Wohyiaam Sɛ Ayeyifo A Wɔwɔ Anigye
WƆHYƐƐ Yehowa Nyankopɔn tete nkurɔfo sɛ ‘wɔmma wɔn ani nnye ara’ bere a wohyiaam maa ɔsom no. (Deuteronomium 16:15) Akyinnye biara nni ho sɛ 1995/96 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam no ama Yehowa Adansefo anya ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wɔn ani gye.
Wɔn gyidi mu ayɛ den fi bere a nhyiam ahorow yi fii ase no. Wɔakyerɛ sɛnea wubetumi anya anigye wɔ wiase a anigye nnim mu nso. Ma yensusuw nhyiam no da biara ho mmiako mmiako.
‘Munyi Yehowa Ayɛ . . . Momma Mo Ani Nnye!’
Ná nhyiam no da a edi kan no asɛmti a ɛwɔ atifi hɔ yi gyina Dwom 149:1, 2 so. Ɔkasa “Yɛwɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yedi Ahurusi” hwehwɛɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 no mmamu mu. Enyaa mmamu wɔ tete Israel ne ne titiriw no wɔ yɛn nna yi mu bere a wɔmaa Yehowa asomfo san dii yiye na wonyaa akwahosan wɔ honhom mu paradise bi mu no. Enti, na nhyiamfo no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wodi ahurusi wɔ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama ne nkurɔfo wɔ honhom mu paradise ne Paradise a yɛde yɛn ani behu a abɛn pɛɛ no mu.
Ɔkasa titiriw, “Wɔayi Wɔn Asi Hɔ sɛ Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase Nyinaa” buaa asemmisa yi: Dɛn na ɛma yɛda nsow wɔ wiase yi ho? Ɛyɛ biakoyɛ a yɛde som Yehowa no. Ɛmfa ho beae a Yehowa Adansefo te wɔ asase yi so no, wɔde biakoyɛ ka asɛm na wɔkyerɛkyerɛ. Wodi ahurusi nso wɔ Yehowa atirimpɔw a ɛso nni a ɛne sɛ ɔbɛtew ne din kronkron no ho na ɔnam n’Ahenni so asan ne tumidi ho no ho. Ɛnde ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yenya n’atirimpɔw mu kyɛfa? Ɔde n’Asɛm kronkron mu nokware no ahyɛ yɛn nsa. Onyankopɔn ama yɛn ne honhom kronkron no. Ɔde wiase nyinaa nuayɛkuw ne nhyehyɛe ma ɔsom kronn ahyira yɛn. Yɛn amanaman ntam abusua no boa yɛn ma yɛde komam anigye kɛse som Yehowa.
“Wiase Nkekae Mu a Wubeyi Wo Ho Afi” sii hia a ɛho hia sɛ yɛkwati nkekae a ɛne animhwɛ ne nyiyim ahorow so dua. (Yakobo 2:5-9) Ebinom bɛpɛ sɛ wɔne wɔn a wɔne wɔn asetra tebea anaasɛ sikasɛm tebea sɛ no bɔ bere a wobu wɔn ani gu wɔn mfɛfo Kristofo a ahia wɔn anaa wonni yiye so. Ebinom nso bɛpɛ sɛ wɔne wɔn a wokura dibea a asɛyɛde wom wɔ asafo no mu no bɛbɔ. Wɔn werɛ fi sɛ hokwan a ɛsen biara a obi betumi anya ne sɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma wiasefo su horow ma nkekae ba yɛn ho na ɛsɛe asafo no asomdwoe.—2 Petro 3:14.
Ɔkasa, “Masiesie Me Ho sɛ Mɛware?” daa no adi sɛ pii pere wɔn ho de wɔn ho hyɛ aware mu. Ebinom ware na ama waguan tebea bi a ɛyɛ den wɔ fie anaa esiane sɛ wɔn atipɛnfo reware nti. Nanso, ntease pa horow a wogyina so ware no bi ne ɔpɛ a nnipa baanu wɔ sɛ wodu teokrase botae horow ho, wobenya nokware dɔ, hia a ɛho hia sɛ wonya fekubɔ ne ahobammɔ, ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛwo mma. Honhom fam ntetee ho hia wɔ ahosiesie a wɔyɛ ma aware mu. Suban pa a wubenya denam nipasu foforo a wobɛhyɛ no so nso ka ho. Nyansa wom nso sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ ebia nea ɔbɛyɛ wo hokafo no de adanse a ɛne sɛ ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ ankasa na ɔne afoforo di nsɛm wɔ obu kwan so ma. Afei nso, nyansa wom sɛ wobɛhwehwɛ afotu afi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ.—Mmebusɛm 11:14.
Nea edi saa ɔkasa a ebue adwenem yi akyi ne, “Awofo a Wonya Wɔn Mma Ho Anigye.” Abofra awo taa yɛ anigye kɛse bere. Nanso, abawo nso de asɛyɛde kɛse ba. (Dwom 127:3) Ne saa nti, ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔdɔ Yehowa. Awofo betumi ayɛ eyi denam ka a wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ wɔn mma ne n’Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow a wɔde bedi dwuma wɔ abusua no mu daa no so.
Wɔde biribi a wɔnhwɛ kwan na ewiee nhyiam no da a edi kan no—nhomawa foforo Yehowa Adansefo ne Nhomasua a woyii no adi. Ɛkyerɛkyerɛ mu fann sɛ Adansefo “hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho na wɔmfa dwumadi ahorow a wɔde ma wɔn wɔ sukuu no aniberesɛm.” Saa nhomawa yi nso kyerɛkyerɛ nneɛma pa a afi akenkan ne akyerɛw sukuu a Yehowa Adansefo de mfe pii ayɛ wɔ Nigeria, Mexico, ne aman foforo mu no aba no mu. Ɛsɛ sɛ nhomawa yi boa akyerɛkyerɛfo ma wohu sɛ nhomasua ho hia yɛn yiye.
‘Bɔ Onyankopɔn Ayeyi Afɔre Daa’
Da a ɛto so abien asɛmti yi gyina Hebrifo 13:15 so. Anɔpa dwumadi no de ɔkasa a wɔakyekyem a egyina “Ɔfrɛ a Yebegye so Ayi Yehowa Ayɛ” so. Obi mfe a wadi nsiw no kwan sɛ obegye ɔfrɛ yi so. Dwom 148:12, 13 hyɛ mmerante, mmabaa, mpanyin, ne mmofra nkuran sɛ wonyi Yehowa ayɛ. Yehowa nkoa a wɔwɔ anigye pii atumi ama wɔn ayeyi no ayɛ kɛse. Nnipa bɛboro 600,000 de wɔn ho hyɛ bere nyinaa asɛnka adwuma, anaa akwampae adwuma no mu wɔ wiase nyinaa. Nnipa bɛboro 15,000 de wɔn ho ahyɛ akwampae titiriw adwuma no mu, na bɛyɛ 15,000 resom wɔ Bethel.
“Yehowa Ahyehyɛde no a Yɛne no Bɛsom Wɔ Nokwaredi Mu” nso yɛ kasa a ɛkyerɛe sɛ nokwaredi ho hia ma Onyankopɔn nkoa. Sɛ́ wubedi Yehowa nokware kyerɛ sɛ wode ahofama a emu yɛ den a ɛte sɛ mannɔ a ɛtare ade denneennen bɛfam ne ho denneennen. Nokwaredi hwehwɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛde anidaho bebu Bible ahyɛde ahorow so, sɛ́ ebia afoforo hu yɛn anaa wonhu yɛn. Ɛsan hwehwɛ sɛ yefi nokwaredi mu kura Bible nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu ne honhom fam aduan foforo biara a Ɔwɛn Aban Asafo no de ma nso no mu. Asubɔ kasa no na edii ɔkasa yi akyi. Hwɛ anigye ara a ɛyɛe bere a wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no de wɔn ahosohyira ma Yehowa ho adanse mae!
Hosea 4:1-3 nsɛm no na efii awiabere ɔkasa “Ɔbra Pa Anaa Bra Bɔne—Nea Ɛwɔ He Akyi na Wudi?” ase. Ɛwom sɛ wiase no adwene wɔ abrabɔ pa ho asɛe de, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ “mmɔden” di abrabɔ pa a ɛkyɛn so akyi. (2 Petro 1:5) Sɛnea obi dwen na efi eyi ase. Sɛ n’adwene mu tew a, ɔbɛka kasa a ɛho twa, eye na ɛhyɛ den, na ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obedi nokware wɔ ɔne afoforo ntam nsɛnnii mu. Abrabɔ pa akyi a wubedi nso hwehwɛ sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛda ntease ne ayamhyehye adi akyerɛ wo yɔnko Kristoni a ɔrehu amane esiane ahohia anaa adwenemhaw nti.—1 Tesalonikafo 5:14.
Ɔkasa foforo, “Bɔ Wo Ho Ban Wɔ Ɔbonsam Mfiri Ho,” bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ wɔn ho mu a wobegyaa ama adaemone nkɛntɛnso ahorow no ho. Wɔ ayaresa mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ ahwɛyiye wɔ akwan a wɔfa so sa yare te sɛ kaberekyerɛ a ahonhonsɛmdi wom no ho. Sɛ ɛno da nkyɛn a, nea ankorankoro yɛ de hwɛ wɔn honam fam akwahosan no yɛ wɔn ankasa asɛm.
Biribi a ɛyɛ anigye a wɔnhwɛ kwan na wɔde wiee da a ɛto so abien no—nhoma ketewa a wɔasiesie de reboa nnipa komapafo ma wɔanya nkɔanim ntɛmntɛm akɔ ahosohyira ne asubɔ mu a woyii no adi. Wɔato saa nhoma foforo yi a ekura nkratafa 192 no din sɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Nimdeɛ nhoma no de nokware no ma wɔ ɔkwan a ɛhyɛ den so. Ɛmfa adwene nsi atoro nkyerɛkyerɛ a wɔbɔ gu so. Ɛsɛ sɛ sɛnea nhoma yi mu nsɛm mu da hɔ ne sɛnea wɔakyerɛw no wɔ ɔkwan a ntease wom so no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde bɛyɛ Bible adesua na aboa nkurɔfo ma wɔate Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛkanyan koma no ase.
“Momma Mo Ho Nsɛpɛw Mo na Munni Ahurusi Daa Daa”
Saa nsɛm yi a efi Yesaia 65:18 no ne nhyiam no asɛmti ma da a ɛto so abiɛsa no. Bible nkɔmhyɛ mmamu dan adwene kɔ 1914 so sɛ afe a saa nhyehyɛe bɔne yi duu ne nna a edi akyi mu. Ne saa nti, ɔkasa a wɔakyekyem a ekura asɛmti “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Nneɛma Nhyehyɛe Yi Awiei” maa atiefo no yɛɛ dinn tiee no yiye. Akasafo no kyerɛɛ sɛnea wiase no adifudepɛ ne basabasayɛ honhom no aka nnipa ɔpepepem pii kɛse. Ɛrenkyɛ, wɔne wiase a Satan ne ne sodifo no benya atemmu. Enti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ. Ɔfã bɛn na yɛpɛ sɛ yegyina? Yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa na yegyina ne tumidi akyi, anaasɛ yɛbɛma Satan ayɛ yɛn sodifo denam nneɛma a ɛsɔ n’ani a yɛbɛyɛ so? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina Yehowa afã pefee.
Nhyiam no baguam ɔkasa, “Yi Mmeresanten Hene no Ayɛ!” no maa wɔn a na wɔahyiam no nyinaa biribi pa a wobesusuw ho. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ den ma adesamma a wɔnyɛ pɛ sɛ wɔbɛte mmeresanten ase de, nanso Yehowa te ase yiye. Odwontofo no too dwom sɛ: “Awurade ne hene daa daa.” (Dwom 10:16) Mmeresanten Hene yi nam ne Ba, Yesu Kristo so abue kwan ama adesamma na ama wɔanya asetra a enni awiei. (Yohane 17:3) Ɔkasafo no kae sɛ: “Yiw adesamma abɔnefo betumi afa ɔsoro adesua ne Yesu agyede afɔrebɔ mu gyidi so anya daa nkwa.”
Bere a nhyiam no bɛn n’awiei no, ɔkasa a etwa to a wɔato din “Fa Anigye Yi Yehowa Ayɛ Daa Daa” no hyɛɛ nhyiamfo no den. Na ɛyɛ anigye sɛ yenyaa asuafoyɛ adwuma no nkɔso ho amanneɛbɔ fi wiase nyinaa. Na ɛkanyan nhyiamfo no na ‘wɔahyira Yehowa daa na wɔayi ne din ayɛ daa daa.’—Dwom 145:2.
Atirimɔdensɛm a enni kabea ama wiase no nni anigye. Ne nyinaa akyi no, ankorankoro a ɔwɔ Yehowa mu gyidi koraa no betumi anya ɔsoro anigye. Ɛnde, Yehowa Adansefo, sɛ́ wiase nyinaa nuayɛ kuw no, betumi atĩ Dwom 35:27, 28 nsɛm a edidi so yi mu: “Wɔn a me trenee sɔ wɔn ani no, ma wonni ahurusi na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo Awurade kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiyedi sɔ n’ani. Na me tɛkrɛma bɛka wo trenee ne w’ayeyi daa nyinaa.”
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Mmusua benya nhomawa “Yehowa Adansefo ne Nhomasua” mu mfaso
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
Nhoma foforo, “Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu” no de Bible mu nokware ma wɔ ɔkwan a ɛhyɛ den so
[Kratafa 9 mfonini]
Wɔbɔɔ nnipa pii asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne
[Kratafa 9 mfonini]
Drama a ɛne “Wɔn a Wɔfata a Yebedi Wɔn Ni Bere a Wɔn Mfe Akɔ Anim” no kaa nhyiamfo no koma kɛse