Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/15 kr. 2-6
  • Wubetumi Ahu Nyamesom mu Nokware?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Ahu Nyamesom mu Nokware?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyansapɛ ne Nokware No
  • Nokware Ho Adiyi Bi Ho Hia?
  • Nyamesom ne Nokware No
  • ‘Awi ne Wura No’
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Nokware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Nokware No Bɛma Moade Mo Ho’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/15 kr. 2-6

Wubetumi Ahu Nyamesom mu Nokware?

WƆ Sweden no, ɔbarima bi a ɔwɔ kurow bi a ɛde Uppsala a sukuupɔn wom a ɔrepɛ honhom fam nneɛma ahu no sii gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ ne kurom ɔsom ahorow no gyidi mu, na ɔkɔsrasraa mmeae a wɔsom wɔ hɔ mpo. Otiei bere a wɔn asɔfo no kasae no, na obisabisaa emufo no bi nsɛm. Ohui sɛ ɛte sɛ nea Yehowa Adansefo nkutoo na wogye di sɛ “wɔahu nokware no.” Odwen nea enti a Adansefo no betumi aka saa no ho, bere a osusuw nyamesom mu adwene a egu ahorow ho no.

W’ankasa wususuw sɛ wubetumi ahu nyamesom mu nokware? Ɛbɛyɛ yiye mpo sɛ wubehu nea wobetumi afrɛ no nokware turodoo no?

Nyansapɛ ne Nokware No

Wɔn a wɔasua nyansapɛ no anya adwene sɛ adesamma rentumi nhu nokware turodoo no. Ebia wunim sɛ wɔakyerɛ nyansapɛ ase sɛ “nyansahu a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ sɛnea asetra ne nkwa fii ase mu.” Nanso, nokwarem no, ɛyɛ den sɛ ebetumi akyerɛkyerɛ mu. Swedenni nhoma kyerɛwfo Alf Ahlberg kyerɛwee wɔ ne nhoma Filosofins Historia (Nyansapɛ ho Abakɔsɛm) mu sɛ: “Sɛnea nyansapɛ ho nsemmisa pii te no nti, wontumi nnya mmuae pɔtẽẽ mma. . . . Nnipa pii kura adwene a ɛne sɛ asetra mu nyansapɛ ho nsɛnnennen nyinaa [a ɛfa nneɛma ho nnyinasosɛm atitiriw ho no] ka saa kuw . . . yi ho.”

Enti, mpɛn pii na wɔn a wɔnam nyansapɛ so abɔ mmɔden sɛ wobenya mmuae ama nkwa ho nsemmisa atitiriw no annya akomatɔyam anaa wɔadi yaw. Swedenni nhoma kyerɛwfo Gunnar Aspelin kae wɔ ne nhoma Tankelinjer och trosformer (Nsusuwii ne Nyamesom Gyidi) mu sɛ: “Ade biako a yehu ne sɛ ɔdomankoma nni nnipa ho anigye bio te sɛ nea onni afofantɔ ne ntontom ho anigye no . . . Yenni tumi horow a edi dwuma wɔ amansan no ne yɛn wiase no mu so tumi biara. Eyi ne nkwa ho adwene a apue mpɛn pii wɔ nhoma ahorow mu wɔ afeha a nkurɔfo de wɔn werɛ ahyɛ nkɔso mu, na wodwen daakye pa ho awiei mu.”

Nokware Ho Adiyi Bi Ho Hia?

Ɛda adi sɛ nnipa nnii nkonim wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobehu nokware a ɛfa nkwa ho no mu, na ɛte sɛ nea wontumi nhu da. Ɛnde, ntease pa bi wɔ hɔ a ɛbɛma yɛaka sɛ adiyi bi a efi Onyankopɔn nkyɛn ho hia. Nea nnipa pii frɛ no ɔdomankoma nhoma no de adiyi bi ma. Sɛ ɛmfa nkwa asefi ho nkyerɛkyerɛmu a edi mu mma mpo a, ɛkyerɛ sɛ biribi wɔ hɔ a eye sen nkyerɛkyerɛmu a wogyina nea aniwa hu so ankasa de ma wɔ nkwa ho. Sare a enyin kɔ soro no di mmara a ɛyɛ soronko wɔ abotan a ɛwɔ amoa a ebu gu mu mu so ho mmara ho ankasa. Abɔde a nkwa wom tumi hyehyɛ nneɛma na wɔboaboa wɔn ho ano wɔ ɔkwan a nneɛma a awu ntumi nyɛ saa so. Enti mmara ne nyamesom ho suani bi a wonim no yiye no nyaa biribi gyinaa so kae sɛ: “Na efi wiasebɔ so beeme na [Onyankopɔn] ade a wonhu a ɛne ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.”—Romafo 1:20.

Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu onii ko a ɔhyehyɛ nneɛma na ɔboaboaa ne nyinaa ano no, ehia sɛ yenya adiyi foforo. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ adiyisɛm a ɛte saa wɔ hɔ? Ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Onii ko a ɔmaa nkwa baa asase so no bɛda ne ho adi akyerɛ n’abɔde?

Bible no da ne ho adi sɛ ɛno ne saa adiyisɛm no. Yɛtaa de ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yegye nea ɛka yi tom no ma wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu, na mmadwemma ayɛ saa. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na mmarima a wɔkyerɛw Bible no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛma ada adi pefee sɛ nsɛm a wɔkyerɛwee no nyɛ wɔn de no ankasa yɛ nwonwa yiye. Bɛboro mpɛn 300 na yehu sɛ Bible mu adiyifo no de nsɛm te sɛ, “Sɛ́ [Yehowa] se ni” di dwuma. (Yesaia 37:33; Yeremia 2:2; Nahum 1:12) Ebia wunim sɛ mmarima ne mmea a wɔkyerɛw nhoma anaa nsɛm no taa pere wɔn ho yiye sɛ wɔde wɔn din bɛhyɛ wɔn nhoma no mu. Nanso Bible akyerɛwfo no antwe adwene amma wɔn ho so; wɔ tebea ahorow bi mu no, ɛyɛ den sɛ wubehu onii ko a ɔkyerɛw Bible no afã horow bi.

Bible no ho biribi foforo a wubehu sɛ ɛho hia ne hyia a emu nsɛm ahorow hyia no. Ɛyɛ nwonwa yiye bere a wosusuw ho sɛ wɔde bɛboro mfe 1,600 na ɛkyerɛw Bible mu nhoma 66 no wiei no. Fa no sɛ wokɔɔ nhomakorabea bi koyii nyamesom nhoma 66 bi a wɔde bɛboro mfeha 16 akyerɛw. Afei wode saa nhoma nkorɛnkorɛ no bom biako. Wobɛhwɛ kwan sɛ saa nhoma nkorɛnkorɛ a wode abom no benya asɛmti biako ne nsɛm a ehyia? Dabi. Ɛno behia anwonwade. Nanso, susuw eyi ho: Bible nhoma ahorow no wɔ asɛmti biako a ɛte saa, na ebiara foa so. Eyi kyerɛ sɛ ɔkwankyerɛfo, anaa nhoma kyerɛwfo biako na ɔmaa wɔkyerɛw nea Bible akyerɛwfo no kyerɛwee no.

Nanso, wubehu ade titiriw bi a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ sen biribi foforo biara. Nkɔmhyɛ ahorow—nsɛm a wɔkyerɛw too hɔ faa nea na ɔkwan biara so no ebesi daakye ho. Nsɛm te sɛ, “Na da no ɛbɛba sɛ” ne “Na nna a edi akyiri no mu no” ma Bible no da nsow. (Yesaia 2:2; 11:10, 11; 23:15; Hesekiel 38:18; Hosea 2:21-23; Sakaria 13:2-4) Mfehaha pii ansa na Yesu Kristo reba asase so no, nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu de n’asetra ho nsɛm mae—fi n’awo so kosi ne wu mu. Asɛm foforo biara nni hɔ a ntease wom a yebetumi aka asen sɛ Bible no yɛ nokware a ɛfa nkwa ho no farebae. Yesu ankasa de nsɛm: “W’asɛm yɛ nokware” sii eyi so dua.—Yohane 17:17.

Nyamesom ne Nokware No

Nnipa pii a wɔkyerɛ gyidi wɔ Bible no mu mpo gye di sɛ yentumi nhu nokware turodoo no. U.S. sɔfo John S. Spong kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ . . . yegyae susu a yesusuw sɛ yɛwɔ nokware no na ɛsɛ sɛ afoforo te nea yɛreka no ase na yɛma wohu sɛ ɛnyɛ nea wobetumi ahu nokware turodoo no.” Roma Katolek nhoma kyerɛwfo, Christopher Derrick de ntease biako nti a afoforo kura adwene a ɛnteɛ wɔ nokware no a wobehu no ho ma: “Nyamesom ho ‘nokware’ biara a wɔbɔ din no kyerɛ biribi a wɔka sɛ wonim . . . Wokyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ, obi foforo de nyɛ nokware; na wɔrennye ntom koraa.”

Nanso sɛ́ ɔbadwemma no, ɛbɛyɛ papa sɛ wubesusuw nsemmisa atitiriw bi ho. Sɛ nokware no yɛ nea wɔrentumi nhu a, dɛn nti na anka Yesu Kristo bɛka sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye”? Na dɛn nti na anka Yesu asomafo no mu biako bɛka sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ ‘obegye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔaba nokware nimdeɛ mu’? Dɛn nti na asɛmfua “nokware” no pue bɛboro mpɛn ɔha wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu wɔ gyidi ho? Yiw, sɛ anka wɔrentumi nhu nokware no a, dɛn nti na wɔka eyinom nyinaa?—Yohane 8:32; 1 Timoteo 2:3, 4.

Nokwarem no, Yesu anka nkõ sɛ wobetumi ahu nokware no, na mmom, ɔkyerɛe sɛ sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛhwehwɛ sɛ yehu. Bere a Samariani bea bi susuw nea na ɛyɛ nokware som ankasa—som a na Yudafo som wɔ Yerusalem anaasɛ som a na Samariafo som wɔ Bepɔw Gerisim so—ho no Yesu anka sɛ wɔrentumi nhu nokware no. Mmom, ɔkae sɛ: “Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”—Yohane 4:23, 24.

Nnipa pii ka sɛ, ‘Wobetumi akyerɛkyerɛ Bible no mu wɔ akwan horow so, enti obi rentumi nhu nea nokware no yɛ ankasa.’ Nanso, wɔakyerɛw Bible no wɔ ɔkwan a ntease nnim so araa ma wuntumi nhu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔte ase? Ɛyɛ nokware sɛ nkɔmhyɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so kasa asete betumi ayɛ den. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ odiyifo Daniel sɛ, wɔrente ne nhoma a nkɔmhyɛsɛm pii wom no ase nwie koraa kosi “awiei bere no.” (Daniel 12:9) Na ɛda adi sɛ ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmebu ne nsɛnkyerɛnne ahorow bi ase.

Nanso, ɛda adi pefee sɛ, ɛdefa Kristofo nkyerɛkyerɛ atitiriw ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a ehia na wɔasom Onyankopɔn nokware mu ho no, Bible no ka biribiara ma emu da hɔ yiye. Ɛmma nkyerɛkyerɛmu a ɛbɔ abira. Wɔ krataa a wɔde kɔmaa Efesofo mu no, wɔka Kristofo gyidi ho asɛm sɛ ɛyɛ “biako,” a ɛkyerɛ sɛ wɔrennya gyidi ahorow pii. (Efesofo 4:4-6) Ebia wubesusuw sɛ, ‘Sɛ wɔrentumi nkyerɛkyerɛ Bible no mu wɔ akwan soronko so a, dɛn nti na “Kristofo” asɔre pii wɔ hɔ?’ Yebehu mmuae no, sɛ yɛsan kɔhwɛ bere a na edi Yesu asomafo no wu akyi pɛɛ a ɔwae fii ase fii nokware Kristosom mu no a.

‘Awi ne Wura No’

Yesu kaa saa ɔwae no ho asɛm siei wɔ ne bɛ a ɛfa awi ne wura ho no mu. Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “awi no” gyina hɔ ma nokware Kristofo; “wura no” gyina hɔ ma atoro Kristofo anaa awaefo no. Yesu kae sɛ: ‘Na nnipa dae no, ɔtamfo’ beguu wura wɔ awi no mu. Saa wuragu yi fii ase wɔ asomafo no wu akyi. Ɛbɛ no kyerɛ sɛ atoro a wɔde bɛfra nokware Kristofo mu no bɛkɔ so akosi “wiase awiei.” Enti, wɔ mfehaha nyinaa mu no, wontumi nhu nokware Kristofo efisɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo kɛkɛ no adi nyamesom mu akoten. Nanso, wɔ “wiase awiei no,” nsakrae bɛba. “Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo” na wɔakɔpaapae atoro Kristofo ne nokware Kristofo mu. Ná eyi kyerɛ sɛ, afei ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu Kristofo asafo no a ebenya dibea a na ekura wɔ asomafo no mmere so no.—Mateo 13:24-30, 36-43.

Yesaia ne Mika nkɔmhyɛ no nyinaa ka nokware asomfo anoboaboa a ɛte saa “wɔ nna a edi akyiri no mu” ho asɛm. Yesaia ka sɛ: “Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” Asɛm no mu nhwehwɛmu a wɔayɛ no pefee kyerɛ sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no renya ne mmamu wɔ yɛn bere yi mu.—Yesaia 2:2, 3; Mika 4:1-3.

Nanso, Kristofo asafo no nyin nnam onipa mmɔdenbɔ so. Yesu ka siei sɛ ‘ɔbɛsoma n’abɔfo’ ma wɔabɛyɛ anoboaboa adwuma bi. Ɔsan nso kyerɛɛ ɛho atirimpɔw titiriw bi: ‘Saa bere no atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu.’ (Mateo 13:43) Eyi kyerɛ sɛ Kristofo asafo no bɛyɛ adwuma bi a ɛma ntease anaasɛ wɔde nkyerɛkyerɛ bɛma wɔ wiase nyinaa.

Yehowa Adansefo hu nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu wɔ ɔkyerɛkyerɛ adwuma a wɔreyɛ nnɛ wɔ nsase 232 so no mu. Sɛ nnipa a wɔka nokware de Adansefo no gyidi ahorow, abrabɔ ho gyinapɛn ahorow, ne sɛnea wɔn nhyehyɛe te toto Bible no ho a, wobetumi ahu pefee sɛ eyi ne afeha a edi kan Kristofo asafo no de hyia. Adansefo no ka wɔn gyidi ho asɛm sɛ “nokware no,” nanso wɔnka saa mfa nkyerɛ sɛ wɔkorɔn. Mmom, wɔka saa efisɛ wɔasua Onyankopɔn Asɛm, Bible no yiye, na wodi akyi sɛ gyinapɛn koro pɛ a wobetumi de nyamesom ato ho ma afata.

Tete Kristofo no kaa wɔn gyidi ho asɛm sɛ “nokware no.” (1 Timoteo 3:15; 2 Petro 2:2; 2 Yohane 1) Ɛsɛ sɛ nea na ɛyɛ nokware ma wɔn no yɛ nokware ma yɛn nnɛ nso. Yehowa Adansefo to nsa frɛ obiara sɛ ɔno ankasa nhwɛ nhu sɛ ɛte saa denam Bible no a obesua so. Yɛwɔ anidaso sɛ sɛ woyɛ saa a, wubenya anigye a ɛnyɛ ɔsom a ɛsen afoforo a wubehu nko mu na efi, na mmom efi nokware no a woahu mu!

[Kratafa 5 adaka]

NYANSAPƐ AHOROW BI NE NOKWARE NO NTAM ASIDI

POSITIVISM: Adwene a ɛne sɛ adwenhorow a ɛfa nyamesom ho nyinaa yɛ nkwaseasɛm koraa, na nyansapɛ botae ne sɛ ɛbɛka nyansahu ahorow a ɛyɛ papa abom ayɛ no biako.

EXISTENTIALISM: Wiase Ko II no mu ahiade ahorow na enyaa wɔn a wokura saa gyidi no so nkɛntɛnso ma enti wobenyaa asetra ho adwene a ɛnteɛ. Esi nhwehwɛmu a wobegyina owu ho amane a nnipa hu ne atirimpɔw biara a enni asetra mu ayɛ no so dua. Asetra foforo ho gyidi nhoma kyerɛwfo Jean-Paul Sartre kae sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ nti, wɔapow onipa na ɔte amansan bi a obiara asɛm mfa afoforo ho koraa mu.

SKEPTICISM: Kyerɛ sɛ wɔrentumi mfa nea wohu ne ntease so nnya botae ne amansan ho nimdeɛ biara—nokware biara—a ɛfa asetra ho.

PRAGMATISM: Egyina sɛnea yɛn gyidi ahorow ho nneɛma a ehia ma nnipa te sɛ nhomasua, abrabɔ, ne amammuisɛm a wɔsakra no de mfaso ba no so na ɛkyerɛ bo a ɛsom. Ensusuw nokware ho sɛ ɛyɛ biribi a ɛsom bo koraa.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Kratafa 3: Nea ɛto so abien fi benkum: British Museum na wɔmaa ho kwan; Nifa so: Sung Kyun Kwan University, Seoul, Korea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena