Nkuranhyɛ a Efi “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” no Hɔ
“Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.”—2 KORINTOFO 1:3, 4.
1, 2. Awerɛkyekye bɛn na wɔn a wodi awerɛhow hia?
NNIPA a wodi awerɛhow hia nokware awerɛkyekye—ɛnyɛ nsɛm a ɛnhyɛ nkuran ne nea yɛate abrɛ. Yɛn nyinaa ate sɛ ‘nkakrankakra ebegyae,’ nanso owu akyi pɛɛ no, ɔwerɛhofo bɛn na saa asɛm no bɛkyekye ne werɛ? Kristofo nim sɛ Onyankopɔn ahyɛ owusɔre ho bɔ, nanso ɛno mma wɔnkwati ɛyaw ne awerɛhow kɛse a ɔpatuwu de ba no. Na sɛ wo ba bi awu a, akyinnye biara nni ho sɛ mmofra afoforo a aka no ntumi nsi saa dɔfo no ananmu.
2 Sɛ yɛn biribi wu a, nea ɛboa yɛn kɛse ne nokware awerɛkyekye, awerɛkyekye a egyina Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so pintinn. Yehia tema nso. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ayɛ nokware wɔ Rwandafo ho, ne titiriw no, Yehowa Adansefo mmusua ɔhaha pii a wɔwɔ hɔ a wɔhweree wɔn adɔfo wɔ saa mmusua ntam nipakum a ɛyɛ hu no mu no. Hena nkyɛn na wɔn a wodi awerɛhow nyinaa betumi anya awerɛkyekye afi?
Yehowa—Awerɛkyekye Nyankopɔn No
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ nhwɛso wɔ awerɛkyekye a ɔde ama mu?
3 Yehowa ayɛ nhwɛso wɔ awerɛkyekye a ɔde ama yɛn nyinaa no mu. Ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro, Kristo Yesu, baa asase so bɛmaa yɛn awerɛkyekye ne anidaso a ɛtra hɔ daa. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo bio sɛ: “Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:13) Bere foforo nso ɔkae sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28) Na Paulo nso kae sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Yɛnam saa kyerɛw nsɛm yi ne afoforo pii so hu Onyankopɔn ne Kristo Yesu dɔ.
4. Dɛn nti na na Paulo yɛ obi a ɛsɛ sɛ ɔda Yehowa ase titiriw?
4 Ɔsomafo Paulo titiriw na ohuu Yehowa dom. Ná wɔagye no afi honhom fam owu tebea mu, ma wagyae Kristo akyidifo a na ɔtaa wɔn denneennen no abɛyɛ Kristoni a n’ankasa hyiaa ɔtaa. (Efesofo 2:1-5) Ɔkyerɛkyerɛ ne suahu no mu sɛ: “Mene asomafo no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no; na Onyankopɔn dom nti na mete sɛnea mete yi, na ne dom a ɔdom me no anyɛ ɔkwa, na mmom mayɛ adwuma bebrebe masen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn dom a ɛka me ho no.”—1 Korintofo 15:9, 10.
5. Awerɛkyekye a efi Onyankopɔn hɔ ho asɛm bɛn na Paulo kyerɛwee?
5 Enti sɛnea ɛfata no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ. Na sɛnea Kristo amanehunu boro so ba yɛn so no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekye nam Kristo so boro so. Na sɛ wohiahia yɛn ho a, ɛyɛ awerɛkyekye ne nkwagye ma mo, na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekye ma mo; ɛno na ɛyɛ ade, amane a yɛn nso yehu no ara mu boasetɔ mu. Na mo ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den, efisɛ yenim sɛ, sɛnea muhu amane no bi no, saa ara nso na munya awerɛkyekye no bi.”—2 Korintofo 1:3-7.
6. Dɛn na Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “awerɛkyekye” no kyerɛ?
6 Nsɛm a ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni! Wɔde Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha “awerɛkyekye” no bata “frɛ a onipa bi frɛ obi ba ne nkyɛn” ho. Enti, “ɛyɛ obi nkyɛn a wogyina hyɛ no nkuran bere a ɔwɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu.” (A Linguistic Key to the Greek New Testament) Bible nhomanimfo bi kyerɛwee sɛ: “Nea asɛmfua no . . . kyerɛ bere nyinaa no sen ahummɔbɔ a ɛma akomatɔyam ara kwa. . . . Kristofo awerɛkyekye ne awerɛkyekye a ɛde akokoduru ba, awerɛkyekye a ɛboa obi ma otumi gyina asetra mu abɛbrɛsɛ nyinaa ano.” Nea ɛka ho bio ne awerɛkyekye nsɛm a egyina bɔhyɛ ne anidaso bi a edi mu so—nea ɛfa awufo sɔre ho no.
Yesu ne Paulo—Awerɛkyekyefo Mmɔborohunufo
7. Ɔkwan bɛn so na na Paulo yɛ awerɛkyekye ma ne nuanom Kristofo no?
7 Hwɛ nhwɛso ara a Paulo yɛe wɔ awerɛkyekye a ɔde mae mu! Otumi kyerɛw kɔmaa anuanom a wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo. Sɛ nso munim sɛnea yetutuu mo nyinaa fo mmiako mmiako, sɛnea agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo baninha, na yedii mo adanse.” Te sɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ ne tema no, yɛn nyinaa betumi ada ayamye ne ntease a yɛwɔ adi akyerɛ afoforo bere a wɔwɔ ahokyere mu no.—1 Tesalonikafo 2:7, 8, 11.
8. Dɛn nti na Yesu nkyerɛkyerɛ yɛ awerɛkyekye ma wɔn a wodi awerɛhow?
8 Bere a Paulo daa tema ne ayamye a ɛte saa adi no, na ɔresuasua ne Nhwɛsofo kɛse, Yesu. Kae nsa a Yesu fi mmɔborohunu mu to frɛ obiara, a wɔakyerɛw wɔ Mateo 11:28-30 no: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” Yiw, Yesu nkyerɛkyerɛ no ma akomatɔyam efisɛ ɛde anidaso ne bɔhyɛ ma—owusɔre bɔhyɛ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ yegyaw Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no ma nkurɔfo a, na ɛyɛ anidaso ne bɔhyɛ yi na yɛde rema wɔn. Anidaso yi betumi aboa yɛn nyinaa, sɛ yefii ase dii awerɛhow akyɛ mpo a.
Sɛnea Wɔkyekye Wɔn a Wodi Awerɛhow Werɛ
9. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw wɔn a wodi awerɛhow?
9 Ɛnyɛ bere a obi dɔfo bi awu akyi bere pɔtee bi nkutoo na odi awerɛhow. Ebinom kɔ so di ho awerɛhow wɔn nkwa nna nyinaa, ɛnkanka wɔn a wɔahwere wɔn mma no. Ɔyare a wɔfrɛ no Meningitis kum Kristofo awarefo anokwafo bi a wɔwɔ Spain babarima a na wadi mfe 11 wɔ 1963 mu. Ɛde besi nnɛ no, sɛ wɔka Paquito ho asɛm a, wɔtew nusu. Afeda ahorow, mfonini ahorow, akyɛde a wɔde kaakae nkurɔfo, betumi ama obi akaakae awerɛhosɛm. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw da, susuw sɛ ɛsɛ sɛ anka afoforo atumi adi wɔn awerɛhow no so seesei. Aduruyɛ ho ɔbenfo bi gye tom sɛ: “Adwenemhaw ne nkate fam haw betumi atra hɔ mfe pii.” Enti kae sɛ sɛnea nipadua ho atwã betumi ada yɛn ho yɛn nkwa nna nyinaa no, saa ara na nkate fam atwã pii nso te.
10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa wɔn a wodi awerɛhow?
10 Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi ayɛ de akyekye wɔn a wodi awerɛhow wɔ Kristofo asafo no mu werɛ? Ebia yefi adwempa mu bɛka akyerɛ onua anaa onuawa bi a ohia awerɛkyekye sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ meyɛ biribi ma wo a, ka kyerɛ me.” Nanso mpɛn ahe na obi a ne biribi awu hyɛ da frɛ yɛn ka kyerɛ yɛn sɛ, “Masusuw biribi a wubetumi ayɛ de aboa me ho”? Ɛda adi sɛ sɛ yebetumi akyekye wɔn a wɔn biribi awu werɛ a, ɛho hia sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nneɛma a ɛfata no. Enti, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa? Nyansahyɛ a mfaso wɔ so bi ni.
11. Ɔkwan bɛn so na tie a yebetie no bɛkyekye afoforo werɛ?
11 Tie: Nneɛma a mfaso kɛse wɔ so a wubetumi ayɛ no biako ne sɛ wobɛte nka ama nea ne biribi awu no denam tie a wubetie no so. Wubetumi abisa sɛ, “Wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm?” Ma onii no nsi ho gyinae. Kristoni bi ka bere a ne papa wui ho asɛm sɛ: “Bere a afoforo bisaa me nea esii, na wɔyɛɛ asõ tiei no, ɛboaa me ankasa.” Sɛnea Yakobo tuu fo no, yɛ ntɛm tie. (Yakobo 1:19) Fa boasetɔ ne mmɔborohunu tie. Bible hyɛ nyansa wɔ Romafo 12:15 sɛ: “Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.” Kae sɛ Yesu ne Marta ne Maria boom sui.—Yohane 11:35.
12. Awerɛhyem bɛn na yebetumi de ama wɔn a wodi awerɛhow?
12 Ma wɔn awerɛhyem: Ma ɛntra w’adwene mu sɛ mfiase no, ebia nea ne biribi awu no bɛte afobu nka, asusuw sɛ pii wɔ hɔ a ebia anka obetumi ayɛ. Ma onii no awerɛhyem sɛ ɛda adi sɛ ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa (anaa biribi foforo biara a wunim sɛ ɛyɛ nokware na ɛhyɛ nkuran). Ma no awerɛhyem sɛ nkate a wanya no nyɛ ade a ɛyɛ nwonwa koraa. Ka afoforo a wunim wɔn a wotumi dii awerɛhow a ɛte saa so ho asɛm kyerɛ no. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, nya tema ne mmɔborohunu. Mmoa a yebefi ayamye mu de ama no betumi aboa kɛse! Salomo kyerɛwee sɛ: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.”—Mmebusɛm 16:24; 25:11; 1 Tesalonikafo 5:11, 14.
13. Sɛ yetu yɛn ho ma a, ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa?
13 Tu wo ho ma: Ɛnyɛ nna kakraa bi a edi anim a nnamfo ne abusuafo pii wɔ hɔ no nko na ɛsɛ sɛ wutu wo ho ma, na mmom sɛ ɛho behia a, asram bi akyi a afoforo asan kɔ wɔn daa dwumadi ahorow so no. Ɛsono bere tenten a ankorankoro biara bedi awerɛhow koraa. Yɛn Kristofo ayamye ne mmɔborohunu betumi aboa kɛse wɔ ahohia bere biara mu. Bible ka sɛ “adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” Enti, asɛm a ɛne sɛ, “Asɛm to wo a, na wuhu w’adɔfo” no yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi.—Mmebusɛm 18:24; fa toto Asomafo no Nnwuma 28:15 ho.
14. Dɛn na yebetumi aka ho asɛm de akyekye wɔn a wɔn biribi awu werɛ?
14 Ka su pa ahorow a na nea wawu no wɔ ho asɛm: Eyi nso yɛ mmoa a, sɛ wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu a, mfaso pii wɔ so. Ka onii no ho nsɛm bi a wokae a ɛhyɛ nkuran. Ensuro sɛ wobɛbɔ onii no din. Ɛnyɛ te sɛ nea ɔdɔfo a wawu no ntraa ase pɛn, anaa onni nkae mu. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu nea nhoma bi a efi Harvard Aduruyɛ Suabea no kae: “Awiei koraa no, sɛ nea ne biribi awu no tumi kae nea wawu no, a awerɛhow mmunkam ne so a, onya ahotɔ bi . . . Bere a afei ogye tebea foforo a aba no tom no, awerɛhow no gyae ma obenya nkae a ɛsom bo.” “Nkae a ɛsom bo”—hwɛ sɛnea ɛma awerɛkyekye sɛ obi bɛkaakae mmere a mfaso wɔ so a ɔne obi a ɔdɔ no bɔɔ fekuw no! Ɔdansefo bi a ne papa wuu mfe bi a atwam ni no kae sɛ: “Ade titiriw a mekae ne Bible a na me ne Paapa kenkan bere a ofii ase suaa nokware no foforo no. Ɛna asubɔnten ano a na yɛkɔda bɔ me haw ahorow no bi ho nkɔmmɔ. Sɛ mihu no a, gye sɛ mfe abiɛsa anaa anan akyi ansa na masan ahu no, enti na saa mmere no som bo ma me.”
15. Ɔkwan bɛn so na obi betumi afi ne pɛ mu aboa?
15 Fi wo pɛ mu yɛ ade wɔ bere a ɛfata mu: Wɔn a wodi awerɛhow no bi tumi gyina tebea no ano yiye sen afoforo. Enti gyina sɛnea tebea horow no te so fi wo pɛ mu yɛ nneɛma a mfaso wɔ so boa. Kristoni bea bi a na ɔredi awerɛhow kae sɛ: “Nnipa pii kae sɛ, ‘Sɛ wopɛ sɛ meyɛ biribi ma wo a ka kyerɛ me.’ Nanso Kristoni bea bi ammisa. Ɔkɔɔ pia no mu koyiyii mpa no so nnaso a emu asɛe no horo too so. Ɔfoforo nso faa bokiti, nsu, ne samina, na ɔhoroo kuntu a ɛsɛw fam hɔ a na me kunu afe agu mu no. Eyinom yɛ nnamfo pa a me werɛ mfi wɔn da.” Sɛ ɛda adi pefee sɛ mmoa ho hia a, fi wo pɛ mu yɛ ho biribi—ebia denam aduan a wobɛnoa, ofie hɔ a wubesiesie, anaa nneɛma ho dwuma a wubedi no so. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankɔhaw nea ne biribi awu no bere a ɔpɛ sɛ ɛka ne nkutoo no. Enti ɛsɛ sɛ yɛde Paulo nsɛm yi to yɛn koma so: “Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” Ayamye, boasetɔ, ne ɔdɔ nni huammɔ da.—Kolosefo 3:12; 1 Korintofo 13:4-8.
16. Ɔkwan bɛn so na krataa bi betumi ama awerɛkyekye?
16 Kyerɛw krataa anaa fa awerɛkyekye krataa mena: Ade a nkurɔfo taa bu wɔn ani gu so ne mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛkyerɛw awerɛkyekye anaa hyɛden krataa a ɛyɛ fɛ. Ɛso mfaso ne dɛn? Wobetumi akenkan no mpɛn pii. Ɛho nhia sɛ krataa a ɛte saa yɛ tenten, nanso ɛsɛ sɛ ɛda mmɔborohunu a wowɔ adi. Ɛsɛ sɛ egyina honhom fam nneɛma nso so a bere koro no ara ɛnyɛ afotusɛm bebree. Asɛntitiriw a ɛne sɛ “Yɛtaa w’akyi” kɛkɛ no betumi ayɛ awerɛkyekye.
17. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi de awerɛkyekye aba?
17 Wo ne wɔn mmɔ mpae: Mmu mfaso a ɛwɔ mpae a wo ne mfɛfo Kristofo a wɔn biribi awu bɛbɔ anaa wobɛbɔ ama wɔn no adewa. Bible ka wɔ Yakobo 5:16 sɛ: “Onipa trenee adesrɛ . . . yɛ ade bebree.” Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wɔn a wodi awerɛhow no te sɛ yɛrebɔ mpae ama wɔn a, ɛboa wɔn ma woyi adwene a ɛnteɛ te sɛ afobu fi hɔ. Edu mmere a yɛayɛ mmerɛw na yɛwɔ abasamtu mu a, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde ne “nnɛɛdɛe,” anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm” no bɛsɛe yɛn. Saa bere no na yehia awerɛkyekye ne mmoa a efi mpaebɔ mu ba no sɛnea Paulo kae no: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa.”—Efesofo 6:11, 18, Kingdom Interlinear; fa toto Yakobo 5:13-15 ho.
Nea Ɛsɛ sɛ Wokwati
18, 19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ anifere wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu?
18 Sɛ obi redi awerɛhow a, nneɛma bi nso wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anaa yɛka. Mmebusɛm 12:18 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” Ɛtɔ da bi a, bere a yɛn ani nna yɛn ho so no, yɛmfa anifere nni dwuma. Sɛ́ nhwɛso no, ebia yɛbɛka sɛ, “Minim sɛnea wote nka.” Nanso ɛyɛ ampa? Woahyia adehwere a ɛte saa ara pɛn? Afei nso, ɛsono sɛnea obiara te nka. Ebetumi aba sɛ nkate a wunyae no nte sɛ nea ne biribi awu no de. Ebia ɛbɛyɛ nea ɛda tema adi mmom sɛ wobɛka sɛ, “Mete nka ma wo paa efisɛ mehweree ade saa ara bere a owu faa me . . . kɔe no.”
19 Ɛbɛyɛ nea ɛda tema adi nso sɛ wonka nya a ebia nea wawu no benya owusɔre anaa onnya ho asɛm. Nsɛm a wɔka de bu atɛn a nkurɔfo aka afa nea ɛbɛba ahokafo a wonnye nni a wɔawuwu so daakye ho apira anuanom mmarima ne mmea binom kɛse. Ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ wɔn a wobenya owusɔre anaa wonnya. Yebetumi anya abotɔyam sɛ Yehowa a ohu komam no bɛkyerɛ mmɔborohunu asen sɛnea yɛn mu dodow no ara betumi ayɛ koraa.—Dwom 86:15; Luka 6:35-37.
Kyerɛw Nsɛm a Ɛma Awerɛkyekye
20, 21. Kyerɛw nsɛm bɛn saa na ebetumi akyekye wɔn a wɔn biribi awu werɛ?
20 Nneɛma a sɛ wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu a ɛde ahotɔ kɛse ba no biako ne Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛfa awufo ho no a wosusuw ho. Bible mu nsɛm yi so bɛba nea ne biribi awu no mfaso, sɛ́ ɔyɛ Ɔdansefo dedaw anaa ɔyɛ obi a yehyia no wɔ asɛnka mu no. Dɛn ne kyerɛw nsɛm yi bi? Yenim sɛ Yehowa ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no, efisɛ ɔkae sɛ: “Me ara mene mo werɛkyekyefo.” Ɔkae nso sɛ: “Sɛ obi ne nã kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekye mo werɛ.”—Yesaia 51:12; 66:13.
21 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Eyi ne m’awerɛkyekye m’amanehunu mu, efisɛ w’asɛm ma minya nkwa. [Yehowa], mekae w’atemmu a efi teteete no, na mekyekye me werɛ. Ma w’adɔe nyɛ me awerɛkyekye ɛ, sɛnea wokaa w’akoa no.” Hyɛ no nsow sɛ wɔde asɛmfua “awerɛkyekye” di dwuma mpɛn pii wɔ saa nsɛm no mu. Yiw, yebetumi anya nokware awerɛkyekye ama yɛn ho ne afoforo denam Yehowa Asɛm no a yɛbɛdan akɔ so wɔ yɛn ahohia bere mu no so. Eyi, ne ɔdɔ ne mmɔborohunu a yɛn nuanom da no adi no betumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn adehwere no ano, na yɛasan de anigye ayɛ pii wɔ Kristofo som adwuma no mu.—Dwom 119:50, 52, 76.
22. Anidaso bɛn na ɛda yɛn anim?
22 Yebetumi nso adi yɛn awerɛhow so akosi baabi denam afoforo a wɔwɔ ahohia mu a yɛbɛyere yɛn ho aboa wɔn no so. Bere a yɛde yɛn adwene si afoforo a wohia awerɛkyekye so no, yenya nokware anigye a ɛwɔ honhom fam ɔma mu no nso. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Momma yɛnka anidaso a ɛfa owusɔre da ho no nkyerɛ wɔn, ɛbere a nnipa a wofi kan aman nyinaa mu no mu awo ntoatoaso nyinaa bɛma wɔn adɔfo a wɔawuwu akwaaba afi owu mu aba wiase foforo mu no. Anidaso bɛn ni! Hwɛ sɛnea anigye bɛma yɛate nusu saa bere no, bere a yɛkae sɛ Yehowa ne Onyankopɔn a “ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ” ampa no!—2 Korintofo 7:6.
Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn”?
◻ Ɔkwan bɛn na Yesu ne Paulo faa so kyekyee wɔn a wodi awerɛhow werɛ?
◻ Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de akyekye wɔn a wodi awerɛhow werɛ?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati bere a yɛne wɔn a wɔn biribi awu redi no?
◻ Kyerɛw nsɛm a ɛma obi werɛ kyekye bere a ne biribi awu bɛn na w’ani gye ho?
[Kratafa 15 mfonini]
Fi wo pɛ mu boa wɔn a wodi awerɛhow no anifere so