Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/1 kr. 27-31
  • Me Nkwa Nna Mu Anidaso—Sɛ́ Merenwu Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Me Nkwa Nna Mu Anidaso—Sɛ́ Merenwu Da
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Reg Wui?
  • Bible Nokware no a Migye Tom
  • Asɛnka Adwuma Ho Nhyehyɛe a Meyɛe
  • Ɔko Bere Mu Osuahu Ahorow
  • Gyidi Ho Sɔhwɛ Ahorow Anogyina
  • Ahotoso a Mede Hwɛ Daakye Kwan
  • Yehowa Twe Ahobrɛasefo Ba Nokware No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Gyinae Pa A Yesisii Ama Yɛanya Nhyira Pii Wɔ Yɛn Asetra Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/1 kr. 27-31

Me Nkwa Nna Mu Anidaso—Sɛ́ Merenwu Da

SƐNEA HECTOR R. PRIEST KA KYERƐE

Oduruyɛfo no kae sɛ: “Kokoram no nni sabea. Biribi foforo biara nni hɔ a yebetumi ayɛ ama wo.” Bɛboro mfe du a atwam ni na wɔyɛɛ saa nhwehwɛmu no. Nanso meda so ara kura anidaso a egyina Bible so a ɛne sɛ mɛtra ase wɔ asase so daa a minwu da no mu.—Yohane 11:26.

NA M’AWOFO yɛ Metɔdistfo amapa a wɔkɔ asɔre daa wɔ akuraa ketewa Eketahuna mu, baabi a na ɛbɛn yɛn abusua afuw no. Wɔwoo me wɔ Wairarapa obon a wɔyɛ mfuw wɔ hɔ a ɛhɔ yɛ anigye no wɔ Wellington a ɛwɔ New Zealand no kusuu fam apuei bɛyɛ kilomita 130. Ɛhɔ no na yehu mmepɔw a sukyerɛmma wɔ atifi, mmepɔw so nsubɔnten a ani tew, mmepɔw a ayeyɛ mmonkyemmɔnka, ne asasetaw a ɛsow aba.

Wɔ Metɔdist Asɔre no mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ nnipa pa nyinaa kɔ soro na abɔnefo de, wɔkɔ hell, baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ ogya mu. Na mintumi nte ase sɛ, sɛ Onyankopɔn pɛe sɛ nnipa tra soro a, dɛn nti na wamfa wɔn antra hɔ mfiase no. Na misuro owu bere nyinaa, na na metaa susuw nea enti a ɛsɛ sɛ yewu no ho. Wɔ 1927 mu, bere a na madi mfe 16 no, awerɛhosɛm bi sii yɛn abusua mu. Ɛno na ɛmaa mepɛe sɛ mehwehwɛ me nsemmisa ho mmuae.

Dɛn Nti na Reg Wui?

Bere a me nuabarima Reg dii mfe 11 no, ɔbɛyaree owuyare. Ná oduruyɛfo no ntumi nhu nea ɛhaw no, na wantumi ammoa no. Maame frɛɛ Metɔdist sɔfo no. Ɔbɔɔ mpae maa Reg, nanso eyi antumi ankyekye Maame werɛ. Nokwarem no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ ne mpaebɔ no ntu mpɔn.

Bere a Reg wui no, na Maame ne obiara kasa de bɔ mmɔden sɛ obenya mmuae a ɛyɛ nokware a ɛfa nea enti a ɛsɛ sɛ ne babarima kumaa no wu ho. Bere bi a ɔne adwumawura bi rekasa wɔ kurom no, obisae sɛ onim tebea a awufo wom ho biribi anaa. Na onni ho adwene biara, nanso ɔkae sɛ: “Obi gyaw nhoma bi wɔ ha a m’ani begye ho sɛ wo nsa bɛka.”

Maame de nhoma no kɔɔ fie, na ofii ase kenkanee. Wantumi amfa anto hɔ. Nkakrankakra, ne tebea no nyinaa sesae. Ɔka kyerɛɛ abusua no sɛ, “Ɛno ni; nokware no ni.” Na nhoma no ne The Divine Plan of the Ages, a na ɛyɛ Studies in the Scriptures no po a edi kan no. Mfiase no, m’adwenem yɛɛ me naa, na mebɔɔ mmɔden sɛ megye Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ho asɛm a nhoma no ka no ho kyim. Awiei koraa no, migyaee akyinnyegye no.

Bible Nokware no a Migye Tom

Mekaa no me tirim sɛ, ‘Susuw ho hwɛ, sɛ́ wobɛtra ase daa a worenwu da!’ Anidaso a ɛte saa na obi bɛhwɛ kwan afi Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ hɔ. Paradise asase! Yiw, eyi na mepɛ.

Bere a Maame suaa nokware ahorow a ɛyɛ anigye yi akyi no, na ɔne Kristofo mmea baasa a wofi Wellington—Anuanom Mmea Thompson, Barton, ne Jones—fi adi kodi nna bi kogu Ahenni aba no kɔ akyiri wɔ nkuraase. Ɛwom sɛ na Paapa nni Maame asɛmpatrɛw honhom no bi de, nanso ɔhyɛɛ no nkuran wɔ n’adwuma no ho.

Migyee nokware no dii, nanso manyɛ nea na migye di no hwee kosii bere bi. Wɔ 1935 mu no, mewaree Rowena Corlett, na bere bi akyi no, yɛwoo ɔbabea, Enid, ne ɔbabarima, Barry. Na metotɔ nyɛmmoa, na metotɔɔ mpempem pii fii mmoayɛnfo a wɔbemmɛn hɔ no nkyɛn. Sɛ mmoayɛnfo yi kɔfa amammuisɛm ho nkɔmmɔ ba a, na m’ani gye bere a meka kyerɛ wɔn sɛ: “Nnipa mmɔdenbɔ yi mu biara nni hɔ a ɛbɛboa. Onyankopɔn Ahenni nkutoo ne nniso a ɛbɛyɛ yiye.”

Awerɛhosɛm ne sɛ tawanom bɛkaa me hɔ; na sigaret si m’ano bere nyinaa. Bere kɔɔ so no m’akwahosan sɛee, na wogyee me too ayaresabea a na me yafunu yɛ me yaw yiye. Wɔka kyerɛɛ me sɛ manya ayamkuru a sigaretnom na ɛde ba. Ɛwom sɛ migyaee nom de, nanso na metaa so dae sɛ merenom sigaret bi a enhi da. Hwɛ sɛnea tawanom a ɛka obi hɔ betumi ayɛ hu!

Bere a migyaee tawanom no, meyɛɛ nsakrae foforo a ɛho hia. Wɔ 1939 mu, bere a na madi mfe 28 no, wɔbɔɔ me asu wɔ Mangatai Asubɔnten a ɛbɛn yɛn fie wɔ akuraa no mu. Robert Lazenby, a akyiri yi ɔbɛhwɛɛ asɛnka adwuma no so wɔ New Zealand no, twaa kwan fii Wellington tɔnn bɛmaa ɔkasa no wɔ yɛn fie bɔɔ me asu. Efi saa bere no reba no, mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo ɔkokodurufo.

Asɛnka Adwuma Ho Nhyehyɛe a Meyɛe

M’asubɔ akyi no, wɔpaw me sɛ Eketahuna Asafo no sohwɛfo. Na me yere, Rowena, nnya nnyee Bible mu nokware no. Nanso, mema ohui sɛ merebɛto nsa afrɛ Alf Bryant ma wafi Pahiatua aba abɛkyerɛ me sɛnea wodi adanse yiye wɔ afie afie. Mepɛe sɛ meyɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe na yɛyɛ yɛn asasesin no mu adwuma wɔano wɔano.

Rowena kae sɛ: “Hector, sɛ wokɔ afie afie adansedi a, wobɛba na minni ha. Meregyaw wo hɔ. Ɛha na w’asɛyɛde wɔ—sɛ wo ne w’abusua bɛtra fie.”

Na minhu nea menyɛ. Mede amemenemfe hyɛɛ m’atade. Mekɔɔ so dwen ho sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ meyɛ. Me nkwa gyina ɛno so, na saa ara na m’abusua nso nkwa gyina so.’ Enti memaa Rowena awerɛhyem sɛ, mempɛ sɛ mipira no ɔkwan biara so. Meka kyerɛɛ no sɛ, medɔ no yiye, nanso esiane sɛ Yehowa din ne ne tumidi, ne yɛn ankasa nkwa ho asɛm wom nti, na ɛsɛ sɛ meka asɛm no wɔ saa kwan yi so.

Me ne Alf kɔɔ ɔpon a edi kan ano, na odii kan kasae. Nanso afei mihui sɛ magye nkɔmmɔbɔ no reka kyerɛ ofiewura no sɛ nea ɛbae wɔ Noa nna no mu no ne nea ɛrekɔ so wɔ yɛn nna yi mu no di nsɛ, ma enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛayɛ yɛn nkwagye ho biribi. (Mateo 24:37-39) Migyaw nhomawa bi wɔ hɔ.

Yɛrefi hɔ no, Alf kae sɛ: “Ɛhe na wunyaa saa nimdeɛ yi nyinaa? Wunhia me mmoa. Wo nkutoo kɔ, na asasesin a yɛbɛyɛ mu adwuma no bɛyɛ mmɔho abien.” Enti yɛyɛɛ saa.

Bere a na yɛresan akɔ fie no, na minnim nea yɛrekɔto. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne anigye no, na Rowena ayɛ tii ama yɛn. Adapɛn abien akyi no, me yere kaa me ho wɔ baguam ɔsom adwuma no mu, na ɔbɛyɛɛ Kristofo nsiyɛ ho nhwɛso pa.

Wɔn a wodii kan bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ obon a yɛyɛ yɛn mfuw wɔ hɔ no ne Maud Manser, ne babarima William, ne ne babea Ruby. Na Maud kunu yɛ ɔbarima a ne ho yɛ ahoguan, na n’asɛm yɛ den. Da koro, me ne Rowena kɔɔ wɔn afuw mu hɔ sɛ yɛrekɔfa Maud akɔyɛ ɔsom adwuma. Na aberante William ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛmfa ne kar no nkɔ, nanso na ne papa wɔ adwen foforo.

Na asɛm no mu yɛ den. Meka kyerɛɛ Rowena sɛ ɔnso yɛn babea kumaa, Enid mu. Mihuruw traa William kar no mu tuu no ntɛm fii ɔdan a wɔde kar si mu mu, na Owura Manser de ahoɔhare bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛto ɔdan no mu ansa na yɛapue. Nanso wantumi. Bere a yɛkɔɔ yɛn anim kakra no, yegyinae, na misi fii kar no mu kohyiaa Owura Manser a ne bo afuw no. Meka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛrekɔyɛ asɛnka adwuma, na Owurayere Manser ne yɛn na ɛrekɔ.” Mepaa no kyɛw, na ne bo dwoe kakra. Sɛ mekae a, mihu sɛ anka ɛsɛ sɛ midi ho dwuma ɔkwan foforo so, nanso akyiri yi n’ani begyee Yehowa Adansefo ho kɛse, ɛwom sɛ wammɛyɛ Ɔdansefo da de.

Yehowa nkurɔfo kakraa bi pɛ na na wɔwɔ hɔ saa mfe no mu, na yɛn ani gyee ho yiye sɛ bere nyinaa asomfo bɛsraa yɛn na wɔtraa yɛn nkyɛn wɔ yɛn afuw mu hɔ no, na yenyaa so mfaso. Wɔn a na wɔka saa ahɔho yi ho ne Adrian Thompson ne ne nuabea Molly, a wɔn baanu nyinaa kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔyɛ ma asɛmpatrɛwfo no adesua ahorow a wodii kan yɛe no mu biako, na wɔkɔsomee wɔ amannɔne nsase so wɔ Japan ne Pakistan no.

Ɔko Bere Mu Osuahu Ahorow

Wiase Ko II fii ase wɔ September 1939 mu, na October 1940 mu no, New Zealand aban baraa Yehowa Adansefo dwumadi. Wɔde yɛn nuanom Kristofo bebree kɔɔ ɔman no asennibea. Wɔde ebinom kɔɔ adwumayɛban mu, na wɔtew wɔn fii wɔn yerenom ne wɔn mma ho. Bere a ɔko no kɔɔ so no, ɛwom mpo sɛ na yɛwɔ nufukyibea de, nanso na midwen ho sɛ ebia wɔbɛfrɛ me akɔ sraadi. Afei wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔremfa akuafo mfi wɔn nsase so nkɔ sraadi bio.

Me ne Rowena kɔɔ so yɛɛ yɛn Kristofo som adwuma, na yɛn mu biara de nnɔnhwerew 60 yɛɛ asɛnka adwuma ɔsram biara. Saa bere yi mu no, minyaa hokwan boaa Adansefo nkumaa a na wɔrebɔ mmɔden akura afã biara a Kristofo nni mu no. Mikogyinae wɔ asennibea ahorow wɔ Wellington, Palmerston Kusuu fam, Pahiatua, ne Masterton maa wɔn. Mpɛn pii no na ɔsɔfo bi ka baguafo a wɔpaw asraafo no ho, na na ɛyɛ anigye sɛ mɛpa boa a wɔboa ɔko a ɛne Kristosom nhyia no ho ntama.—1 Yohane 3:10-12.

Anadwo bi a na me ne Rowena resua Ɔwɛn-Aban no, polisifo bɛhwehwɛɛ yɛn fie. Hwehwɛ a wɔhwehwɛɛ hɔ no ma wobehui sɛ Bible nhoma wɔ yɛn fie. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Eyi betumi ama moakɔda afiase.” Bere a polisifo no kɔforoo wɔn kar sɛ wɔrekɔ no, wohui sɛ na wɔn breki akam, na wɔantumi antu kar no. William Manser boae ma wosiesiee kar no, na yɛante mmarima no nka bio.

Wɔ bere a na wɔabara yɛn no mu no, na yɛde Bible nhoma sie ɔdan bi mu wɔ yɛn afuw no nhanoa. Ɔdasum no, na mekɔ New Zealand baa dwumadibea hɔ kɔfa nhoma gu me kar mu. Na afei mede ba fie de kosie yɛn baabi a atew ne ho no. Da koro anadwo, bere a miduu baa dwumadibea hɔ sɛ merekɔfa nneɛma a wɔde afa sum ase aba no, wɔsɔɔ ɛhɔ nkanea no mpofirim! Polisifo no teɛɛm sɛ: “Yɛakye wo!” Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, wogyaee me ma mekɔe a wɔantwe asɛm no ankɔ akyiri ahe biara.

Wɔ 1949 mu no, me ne Rowena tɔn afuw no, na yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ akwampae akosi sɛ yɛn sika no bɛsa. Yetu kɔtraa ofie bi mu wɔ Masterton, na yɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ Masterton Asafo no mu. Wɔ mfe abien ntam no, yɛtew Featherston Asafo no a na adawurubɔfo 24 a wɔyɛ nnam na wɔwom, na mesomee sɛ ɔhwɛfo guamtrani. Afei, wɔ 1953 mu no, minyaa hokwan kɔɔ United States kɔɔ nnawɔtwe amanaman ntam nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Yankee Stadium wɔ New York Kuropɔn mu no bi. Rowena antumi ne me ankɔ efisɛ na ehia sɛ ɔhwɛ yɛn babea, Enid, a na wayare mmubui no.

Bere a mesan baa New Zealand no, na ɛsɛ sɛ meyɛ honam fam adwuma. Yɛsan kɔɔ Masterton Asafo mu, baabi a wɔpaw me sɛ ɔhwɛfo guamtrani. Bɛyɛ saa bere yi na William Manser tɔɔ Little Theater no wɔ Masterton, na eyi bɛyɛɛ Ahenni Asa a edi kan wɔ Wairarapa. Wɔ 1950 mfe no mu no, yɛn asafo no nyaa nkɔso wɔ honhom fam, na yɛn dodow nyaa nkɔanim. Enti, sɛ ɔmansin sohwɛfo no ba a, na ɔtaa hyɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no nkuran sɛ wontu nkɔtra ɔman no afã foforo nkɔboa asɛnka adwuma no wɔ hɔ, na pii yɛɛ saa.

Yɛn abusua no kɔɔ so traa Masterton, na mfe dudu a edii hɔ no mu no, ɛnyɛ hokwan pii nko na minyae wɔ asafo no mu na mmom minyaa dwumadi ahorow wɔ ɔman ne amanaman ntam nhyiam horow ase nso. Rowena de nnamyɛ nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na ɔboaa afoforo ma wɔyɛɛ saa bere nyinaa.

Gyidi Ho Sɔhwɛ Ahorow Anogyina

Sɛnea mekaa ho asɛm mfiase no, wɔ 1985 mu no, wɔyɛɛ me mu nhwehwɛmu hui sɛ manya kokoram a enni sabea. Hwɛ sɛnea me ne me yere nokwafo, Rowena, ne yɛn mma no pɛe sɛ yɛka ɔpepem pii a wɔte ase mprempren yi a wɔrenwu da no ho! Nanso nnuruyɛfo no maa me kɔɔ fie sɛ minkowu. Nanso, nea edi kan no, wobisaa me sɛnea mibu nhwehwɛmu no.

Mibuae sɛ: “Mɛma me koma atɔ me yam, na makura m’anidaso mu.” Nokwarem no, Bible mu bɛ no bɛmaa migyinaa pintinn: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.”—Mmebusɛm 14:30.

Kokoram ho abenfo no kamfoo saa Bible mu afotu no. Wɔkae sɛ: “Kyɛfa a adwene a ɛte saa nya wɔ ayarefo a wɔyare kokoram ayaresa mu yɛ ɔha biara mu nkyekyem 90.” Wɔkamfoo kanea a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa ayaresa a wɔde bɛma me adapɛn ason nso kyerɛe. Anigyesɛm ne sɛ, awiei koraa no, mitumi ko tiaa kokoram no.

Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, asɛnkɛse bi too me. Mogya tuu me yere hoɔfɛfo nokwafo no wɔ n’amemene mu ma owui. Minyaa awerɛkyekye fii nnipa anokwafo nhwɛso ahorow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu, ne sɛnea Yehowa dii ho dwuma maa wɔn bere a wokuraa wɔn mudi mu no mu. Enti, mekɔɔ so ara kuraa anidaso a mewɔ wɔ wiase foforo mu no mu pintinn.—Romafo 15:4.

Nanso, minyaa adwenemhaw na mepɛe sɛ migyae som a mesom sɛ ɔpanyin no. Ɛhɔnom anuanom no hyɛɛ me nkuran kosii sɛ minyaa ahoɔden bio de toaa so. Ne saa nti, matumi akɔ so asom sɛ Kristoni ɔpanyin ne ɔhwɛfo mfe 57 a atwam ni.

Ahotoso a Mede Hwɛ Daakye Kwan

Som a masom Yehowa wɔ saa mfe yi nyinaa mu no ayɛ hokwan a ɛso bi nni. Hwɛ nhyira dodow a manya! Ɛte sɛ nea bere a na madi mfe 16 a metee sɛ me maame reka sɛ: “Ɛno ni; nokware no ni!” no nkyɛɛ ahe biara. Me maame kɔɔ so dii nokware, sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam kosii bere a owui wɔ 1979 mu, bere a na wadi aboro mfe 100 no. Ne babea ne ne mmabarima baasia nso bɛyɛɛ Adansefo anokwafo.

Ɔpɛ a emu yɛ den a mewɔ ne sɛ mɛtra ase ahu sɛ wɔayi ahohorabɔ nyinaa afi Yehowa din ho. So mehu me nkwa nna mu anidaso a ɛne sɛ merenwu da no? Nokwarem no, ɛno yɛ nea meda so rehwɛ kwan. Nanso, mewɔ ahotoso sɛ awiei koraa no, nnipa pii, yiw, ɔpepem pii benya saa nhyira no. Enti bere tenten a meda so te ase yi, mɛkɔ so akura anidaso a ɛne sɛ wɔbɛkan me aka wɔn a wɔrenwu da no ho.—Yohane 11:26.

[Kratafa 28 mfonini]

Me maame

[Kratafa 28 mfonini]

Me ne me yere ne me mma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena