Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 7
  • Oninkufo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Oninkufo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yi Ahoɔyaw Fi Wo Mu Na Hwehwɛ Asomdwoe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Anibere—Awuduru a Etumi Sɛe Nnipa Adwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Wode Wo Ho Toto Afoforo Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 7

Oninkufo

HEBRI kasa no wɔ asɛmfua biako pɛ ma “ninkuntwe.” Sɛ ɛreka adesamma abɔnefo ho asɛm a, wotumi kyerɛ Hebri asɛmfua no ase “anibere” anaa “nitan.” (Genesis 26:14; Ɔsɛnkafo 4:4) Nanso, Hela kasa no wɔ nsɛmfua pii ma “ninkuntwe.” Wotumi de asɛmfua zeʹlos, a ɛne Hebri de no yɛ pɛ no di dwuma de kyerɛ ninkuntwe a ɛteɛ ne nea ɛnteɛ. Hela asɛmfua foforo, phthoʹnos, kyerɛ ninkuntwe a ɛnteɛ nkutoo. Wɔ New World Translation mu no, wɔkyerɛ ase “anibere” bere nyinaa.

Ɔkwan bɛn so na wɔde asɛmfua phthoʹnos dii dwuma wɔ tete Hela kasa mu? The Anchor Bible Dictionary ka sɛ: “Nea ɛnte sɛ odifudepɛfo no, ɛnyɛ sɛ obi a phthonos haw no no pɛ nneɛma a obi wɔ a n’ani bere no; mmom pɛ ara na ɔmpɛ sɛ onii no benya. Ɔyɛ soronko wɔ obi a osi akan ho efisɛ, nea ɛnte sɛ ɔkansifo no, ɛnyɛ ne botae ne sɛ ne nsa bɛka ade no, na mmom sɛ ɔremma afoforo nsa nka.”

Oniberefo ntaa nhu sɛ n’ankasa nneyɛe ne ade atitiriw a ɛma ohyia ɔhaw ahorow no. Nsɛm asekyerɛ nhoma koro no ara kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nneɛma a ɛda nsow wɔ phthonos ho no mu biako ne hu a enhu sɛnea ɛte ankasa. Sɛ wɔfrɛ obi a ɔwɔ phthonos sɛ ɔmmɛkyerɛ nea enti a n’ani bere afoforo a, ɔbɛka akyerɛ ne ho ne afoforo bere nyinaa sɛ ɛfata sɛ n’ani bere wɔn na ɛyɛ nea wɔyɛ a enye no na ɛma ɔkasa tia wɔn. Sɛ wobisa no sɛ dɛn nti na otumi ka n’adamfo bi ho asɛm saa kwan no so a, ɔbɛka sɛ ne kasatia no so bɛba mfaso ama n’adamfo no.”

Asɛmpa no akyerɛwfo, Mateo ne Marko, de Hela asɛmfua phthoʹnos di dwuma de ka adwene a wɔn a wokum Yesu no kura ho asɛm. (Mateo 27:18; Marko 15:10) Yiw, anibere na ɛma wɔyɛɛ saa. Atenka bɔne a ɛte saa ara ama awaefo anya wɔn kan anuanom ho tan a ɛyɛ hu. (1 Timoteo 6:3-5) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔremma aniberefo nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu! Yehowa Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ so ma ‘anibere hyɛ wɔn ma’ no ‘sɛ owu.’—Romafo 1:29, 32; Galatifo 5:21.

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Mma anibere nnsɛe w’asetra

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena