Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/15 kr. 24-29
  • Wɔn a Wosuro Onyankopɔn a Wɔne Wɔn Hyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wosuro Onyankopɔn a Wɔne Wɔn Hyiam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Suro Onyankopɔn, na Di Ne Mmara Nsɛm So”
  • ‘Fa Ɔsom Kronn Ma Denam Nyankopɔn Suro So’
  • ‘Suro Onyankopɔn na Hyɛ no Anuonyam’
  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Suro Yehowa Na Hyɛ Ne Din Kronkron Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/15 kr. 24-29

Wɔn a Wosuro Onyankopɔn a Wɔne Wɔn Hyiam

“NNIPA a wɔwɔ mmaa nyinaa pɛ sɛ wɔtra ase a wonsuro hwee—wonsuro sɛ wɔbɛyɛ wɔn basabasa, wonsuro sɛ wonnya adwuma nyɛ, na wonsuro sɛ wobenya ɔyare bi a emu yɛ den. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛtra ase a yensuro hwee. . . . Sɛ saa a, dɛn nti na yɛreka sɛnea ɛsɛ sɛ yenya osuro ho asɛm?” Wɔn a wɔmaa ɔkasa titiriw no wɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow a yefii ase June 1994 no mu biara ase no bisaa asɛm a ɛkanyan adwene yi.

Ná nnipa ɔpepem pii a wɔkɔe—nea edi kan wɔ Amerika Kusuu Fam, ne afei akyiri yi wɔ Europa, Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam, Afrika, Asia, ne po mu nsupɔw so—no fi komam pɛ sɛ wosua sɛnea wobenya saa osuro no. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn suro a yɛwɔ no na ɛbɛma yɛanya nhyira horow a Yehowa Nyankopɔn wɔ ma ne nkurɔfo no bi. Onyankopɔn suro ho ade a nhyiamfo no besua nti na wobehyiaam, na wosuaa Kristofo su titiriw yi ho ade pii wɔ nnansa dwumadi no mu.

“Suro Onyankopɔn, na Di Ne Mmara Nsɛm So”

Ná ɛno ne nhyiam no da a edi kan asɛmti, na na egyina Ɔsɛnkafo 12:13 so. Onyankopɔn a yebesuro no kyerɛ dɛn? Wɔ nhyiam no dwumadi a edi kan pɛɛ no mu no, nhyiam no guamtrani kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn suro kyerɛ obu ne nidi a emu dɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne osuro pa a ɛne sɛ yɛrenyɛ nea ɔmpɛ. Saa Onyankopɔn suro no nyɛ ehu; eye na ɛfata.

Ɔkwan bɛn so na yenya osuro pa yi so mfaso? Ɔkasa a edi hɔ, “Mmrɛ na Mpa Abaw,” kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn suro bɛkanyan yɛn ma yɛde anigye adi Onyankopɔn mmara nsɛm so. Saa osuro no bɛma yɛanya honhom mu ahoɔden aka ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no ho. Yiw, Onyankopɔn suro betumi aboa yɛn ma yɛakwati sɛ yebegow yɛn ho wɔ daa nkwa ho mmirikatu no mu.

Dwumadi a edii hɔ no yɛ nsɛm a wobisabisae a ɛde adanse mae sɛ Onyankopɔn suro betumi awowaw yɛn. Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no kaa sɛnea Onyankopɔn ho suro pa ama wɔakɔ so ayɛ ɔsom adwuma no a nkurɔfo anibiannaso anaa ɔtaa mfa ho, na aboa wɔn ma wɔagyina mu wɔ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den a wɔn ankasa hyiae mu.

Nanso, dɛn nti na nnipa bi wɔ Onyankopɔn suro na afoforo nni bi? Nea ɔmaa ɔkasa titiriw no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɔkasa a ɛne “Onyankopɔn Suro a Yebenya na Ɛho Aba Yɛn Mfaso” no mu sɛ Yehowa hyɛɛ bɔ wɔ Yeremia 32:37-39 sɛ Ɔbɛma Ne nkurɔfo koma a esuro Onyankopɔn. Yehowa de Onyankopɔn suro hyɛ yɛn komam. Ɔkwan bɛn so? Ɔnam ne honhom kronkron ne n’Asɛm Bible a efi honhom mu no so. Nanso, ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yiye sua Onyankopɔn Asɛm na yɛde honhom mu nsiesiei bebree a wayɛ no di dwuma kosi ase. Yɛn ɔmantam ne asafo nhyiam horow a ɛboa yɛn ma yesua sɛ yebesuro no no ka eyi ho.

Wɔde afotu a ɛne sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa ne n’Asɛm so na efii awia dwumadi no ase. Nea edii eyi akyi ne ɔkasa a ɛfa akwan atitiriw a ɛsɛ sɛ Ahenni no fa so nya yɛn asetra so tumi sɛ Kristofo ho.

Afei nea edii hɔ ne ɔkasa abiɛsa a wɔakyekyem no mu nea edi kan. Ná “Onyankopɔn Suro ma Yedi Ɔsoro Ahwehwɛde So” ne ɔkasa a wɔakyekyem a ɛtwee adwene sii abusua no so yi asɛmti. Kyerɛwnsɛm mu afotu—a mfaso wɔ so—a wɔde mae no bi na edidi so yi.

□ Okununom de: Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn suro ma ɔbarima dɔ ne yere sɛ n’ankasa nipadua. (Efesofo 5:28, 29) Ɔbarima nhyɛ da mpira n’ankasa nipadua, ngu ne ho anim ase wɔ ne nnamfo anim, na onni n’ankasa sintɔ ahorow ho nseku. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔde nidi ne obu a ɔde ma ne ho no bi ma ne yere.

□ Ɔyerenom de: Onyankopɔn suro a na Yesu wɔ no ma ‘ɔyɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani daa.’ (Yohane 8:29) Eyi yɛ su pa a ɛsɛ sɛ ɔyerenom suasua bere a wɔne wɔn kununom redi nsɛm no.

□ Awofo de: Kristofo a wɔyɛ awofo betumi ada Onyankopɔn suro adi denam asɛyɛde ahorow a wɔwɔ sɛ awofo a wɔntoto no ase koraa no so, na wɔabu wɔn mma sɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. (Dwom 127:3) Botae titiriw a ɛsɛ sɛ awofo de si wɔn anim ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔabɛyɛ nokware Kristofo.

□ Mmofra de: Yehowa hyɛ mmofra sɛ wontie wɔn “awofo asɛm Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Enti, wɔn awofo a wobetie wɔn no kyerɛ sɛ wɔretie Onyankopɔn.

Da no ɔkasa a etwa to no kanyan yɛn nkate, efisɛ ɛkaa awerɛhow kɛse a yɛn nyinaa di bere a yɛn dɔfo bi wu no ho asɛm. Nanso, ɛrekɔ ɔkasa no mfinimfini no, wɔdaa biribi a yɛnhwɛ kwan adi. Ɔkasafo no maa atiefo no ani gyei bere a ɔde too gua sɛ ɔreyi brochure foforo a ɛne Bere a Obi a Wodɔ no Awu adi no. Nhoma a ekura nkratafa 32 yi a wɔde kɔla ayɛ emu mfonini nyinaa no ka nsɛm pii a ebetumi aboa wɔn a wodi awerɛhow ma wɔate nkate a ɛba wɔ wɔn dɔfo bi wu akyi no ase na wɔatumi agyina ano. Woate nka bere bi sɛ wunhu nea ɛsɛ sɛ woka kyerɛ obi a ne biribi awu? Brochure yi fã bi ka sɛnea yebetumi aboa wɔn a wɔredi awerɛhow no. Bere a atiefo no retie ɔkasafo no, na wɔn mu pii resusuw obi a obetumi anya brochure foforo yi so mfaso ho.

‘Fa Ɔsom Kronn Ma Denam Nyankopɔn Suro So’

Ɛno ne da a ɛto so abien no asɛmti, na na egyina Hebrifo 12:28 so. Wɔmaa ɔkasa a wɔakyekyem no mu nea ɛto so abien a ɛne “Asafo Ahorow a Wɔnantew Yehowa Suro Mu” no wɔ anɔpa dwumadi no mu. Ne fã a edi kan no kaa nhyiamkɔ ho asɛm. Nhyiam horow a yɛkɔ no da no adi sɛ yɛwɔ obu ma Onyankopɔn ne ne honhom mu nsiesiei ahorow. Sɛ yɛkɔ a, yɛda no adi sɛ yesuro ne din na yefi komam pɛ sɛ yɛyɛ n’apɛde. (Hebrifo 10:24, 25) Ɔkasafo a ɔto so abien no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ asafo mũ no nyinaa bɛnantew Yehowa suro mu a, ɛsɛ sɛ ankorankoro biara yɛ ne fam de de kura abrabɔ pa mu. Ɔkasafo a otwa to no kaa hokwan ne adwuma a Kristofo nyinaa wɔ ho asɛm—sɛ yɛbɛka asɛmpa no daa. Yɛbɛkɔ so aka asɛm no akosi bere bɛn? Kosi sɛ Yehowa bɛka sɛ ayɛ yiye.—Yesaia 6:11.

“Yehowa Anigye Ne Mo Abannennen” a wɔka ho asɛm mprempren wɔ nsɛmma nhoma yi adesua nsɛm no mu ne ɔkasa a edii hɔ no asɛmti. (Nehemia 8:10) Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo wɔ anigye? Ɔkasafo no bobɔɔ nneɛma dodow nti a ɛte saa din. Biako a ɛho hia yiye ne sɛ abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Onyankopɔn wɔ no ma yɛyɛ nnipa a yɛwɔ anigye sen biara wɔ asase so. Mo de munsusuw ho nhwɛ, sɛnea ɔkasafo no kaee nhyiamfo no, yɛwɔ hokwan a ɛne sɛ yɛka nnipa a Yehowa atwe wɔn aba Yesu Kristo nkyɛn no ho. (Yohane 6:44) Ntease a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye bɛn ara ni!

Nhyiam biara mu ade titiriw biako ne asubɔ, na ebi kɔɔ so wɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow no ase. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɔkasa a ɛne “Ahosohyira ne Asubɔ wɔ Yehowa Suro Mu” no mu sɛ yɛn a wɔabɔ yɛn asu nyinaa wɔ asɛyɛde ahorow anan: (1) Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm denam nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte ase na yɛde di dwuma so; (2) ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae; (3) ɛsɛ sɛ yɛne mfɛfo gyidifo bɔ wɔ asafo nhyiam horow ase; na (4) ɛsɛ sɛ yedi Yehowa din ne n’Ahenni ho adanse.

Asɛm a ɛma awerɛhyem a ɛne sɛ “Nnipa a Yehowa Nnyaw Wɔn” na yɛde fii Memeneda awia dwumadi no ase. Bere a Israel man hyiaa mmere a emu yɛ den wɔ mfeha aduasa anum a atwam ni mu no, Yehowa nam Mose so hyɛɛ bɔ sɛ: “[Yehowa] wo Nyankopɔn . . . rempa wo na ɔrennyaw wo.” (Deuteronomium 31:6) Yehowa dii saa bɔhyɛ no so denam Israelfo no a ɔbɔɔ wɔn ho ban bere a wɔhyɛn Bɔhyɛ Asase no so kɔfae no so. Ɛnnɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den a, yɛn nso yebetumi anya ahotoso a edi mu sɛ sɛ yɛbata Yehowa ho denneennen na yedi n’Asɛm mu afotu so a, ɔrennyaw yɛn.

Wobɛyɛ dɛn atumi anya anigye wɔ Bible no akenkan mu? Ɔkasafo no de nyansahyɛ mae wɔ ɔkasa a ɛne “Kenkan Onyankopɔn Asɛm, Bible Kronkron no, Da Biara” no mu sɛ yɛmfa adwene a ɛbɛma yɛate nsɛm ase nkenkan na yemmisa nsɛm te sɛ eyi: Dɛn na kyerɛwtohɔ yi kyerɛ me wɔ Yehowa su horow ne n’akwan ho? Mɛyɛ dɛn asɛ Yehowa kɛse wɔ eyi mu? Anigye ne mfaso wɔ Bible no a yɛbɛkenkan wɔ saa kwan yi so no so.

Wɔtwee adwene sii dwumadi no mu ɔkasa a ɛto so abiɛsa a wɔakyekyem a ɛne “Nsiesiei a Ɛbɛboa Wɔn a Wosuro Yehowa” no so. Ɛwom sɛ ebia Yehowa renyɛ anwonwade ahorow mma n’asomfo nnɛ de, nanso ɛda adi sɛ ɔboa wɔn a wosuro no no. (2 Petro 2:9) Ɔkasa a wɔakyekyem yi kaa nsiesiei anan a efi Yehowa hɔ a ɛbɛboa yɛn wɔ mmere a emu yɛ den yi mu ho asɛm: (1) Yehowa nam ne honhom so ma yɛn ahoɔden ma yetumi yɛ nnwuma a yɛn ahoɔden ntumi nyɛ koraa. (2) Ɔnam n’Asɛm so ma yɛn afotu ne akwankyerɛ. (3) Ɔnam agyede no so ma yenya ahonim pa. (4) Ɔma yɛn akwankyerɛ ne ahobammɔ denam n’ahyehyɛde ne mpanyimfo no so. (Luka 11:13; Efesofo 1:7; 2 Timoteo 3:16; Hebrifo 13:17) Sɛ yɛde nsiesiei ahorow yi di dwuma kosi ase a, yebetumi agyina mu na yɛnam saayɛ so anya Yehowa anim dom.

Ná ɔkasa a etwa to Memeneda awia no asɛmti ne “Yehowa Da a Ɛyɛ Hu no Abɛn,” na na egyina Malaki nkɔmhyɛ no so. Nna a ɛyɛ hu aba wɔ abakɔsɛm mu, te sɛ bere a wɔde atemmu baa Yerusalem so wɔ 70 Y.B. mu no. Nanso da a ɛyɛ hu sen biara a nnipa ahu pɛn bɛyɛ Yehowa da a ɛreba a ‘obedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no werɛ’ no. (2 Tesalonikafo 1:6-8) Bere bɛn na ɛbɛba? Ɔkasafo no kae sɛ: “Awiei no abɛn! Yehowa nim saa da no ne dɔn no. Ɔrensakra ne bere nhyehyɛe. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa boasetɔ nnyina mu.”

Ná ɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ nnanu atwam dedaw. Dɛn na wɔbɛka ɛda a etwa to no?

‘Suro Onyankopɔn na Hyɛ no Anuonyam’

Ná da a ɛto so abiɛsa no asɛmti gyina Adiyisɛm 14:7 so. Wɔ anɔpa dwumadi no mu no, ɔkasa ahorow a edidii so no twee adwene sii nkyerɛkyerɛ a ɛma Yehowa Adansefo da nsow wɔ nyamesom ahyehyɛde afoforo ho no so.

Ɔkasafo no bisaa asɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ ɔkasa a ɛne “Atreneefo Sɔre Bɛba” no mu sɛ: “Bere bɛn na wobenyan wɔn a wowuwui nokwaredi mu wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe yi nna a etwa to mu no wɔ saa mfirihyia apem Atemmu Da no mu?” Mmuae bɛn na ɔde mae? Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bible no nka. Nanso so ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ wobedi kan anyan wɔn a wowuwui wɔ yɛn bere yi mu ntɛm na ama wɔne nnipakuw kɛse a wotwaa Harmagedon no ayɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a wɔbɛyɛ wɔ Atemmu Da no mu nyinaa no? Yiw, ntease wom!” Ebinom befi mu aka anaa? Ɛda adi sɛ ebinom befi mu aka. Wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛso ahorow a ɛma yɛn awerɛhyem no mu pefee wɔ ɔkasa a edii hɔ a ɛne “Wogye Wɔn Nkwa Twa Ahohiahia Kɛse No” mu.

Yehowa Adansefo fi bere tenten ahu sɛ Bible no de anidaso abien ma—daa nkwa wɔ paradise asase so ma nnipa ɔpepem pii, ne ɔsoro asetra a owu nnim ma nnipa kakraa bi a wɔne Kristo bedi ahene wɔ n’Ahenni mu. Wɔkaa ɔsoro anidaso no ho asɛm wɔ ɔkasa a ɛne “Kuw Ketewa, Munnsuro” no mu. (Luka 12:32) Esiane tebea a wiase wom seesei yi nti, ɛsɛ sɛ kuw ketewa no nya akokoduru; ɛsɛ sɛ wɔn mu biara gyina mu kodu awiei. (Luka 21:19) Ɔkasafo no kae sɛ: “Wɔn akokoduru no hyɛ nnipakuw kɛse no mufo nkuran. Ɛsɛ sɛ wɔn nso nya akokoduru bere a wɔhwɛ ogye kwan wɔ ɔhaw bere a ɛsen biara a wɔahu wɔ asase yi so pɛn mu no.”

Wɔ anɔpa dwumadi no awiei no, atiefo no de anigye hwɛɛ Bible drama a ɛne Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wusisi ho Gyinae. Wɔ Yosua ne afei odiyifo Elia bere so no, na ɛsɛ sɛ Israelfo no si gyinae. Ná ɛsɛ sɛ wɔpaw biribi. Elia kae sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ!” (1 Ahene 18:21) Ɛnnɛ, nso, ɛsɛ sɛ adesamma si gyinae. Bere nni hɔ a wɔde behinhim nsɛm abien ntam. Nea ɛwɔ he na ɛteɛ sɛ wɔpaw? Ade koro no ara a Yosua a ɔtraa ase tete pawee no. Ose: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa].”—Yosua 24:15.

Ɛte sɛ nea Kwasida awia duu mpofirim, na na bere aso sɛ yetie baguam ɔkasa a wɔato din sɛ “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wusuro Nokware Nyankopɔn no Nnɛ.” Wɔhyɛ adesamma nyinaa nkuran wɔ Adiyisɛm 14:6, 7 sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.” Dɛn nti na egye ntɛmpɛ sɛ yebesuro Onyankopɔn nnɛ? Efisɛ, sɛnea kyerɛwsɛm no kɔ so ka no, “n’atemmu dɔn adu.” Yehowa nam ne Ba, a seesei wasi no Onyankopɔn Ahenni no so Hene no so de atuatew nneɛma nhyehyɛe a ɛho ntew a ɛwɔ hɔ mprempren no bɛba awiei. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ eyi ne ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so ama wɔn a wosuro Onyankopɔn no anya ahotɔ na wɔagye yɛn fie a ɛne asase no akora so. Esiane sɛ eyi ne nneɛma nhyehyɛe yi nna a etwa to nti, egye ntɛmpɛ sɛ yebesuro nokware Nyankopɔn no nnɛ!

Bere a wɔbɔɔ saa dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban adesua no mua wiei no, ɔkasafo a otwa to no bɛkasae. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nhyiam dwumadi no nti, Onyankopɔn suro akyerɛ biribi kɛse ama nhyiamfo no. Osii so dua sɛ ɛde mfaso pii abrɛ wɔn a wosuro Onyankopɔn. Ɔkasafo no de too gua sɛ ɔreyi video foforo adi—United by Divine Teaching. Esi “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Amanaman Ntam Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ 1993-94 mu nneɛma a ɛda nsow so dua. Bere a ɔkasa no reba awiei no, nnipa pii susuw ho sɛ, ‘Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan afe a edi hɔ no?’ Ɛyɛ nnansa ɔmantam nhyiam horow a wɔbɛyɛ wɔ mmeae pii.

Ɔkasafo no rewie no, ɔtwee adwene sii Malaki 3:16 so, nea ɛka eyi no: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa] na wobu ne din no.” Nhyiamfo no fii hɔ kɔe de ntease sii wɔn bo sɛ wobedwen Yehowa din ho de Onyankopɔn suro asom no.

[Kratafa 24 mfonini]

Ɛho hia sɛ wɔn a wɔbɔ asu no kɔ so suro Onyankopɔn

[Kratafa 25 mfonini]

Drama a ɛne “Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wusisi ho Gyinae” no maa atiefo hui sɛ ɛho hia sɛ wɔhyɛ da si gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa

[Kratafa 26 mfonini]

Nhyiamfo ani gyei bere a wɔn nsa kaa “brochure” foforo a ɛne “Bere a Obi a Wodɔ no Awu” no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena