Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/1 kr. 30
  • Onyankopɔn Asɛm mu Tumi a Ɛsakra Nnipa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm mu Tumi a Ɛsakra Nnipa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bible Mu Nokware ‘Wɔ Tumi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/1 kr. 30

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Onyankopɔn Asɛm mu Tumi a Ɛsakra Nnipa

SƐNEA n’ankasa gye toom no, na ɔyɛ “mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo.” (1 Timoteo 1:13) Nanso ɔsakrae! Ná ɔsomafo Paulo nsakrae no yɛ kɛse araa ma otumi kae akyiri yi sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.”—1 Korintofo 11:1.

Ɛnnɛ, asomfo anokwafo ɔpehaha pii reyɛ nsakrae a ɛte saa ara wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ɛma wɔyɛ saa? Wɔrenya Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ, na wɔde redi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Osuahu a edi so yi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ɛsakra nnipa no mu.

Wɔ Slovenia no, na awarefo baanu bi a wɔn mfe akɔ anim te akuraa bi kurotia. Ná okunu no a wɔfrɛ no Jože no adi bɛyɛ mfe 60, na na ɔwɔ asanom ho haw a emu yɛ den. Nanso, ɔhwɛɛ ne yere Ljudmila a na ɔyare no. Da bi, Ahenni adawurubɔfo baanu kɔɔ Jože hɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ Adansefo no baa ne fie, baabi a wohyiaa ne yere no. Bere a Ljudmila tee Ahenni asɛm no, nusu guu no. Jože nso ani gyee nea ɔtee no ho, na obisaa nsɛm pii. Bere a Adansefo no maa awarefo no nhoma akyi no, wofii hɔ kɔe.

Ɔsram biako akyi no, Adansefo no tumi san bae, na wohui sɛ Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma no da ɔpon so. Bere a wobisaa wɔn baabi a wonya fii no, Jože kae sɛ: “Mihuu ɛho amanneɛbɔ wɔ nsɛmma nhoma no a mode maa me no akyi. Enti mekyerɛw mo dwumadibea a ɛwɔ Zagreb no bisaa nhoma no bi.” Bere a wosusuw n’anigye ho no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra Kristo wu Nkaedi a na wɔrebɛyɛ wɔ Ahenni Asa so no bi. Ɔbae ma Adansefo no ani gyei!

Ankyɛ na wofii Bible adesua ase, na onyaa nkɔso pa. Sɛ nhwɛso no, bere a wofi Bible mu kyerɛɛ Jože sɛ “nyɛ ohoni bi anaa . . . nkotow wɔn, na nsom wɔn” no, ɔyɛɛ ntɛm boaboaa nyamesom mu ahoni a na ɛwɔ ne fie, a na mfonini ka ho nyinaa ano kɔtow gui.—Exodus 20:4, 5.

Wokum Jože honhom fam nokware ho sukɔm no. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, na sukɔm foforo de no. Bɛyɛ mfe 18 no, na ɔnom nsa lita 10 da biara. Esiane n’asanom no nti, na onnye bere nsiesie ne ho yiye. Nanso bere a osuaa Onyankopɔn adwene wɔ asabow ho no, osii ne bo sɛ ɔbɛsakra.

Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi n’asanom ho haw no so nkakrankakra, na ɔyɛɛ dodow a ɔnom da biara da ho kyerɛwtohɔ. Ankyɛ na ogyaee asanom koraa. Bere a ɔresua Bible no, osuae nso sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ankasa di wɔn ho ni. Enti, ɔmaa Ɔdansefo no sika kae sɛ: “Kɔtɔ ntade biara a mihia a ɛbɛma mafata wɔ Kristofo nhyiam ase ne asɛnka mu brɛ me!” Ɔdansefo no san bae a na okura atade nhyɛase, sɔks, mpaboa, ntade soro, atade soro ne fam, abɔkɔn, ne bag.

Bere a Jože ne Ljudmila suaa Bible no afe biako akyi no, wɔfatae sɛ wɔbɛka Adansefo no ho wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu. Asram abiɛsa akyi no, wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi ase. Ɛmfa ho sɛ na Jože mfe akɔ anim na onni akwahosan pa no, ɔde ne ho hyɛɛ asɛmpa no ka mu daa, na akyiri yi, ɔde nokwaredi som sɛ asafo mu somfo wɔ asafo no mu kosii sɛ owui May, 1995 mu. Aba pa a ɔbarima hobrɛasefo yi ne ne yere sowee wɔ asetra mu no di Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ɛsakra nnipa no ho adanse!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena