Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/1 kr. 31
  • Yehowa Ho Yɛ Den Sen N’atamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ho Yɛ Den Sen N’atamfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwuma Pa a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Yehowa Ho Yɛ Den Sen N’atamfo

EFI bere tenten na Ɔbonsam ne n’adaemone abɔ mmɔden sɛ wɔnam atoro som ne ahonhonsɛmdi so besiw asɛmpaka adwuma no ano. Bible no ka Satan adwemmɔne ho asɛm wɔ 2 Korintofo 4:4, baabi a ɛka sɛ “wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn” no.

Nanso Yehowa Nyankopɔn ho yɛ den sen Satan. Biribiara nni hɔ a Yehowa atamfo betumi ayɛ a ɛremma ne soro apɛde a ɛno ne sɛ ‘ɛsɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu’ no mma mu. (1 Timoteo 2:4) Amanneɛbɔ a efi Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Australia hɔ a edidi so yi si eyi so dua.

◻ Bere a na ɔbea bi agyae asɔrekɔ mfe 20 akyi no, ofii ase kenkan Bible no bio. Bible no ho anigye a ɔsan nyae yi maa no nyaa nsemmisa pii, enti ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no mma onnya ho mmuae. Ɔpɛe sɛ ɔhwehwɛ nokware no, nanso na onim sɛ n’asɔre dedaw no mu a ɔbɛsan akɔ renni ne haw ahorow no ho dwuma. Mmom no, ofii ase hwehwɛɛ mmuae denam nhoma dedaw tɔnbea a ɔkɔ kobisae sɛ ebia wɔwɔ nhoma ahorow a ɛka nyamesom ho asɛm no so.

Nhomatɔnbea wura no kaee sɛ ɔwɔ nyamesom nhoma bi, nanso enni adetɔnbea hɔ, na mmom ɛwɔ fie. Ná nhoma no din ne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, a Yehowa Adansefo na wotintimii. Ɔbea no de ahopere kenkan nhoma no, na onyaa ne Bible mu nsemmisa no mu pii ho mmuae. Bere a ɔnam telefon nhoma so hwehwɛɛ Yehowa Adansefo no, awiei koraa no ohuu wɔn, na ofii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase.

◻ Ababaa bi bɔɔ atesɛm krataa bi a ɛwɔ ne mpɔtam paa sɛ ɛmmɔ ne sɛbɛ bi a ɔtɔn ho dawuru mma no. Dawurubɔ no kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ ‘tete sɛbɛ bi a tumi wom kɛse.’ Yehowa Adansefo mu biako huu dawurubɔ no. Osii gyinae sɛ ɔnam telefon nɔma a wɔde ama no so ne ɔbea no bɛkasa na ɔne no aka tumi a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛbɛ no mu fibea ho asɛm. Wɔbɔɔ nea Bible no ka wɔ adaemone dwumadi ho nkɔmmɔ ɛno akyi. Ababaa a ɔwɔ sɛbɛ no kae sɛ ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no wɔ ɔne adaemone nsɛnnennen no ho no ade kyee ara pɛ na ɔbaa hɔ. Ɔdansefo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan ne no abɔ nkɔmmɔ wɔ telefon so bio.

Bere a ɔfrɛɛ no no, na ababaa no nni fie. Ne maame gyee telefon no so, na ɔkae sɛ: “Minnim nea woka kyerɛɛ me babea no, nanso nea asi no yɛ anwonwade!” Ɔkae sɛ bere a ɔne no kasae nea edi kan no, ne babea no tow Satan mfonini ne nhoma ahorow a ɔwɔ no nyinaa gui, na ofii ase kenkanee Bible.

Bere tiaa bi akyi no, wɔyɛɛ nhyehyɛe kɔsraa ababaa no. Ogyee Bible adesua a ɔne Yehowa Adansefo bɛyɛ no daa no toom ntɛm so. Ofii ase ne Adansefo no bɔɔ fekuw nso denam wɔn Kristofo nhyiam horow a ɔkɔe so. Bio, Yehowa dii adaemone no so nkonim denam Bible mu nokware ahorow no ho nimdeɛ a ɔma ɛhyerɛnee so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena