Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/1 kr. 9
  • Asɛm a Wɔka no Bere a Emu Yɛ Den Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛm a Wɔka no Bere a Emu Yɛ Den Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyarefo A Wokɔsra No—Sɛnea Wubetumi Aboa
    Nyan!—1991
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/1 kr. 9

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Asɛm a Wɔka no Bere a Emu Yɛ Den Mu

ƆSOMAFO Paulo ka siei sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1) Nokware bɛn ara na saa nsɛm no ayɛ sɛɛ yi! Nnipa a wɔwɔ El Salvador a ɛwɔ Amerika Mfinimfini Fam no ahyia nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow bere tenten. Bɛboro mfe du ni, na saa ɔman no de wɔn ho ahyɛ ɔmanko a ɛde ahokyere ne owu baa nkurɔfo mpempem pii so mu. Seesei ɔko no aba awiei, nanso ahokyere da so wɔ hɔ. Nsɛmmɔnedi anya nkɔanim paa wɔ ɔko no akyi. Ɔman no mu TV so dwumadifo bi kae sɛ: “Seesei nsɛmmɔnedi ne korɔnbɔ abɛdan aduan a yedi daa.”

Saa nsɛmmɔnedi yi aka Yehowa Adansefo nso. Awifo abɔ awura Ahenni Asa pii so akowia akasam ne ɛho nneɛma. Mmofra kuw bi a wokurakura atuo akɔ Ahenni Asa so mpɛn pii, bere a wogu so reyɛ Kristofo nhyiam, akowia wɔn a wɔwɔ hɔ no sika, wɔɔkye ahorow, ne nneɛma afoforo a ɛsom bo. Awifo akum Adansefo no bi mpo, bere a wɔreyɛ wɔn nnwuma ahorow.

Wɔ akwanside ahorow yi nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ El Salvador no kɔ so yɛ adwumaden wɔ asɛmpa no a wɔka kyerɛ no mu. Wɔyɛ eyi de di Kyerɛnwsɛm mu afotu yi so: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Nnipa pii da so wɔ ɔman no mu a wɔhwehwɛ Ahenni anidaso a ɛwɔ Bible mu no, na Adansefo no rebɔ mmɔden sɛ wobedu wɔn mu biara nkyɛn. Ɛreda adi sɛ bɔnnɔ so adansedi yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔnam so ka asɛm no.

Bere a na Ɔdansefo bi resa ne ho yare wɔ ayaresabea no, ɔde hokwan biara kaa Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ma daakye a wohu wɔ Bible mu no ho asɛm kyerɛɛ ayarefo foforo. Ɔyarefo bi a na ne yare mu yɛ den no de awerɛhow kae sɛ: “Ɛrenkyɛ mewu!” Nanso ɔyarefo no anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ no ammu Ɔdansefo no aba mu sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no. Mmom, ɔkenkan asɛm bi fii Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a Yehowa Adansefo yɛe no mu kyerɛɛ ɔbarima no. Nna kakraa bi akyi no, Ɔdansefo no fii ayaresabea hɔ, a na ɔredi awerɛhow sɛ ɔbarima no bewu.

Mfe anan akyi no na ɛsɛ sɛ Ɔdansefo no kɔsa ne ho yare wɔ ayaresabea foforo. Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔyarefo bi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Wokae me?” Ná ɛyɛ ɔbarima a ohyiaa no mfe anan a atwam, a wosusuwii sɛ ɔreyɛ awu no! Hwɛ anigye ne nwonwa a ɛyɛ bere a ɔbarima no yɛɛ no atuu na ɔkae sɛ: “Seesei me nso meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako” no! Ná ɔbarima no agye Bible mu anidaso a ɛfa daakye ho no atom, ne Yehowa Adansefo asua Bible no, ahyira ne nkwa so ama Yehowa. Ná ɛnyɛ sɛ ɔyɛ Ɔdansefo nko, na mmom, na ɔde ne ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ daa ɔkwampaefo bɛyɛ mfe abien.

Wɔ saa asɛm yi mu no, nokware aba no a ogui wɔ bɔnnɔɔ so guu koma pa mu. Hokwan a ɛne sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔabehu nokware no ka nokware Kristofo ma wɔkɔ so yɛ asɛnka adwuma no, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ “mmere a emu yɛ den mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena