afe no mu no, Yehowa Adansefo 4,709,889 na woyii no ayɛ denam afoforo a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ne som a wɔapagyaw no mufo so. Hwɛ sɛnea eyi bɔ awaefo “nkoko” a ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no, titiriw Kristoman, honhom mu animguase tebea no abira!—Yohane 10:16; Yesaia 2:2-4; Mika 4:1-4.
16. Esiane nea wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Yesaia 2:10-22 no nti, dɛn na ehia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa yɛ?
16 Wɔn a wɔbata atoro som ho no bu wɔn asɔre ne asɔredan ahorow ne wɔn asɔfo mpo sɛ nneɛma a “ɛkorɔn,” na wɔma wɔn abodin ne nidi akɛse. Nanso hyɛ nea Yesaia hyɛɛ ho nkɔm yi nsow: “Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama [Yehowa] nko so ɛda no.” Bere bɛn na eyi bɛba? Ɛbɛyɛ ahohiahia kɛse a ɛrebɛn ntɛmntɛm no a “abosonhuhuw no betu ayera koraa” no mu. Esiane sɛ saa bere a ɛyɛ hu no abɛn nti, ɛho hia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa de anibere hwehwɛ ɔfã a Yehowa som wɔ wɔ wɔn asetram no mu.—Yesaia 2:10-22.
17. Ɔkwan bɛn na Yehowa nnɛyi asomfo fa so kyerɛ sɛ wɔde Yehowa som di kan?
17 Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam onuayɛ a wonim wɔn yiye sɛ wɔde nsiyɛ ka Ahenni no ho asɛm. Wɔn som no nyɛ nyamesom a emfi komam a wɔde dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa wɔ nnawɔtwe biara mu na edi ho dwuma. Dabi, ɛyɛ wɔn asetra kwan nyinaa. (Dwom 145:2) Nokwarem no, afe a etwaam no, Adansefo bɛboro 620,000 yɛɛ nhyehyɛe de bere nyinaa yɛɛ Kristofo som adwuma no. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a aka no mmu wɔn ani ngu Yehowa som so. Ɛda adi kɛse wɔ wɔn daa nkɔmmɔbɔ ne wɔn baguam asɛnka nso mu, sɛ wɔn abusua mu asɛyɛde ahorow ma ɛho behia sɛ wɔyɛ adwumaden wɔ honam fam nnwuma mu mpo a.
18, 19. Ma nhwɛso horow a ɛfa nkuranhyɛ a ebia woanya afi Adansefo asetra mu nsɛm a woakenkan mu ho.
18 Adansefo asetra mu nsɛm a wotintim no Ɔwɛn-Aban mu no ma yehu akwan a anuanom mmarima ne mmea ahorow afa so de Yehowa som adi kan wɔ wɔn asetra mu. Onuawa kumaa bi a ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa bere a na wadi mfe asia no de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Mo anuanom mmarima ne mmea nkumaa, botae bɛn na mubetumi apaw a ɛbɛboa mo ma mode Yehowa som adi kan wɔ mo asetra mu?—Hwɛ asɛm “Madi Botae a Mede Sii M’anim Bere a na Madi Mfe Asia no Akyi” a ɛwɔ March 1, 1992 Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 26-30 no.
19 Onuawa kunafo bi a ne mfe akɔ anim yɛ nhwɛso foforo wɔ ɔfã a ɛsɛ a ɔmaa Yehowa som nyae mu. Onyaa nkuranhyɛ kɛse de gyinaa ne mudi mu fii wɔn a ɔboaa wɔn ma wosuaa nokware no hɔ. Ná wɔyɛ “n’abusuafo.” (Marko 3:31-35) Sɛ wokɔ tebea horow a ɛtete saa mu a, so wubegye asafo no mufo nkumaa mmoa atom? (Yɛsrɛ wo hyɛ sɛnea Onuawa Winifred Remmie kaa n’asɛm wɔ “Migyee So wɔ Twabere Mu,” a wotintimii wɔ July 1, 1992 Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 21-3 no nsow.) Mo bere nyinaa asomfo, monna no adi sɛ mode Yehowa som di kan ankasa wɔ mo asetra mu denam ahobrɛase a mode bɛsom wɔ beae a wɔde mo bɛkɔ ne mo pɛ mu a mubefi abrɛ mo ho ase ama teokrase akwankyerɛ so. (Yɛsrɛ wo hyɛ Onua Roy Ryan nhwɛso a wɔaka ho asɛm wɔ “Onyankopɔn Ahyehyɛde a Mabata ho Pintinn” mu wɔ December 1, 1991 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 24-7 no nsow.) Kae sɛ sɛ yɛde Yehowa som di kan a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ yɛn. Ɛho nhia sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya asetrade no yɛ yɛn dadwen. Anuanom mmea Olive ne Sonia Springate suahu ahorow no da eyi adi.—Hwɛ asɛm “Yɛahwehwɛ Ahenni no Kan,” a ɛwɔ February 1, 1994 Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 20-5 no.
20. Nsɛm a ɛho hia bɛn na afei ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
20 Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho nsɛm bi de hwehwɛ ne ho mu? Ɔfã bɛn na Yehowa som wɔ wɔ m’asetra mu? So meredi me ho so a mahyira sɛ mɛyɛ Onyankopɔn apɛde no ho dwuma sɛnea metumi biara? Nneɛma bɛn na metumi anya mu nkɔso wɔ asetra mu? Asɛm a edi hɔ no a yɛde nyansa bɛhwehwɛ mu no bɛma yɛanya hokwan de asusuw ɔkwan a yɛfa so de yɛn ahode di dwuma ma ɛfata nea yɛapaw sɛ yɛde bedi kan wɔ asetra mu no ho—ɔsom a yɛde ma Amansan Hene Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no.—Ɔsɛnkafo 12:13; 2 Korintofo 13:5.
Ntĩmu
◻ Ɛdefa ɔsom ho no, dɛn na Yehowa hwehwɛ?
◻ Dɛn ho nkae na ahyiae ntamadan no de mae?
◻ Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, henanom na wɔyɛɛ nhwɛso a ɛda nsow wɔ nsi a wɔdaa no adi wɔ nokware som ho mu, na ɔkwan bɛn so?
◻ Efi 1919 no, ɔkwan bɛn so na wɔama Yehowa som so?