Awerɛkyekye Ne Nkuranhyɛ—Aboɔden Abo a Ɛwɔ Afã Pii
YƐN mu dodow no ara afa mmere bi a yedii hia yiye mu—ɛnyɛ sika fam hia ankasa, na mmom honhom fam hia. Yɛpaa abaw, na yɛbotowee kɛse mpo. Nanso, wɔ saa mmere no mu no, na ebia yɛwɔ biribi a ɛsom bo a ebetumi aboa yɛn kɛse. Saa “aboɔden bo” no ne nkuranhyɛ.
Wɔ Bible mu no, wɔde Hela asɛmfua koro no ara na edi dwuma ma “nkuranhyɛ” ne “awerɛkyekye.” Nsɛm abien no nyinaa da adwene a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ obi nkuran, wɔbɛhyɛ no den, anaa wɔbɛma wanya anidaso adi. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw anaa yɛabotow a, awerɛkyekye ne nkuranhyɛ ne ade a yehia ankasa. Ɛhe na yebetumi anya bi?
Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa yɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Korintofo 1:3) Ɛsan ka kyerɛ yɛn sɛ “ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:27) Enti yebetumi anya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. Ma yensusuw akwan atitiriw anan a Yehowa nam so de nkuranhyɛ ma ho.
Ɛdenam Abusuabɔ a Yɛne Onyankopɔn Benya So
Ɔkwan a ɛsen biara a yɛbɛfa so anya awerɛkyekye ne sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yebetumi ne no anya abusuabɔ a ɛte saa no mpo yɛ nkuranhyɛ. Nanso, wiase sodifo bɛn na ɔbɛma yɛne no akasa wɔ telefon so anaa yɛn haw ahorow ho behia no? Yehowa korɔn sen saa nnipa yi koraa. Nanso, ɔbrɛ ne ho ase—na ɔwɔ ɔpɛ mmoroso sɛ ɔne nnipa a wɔba fam a wɔnyɛ pɛ bedi nsɛm. (Dwom 18:35) Yehowa adi kan mpo ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn. Yohane nhoma a edi kan 4:10 ka sɛ: “Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” Bio nso, Yehowa fi ɔdɔ mu twe yɛn bɛn ne Ba no.—Yohane 6:44.
So woayɛ ho biribi, na woahwehwɛ awerɛkyekye afi Onyankopɔn a wo ne no bɛfa adamfo mu? (Fa toto Yakobo 2:23 ho.) Sɛ nhwɛso no, sɛ wowɔ adamfo pa a ɔbɛn wo yiye a, ɛrenyɛ anigye sɛ wubegye bere ne ne nkutoo atra ase, na woafi wo pɛ mu aka wo dadwen ne wo haw, w’anidaso ne anigye a wunya ho asɛm akyerɛ no? Yehowa to nsa frɛ wo sɛ wo ne no nyɛ saa ara. Ɔnto bere tenten a ebia wo ne no bɛkasa wɔ mpaebɔ mu no ano hye—na otie ankasa. (Dwom 65:2; 1 Tesalonikafo 5:17) Yesu bɔɔ mpae daa na na emu yɛ den. Nokwarem no, ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no, ɔde anadwo mũ nyinaa bɔɔ mpae.—Luka 6:12-16; Hebrifo 5:7.
Bere ne bere mu no, yɛn mu biara betumi ayɛ nhyehyɛe ne Yehowa akasa. Yebetumi anya hokwan pa de afi yɛn komam abɔ Yehowa mpae bere a yɛayɛ dinn te yɛn mpomma ano anaa yɛretu mpase komm kɛkɛ no. Saa a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛanya ahotɔ ne awerɛkyekye kɛse. Sɛ yenya Yehowa abɔde bi hwɛ bere a yesusuw nsɛm ho—wim fã bi, nnua anaa nnomaa bi kɛkɛ—a, yebetumi anya awerɛkyekyesɛm bi a ɛkae yɛn ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn ne dwen a odwen yɛn ho no.—Romafo 1:20.
Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a Yebesua So
Nanso, ɛnam Bible no a yesua so na yehu Yehowa su horow ankasa. Bible no da Yehowa adi mpɛn pii sɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ dɔɔso pii.” (Exodus 34:6; Nehemia 9:17; Dwom 86:15) Ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛkyekye n’asase so asomfo werɛ no yɛ ne nipasu fã titiriw.
Sɛ nhwɛso no, susuw Yehowa nsɛm a ɛwɔ Yesaia 66:13 no ho: “Sɛ obi ne nã kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekye mo werɛ.” Yehowa maa ɔdɔ a ɛnã wɔ ma ne ba no yɛɛ nea ɛbɛma ɔde ne ho abɔ afɔre na wayɛ ɔnokwafo. Sɛ woahu sɛ ɛnã a ɔwɔ ɔdɔ rekyekye ne ba a wapira werɛ pɛn a, ɛnde sɛ Yehowa ka sɛ ɔbɛkyekye ne nkurɔfo werɛ a, na wunim nea ɔrepɛ akyerɛ.
Bible kyerɛwtohɔ ahorow pii ka ɔdɔ a ɛte saa a ɔdaa no adi ho asɛm. Bere a Ɔhemmaa tirimɔdenfo Isebel de owu hunahunaa odiyifo Elia no, osuroe na oguan de bɔɔ ne nkwa ho ban. N’abasam tui araa ma ɔnantew da koro kwan kɔɔ sare so, a ɛda adi sɛ wamfa nsu anaa aduan biara. Elia de ɛyaw kɛse ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔpɛ sɛ owu. (1 Ahene 19:1-4) Dɛn na Yehowa yɛ de kyekyee ne diyifo no werɛ hyɛɛ no nkuran?
Yehowa anka Elia anim sɛ ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam, ɔnsɛ hwee, na osuroe nti. Nea ɛne no bɔ abira no, odiyifo no tee ‘ɛnne brɛoo bi.’ (1 Ahene 19:12) Sɛ wokenkan 1 Ahene ti 19 a, wubehu sɛnea Yehowa kyekyee Elia werɛ, maa no awerɛhyem, na ɔhyɛɛ ne gyidi den. Na saa awerɛkyekye yi nyɛ aniani de. Ɛkɔɔ Elia koma a na ahaw no mu tɔnn, na ɛhyɛɛ odiyifo no nkuran sɛ ɔntoa n’adwuma so. (Fa toto Yesaia 40:1, 2 ho.) Ankyɛ na ɔsan kɔyɛɛ n’adwuma no.
Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yesu Kristo kyekye ne nokware akyidifo anokwafo werɛ na ɔhyɛ wɔn nkuran. Nokwarem no, Yesaia hyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ: ‘Awurade Nyankopɔn asoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, na menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ (Yesaia 61:1-3) Wɔ n’asetra mu no, Yesu daa no adi pefee sɛ saa nsɛm yi fa ne ho. (Luka 4:17-21) Sɛ wote nka sɛ wuhia awerɛkyekye a, susuw sɛnea Yesu ne nnipa a na wɔahaw dii nsɛm bɔkɔɔ ne ɔdɔ mu no ho. Nokwarem no, Bible a wosua no yiye no de awerɛkyekye ne nkuranhyɛ kɛse ba.
Ɛdenam Asafo no So
Wɔ Kristofo asafo mu no, aboɔdenne a ɛne awerɛkyekye ne nkuranhyɛ no afã ahorow pii no hyerɛn. Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛ moreyɛ no.” (1 Tesalonikafo 5:11) Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ wɔ asafo nhyiam ahorow ase?
Nokwarem no, ade titiriw nti a yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow ne sɛ, ‘Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn,’ na yɛanya ɔne n’akwan ho nkyerɛkyerɛ. (Yohane 6:45) Ɛsɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no yɛ nkuranhyɛ ne awerɛkyekye. Yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 15:32 sɛ: “Na Yuda ne Sila . . . de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.”
Woanya suahu bi pɛn a ɛkyerɛ sɛ wokɔɔ Kristofo nhyiam bere a na woabotow na wode anigye baa fie? Ebia biribi a wɔkae wɔ ɔkasa bi, mmuae bi, anaa mpaebɔ bi mu kaa wo koma na ɛma wunyaa awerɛkyekye ne nkuranhyɛ a wuhia. Enti ntwe wo ho mfi Kristofo nhyiam horow ho.—Hebrifo 10:24, 25.
Yɛn nuanom a yɛne wɔn bɛbɔ wɔ ɔsom adwuma ne mmere foforo mu no betumi aka yɛn saa ara. Wɔ Hebri mu no, adeyɛ nsɛm pii a ɛkyerɛ “biribi a wɔka bom” no san bɛkyerɛɛ “ahoɔden” anaa “hyɛ den”—a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ nneɛma bɛyɛ den kɛse bere a wɔde abom no. Saa nnyinasosɛm yi yɛ nokware wɔ asafo no mu. Sɛ yehyia mu a, ɛkyekye yɛn werɛ, ɛhyɛ yɛn nkuran, yiw, ɛhyɛ yɛn den. Na ɔdɔ a ɛyɛ den sen hama biara no ka yɛn bom.—Kolosefo 3:14.
Ɛtɔ mmere bi a, yɛn honhom fam anuanom nokwaredi na ɛhyɛ yɛn nkuran. (1 Tesalonikafo 3:7, 8) Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ ɔdɔ a wɔda no adi no. (Filemon 7) Na ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ adwuma a yɛyɛ bom bere a yɛne afoforo rebɔ Onyankopɔn Ahenni ho nkɔmmɔ no. Sɛ wote nka sɛ woayɛ mmerɛw wɔ asɛnka mu na wuhia nkuranhyɛ a, dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe ne Ahenni ho dawurubɔfo a wakyɛ anaa ne ho akokwaw nyɛ adwuma? Ɛda adi sɛ, wubenya awerɛkyekye wɔ saa a wobɛyɛ mu.—Ɔsɛnkafo 4:9-12; Filipifo 1:27.
Ɛdenam “Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” no So
Henanom na wɔyɛ yɛn som mu nneɛma a ɛma awerɛkyekye no ho nhyehyɛe? Yesu paw kuw bi a ɔfrɛɛ wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” sɛ wɔmfa honhom fam “aduan” mma “ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45) Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na Kristofo kuw a wɔde honhom asra wɔn yi redi dwuma dedaw. Mpanyimfo sodikuw a na wɔwɔ Yerusalem no de krataa a nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ wom kɔmaa asafo ahorow no. Dɛn na efii mu bae? Bible no ka sɛnea asafo ahorow no yɛe wɔ krataa a ɛte saa no biako ho asɛm sɛ: “Na wɔkanee no, awerɛkyekye no nti wɔn ani gyei.”—Asomafo no Nnwuma 15:23-31.
Saa ara na wɔ nna a emu yɛ den yi mu no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de honhom fam aduan a ɛma awerɛkyekye ne nkuranhyɛ kɛse rema Yehowa nkurɔfo. Wudi saa aduan no bi? Wonya no ntɛm ara wɔ nhoma a wɔatintim a akoa kuw no de ma wɔ wiase nyinaa no mu. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ne nhoma, nhomawa ahorow ne nkratawa a Ɔwɛn Aban Asafo tintim no afe biara no de awerɛkyekye abrɛ akenkanfo pii.
Ɔhwɛfo kwantufo bi kyerɛw sɛ: “Yɛn nuanom mu dodow no ara pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ, nanso wɔbɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wobegyina abasamtu, ehu, ne te a wɔte nka sɛ wontumi mmoa wɔn ho no ano. Nsɛm a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma ahorow mu no reboa nnipa pii ma wɔasan adi wɔn asetra ne wɔn nkate so. Nsɛm no ma mpanyimfo nso nya pii a wɔde bɛma sen nkuranhyɛ a ɛyɛ aniani de.”
Fa nhoma a efi akoa nokwafo kuw no hɔ di dwuma kosi ase. Sɛ tebea no yɛ den a, nsɛmma nhoma, ne nhoma foforo a ɛyɛ ne bere mu de betumi aboa yɛn ma yɛanya awerɛkyekye. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ wubetumi ahyɛ obi a wabotow nkuran a, fa Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ saa nsɛmma nhoma yi mu no di dwuma. Wɔkyerɛw nsɛm no yiye, mpɛn pii no bere a wɔde boasetɔ ayɛ nhwehwɛmu, asua ho ade, na wɔabɔ mpae adapɛn ne asram pii akyi no. Afotu no yɛ nea egyina Bible so, wɔasɔ ahwɛ na ɛyɛ nokware. Ebinom ahu sɛ ɛyɛ mmoa kɛse sɛ wɔne obi a ɔte nka sɛ wahaw bɛbom akenkan asɛm bi a ɛfata mu mprenu. Eyi betumi de awerɛkyekye ne nkuranhyɛ kɛse aba.
Sɛ wunya aboɔden abo a, wode besie anaa wubefi ayamye ne afoforo akyɛ agyapade no bi? Fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ awerɛkyekye ne nkuranhyɛ fibea ama wo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu no. Sɛ wohyɛ afoforo den sen sɛ wubebu wɔn abaw mu, wokamfo wɔn sen sɛ wobɛkasa atia wɔn, wode “asuafo tɛkrɛma” kasa sen sɛ ‘wobɛworo kasa sɛ nkrante nwowɔe’ a, wubetumi ama nsakrae aba wɔn asetra mu. (Yesaia 50:4; Mmebusɛm 12:18) Nokwarem no, ɛda adi sɛ wobebu wo sɛ aboɔden bo—nokware awerɛkyekye ne nkuranhyɛ fibea!
[Kratafa 20 adaka]
Awerɛkyekye Ma Wɔn a ahia Wɔn
NNIPA pii aka sɛnea nsɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu ama wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den ho asɛm. Obi kae sɛ: “Bere a mekenkan saa asɛm yi wiei no, metee nka sɛ Yehowa de ne kɛseyɛ ne n’anuonyam gyina me kyɛn pɛɛ. Metee nka sɛ ɔyɛ onipa ankasa.” Krataa foforo kae sɛ: “Asesa yɛn koma ne yɛ adwene koraa wɔ Yehowa ho adwene a yekura no ho ma enti yɛnyɛ nnipa a na yɛyɛ kan no bio. Ɛte sɛ nea obi apopa yɛ ahwenhwɛniwa anim fɛfɛɛfɛ, na mprempren yebetumi ahu biribiara yiye.”
Ebinom kyerɛw ka sɛnea nsɛmma nhoma no boa wɔn ma wodi wɔn haw ahorow anaa nsɛnnennen pɔtee ho adwuma, ma enti ɛma wonya awerɛhyem sɛ Yehowa kyerɛ wɔ ho anigye. Ɔkenkanfo bi ka wɔ saa kwan yi so sɛ: “Meda mo ase pii sɛ moasan ama yɛahu sɛnea Yehowa dwen ne nkurɔfo ho na ɔdɔ wɔn.” Ɔbea bi a ɔwɔ Japan a ɔhweree ne ba wɔ owu mu kaa asɛm a edi so yi faa Nyan! mu nsɛm a ɛfa saa asɛm no ho ho sɛ: “Mihuu sɛnea onyankopɔn mmɔborohunu mu dɔ wɔ nsɛm no mu, na misui pii. Mede nsɛm yi agu baabi a metumi ahu no ntɛm ara akenkan bere a mete awerɛhow ne ankonamyɛ nka no.” Ɔbea foforo bi a ɔredi awerɛhow kyerɛwee sɛ: “Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm ne “Bere a Obi a Wodɔ No Awu” brochure no ama manya ahoɔden a mihia de agyina m’awerɛhow mmere no ano.”
Kyerw Kronkron no ne awerɛkyekye fibea titiriw. (Romafo 15:4) Bible mu na Ɔnwɛn-Aban ne nsɛmma nhoma a ɛka ho, Nyan!, nsɛm no fi. Esiane eyi nti, saa nsɛmma nhoma yi ama n’akenkafo anya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ.
[Kratafa 23 mfonini]
Awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no san yɛ mpaebɔ Tiefo