Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Botae No Ho A Yɛbɛpere Adu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Filipifo 4:13—“Ahoɔden a Kristo De Ma Me No Nti Mitumi Gyina Tebea Biara Ano”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Mompere Nnu Botae No Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nhwɛ “Nneɛma A Ɛwɔ Akyi” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/1 kr. 31

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ ‘ɔma ne werɛ fi akyiri de’ no, na dɛn na ɔrepɛ akyerɛ? (Filipifo 3:13) So obi betumi aboapa ma ne werɛ afi biribi?

Dabi, mpɛn pii no, yentumi mmoapa nyi biribi a yɛkae mfi yɛn adwene mu. Nokwasɛm no ne sɛ, yɛn werɛ fi nsɛm pii a yɛpɛ sɛ yɛkae, na yɛkae nneɛma pii a ɛnkyɛ na yɛn werɛ afi. Ɛnde, dɛn na na Paulo rekyerɛ bere a ɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ Filipifo 3:13 no? Asɛm a ɛka ho no boa yɛn ma yɛte ase.

Wɔ Filipifo ti 3 mu no, Paulo ka ‘ɔhonam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so’ ho asɛm. Paulo ka Yudani a ɔyɛ ne Mmara no ho mmɔden a ɔbɔ ho asɛm—nneɛma a anka ebetumi ama wanya mfaso pii wɔ Israel man no mu. (Filipifo 3:4-6; Asomafo no Nnwuma 22:3-5) Nanso, ɔpow mfaso a ɛte saa nyinaa, na obuu no adehwere, sɛnea yɛbɛka no no. Dɛn ntia? Efisɛ na wanya biribi a ɛkyɛn so—“Kristo Yesu hu a ɛkyɛn so no.”—Filipifo 3:7, 8.

Ná ɛnyɛ Paulo botae titiriw ne sɛ obenya wiase yi mu dibea bi, na mmom sɛ ‘obenya awufo sɔre a edi kan no.’ (Filipifo 3:11, 12) Enti, ɔkyerɛw sɛ: “Mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de. Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.” (Filipifo 3:13, 14) Bere a Paulo kae sɛ ‘ɔma ne werɛ fi akyiri de’ no, na ɔnkyerɛ sɛ wapopa “akyiri de” no afi n’adwene mu ɔkwan bi so. Ɛda adi sɛ, na ɔda so ara kae efisɛ na ɔkyerɛwee nkyɛe. Nea ɛka ho ne sɛ, wɔ Hela mfitiase kasa mu no, ɔde adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ dwumadi bi gu so, ɛmmaa awiei, na edi dwuma. Ɔka sɛ “me werɛ fi,” ɛnyɛ ‘me werɛ afi.’

Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “werɛ fi” (e·pi·lan·thaʹno·mai) no asekyerɛ gu ahorow, a emu biako ne sɛ “biribi mfa obi ho,” anaa “obi bebu n’ani agu biribi so.” Sɛnea Exegetical Dictionary of the New Testament (a Horst Balz ne Gerhard Schneider yɛe) kyerɛ no, eyi ne nea “werɛ fi” kyerɛ wɔ Filipifo 3:13. Ná Paulo nnwennwen nneɛma a wagyaw no akyiri no ho daa. Ná wasua sɛ ommu no ahiade biara. Sɛ ɔde toto ɔsoro anidaso ho a, na ɛte sɛ sumina so ade.—Filipifo 3:8.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Paulo nsɛm no adi dwuma nnɛ? Wiɛ, te sɛ Paulo no, ebia na Kristoni bi de nneɛma abɔ afɔre na ɔresom Onyankopɔn. Ebia na wagyae adwuma bi a mfaso kɛse wom abɛyɛ bere nyinaa som adwuma. Anaasɛ ebia ofi abusua bi a wodi yiye mu, nanso wɔmmoa no sika fam bio, esiane sɛ wɔmpɛ nokware no nti. Afɔrebɔ a ɛtete saa no fata nkamfo, nanso ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yedwen ho daa. Kristoni “werɛ fi akyiri de,” ogyae sɛ obedwen ho, esiane daakye pa a ɛwɔ hɔ ma no nti.—Luka 9:62.

Yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Paulo nsɛm no mu no adi dwuma ɔkwan foforo so. Na Kristoni a ɔde ne ho hyɛɛ ɔbra bɔne mu ansa na ɔresua Onyankopɔn ho ade nso ɛ? (Kolosefo 3:5-7) Anaa fa no sɛ obi bɛyɛɛ Kristoni akyi no, ɔyɛɛ bɔne bi a anibere kɛse wom ma asafo no teɛɛ no so. (2 Korintofo 7:8-13; Yakobo 5:15-20) Sɛ wanu ne ho nokwarem asesã n’akwan a, ‘wɔatew ne ho.’ (1 Korintofo 6:9-11) Nea esii no atwam. Ne werɛ rentumi mfi nea ɔyɛe no ankasa—nokwarem no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ obesua biribi afi nea esii no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrensan nyɛ bɔne no bio. Nanso, ne “werɛ fi” wɔ ntease a ɛne sɛ ommu ne ho fɔ daa no mu. (Fa toto Yesaia 65:17 ho.) Bere a wɔnam Kristo afɔrebɔ no so de afiri no no, ɔbɔ mmɔden sɛ ne werɛ befi nea ɔyɛe no.

Wɔ Filipifo 3:13, 14 no, Paulo ka ne ho asɛm sɛ obi a ɔretu mmirika, na ‘ɔtwe ne mu’ sɛ obedu botae no ho. Mmirikatufo hwɛ n’anim, ɛnyɛ n’akyi. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ nhyira a ɛwɔ n’anim no, ɛnyɛ nneɛma a wagyaw no akyiri no. Paulo ka nso sɛ: “Sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, ɛno nso Onyankopɔn beyi adi akyerɛ mo.” (Filipifo 3:15) Enti, bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wo na nya saa adwene yi. Fa Onyankopɔn nsɛm a yehu wɔ Bible mu no hyɛ w’adwene mu. (Filipifo 4:6-9) Susuw ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wo, ne ne nhyira a esiane ɛno nti wunya no ho. (1 Yohane 4:9, 10, 17-19) Afei, Yehowa nam honhom kronkron no so bɛboa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wunnwennwen nea woagyaw no akyiri no ho. Mmom, te sɛ Paulo no, wobɛhwɛ daakye pa a ɛda yɛn anim no kwan.—Filipifo 3:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena