“Ɔdɔ to Ntwa Da”
SƐNEA SAMUEL D. LADESUYI KA KYERƐE
Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ mfe a atwam no na mihu nea yɛayɛ nyinaa no a, ɛma me ho dwiriw me. Yehowa reyɛ anwonwade wɔ asase so nyinaa. Wɔ Ilesha, Nigeria no, yɛn nnipa kakraa bi a yefii ase kaa asɛm 1931 no abɛyɛ asafo ahorow 36. Adawurubɔfo bɛyɛ 4,000 a na wɔwɔ Nigeria wɔ bere a adesuafo a wowiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wodii kan beduu hɔ 1947 no adɔɔso ma wɔboro 180,000. Mfiase no, yɛanhwɛ kwan, na yɛansusuw ho mpo sɛ ntrɛwmu bɛba. Hwɛ aseda a mede ma sɛ manya adwuma a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa! Ma menka ho asɛm nkyerɛ wo.
NÁ ME papa tɔn atuo ne atuduru wɔ nkurow so; na ɔntaa ntra fie. Ná minim sɛ ɔwɔ yerenom baason, nanso na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔne no te. Me papa nyaa me maame fii ne nuabarima panyin a na wawu no hɔ. Ɔbɛyɛɛ ne yere a ɔto so abien, na me ne no trae.
Da koro bi Papa fii ne yere panyin, a na ɔte akuraa bi a ɛbɛn ase a ɔkɔsraa no no nkyɛn baa fie. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohui sɛ me maame kora babarima no rekɔ sukuu. Ná me nuabarima no adi mfe du, na ɔne me yɛ tipɛn. Enti Papa sii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ sukuu. Ɔmaa me sempoa abiɛsa—mede sempoa tɔɔ osua nhoma, na mede takufa tɔɔ kyerɛwpon. Ná ɛyɛ 1924.
Yɛhyehyɛ Bible Adesua Kuw
Ná m’ani gye Onyankopɔn Asɛm, Bible, no ho fi me mmofraase pɛɛ. Na m’ani gye Bible adesua ho wɔ sukuu, na mmofra asɔre akyerɛkyerɛfo kamfoo me bere nyinaa. Enti wɔ 1930 mu no, mede hokwan no kotiee ɔkasa bi a Bible Suani bi a na waba hɔ, wɔn a wodii kan bɛkaa asɛm wɔ Ilesha no biako mae no. Ɔkasa no akyi no, ɔmaa me nhoma The Harp of God a ɛwɔ Yoruba kasa mu.
Ná mekɔ mmofra asɔre daa. Afei mifii ase de The Harp of God no kaa me ho kɔe, na mede bɔɔ nea na wɔrekyerɛkyerɛ wɔ hɔ no bi gui. Ɛma yegyee akyinnye, na na asɔre no akannifo taa bɔ me kɔkɔ wɔ ‘nkyerɛkyerɛ foforo’ yi a midi akyi no ho.
Bere a na meretu mpase wɔ kwan so wɔ afe a edi hɔ no, mekɔtoo nkurɔfokuw bi a wɔretie ɔbarima bi a na ɔrekasa kyerɛ wɔn. Na ɔkasafo no ne J. I. Owenpa, Bible Suani bi. Ná William R. Brown (wɔtaa frɛ no “Bible” Brown) a na ofi Lagos rehwɛ Ahenni asɛnka adwuma no so na wasoma no aba hɔ.a Metee sɛ watew Bible adesua kuw ketewaa bi wɔ Ilesha ma wosua The Harp of God no, enti mekɔkaa wɔn ho.
Ná mene kuw no muni a osua koraa—sukuuni abarimaa a na madi bɛyɛ mfe 16. Sɛnea ɛtaa ba no, anka ɛsɛ sɛ meyɛ basaa, misuro mpo sɛ me ne mmarima a wɔadi fi mfe 30 rekɔ no bɛbɔ kɛse. Nanso na ɛyɛ wɔn anigye yiye sɛ mabɛka wɔn ho, na wɔhyɛɛ me nkuran. Na wɔte sɛ agyanom ma me.
Asɔfo Sɔretia
Ankyɛ yefii ase hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den fii asɔfo hɔ. Afei na Katolekfo, Anglikanfo ne afoforo a kan wɔne wɔn ho wɔn ho ko no ayɛ biako sɔre tia yɛn. Wɔne ɛhɔnom ahemfo yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ biribi de abu yɛn abam. Wɔsomaa polisifo sɛ wommegyigye yɛn nhoma no, na wɔkae sɛ ebedi nnipa no awu. Nanso, ɔmantam no mu polisifo panyin de kɔkɔbɔ mae sɛ wonni hokwan biara sɛ wobegyigye nhoma no, na adapɛn abien akyi no, wɔsan de nhoma no brɛɛ yɛn.
Eyi akyi no, wɔfrɛɛ yɛn kɔɔ nhyiam bi ase ma yekohyiaa oba, anaasɛ ɔmanhene no ne kurow no mu nnipa titiriw no. Na yɛn dodow bɛyɛ 30 saa bere no. Na wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma yɛagyae nhoma “bɔne” no kenkan. Wobisae sɛ ebia yɛyɛ ahɔho, nanso bere a wɔhwɛɛ yɛn anim yiye no, wɔkae sɛ: “Eyinom yɛ yɛn mma, ɛwom sɛ ahɔho bi wɔ wɔn mu de.” Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔmpɛ sɛ yɛkɔ so sua ɔsom a ɛrebedi yɛn awu nhoma ahorow.
Yɛkɔɔ fie a yɛanka hwee, efisɛ na yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛrentie saa nnipa titiriw no. Na yɛn mu dodow no ara ani gye nea na yɛresua no ho, na na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asua. Enti, ɛwom sɛ ehu kaa yɛn mu kakraa bi ma wɔtwee wɔn ho fii yɛn kuw no ho de, nanso yɛn mu dodow no ara kɔɔ so suaa yɛn ade no wɔ duadwumfo bi adwumam. Na yenni obi a ɔhwɛ so. Yɛde mpaebɔ fii ase na afei obiara kenkan nhoma no mu nkyekyem no bi. Bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, na yɛsan bɔ mpae, na afei yɛkɔ fie. Nanso na wɔretetɛw yɛn, na ahemfo ne nyamesom akannifo no kɔɔ so frɛɛ yɛn adapɛn abien biara bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ Bible Asuafo no nhoma a yɛresua no ho.
Saa bere no na yɛrebɔ mmɔden de nimdeɛ kakra a yɛwɔ no aboa nkurɔfo, na na nnipa pii ne yɛn reyɛ adwene. Ná nkurɔfo bɛka yɛn ho mmiako mmiako. Yɛn ani gyei yiye, nanso na yennim ɔsom a yɛwom no ho nsɛm pii ara.
Wɔ 1932 mfiase no, onua bi fii Lagos bae sɛ ɔrebɛboa ma wɔaboaboa yɛn ano, na “Bible” Brown nso bae wɔ April mu. Bere a Onua Brown hui sɛ kuw no mufo bɛyɛ 30 no, obisaa nkɔso a yɛrenya wɔ yɛn akenkan no mu ho asɛm. Yɛkaa nea yenim nyinaa kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ yɛfata sɛ wɔbɔ yɛn asu.
Esiane sɛ na ɛyɛ ɔpɛ bere mu nti, na ɛsɛ sɛ yetwa kwan kɔ asubɔnten bi a efi Ilesha kɔ hɔ yɛ kilomita 14 no ho, na wɔbɔɔ yɛn a yɛn dodow bɛyɛ 30 asu. Efi saa bere no, yebuu yɛn ho Ahenni no ho asɛnkafo, na yefii ase kɔɔ afie afie. Yɛanhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ eyi, nanso afei na yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka nea yenim akyerɛ afoforo. Na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛanya Bible mu asɛm de abɔ atoro nkyerɛkyerɛ a yehyia no agu. Enti, na yesusuw nkyerɛkyerɛ no ho wɔ yɛn nhyiam ase, na yɛde nea yenim boaa yɛn ho yɛn ho.
Yɛn Asɛnka Adwuma No
Yɛkaa asɛm wɔ kurow no mu nyinaa. Nkurɔfo dii yɛn ho fɛw teɛteɛɛm guu yɛn so, nanso yɛamma anhaw yɛn. Yɛn ani gyee kɛse efisɛ na yɛwɔ nokware no, ɛwom sɛ na pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua de.
Yɛkɔɔ afie afie Kwasida biara. Na nkurɔfo bisa nsɛm, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebebua. Na yɛma baguam ɔkasa Kwasida anwummere biara. Na yenni Ahenni Asa, enti na yɛyɛ nhyiam horow no wɔ petee mu. Na yɛboaboa nkurɔfo ano, ma ɔkasa, na yɛka kyerɛ wɔn sɛ wommisa nsɛm. Ɛtɔ mmere bi a, na yɛka asɛm wɔ asɔredan ahorow mu.
Yɛkɔɔ mmeae a nkurɔfo ntee Yehowa Adansefo ho asɛm da nso. Mpɛn pii no na yɛde sakre na ɛkɔ, nanso ɛtɔ mmere bi a, yɛfa bɔs. Sɛ yedu akuraa bi ase a, yɛhyɛn abɛn denneennen. Akuraa no asefo nyinaa te yɛn nka! Nkurɔfo de ahoɔhare bɛhwɛ nea ɛrekɔ so. Afei yɛka yɛn asɛm no. Sɛ yewie a, nkurɔfo tu bum begye yɛn nhoma no bi. Yɛde nhoma bebree memae.
Yɛde ahopere hwɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ba kwan. Mekae sɛ bere a yɛn nsa kaa 1935 Yearbook no, na anuanom no biako huu kyerɛw nsɛm a yebesusuw ho afe no nyinaa no, obisae sɛ: “Eyi kyerɛ sɛ yebetwa afe biako bio ansa na Harmagedon aba?”
Adesua sohwɛfo no rema mmuae no, obisae sɛ: “Onua, wususuw sɛ sɛ Harmagedon ba ɔkyena a, yebegyae Yearbook no kenkan?” Bere a onua no kae sɛ dabi no, adesua sohwɛfo no kae sɛ: “Ɛnde, dɛn nti na worehaw wo ho?” Nanso, na yɛn ho pere yɛn ara sɛ Yehowa da no bɛba.
Ɔko Mfe No
Wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu no, wɔbarae sɛ yɛnnkra yɛn nhoma no bio. Onua bi a na ɔwɔ Ilesha de nhoma Riches no maa polisini bi a na onnim. Polisini no bisae sɛ: “Hena nhoma ni?” Onua no kae sɛ ɛyɛ ne de. Polisini no kae sɛ ɛyɛ nhoma a wɔabara, ɔde no kɔɔ polisifo adwumam, na ɔde no too afiase.
Mekɔɔ polisifo adwumam hɔ, na bere a mibisabisaa asɛm no mu wiei no, migyinaa onua no akyi ma woyii no. Afei mefrɛɛ Onua Brown wɔ telefon so wɔ Lagos kaa nea asi kyerɛɛ no. Mibisae nso sɛ ebia mmara bi wɔ hɔ a esiw yɛn nhoma no kyekyɛ kwan. Onua Brown ka kyerɛɛ me sɛ yɛn nhoma no kra nkutoo na wɔabara, na ɛnyɛ ne kyekyɛ. Ne nnansa so no, Onua Brown somaa onua bi fii Lagos sɛ ɔmmɛhwɛ nea ɛrekɔ so. Onua yi sii gyinae sɛ sɛ ade kye a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de nsɛmma nhoma ne nhoma kɔyɛ asɛnka adwuma.
Yɛn mu biara faa baabi. Bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, metee sɛ wɔakyere anuanom dodow no ara. Enti me ne onua a wabɛsra yɛn no kɔɔ polisifo adwumam hɔ. Polisifo no antie yɛn nkyerɛkyerɛmu a ɛne sɛ wɔmmaraa nhoma no.
Wɔde anuanom 33 a na wɔakyere wɔn no kɔɔ Ɔtemmufo Panyin no Asennibea wɔ Ife, na me ne wɔn kɔe. Kurom hɔfo a wohui sɛ wɔde yɛn rekɔ no teɛteɛɛm sɛ, “Wɔawie nkurɔfo yi nnɛ. Wɔrensan mma bio.”
Wɔde sobo no too ɔtemmufo panyin, a na ɔyɛ Nigeriani no anim. Wɔde nhoma ne nsɛmma nhoma no nyinaa kyerɛe. Obisaa nea na wama polisifo no tumi sɛ wɔnkyere saa nnipa yi. Polisifo panyin no buae sɛ ɔredi ɔmantam no polisifo panyin ahyɛde so. Ɔtemmufo panyin no frɛɛ polisifo panyin no ne yɛn ananmusifo baanan a meka ho, kɔɔ n’adwumayɛdan mu.
Obisaa onipa ko a Owura Brown yɛ. Yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔne Ɔwɛn Aban Asafo no nanmusifo a ɔwɔ Lagos. Afei ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ne nsa aka telegram afi Owura Brown hɔ a ɛfa yɛn ho. Saa da no otuu asɛm no hyɛɛ da, na ɔma wogyinaa anuanom no akyi yii wɔn. Ade kyee no, obuu anuanom bem gyaee wɔn, na ɔhyɛɛ polisifo no sɛ wɔnsan mfa nhoma no mma wɔn.
Yɛde nnwonto san kɔɔ Ilesha. Nkurɔfo no fii ase teɛteɛɛm bio, nanso saa bere yi de na wɔreka sɛ: “Wɔasan aba bio!”
Wɔma Yehowa Gyinapɛn Wɔ Aware Ho Mu Da Hɔ Pefee
Ɛyɛ 1947 na nnipa baasa a wɔawie Gilead adesua beduu Nigeria. Saa anuanom yi mu biako, Tony Attwood, da so ara resom wɔ Nigeria Betel. Efi saa bere no, yehuu nsakrae akɛse wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ Nigeria. Nsakrae akɛse no biako fa adwene a na yekura wɔ mmea dodow aware ho.
Mewaree Olabisi Fashugba wɔ February 1941 mu, na na minim pii sɛnea ɛsɛ a na ɛmma menware yerenom foforo nka ho. Nanso, ɛde besi 1947 no, bere a asɛmpatrɛwfo no bae no, na mmea dodow aware abu so wɔ asafo ahorow no mu. Na wɔaka akyerɛ anuanom mmarima a wɔaware aboro ɔyere biako no sɛ ɛyɛ mfomso a wonnim. Enti, sɛ wɔwɔ yerenom baanu anaa baasa anaa baanan anaa baanum a, wobetumi ne wɔn atra nanso ɛnsɛ sɛ wɔware bi ka wɔn ho. Ná nhyehyɛe a yɛwɔ nen.
Na nnipa pii ho pere wɔn sɛ wɔbɛba abɛka yɛn ho, titiriw Kerubim ne Serafim Ahyehyɛde a na ɛwɔ Ilesha no. Wɔkae sɛ Yehowa Adansefo nkutoo ne nnipa a wɔkyerɛkyerɛ nokware no. Wogyee yɛn nkyerɛkyerɛ toom, na wɔpɛe sɛ wɔdan wɔn asɔredan ahorow no Ahenni Asa. Na yɛrebɔ mmɔden ma eyi ayɛ yiye. Ná yɛwɔ mmeae mpo a yɛtete wɔn mpanyimfo.
Afei mmea dodow aware ho akwankyerɛ foforo bae. Asɛmpatrɛwfo no mu biako maa ɔkasa bi wɔ ɔmansin nhyiam bi ase wɔ 1947 mu. Ɔkaa abrabɔ ne suban pa ho asɛm. Afei ɔfaa 1 Korintofo 6:9, 10 hɔ asɛm kae, nea ɛka sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn Ahenni no. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Wɔn a wɔware mmea pii rennya Onyankopɔn Ahenni!” Atiefo no bi teɛɛm sɛ: “Oo, wɔn a wɔware mmea pii rennya Onyankopɔn Ahenni?” Mpaapaemu bae. Na ɛte sɛ ɔko. Wɔn a wɔde wɔn ho abɛbɔ yɛn foforo no mu pii ne yɛn gyaee bɔ, kae sɛ: “Yɛda Onyankopɔn ase sɛ yɛannu akyiri.”
Nanso, anuanom dodow no ara fii ase siesiee wɔn akwan denam wɔn yerenom no a wogyaee wɔn no so. Wɔmaa wɔn sika kae sɛ: ‘Sɛ wunnyinii a, kɔhwehwɛ kunu foforo. Midii mfomso sɛ mewaree wo. Mprempren ɛsɛ sɛ meyɛ ɔyere biako kunu.’
Ankyɛ ɔhaw foforo sɔree. Bere a ebinom sii gyinae sɛ wɔbɛware ɔyere biako na wɔagyae afoforo no akyi no, wɔsakraa wɔn adwene, na wosii gyinae sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔware wɔn yerenom dedaw no mu biako na wogyae nea wɔne no te no! Enti ɔhaw fii ase bio.
Akwankyerɛ foforo fii asafo no ti wɔ Brooklyn bae a na egyina Malaki 2:14 so, nea ɛka “wo mmerantebere mu yere” ho asɛm no. Na akwankyerɛ no ne sɛ ɛsɛ sɛ okunu no ne ne yere a odi kan a ɔwaree no no kɔ so tra. Eyi ne ɔkwan a awiei koraa no wɔfaa so dii asɛm no ho dwuma.
Ɔsom mu Hokwan Ahorow
Wɔ 1947 mu no, Asafo ti no fii ase hyɛɛ asafo ahorow no den, na wɔkyekyɛɛ mu yɛɛ no amansin. Wɔpɛe sɛ wɔpaw anuanom mmarima a wɔn nimdeɛ kɔ anim na wɔn ho akokwaw sɛ ‘anuanom no asomfo,’ a seesei wɔfrɛ wɔn amansin so ahwɛfo no. Onua Brown bisaa me sɛ ebia mɛpene so ma wɔapaw me saa anaa. Mekae sɛ nea enti a mebɔɔ asu ne sɛ mɛyɛ Yehowa apɛde, na mede kaa ho sɛ: “Wo mpo na wobɔɔ me asu. Sɛ seesei manya hokwan sɛ mɛsom Yehowa kɛse a, wususuw sɛ mɛpow?”
Wɔ October mu wɔ saa afe no mu no, wɔfrɛɛ yɛn mu baason kɔɔ Lagos tetee yɛn ansa na wɔrema yɛakɔyɛ ɔmansin adwuma no. Saa bere no na amansin no yɛ akɛseakɛse. Ná wɔakyekyɛ ɔman mũ no nyinaa mu ayɛ no amansin ason pɛ. Na asafo ahorow no nnɔɔso.
Ná yɛn adwuma sɛ anuanom asomfo no yɛ den. Ná yɛnantew akwansin pii da biara, yɛtaa fa kwaebirentuw a emu yɛ hyew mu. Ná ɛsɛ sɛ yefi akuraa biako ase kɔ foforo ase dapɛn biara. Ɛtɔ mmere bi a, na mete nka sɛ mabubu! Ɛtɔ da bi a, na mete nka sɛ merewu! Nanso yenyaa anigye pii nso, titiriw bere a yehu sɛ nnipa pii regye nokware no. Wɔ mfe ason pɛ mu no, na ɔman no mu adawurubɔfo dodow abu abɔ ho mpɛn anan!
Meyɛɛ ɔmansin adwuma no kosii 1955 bere a apɔwmuden a na minni ma mesan baa fie wɔ Ilesha, faako a wɔpaw me sɛ kuropɔn so hwɛfo no. Fie a na mewɔ no ma mitumi de bere pii boaa m’abusua wɔ honhom mu. Ɛnnɛ me mma baasia no nyinaa de nokwaredi resom Yehowa.
Nokware Dɔ To Ntwa Da
Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi wɔ mfe a atwam no mu a, mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ mede aseda ma wɔ ho. M’abam bui, mehawee, meyaree, na minyaa anigye pii nso. Ɛwom sɛ yɛn nimdeɛ ne ntease anya nkɔanim wɔ mfe a atwam no mu de, nanso osuahu ama mahu nea 1 Korintofo 13:8 kyerɛ, nea ɛka sɛ: “Ɔdɔ to ntwa da” no. Sɛ wodɔ Yehowa na wugyina pintinn wɔ ne som mu a, ɔbɛboa wo wɔ wo nsɛnnennen mu, na obehyira wo pii.
Nokware hann no kɔ so hyerɛn. Wɔ bere a yefii ase no mu no, yesusuwii sɛ Harmagedon bɛba ntɛm; ɛno nti na na yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa no. Nanso ne nyinaa de mfaso brɛɛ yɛn. Ɛno nti na migye odwontofo no nsɛm yi tom no: “Mete ase yi, meyi [Yehowa] ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.”—Dwom 146:2.
[Ase hɔ asɛm]
a Ná wɔfrɛ Onua Brown sɛ “Bible” Brown esiane twe a na ɔtaa twe adwene si Bible so sɛ nea ɛka no na ɛsɛ sɛ wogye tom nti.—Hwɛ “Aba a Nokware Ɔsɛmpakafo Bi Atwa” a ɛwɔ September 1, 1992, Ɔwɛn-Aban kratafa 32 no.
[Kratafa 23 mfonini]
Samuel ne Milton Henschel wɔ 1955 mu
[Kratafa 24 mfonini]
Samuel ne ne yere, Olabisi