Wobɛyɛ Dɛn Ama Wo Mpaebɔ Atu Mpɔn?
MPAEBƆ da nsow wɔ nsiesie ahorow a Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ no mu. Asɔretiafo betumi agye wo Bible afi wo nsam anaasɛ wɔbɛma wo ne wo mfɛfo asomfo nhyiam abɔ wo, nanso obiara ntumi nnye mpaebɔ mfi wo nsam. Mpaebɔ so mfaso nni ano. Ɛnde, hwɛ hia a ehia sɛ yɛn mu biara bɛkyerɛ hokwan yi ho anisɔ na yɛde adi dwuma akosi ase. Dɛn na ebetumi aboa wo ma wo mpaebɔ atu mpɔn?
Bible no nyɛ mpaebɔ nhoma. Nanso, wobetumi aka ho asɛm sɛ adesamma nhoma a ɛkyerɛ mpaebɔ sen biara. Hebri Kyerɛwnsɛm no kura mpaebɔ bɛboro 150. Ebi yɛ tia; ebi nso yɛ atenten. Ahemfo anaa wɔn a wɔwɔ nnommumfa mu bɔɔ no baguam anaa kokoam, bere a wodii nkonim anaa wɔkɔɔ ahohia mu. Sɛnea Dawid too dwom wɔ Dwom 65:2 no, “ɔhonam nyinaa” ba Yehowa, “Mpaebɔ tiefo” no nkyɛn. Dɛn nti na Onyankopɔn de honhom kaa Bible akyerɛwfo no ma wɔkyerɛw mpaebɔ a egu ahorow pii no?
Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua saa asɛmmisa no, susuw 2 Timoteo 3:16 ho. Ɛka sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye.” Enti, nea enti a Bible mu mpaebɔ no wɔ hɔ ne sɛ ɛbɛkyerɛ yɛn kwan, sɛnea Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ, nnyinasosɛm ahorow, ne abakɔsɛm yɛ no. Ɔkwan bɛn so na saa mpaebɔ yi betumi aboa yɛn?
Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no mu mpaebɔ a yɛbɛhwehwɛ mu so no, yebetumi ahu nea wɔbɔɔ no wɔ tebea ahorow a ɛte sɛ yɛn de mu no. Yebetumi ahu sɛnea ɛsono mpaebɔ biara atirimpɔw ne ɔkwan a wɔfa so bɔ no. Afei nso, yebehu nsɛm foforo a wɔde yi ayɛ ne nea wɔde da ase, na yebenya nsɛmfua foforo nso ama yɛn adesrɛ ne abisade ahorow. Ne tiaatwa mu no, Bible mu mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛn mpaebɔ atu mpɔn.
Ná Maria a ɔbɛyɛɛ Yesu maame no yɛ onipa a ɛda adi sɛ onyaa mfaso fii nsɛm a ɛwɔ mpaebɔ a wɔakyerɛw no Bible mu a ɔde dii dwuma no mu. Ɔkɔsraa ne busuani Elisabet bere a na wɔn mu biara anyinsɛn ɔba barima denam Onyankopɔn mmoa so no. Maria de ayeyi ne aseda maa Onyankopɔn, na na ne nsɛm no bi te sɛ nea ɛwɔ mpaebɔ bi a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ma ɛyɛ nwonwa. Ɛda adi sɛ na Maria nim mpae a Hana, odiyifo Samuel maame, bɔe no. Ná Hana nso anyinsɛn ɔba barima denam Onyankopɔn mmoa so bɛboro mfe 1,000 a na atwam no. Ebetumi aba sɛ Maria susuw saa mpaebɔ yi ho esiane sɛ ɛdaa n’ankasa nkate horow adi nti anaa?—1 Samuel 2:1-10; Luka 1:46-55.
Wo nso ɛ? Wubetumi akae Bible mu mpae a wɔbɔe wɔ tebea horow a ɛte sɛ wo de no mu? Mpaebɔ ahorow a ɛte saa a wubehu, wobɛkenkan na woasusuw ho no bɛboa wo ma wo ne Onyankopɔn ntam nkitahodi atu mpɔn. Wɔ asɛm a edi hɔ mu no, yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ mpaebɔ ahorow abiɛsa a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron mu no mu. Wɔbɔɔ emu biara wɔ tebea soronko a ebia ɛte sɛ wo de no mu.