Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwaredi Ho Sɔhwɛ Ano A Yebegyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”
    Bɛn Yehowa
  • Monhwɛ Ɔnokwafo No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/15 kr. 30

So Wokae?

So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi so wɔ mfaso ma wo? Ɛnde dɛn nti na womfa nsɛmmisa a edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ:

◻ Asuade bɛn na yebetumi anya afi Amonfo asehwe no mu? (Sefania 2:9, 10)

Yehowa mmu n’ani ngu nitan a wɔde tua n’ayamye so ka no adewa, na wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛsan ayɛ ho biribi sɛnea ɔyɛe wɔ tete mmere mu no ara pɛ. (Fa toto Dwom 2:6-12 ho.)—12/15, kratafa 10.

◻ Akwan bɛn so na Kristofo wɔ asomdwoe? Nea edi kan no, ‘wɔnam wɔn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe.’ (Romafo 5:1) Nea etia abien, wonya asomdwoe wɔ wɔn ntam denam mmɔden a wɔbɔ nya “nyansa a efi soro no,” a “nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe” no so. (Yakobo 3:17)—1/1, kratafa 11.

◻ Dɛn ne nneɛma bi a wɔde Onyankopɔn Asɛm toto ho, na ɔkwan bɛn so na eyi yɛ yɛn mmoa?

Wɔde Onyankopɔn Asɛm toto nufusu a ahoɔden wom, aduan a ɛyɛ den, nsu a emu dwo na ɛma ahotew, ahwehwɛ, ne nkrante a ano yɛ nnam ho. Nea saa nsɛm yi kyerɛ a ɔsomfo bi bɛte ase no boa ma otumi de Bible no di dwuma ahokokwaw so.—1/1, kratafa 29.

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ nhomasua a ɛkari pɛ boa yɛn ma yɛyɛ?

Ɛsɛ sɛ ɛma yetumi kenkan ade yiye, yɛkyerɛw yiye, yenya adwene ne abrabɔ mu nkɔanim, na yenya ntetee pa a ɛho hia ma da biara da asetra ne ɔsom kronn a etu mpɔn.—2/1, kratafa 10.

◻ Asuade a ɛsom bo a ɛfa nhomasua ho bɛn na yebetumi anya afi Yesu hɔ?

Ɛnsɛ sɛ yɛde nhomasua hyɛ yɛn ho anuonyam na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yi Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara, Yehowa Nyankopɔn, ayɛ. (Yohane 7:18)—2/1, kratafa 10.

◻ Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Ahenni no yɛ ɔsoro nniso a Onyankopɔn na ɔde asi hɔ a edi Onyankopɔn apɛde ho dwuma, na ebeyi bɔne ne owu ho haw no afi hɔ de trenee tebea asan aba asase so. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:15; 12:10)—2/1, kratafa 16.

◻ Ɔkwan bɛn so na Bible de nkyerɛkyerɛ a ɛho hia na ama wɔde basabasayɛ aba awiei koraa no ma?

Yehowa nam n’Asɛm Bible so kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbɛyɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe ne trenee. (Yesaia 48:17, 18) Onyankopɔn Asɛm wɔ ahoɔden a ebetumi adu obi komam na aka no ma wasakra ne nsusuwii ne ne suban. (Hebrifo 4:12)—2/15, kratafa 6.

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 no wɔ mmamu abiɛsa?

Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu a edi kan bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae wɔ 537 A.Y.B. mu no. Ɛrenya honhom fam mmamu nnɛ fi bere a woyii honhom fam Israel fii Babilon Kɛse nkoasom mu no. Na ebenya ne mmamu a ɛto so abiɛsa denam paradise tebea horow a ɛbɛba asase so ankasa a Bible de ho awerehyem ma no so. (Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 21:4, 5)—2/15, kratafa 17.

◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ani a egye nnipa ho no daa adi wɔ anwonwade ahorow a ne Ba, Yesu, yɛe no mu?

Esiane sɛ Yesu “ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ” nti, ne mmoborohunu no da sɛnea Yehowa dwen n’asomfo no mu biara ho no adi kɛse. (Yohane 5:19)—3/1, kratafa 5.

◻ Yesu asɛm “nkae ada” a ɔde dii dwuma wɔ Yohane 5:28, 29, NW no kyerɛ dɛn?

Hela Asɛmfua mne·mei’on (nkae ɔda) a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ sɛ Yehowa kae onipa a wawu no ho nsɛm, a su horow a onya fii awo mu ne ne nkae nyinaa ka ho. Eyi de adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ho sɛ ankorankoro no ma!—3/1, kratafa 6.

◻ Kɔkɔbɔ nsɛm a ɛwɔ Sefania nkɔmhyɛ mu bɛn na ɛyɛ yɛn mmoa kɛse?

Ɛnnɛ nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛma adwenem naayɛ gye ntini wɔ yɛn komam na yetu Yehowa da a ɛreba no hyɛ da wɔ yɛn adwenem. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ anibiannaso a ɛde mmerɛwyɛ ba no ho. (Sefania 1:12, 13; 3:8)—3/1, kratafa 17.

◻ Dɛn nti na nokwaredi ma Onyankopɔn yɛ den?

Efisɛ nokwaredi ne pɛsɛmenkominya su a yenya fii yɛn awofo nkyɛn no di asi. (Genesis 8:21; Romafo 7:19) Wɔ ɔkwan a ɛsen biara so no, Satan ne n’adaemone no asi wɔn bo sɛ wɔbɛma yɛatwa Onyankopɔn nkontompo. (Efesofo 6:12; 1 Petro 5:8)—3/15, kratafa 10.

◻ Nneɛma anan bɛn mu na ɛsɛ sɛ yegyina nokwaredi ho sɔhwɛ ano, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ saa?

Nneɛma anan no ne nokware a yebedi Yehowa, n’ahyehyɛde no, asafo no, ne yɛn aware mu ahokafo. Mmoa biako a ɛbɛma yɛadi nsɛnnennen yi ho dwuma ne hu a yebehu sɛ nokwaredi ho sɔhwɛ ano a yebegyina ne Yehowa tumidi a yebebu no bem wɔ abusuabɔ.—3/15, kratafa 20.

◻ Asuade bɛn na yebetumi anya afi Dawid suahu a ɛne sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde apam adaka no bɛsan aba Yerusalem no mu? (2 Samuel 6:2-7)

Dawid buu n’ani guu akwankyerɛ a Yehowa de mae wɔ Adaka no soa ho no so, na eyi de asiane bae. Asuade no ne sɛ ɛnsɛ sɛ yenunu Yehowa wɔ ɔhaw a efi yɛn ani a yebu gu n’akwankyerɛ a emu da hɔ pefee so mu ba no ho. (Mmebusɛm 19:3)—4/1, nkratafa 28, 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena