Wɔagye Wo?
NÁ JOHNNY adi mfe du bere a ɔbarima bi ma ogyinae wɔ guasodeyɛ bi ase bisaa no sɛ: “Aberante, wugye Yesu Kristo di sɛ w’Awurade ne w’Agyenkwa?” Asemmisa yi yɛɛ Johnny nwonwa, efisɛ na wagye Yesu adi bere nyinaa. Enti obuae sɛ: “Yiw, migye di.” Ɔbarima no teɛɛm maa obiara tee sɛ: “Munyi Awurade ayɛ! Wɔagye ɔkra foforo ama Kristo!”
So nkwagye yɛ fo saa? So bere a Johnny kaa saa nsɛm no ara na ‘wɔagye’ no, a nea na ɔbɛyɛ wɔ ne nkwa nna a aka mfa ho? Nnipa komapafo pii bebua sɛ yiw. Nyamesom ho nkratawa bi ka sɛ kyerɛw da a ‘wogyee’ wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akae.
Ɔsɔfo bi kyerɛwee sɛ “bere a obi benya Kristo mu gyidi kɛkɛ no . . . na wɔahyɛ ne daakye ato hɔ daa.” Ɔkyerɛe sɛ Bible ka sɛ nkwagye gyina ade biako, “gyidi ade” a wɔyɛ no prɛko so na “ɛnyɛ gyidi ade a wɔyɛ no daa.” Nyamesom kyerɛwfo foforo kyerɛwee sɛ: “Eyi yɛ adwuma a wɔayɛ awie. Wɔawie ama wo dedaw . . . ‘W’akodi to atwa.’ ‘Wɔapopa wo bɔne.’” Nanso ebia nnipa a wogye di yiye sɛ eyi yɛ nokware no mpo behu asɛnnennen bi wom. Ɛda adi pefee sɛ nnipa pii a wɔaka akyerɛ wɔn sɛ ‘wɔagye’ wɔn no mmɔ wɔn bra sɛnea Bible ka sɛ wɔnyɛ no. Nkyerɛkyerɛmu a wɔtaa de ma ne sɛ ebia na ‘wonnyee’ Kristo ‘nnii’ ankasa.
Enti, dɛn na Kristo a ‘wogye no di’ no kyerɛ ankasa? Ɛyɛ gyidi ade a wɔyɛ no da koro, anaasɛ ɛyɛ asetra kwan a wɔnam so daa? So ɛsɛ sɛ yɛn gyidi mu yɛ den kɛse na ama atumi akanyan yɛn ma yɛayɛ ade? Yebetumi agye Yesu afɔrebɔ no so mfaso horow atom ankasa bere a yenni ho asɛyɛde a ɛne sɛ yebedi n’akyi no so?
Nnipa bebree pɛ nhyira horow no nanso ɛnyɛ ɛho asɛyɛde a ɛne sɛ wobedi Yesu akyi na wɔatie no no. Nokwarem no, asɛmfua “tie” no taa haw wɔn. Nanso Yesu kae sɛ: “Bra bedi m’akyi!” (Luka 18:18-23) Na Bible ka sɛ: “Wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no . . . benya atemmu mu asotwe a ɛne daa ɔsɛe.”—2 Tesalonikafo 1:8, 9, NW; Mateo 10:38; 16:24.
Bible ka nneɛma bebree a ɛma nea wɔakyerɛkyerɛ afa nkwagye ho no ho nsemmisa a anibere wom sɔre. Sɛ wobɛpɛ sɛ wohwehwɛ nea Bible ka fa asɛm yi ho ankasa mu a, w’ani begye nkratafa a edidi so yi ho titiriw. Bue wo Bible, na kenkan kyerɛw nsɛm a wɔde ama no, na hu nea Yesu ne n’asomafo kyerɛkyerɛe wɔ asɛnhia yi ho no.