Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 8
  • “Wo Mmara Nsɛm Nyinaa Yɛ Nokware”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wo Mmara Nsɛm Nyinaa Yɛ Nokware”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wɔakyerɛw Ama Yɛn Nkyerɛkyerɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Kenkan Onyankopɔn Asɛm No na Som No Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Di Ahemfo No Nhwɛso Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Wo Mmara Nsɛm Nyinaa Yɛ Nokware”

BERE tiaa bi ansa na Mose rewu no, otuu Israelfo fo sɛ wonni Yehowa mmara nsɛm nyinaa so. Ɔkae sɛ: “Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so. Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa.”—Deuteronomium 32:46, 47.

Mfehaha pii akyi no, odwontofo no sii hia a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa hia so dua bere a ɔkae sɛ: “Awurade, wo nso wobɛn, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware” no. (Dwom 119:151) Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yesu ankasa twee adwene sii bo a “asɛm biara a efi Onyankopɔn anom” som so. (Mateo 4:4) Na wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ “kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye.”—2 Timoteo 3:16.

Ɛda adi pefee, Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan sɛ n’asomfo besusuw nsɛm a ɔde ama yɛn wɔ n’Asɛm mu no ho anibere so. Bible no mu nkyekyem biara nni hɔ a ɛnsom bo. Saa na Yehowa Adansefo te nka wɔ Onyankopɔn Asɛm ho, sɛnea osuahu a edi so a efi Mauritius yi yɛ ho mfatoho no.

Ná Owura D——te akuraa bi a atew ne ho mu, beae a na ɔyɛ ɔwɛmfo anadwo no. Bere tenten pii na ofi koma pa mu hwehwɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som Onyankopɔn. Ofii ase sɛ ɔrekenkan Bible no anadwo bere a ɔrewɛn no. Awiei koraa no, ɔkenkan ne nyinaa wiei. Ohui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa—edin a epue mpɛn pii wɔ ne Hindi Bible mu no. Obehui sɛ Adiyisɛm nhoma no kanyan anigye titiriw.

Afei obisaa ne ho sɛ ebia ɔsom bi wɔ hɔ a edi Bible mũ no nyinaa akyi anaa. Ohui sɛ na ɔsom ahorow a onim no ayɛ bi ara ne sɛ edi Bible no fã bi akyi kɛkɛ. Ɔsom ahorow bi wɔ hɔ a, na egye Hebri Kyerɛwnsɛm no tom na ɛpow Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Ná ɔsom afoforo nso pow Hebri Kyerɛwnsɛm no, na wobu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no sɛ ɛno nkutoo na ɛho wɔ mfaso.

Da bi Owura D——huu awarefo bi sɛ nsu rehwe wɔn na ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛpɛ hintabea wɔ ne fie. Ná wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ná ɔbaa no kura Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!a nhoma no. Ntɛm ara na Owura D——kyerɛɛ wɔn sɛ ɔpɛ nhoma no. Adansefo no susuwii sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm no ho nsɛm no mu dɔ dodo ma no, enti wɔmaa no nhoma foforo mmom. Nanso Owura D——kae sɛ Adiyisɛm nhoma no ara na ɔpɛ.

Bere a onyaa ne de no, ɔkenkan nhoma no ntɛmntɛm. Afei ɔpenee so ne Yehowa Adansefo yɛɛ Bible adesua. Ankyɛ na n’ani begyee nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Adansefo no kyerɛ obu kɛse ma Bible mũ no nyinaa ho. Ofii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so, beae a wɔtɔ wɔn bo ase sua Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa a wɔntotom. Seesei ɔyɛ Ahenni ɔdawurubɔfo ne Kristofo asafo no muni a wɔabɔ no asu.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena