Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/15 kr. 29-31
  • Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa Trenee a Ohyiaa Nsɛnnennen
  • Honhom mu Nipa
  • Yosef Akwanhwɛ Ahorow
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Honam Fam Abusuafo a Yebesuasua Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/15 kr. 29-31

Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom

FA NO sɛ wɔde abofra bi a ɔyɛ pɛ ahyɛ wo nsa sɛ tete no yiye. Adwumaden bɛn ni! Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a ɔnyɛ pɛ atumi ayɛ saa? Ɛdenam ɔsoro akwankyerɛ a obegye atom na ɔde adi dwuma wɔ da biara da asetra mu nkutoo so.

Saa pɛpɛɛpɛ na Yosef, Yesu agya a ɔtetee no no yɛe. Nea ɛne Yosef ho atetesɛm a ɛkɔ akyiri pii a ɛnyɛ nokware bɔ abira no, nsɛm kakraa bi na Bible no ka fa ɔfã ketewaa bi a onyae wɔ Yesu mmofrabere mu ho. Yenim sɛ Yosef ne ne yere Maria na wɔtetee Yesu, mmabarima afoforo baanan ne mmabea nso.—Marko 6:3.

Ná Yosef yɛ Ɔhene Dawid a ofi Israel aseni denam Salomo awo santen no so. Ná ɔyɛ Yakob ba ne Eli ase. (Mateo 1:16; Luka 3:23) Sɛ́ duadwumfo a ofi Nasaret kurow a ɛwɔ Galilea no, na Yosef yɛ hiani. (Mateo 13:55; Luka 2:4, 24; fa toto Leviticus 12:8 ho.) Nanso na odi yiye wɔ honhom mu. (Mmebusɛm 10:22) Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi te saa, efisɛ ogyee ɔsoro akwankyerɛ toom.

Akyinnye biara nni ho sɛ na Yosef yɛ Yudani a odwo na ɔbrɛ ne ho ase a onyaa Onyankopɔn mu gyidi, na onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. N’asetra mu nsɛm kakraa bi a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwnsɛm mu no da no adi sɛ na ɔyɛ osetie ma Yehowa mmara bere nyinaa. Ná eyi te saa, sɛ́ na ɛwɔ Mmara no mu anaasɛ Yosef nsa ka fii abɔfo nkyɛn tee no.

Onipa Trenee a Ohyiaa Nsɛnnennen

Dɛn na ɛsɛ sɛ onipa pa yɛ bere a ohyia ɔhaw kɛse no? Ɛsɛ sɛ ‘ɔdan n’adesoa to Yehowa so’ na odi ɔsoro akwankyerɛ akyi! (Dwom 55:22) Saa na Yosef yɛe. Bere a wɔde Maria maa no aware na “wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi honhom kronkron mu.” Esiane sɛ na Yosef “yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu n’anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.” Bere a Yosef redwennwen asɛm no ho no, Yehowa bɔfo yii ne ho kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no fi honhom kronkron mu. Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.” Bere a Yosef nyanee no, “ɔyɛe sɛnea [Yehowa] bɔfo no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. Na wanhu no de kosii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.” (Mateo 1:18-25) Yosef gyee ɔsoro akwankyerɛ toom.

Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ nkurɔfo nkyerɛw wɔn din wɔ wɔn kurom. Yosef ne Maria yɛɛ osetie kɔɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Maria woo Yesu wɔ hɔ, na ɔde no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔanya ɔdan biara. Saa anadwo no, nguanhwɛfo a wɔtee abɔfo amanneɛbɔ bi a ɛfa saa awo titiriw yi ho no bɛhwɛɛ akokoaa no. Bɛyɛ nna 40 akyi no, Yosef ne Maria dii Mmara no so denam Yesu ne afei afɔrebɔde bi a wɔde kɔɔ Yerusalem asɔrefi no so. Bere a wɔn baanu no nyinaa tee Simon nkɔmhyɛsɛm a ɛfa nneɛma akɛse a Yesu bɛyɛ ho no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.—Luka 2:1-33; fa toto Leviticus 12:2-4, 6-8 ho.

Ɛwom sɛ Luka 2:39 betumi ayɛ te sɛ nea ɛkyerɛ sɛ Yosef ne Maria kɔɔ Nasaret bere a wɔde Yesu kɔkyerɛe wɔ asɔrefi hɔ akyi pɛɛ de, nanso saa asɛm no wɔ amanneɛbɔ bi a wɔabɔ no mua mu. Ɛkame ayɛ sɛ bere a wɔde abofra no kɔɔ asɔrefi hɔ akyi no, nsoromma mu ahwɛfo (Magi) a wofi Apuei Fam kɔsraa Maria ne Yesu wɔ fie bi mu wɔ Betlehem. Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm mu bɔɔ Yesu ho ban fii owu a anka nsrahwɛ yi de rebrɛ no no mu. Bere a Magi no fii hɔ kɔe no, Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu kae sɛ: “Herode rebɛhwehwɛ abofraa no akum no.” Sɛnea na Yosef taa yɛ no, otiee ɔsoro akwankyerɛ de n’abusua no kɔɔ Misraim.—Mateo 2:1-14.

Bere a Herode wui no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim kae sɛ: “Sɔre na fa abofraa no ne ne na, na kɔ Israel asase so.” Bere a Yosef tee sɛ Herode ba Arkelao redi n’agya ade no, osuroe sɛ ɔbɛsan akɔ Yudea. Bere a otiee ɔsoro kɔkɔbɔ a wɔde maa no ɔdae mu no, ɔkɔɔ Galilea fam na ɔkɔtraa Nasaret kurow mu.—Mateo 2:15-23.

Honhom mu Nipa

Yosef hwɛ hui sɛ n’abusua no bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn mmara, na wɔanya honhom fam aduan. Ɔne n’abusua mũ no nyinaa kɔɔ Twam afahyɛ no wɔ Yerusalem afe biara. Wɔ saa mmere yi mu biako no, ná Yosef ne Maria resan akɔ Nasaret, na na wɔatwa da koro kwan fi Yerusalem, na wohui sɛ Yesu a wadi mfe 12 no ayera. Wɔsan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no yiye, na awiei koraa no, wokohuu no wɔ asɔrefi hɔ sɛ ɔretie ɛhɔ akyerɛkyerɛfo no bisabisa wɔn nsɛm.—Luka 2:41-50.

Ɛkame ayɛ sɛ na Yosef ma ne yere no di kan wɔ nneɛma bi mu. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔsan kɔɔ Yerusalem na wohuu Yesu wɔ asɔrefi hɔ no, Maria na ɔne ne ba kumaa no kasae wɔ asɛm no ho. (Luka 2:48, 49) Bere a na Yesu renyin sɛ “duadwumfo no ba” no, ne nsa kaa honhom mu nkyerɛkyerɛ. Yosef kyerɛɛ no duadwumfo adwuma no nso, efisɛ wɔfrɛɛ Yesu “duadwumfo no, Maria ba no.” (Mateo 13:55; Marko 6:3) Ɛsɛ sɛ awofo a wosuro Onyankopɔn nnɛ no de hokwan a ɛtete saa ara di dwuma kosi ase de kyerɛkyerɛ wɔn mma, na ne titiriw no, wɔma wɔn honhom mu ntetee.—Efesofo 6:4; 2 Timoteo 1:5; 3:14-16.

Yosef Akwanhwɛ Ahorow

Kyerɛwnsɛm no nka biribiara mfa Yosef wu ho. Nanso, yebetumi ahyɛ no nsow sɛ Marko 6:3 frɛɛ Yesu “Maria ba,” ɛnyɛ Yosef ba. Eyi kyerɛ sɛ saa bere no na Yosef awu. Afei nso, sɛ Yosef traa ase kosii 33 Y.B. mu a, anka ɛremma sɛ Yesu de Maria bɛhyɛ ɔsomafo Yohane nsa sɛ ɔnhwɛ ne so.—Yohane 19:26, 27.

Ɛnde, Yosef bɛka awufo a wɔbɛte onipa Ba no nne na wɔasɔre wɔ owusɔre mu no ho. (Yohane 5:28, 29) Bere a Yosef asua daa nkwa ho nsiesie a Yehowa ayɛ no ho ade no, akyinnye biara nni ho sɛ ofi anigye mu de bedi dwuma, na ɔbɛyɛ akoa a ɔyɛ osetie ma ɔsoro Hene kɛse, Yesu Kristo, sɛnea otiee ɔsoro akwankyerɛ bɛboro mfe 1,900 a atwam no.

[Kratafa 31 mfonini]

Yosef de honhom mu nkyerɛkyerɛ maa Yesu na ɔkyerɛɛ no duadwumfo adwuma nso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena