Afoforo a Yebegye Wɔn Atom De Adi Adesamma Ahiade Titiriw bi ho Dwuma
NSƐM te sɛ “Mema wo amo!” “M’ani agye nea woatumi ayɛ no ho!” anaasɛ “Woabɔ mmɔden yiye; woama yɛn ani agye” a efi komam boa ma obu a wowɔ ma wo ho no yɛ kɛse, titiriw bere a efi obi a wubu no hɔ no. Nnipa nya nkɔanim bere a wogye wɔn tom no. Ɛma wonya nkɔso ne anigye kɛse. Nokwarem no, gye a wogye obi tom no boa adwene ne koma no te sɛ nea aduan yɛ nipadua no.
Nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ obi a wogye no tom kyerɛ sɛ “wogye onii no tom sɛ ɔfata sɛ wodwen ne ho anaa wɔma ani ku ne ho” na “wɔde adwene si no so anaa wɔhwɛ no wɔ ɔkwan soronko so.” Ɛne obu, te a obi te nka sɛ ɔsom bo, wɔ abusuabɔ kɛse, na sɛ wɔde ma obi a, ɛkyerɛ sɛnea wɔde obu anaasɛ nidi a ɛsɛ ma onii no.
Afoforo a Wogye Wɔn Tom—Ahiade Titiriw Bi
Ntease wom na ɛfata sɛ wɔde nidi ma nea nidi sɛ no. Yesu de ho nhwɛso mae wɔ ne bɛ a ɛfa nkoa a wɔn wura de ne nneɛma hyɛɛ wɔn nsa ho no mu. Esiane sɛ ogye toom sɛ wɔahwɛ ne nneɛma no so yiye nti, ɔkae sɛ: “Mo, akoa pa ne nokwafo.” (Mateo 25:19-23) Nanso, yɛtaa bu ani gu obu a ɛfata yi so. Sɛ yɛannye afoforo antom a, ɛsɛe wɔn anigye na ɛmma womfi wɔn pɛ mu nyɛ ade. Iona ka ho asɛm sɛɛ se: “Sɛ wogye wo tom a, ɛma wote nka sɛ wo ho hia, wɔpɛ w’asɛm, na ani sɔ wo . . . Ɛma wufi wo pɛ mu yɛ ade. Sɛ wobu ani gu wo so a, wobotow na w’abam bu.” Patrick de ka ho sɛ: “Afei ɛyɛ den sɛ wobɛkɔ so ayɛ biribi yiye na woayɛ pii.” Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yehu sɛnea yebegye obi atom ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya ahotɔ a efi nim a yenim sɛ nnipa a atwa yɛn ho ahyia no gye yɛn tom no mu ba no. Ɛyɛ nnipa ahiade titiriw.
Nkamfo, asɛyɛde foforo, anaa honam fam akyɛde bi a wɔde ma wo kanyan wo ma wokɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa. Eyi yɛ nokware sɛ́ ebia yɛyɛ ɔwofo, okunu, ɔyere, ɔba, asafo no muni anaasɛ ɔhwɛfo no. Margaret ka sɛ: “Sɛ wogye me tom a, m’ani gye, mete nka sɛ me ho hia, na minya ɔpɛ sɛ menya nkɔanim.” Andrew gye tom sɛ: “M’ani gye, na ɛkanyan me ma meyere me ho kɛse mpo.” Nanso, sɛ wubegye obi atom akyerɛ obu ama no a, ɛhwehwɛ sɛ wudwen nneɛma ho yiye na woda atɛmpa adi.
Suasua Yehowa Nhwɛso a Ɛfa Afoforo a Wogye Wɔn Tom ho No
Nea ɔyɛ nhwɛso sen biara wɔ sɛnea afoforo som bo a wogye tom ho ne Yehowa Nyankopɔn. Ogye wɔn a wɔfata sɛ ogye wɔn tom no tom. Ohuu mmarima te sɛ Habel, Henok, ne Noa. (Genesis 4:4; 6:8; Yuda 14) Yehowa gyee Dawid toom wɔ ne nokwaredi soronko no ho. (2 Samuel 7:16) Onyankopɔn dii Samuel a bere a ɔyɛ odiyifo no odii Yehowa ni mfe pii no nso ni, na obuaa Samuel mpae a ɔde bisaa mmoa a ɛbɛma wadi Filistifo so nkonim no ntɛm so. (1 Samuel 7:7-13) Sɛ Onyankopɔn gye wo tom saa a, anka worente nka sɛ wɔadi wo ni?
Aseda ne anisɔ ne obi a wogye no tom wɔ abusuabɔ kɛse. Bible no hyɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ’ na yɛmfa aseda mma wɔ nea wɔyɛ ma yɛn ho. (Kolosefo 3:15; 1 Tesalonikafo 5:18) Ɛwom sɛ eyi fa aseda a wɔde ma Yehowa ho ankasa de, nanso ɛyɛ nokware saa ara wɔ da biara da asetra mu nneɛma ho. Ɔsomafo Paulo ani sɔɔ eyi. Ogyee Foibe toom sɛ ‘nea ɔboaa nnipa pii’ ne Priska ne Akwila sɛ wosii ɔne afoforo ananmu de ‘wɔn kɔn momae.’ (Romafo 16:1-4) Susuw sɛnea ebia wɔtee nka no ho bere a wɔdaa wɔn ase wɔ baguam no. Ná ɛyɛ papa sɛ Paulo nso nya anigye fi afoforo a ogyee wɔn toom, dii wɔn ni na ɔhyɛɛ wɔn nkuran no mu. Yɛn nso yebetumi asuasua Yehowa ne n’asomfo a wɔwɔ anisɔ no denam wɔn a ɛfata sɛ yegye wɔn tom a yɛbɛyɛ wɔn saa wɔ ɔkwampa so no so.—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mufo a Yebegye Wɔn Atom
Mitchell, okunu ne Kristoni panyin bi ka sɛ: “Sɛ wogye wɔn tom kakra a, ɛboa yiye ma asetra yɛ anigye. Ɛma wunya ɔdɔ ma nea ogyee wo toom no, na ebia wobɛyɛ saa daa mpo.” Sɛ nhwɛso no, okunu Kristoni wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru sɛ osi abusua no yiyedi ho gyinae ahorow a ɛho hia. Ɛsɛ sɛ odi abusua no honhom, honam, ne nkate fam ahiade ahorow ho dwuma. (1 Timoteo 5:8) Hwɛ anisɔ a onya bere a wogye adwuma a Onyankopɔn de ama no sɛ abusua ti tom na ne yere “kyerɛ obu a emu dɔ” ma no no!—Efesofo 5:33, NW.
Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne ɔbea warefo adwuma a nnipa pii nhu no. Ebia nnɛyi adwenhorow bɛma wɔabu adwuma a ɛte sɛɛ no animtiaa na ahwere nidi a ɛwɔ ne bo a ɛsom no. Nanso, ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Tito 2:4, 5) Hwɛ ahomeka a ɛyɛ bere a okunu a ɔwɔ nhumu kamfo ne yere, titiriw, wɔ asetram nneɛma a ɔbɔ mu mmɔden kɛse nyinaa mu, na ogye no tom saa wɔ ne tiyɛ ase no! (Mmebusɛm 31:28) Rowena ka ne kunu ho asɛm sɛ: “Sɛ ogye nea meyɛ tom a, ɛyɛ mmerɛw kɛse ma me sɛ mɛbrɛ me ho ase ama no na makyerɛ nidi ne obu ama no.”
Amerikani kyerɛkyerɛfo Bovee kaa bere bi sɛ: “Mmofra hia nkamfo a ɛfata sɛnea nhwiren hia owia no.” Yiw, ɛho hia sɛ wɔma abofra ketewaa koraa nya awerɛhyem sɛ ɔyɛ abusua no muni a ɔsom bo bere nyinaa. Wɔ mfe a onya su horow a nkate ne nipadua mu nsakrae pii wom mu no, ɔde adwene si sɛnea ne nipadua te so kɛse, na ɔhwehwɛ sɛ wɔma no ahofadi na wogye no tom. Bere yi mu titiriw na ɛho hia sɛ abofra te nka sɛ n’awofo dɔ no na wɔne no di wɔ ntease ne ayamye mu. Ɛho hia nso sɛ yɛn awofo ne yɛn nananom a wɔn mfe akɔ anim no nya awerɛhyem sɛ wɔn ho wɔ mfaso ara na yɛdɔ wɔn, na ‘yɛntow wɔn nkyenee wɔ wɔn nkwakoraa ne mmerewa bere mu.’ (Dwom 71:9; Leviticus 19:32; Mmebusɛm 23:22) Afoforo a wogye wɔn tom wɔ ɔkwan pa so no de anigye ne yiyedi kɛse ba abusua kɔntɔnkrɔn no mu.
Kristofo Asafo no Mufo a Yebegye Wɔn Atom
Mfaso kɛse wɔ so sɛ yɛbɛkyerɛ afoforo ho anigye wɔ Kristofo asafo no mu na yɛakyerɛ wɔn nneyɛe ne wɔn mmɔdenbɔ ho anisɔ pii. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo di anim denam nea afoforo a wɔwɔ asafo no mu yɛ ne wɔn mmɔdenbɔ ahorow a wobegye atom no so. Margaret kae sɛ: “Bere a mpanyimfo bɛsraa me mpɛn pii akyi ansa na mihuu sɛnea nsɛm a wɔka de kyerɛ sɛ wogye obi tom no hyɛ no nkuran na onya akomatɔyam ne anigye ankasa. Mihuu nea obi hwere bere a wonnye no ntom no.” Hwɛ ntease pa a ɛyɛ sɛ yebefi ɔdɔ mu akyerɛ asafo no mufo nyinaa ho anigye wɔ nokwarem! Gye adwuma pa a wɔyɛ no tom. Fi wo pɛ mu kamfo wɔn na hyɛ wɔn nkuran. Awofo a wonni ahokafo mmusua a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde honhom mu su horow bedua wɔn mma mu wɔ asafo ahorow pii mu. Saafo no fata nkamfo soronko. Ka nea eye ho asɛm na ɛnyɛ nea enye. Ma afoforo nhu onuadɔ a wowɔ ma wɔn no. Ma wonhu sɛ wudwen wɔn ho. Saa kwan yi so no, ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ hyɛ asafo no den. (2 Korintofo 10:2) Asafo no mufo ankorankoro gye anokwafo a wɔte sɛɛ a wɔyɛ adwumaden de hwɛ wɔn no tom kyerɛ obu ma wɔn de da anisɔ adi.—1 Timoteo 5:17; Hebrifo 13:17.
Nanso, asɛm yi fã foforo wɔ hɔ. Nokwarem no, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ wobegye yɛn atom no mu yɛ den. Wɔ Yesu bere so no, ɛbɛyɛɛ nyamesom akannifo no dadwen kɛse. Na ɛsɛ sɛ Yesu teɛ n’asuafo no so wɔ eyi ho adwene a ɛnteɛ a na wokura no ho. (Marko 9:33-37; Luka 20:46) Ɛho hia sɛ Kristofo nya ntease na wɔkari pɛ. Sɛ yɛansiw pɛ a yɛbɛpɛ sɛ wogye yɛn tom no ano a, ebetumi apira yɛn wɔ honhom mu. (Yakobo 3:14-16) Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔpanyin bi bɛdan ɔhantanfo na ofi ase ka sɛ afoforo nnye no ntom sɛ ɔkorɔn a, hwɛ asiane a ɛbɛyɛ!—Romafo 12:3.
Ɔsomafo Paulo fi nyansam tuu ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Roma no fo sɛ: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Nsɛm yi fa Kristofo mpanyimfo a ɛsɛ sɛ wogye Kristo tom bere nyinaa sɛ asafo no Ti ho titiriw. Wɔda wɔn ho ase a wɔbrɛ hyɛ ne tumi nsa nifa ase no adi bere a wɔnam honhom kronkron no, Bible nnyinasosɛm ahorow ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” sodikuw no akwankyerɛ so hwehwɛ Kristo akwankyerɛ no.—Mateo 24:45-47; hwɛ Adiyisɛm 1:16, 20; 2:1.
Enti, sɛ mpanyimfo hyia na wɔbɔ mpae de hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a ɛbɛma wɔahwɛ Onyankopɔn nguankuw no a, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobesi gyinae ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm hyia. Kristofo ahobrɛase ne odwo remma ɔpanyin biara mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne ho so, ahyɛ ne nuanom so, na ɔbɛma wɔagye ne nsusuwii atom wɔ nhyiam horow yi ase. (Mateo 20:25-27; Kolosefo 3:12) Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛyɛ papa sɛ mpanyimfo kuw no guamtrani hu ne mfɛfo mpanyimfo ma wɔkyerɛ wɔn adwene ansa na afei wakyerɛw nsɛm a wobesusuw ho no ama wɔn bere tenten ma wɔde mpaebɔ asusuw nsɛmpɔw no mu biara ho yiye. Wɔ mpanyimfo nhyiam ase no, ɔremmɔ mmɔden sɛ obenya mpanyimfo no adwene so tumi na mmom ɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde “ɔkasa mu ahofadi” aka nsɛm a wɔresusuw ho no ho asɛm. (1 Timoteo 3:13, NW) Ɛsɛ sɛ ne mfɛfo mpanyimfo no nso tie nsɛm a wɔn mu biara ka no yiye na wɔde anigye anya mpanyimfo a wɔayɛ Kristofo mfe pii nhumu mu mfaso.—Exodus 18:21, 22.
Nanso, ahwɛfo nim sɛ Kristo betumi de mpanyimfo kuw no muni biara adi dwuma ma ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow a wohia de agyina tebea bi ano anaasɛ wɔde asi gyinae bi a ɛho hia ama. Su pa bɛtra mpanyimfo kuw no mu bere a wogye ɔpanyin biara tom wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ nea ɔyɛ de boa ma wodi asafo no honhom fam nneɛma ho dwuma mu no.—Asomafo no Nnwuma 15:6-15; Filipifo 2:19, 20.
Bɔ Mmɔden sɛ Wubegye Afoforo Atom na Wɔagye Wo Atom Sɛnea Ɛfata
Sɛ yegye afoforo tom a, ɛhyɛ wɔn den. Ɛhyɛ nkuran na ɛda ɔdɔ adi. Mary ka sɛ: “Sɛ yɛte nka sɛ yɛyɛ mpapahwekwa mpo a, yehia nkuranhyɛ na ama yɛanya obu ama yɛn ho.” Fi komam gye mmɔden a afoforo bɔ da biara da no tom. Saayɛ ma wonya asetra so mfaso ne anigye kɛse. Awofo, mmofra, ahwɛfo, ne Kristofo asafo no mufo, wobetumi agye mo atom denam sɛnea mokasa na moyɛ mo ade no so. Bible no ka nnipa a wɔyɛ nsi, wodwo, na wɔwɔ ahobrɛase ho asɛmpa. (Mmebusɛm 11:2; 29:23; Hebrifo 6:1-12) Sua sɛnea wode anigye begye bo a afoforo som no atom. Susuw afoforo nkate ho bere a wo ne wɔn yɛ adwuma no. Ɔsomafo Petro de afotu yi mae: “Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, na munnwen ahobrɛase adwene.” (1 Petro 3:8) Eyi hwehwɛ sɛ yegye afoforo tom, na yɛnam saayɛ so adi adesamma ahiade titiriw bi ho dwuma.