Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 6/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nya Honhom Adwene Na Nya Nkwa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 6/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛnea Galatifo 6:8 kyerɛ no, “nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.” “Honhom” bɛn ho asɛm na ɛka, na ɔkwan bɛn so na ebetumi ama yɛatwa nkwa?

Hebri ne Hela nsɛm a wɔkyerɛ ase “honhom” no kura ntease ahorow bi, te sɛ: (1) Onyankopɔn adeyɛ tumi, (2) nkwa tumi a ɛwɔ nnipa anaasɛ mmoa mu, (3) onipa adwenem nsusuwii a ɛkanyan no, ne (4) honhom abɔde, anaa ɔbɔfo. Nea edi kan wɔ eyinom mu—Onyankopɔn adeyɛ tumi—ne ntease a ɛwɔ nea yehu wɔ Galatifo 6:8 no mu.

Ɛdefa nsɛm bi a ɛbɛma yɛate ase ho no, hyɛ Galatifo 3:2 nsow, baabi a wodii kan de asɛmfua “honhom” no dii dwuma wɔ Galatifo nhoma no mu no. Paulo bisaa Kristofo sɛ: “Monam mmara nnwuma so na munyaa honhom no, anaasɛ ɛnam gyidi nka a motee no so?” Afei ɔde saa “honhom” no bataa ahoɔdenne a wɔyɛ ho wɔ Galatifo 3:5. Enti “honhom” no a ɔkaa ho asɛm no ne honhom kronkron, Onyankopɔn adeyɛ tumi no.

Akyiri yi, Paulo kyerɛɛ abirabɔ a ɛda honhom ne ɔhonam ntam wɔ Galatifo 5:16. Yɛkenkan sɛ: “Mise: Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi.” “Ɔhonam akɔnnɔ” a ɔkaa ho asɛm no kyerɛ onipa honam a ɛtɔ sin no. Enti, ɔbobɔɔ “ɔhonam nnwuma” no din de kyerɛɛ abirabɔ a ɛda ɛne “honhom aba” no ntam wɔ Galatifo 5:19-23.

Enti, wɔ Galatifo 6:8 no, onipa a “ogu gu ne honam so no” bɛyɛ obi a ɔma nnipa akɔnnɔ bɔne kyerɛ no kwan, na ɔyɛ “ɔhonam nnwuma.” Obetumi ahyia ɔhaw ahorow a abrabɔ a aporɔw a ɛte saa de ba no, na sɛ wansakra a, ɛda adi sɛ ɔrennya nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu anaa ne nniso ase.—1 Korintofo 6:9, 10.

Sɛ́ Kristofo a yɛwɔ ahofama no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ ‘yebegu agu Onyankopɔn honhom so.’ Ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛbɛma honhom kronkron ayɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu a hwee nsiw no kwan so, na aboa yɛn ma yɛada n’aba adi. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛno tra yɛn adwene mu bere a yɛresi nea yɛbɛkenkan anaasɛ television so dwumadi ahorow a yɛbɛhwɛ ho gyinae no. Yegu gu honhom so bere a yɛyɛ aso wɔ nhyiam horow ase na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde mpanyimfo a honhom apaw wɔn no afotu bedi dwuma no.—Asomafo no Nnwuma 20:28.

Anigyesɛm ne sɛ, Galatifo 6:8 de awerɛhyem a ese sɛ yegu gu honhom kronkron so a, ɛbɛma ‘yɛafi honhom mu atwa daa nkwa’ na ewie. Yiw, Onyankopɔn begyina Kristo agyede no so, na ɔnam honhom kronkron no dwumadi so de daa nkwa ama.—Mateo 19:29; 25:46; Yohane 3:14-16; Romafo 2:6, 7; Efesofo 1:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena