‘Asɔrefie Ma Amanaman Nyinaa’
“Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa?”—MARKO 11:17.
1. Abusuabɔ bɛn na Adam ne Hawa ne Onyankopɔn nyae mfiase no?
BERE a wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, wɔne wɔn soro Agya no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Yehowa Nyankopɔn ne wɔn dii nkitaho, na ɔkyerɛɛ atirimpɔw a ɛyɛ anigye a ɔwɔ ma adesamma abusua no. Akyinnye biara nni ho sɛ na biribi taa kanyan wɔn prɛko pɛ ma woyi Yehowa ayɛ wɔ n’adebɔ nnwuma akɛseakɛse no ho. Sɛ na Adam ne Hawa hia akwankyerɛ bere a wɔredwennwen ɔfã a wobenya sɛ adesamma abusua a ɛbɛba daakye no agya ne ɛna no ho a, na wobetumi afi wɔn Paradise fie no mu baabiara abɛn Onyankopɔn. Na wonhia ɔsɔfo bi a ɔwɔ asɔrefie bi mu mmoa.—Genesis 1:28.
2. Nsakrae bɛn na ɛbae bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no?
2 Tebea no sesae bere a ɔbɔfo tuatewfo bi daadaa Hawa ma osusuwii sɛ sɛ ɔpow Yehowa tumidi a, ebesi no yiye wɔ asetra mu, na ɔkae sɛ ɔbɛyɛ “sɛ Onyankopɔn.” Nea ɛbae ne sɛ Hawa dii dua a Onyankopɔn se wɔmmfa wɔn nsa nnka no aba. Afei Satan nam Hawa so sɔɔ ne kunu hwɛe. Awerɛhosɛm ne sɛ Adam tiee ne yere bɔnefo no de kyerɛe sɛ ɔne ne ntam abusuabɔ no som bo ma no sen ɔne Onyankopɔn de no. (Genesis 3:4-7) Adam ne Hawa nam saa a wɔyɛe so paw Satan sɛ wɔn nyame.—Fa toto 2 Korintofo 4:4 ho.
3. Ade a enye bɛn na Adam ne Hawa atuatew no de bae?
3 Saayɛ so no, ɛnyɛ nnipa baanu a wodi kan no ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛsom bo no nko na wɔhweree, na mmom hokwan a na ɛwɔ hɔ sɛ anka wɔbɛtra asase so paradise daa no nso. (Genesis 2:16, 17) Awiei koraa no, wɔn nipadua a akɔ bɔne mu no sɛee araa kosii sɛ wowui. Wɔde saa bɔne tebea yi woo wɔn mma. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”—Romafo 5:12.
4. Anidaso bɛn na Onyankopɔn de maa adesamma abɔnefo?
4 Na biribi ho hia na wɔde apata adesamma abɔnefo ne wɔn Bɔfo kronkron no abom. Bere a Onyankopɔn rebu Adam ne Hawa atɛn no, ɔmaa wɔn asefo a wɔbɛba daakye no anidaso denam ‘aseni’ bi a ɔhyɛɛ ne ho bɔ sɛ obegye adesamma afi nea Satan atuatew no de aba mu no so. (Genesis 3:15) Akyiri yi, Onyankopɔn daa no adi sɛ Aseni a ɔde nhyira bɛba no nam Abraham so na ɛbɛba. (Genesis 22:18) Bere a saa atirimpɔw a ɔdɔ wom yi wɔ Onyankopɔn adwene mu no, oyii Abraham asefo, Israelfo no sɛ wɔmmɛyɛ ne man a wapaw wɔn.
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Mmara apam a Onyankopɔn ne Israel yɛe no mu nsɛm ho hia yɛn?
5 Wɔ 1513 A.Y.B. mu no, Israelfo no nam apam so ne Onyankopɔn bɛbɔɔ abusua, na wɔpenee so sɛ wobedi ne mmara so. Ɛsɛ sɛ saa Mmara apam no ho hia kɛse ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nnɛ nyinaa efisɛ ɛtwee adwene sii Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no so. Paulo kae sɛ ekura “nnepa a ɛbɛba no sunsuma.” (Hebrifo 10:1) Bere a Paulo kaa saa asɛm yi no, na ɔreka ɔsom adwuma a na Israel asɔfo yɛ wɔ ntamadan, anaa ahyiae ntamadan a na wotumi tutu no mu no ho asɛm. Na wɔfrɛ no “Awurade asɔredan” anaa ‘Yehowa fie.’ (1 Samuel 1:9, 24) Sɛ yesusuw ɔsom kronn a ɛkɔɔ so wɔ Yehowa asase so fie hɔ no ho a, yebetumi anya nsiesiei a mmɔborohunu wom a ɛnnɛ wɔnam so betumi apata nnipa abɔnefo ne Onyankopɔn abom no ho anisɔ kɛse.
Kronkron Mu Kronkronbea No
6. Dɛn na wɔde sii Kronkron mu Kronkronbea hɔ, na dɛn na ɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ?
6 Bible ka sɛ: “Nea ɔwɔ sorosoro no nte nea wɔde nsa ayeyɛ mu.” (Asomafo no Nnwuma 7:48) Nanso, ade a ɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn wɔ n’asase so fie hɔ ne amununkum bi a na ɛwɔ dan a ɛhyɛ akyi paa a na wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkronbea no. (Leviticus 16:2) Ɛda adi sɛ saa amununkum yi hyerɛnee kɛse, maa hann baa Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Na ɛwɔ adaka kronkron bi a wɔfrɛ no “Adanse adaka,” a na abopon bi a wɔakyerɛw ahyɛde a Onyankopɔn de maa Israel no bi wɔ so wom no atifi. Na sika kerubim abien a wɔatrɛw wɔn ntaban mu, a wɔyɛ honhom abɔde a wɔwɔ dibea kɛse wɔ Onyankopɔn soro ahyehyɛde no mu ho mfonini, wɔ Adaka no mmuaso so. Na anwonwakwan so amununkum a ɛma hann no wɔ mmuaso no atifi wɔ kerubim no ntam. (Exodus 25:22) Na eyi yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔte ɔsoro teaseɛnam bi a esi kerubim ateasefo so no ho mfonini. (1 Beresosɛm 28:18) Ɛma yehu nea enti a Ɔhene Hesekia bɔɔ mpae saa kwan yi so no: “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so.”—Yesaia 37:16.
Kronkronbea No
7. Nneɛma bɛn na na ɛwɔ Kronkronbea hɔ?
7 Na wɔfrɛ ntamadan no mu dan a ɛto so abien no Kronkronbea. Sɛ wuwura fã yi mu a, na kaneadua fɛfɛ bi a ɛwɔ nsa ason si benkum, na na kyerɛ abodoo gu ɔpon so si nifa so. Sɛ wohwɛ ntentenso a, na afɔremuka a wɔhyew so aduhuam ma ne hua no kɔ soro, si hɔ. Na esi mmɔhɔɔ bi a etwa Kronkronbea no ne Kronkron mu Kronkronbea no ntam no anim.
8. Nnwuma bɛn na na asɔfo yɛ daa wɔ Kronkronbea hɔ?
8 Anɔpa ne anwummere biara na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo bi kɔ ntamadan no mu kɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so. (Exodus 30:7, 8) Edu anɔpa a, na ɛsɛ sɛ wɔde ngo gu akanea ason a esisi akaneadua no so no mu bere a wɔrehyew aduhuam no. Edu anwummere a, na wɔsɔ akanea no ma ɛhyerɛn Kronkronbea hɔ. Homeda biara na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo bi de abodoo 12 a wɔayɛ no foforo gu kyerɛ abodoo pon no so.—Leviticus 24:4-8.
Adiwo No
9. Na asankasɔn mu nsu no atirimpɔw ne dɛn, na asuade bɛn na yebetumi anya afi eyi mu?
9 Na ntamadan no wɔ adiwo bi nso a wɔde ntama agye ho. Na asankasɔn kɛse a asɔfo no hohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho wom ansa na wɔakɔ Kronkronbea hɔ no si adiwo hɔ. Na ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho nso ansa na wɔabɔ afɔre wɔ afɔremuka a esi adiwo hɔ no so. (Exodus 30:18-21) Saa ahotew ho ahwehwɛde yi yɛ nkae a emu yɛ den ma Onyankopɔn asomfo nnɛ sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔn som sɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ma wɔn ho tew wɔ ɔhonam, abrabɔ, adwene, ne honhom mu. (2 Korintofo 7:1) Bere kɔɔ so no, asɔrefie nkoa a na wɔnyɛ Israelfo na na wotwa nnua a wɔde sɔ afɔremuka no so gya, kɔ nsu a wɔde gu asankasɔn no mu no.—Yosua 9:27.
10. Dɛn ne nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no so no bi?
10 Anɔpa ne anwummere biara, na wɔhyew odwennini kumaa biako de bɔ afɔre wɔ afɔremuka no so de aduan afɔre ne ahwiesa ka ho. (Exodus 29:38-41) Na wɔbɔ afɔre afoforo wɔ mmere titiriw nso. Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre esiane bɔne pɔtee bi a obi ayɛ nti. (Leviticus 5:5, 6) Ɛtɔ mmere bi nso a na Israelni bi tumi fi ne pɛ mu de asomdwoe afɔre ma, a na asɔfo no ne nea ɔrebɔ afɔre no di bi. Na eyi yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ nnipa abɔnefo betumi ne Onyankopɔn anya asomdwoe, na sɛnea yɛbɛka no no, wɔne no adidi. Na ɔhɔho a ɔbɛsoɛ hɔ mpo betumi abɛsom Yehowa na wanya hokwan afi ne pɛ mu de afɔrebɔde akɔma wɔ Ne fie hɔ. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔde nidi a ɛsɛ ama Yehowa no, na ɛsɛ sɛ asɔfo no gye afɔrebɔde a edi mũ nkutoo. Na ɛsɛ sɛ esiam a wɔde bɔ aduan afɔre no yɛ nea wɔayam no muhumuhu, na na ɛsɛ sɛ mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no yɛ nea dɛmdi biara nni wɔn ho.—Leviticus 2:1; 22:18-20; Malaki 1:6-8.
11. (a) Dɛn na wɔde mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔre no mogya yɛe, na eyi yɛɛ dɛn ho mfonini? (b) Onyankopɔn bu nnipa ne mmoa nyinaa mogya dɛn?
11 Na wɔde saa afɔrebɔde ahorow yi mogya ba afɔremuka no anim. Na eyi yɛ ade a ɛkae ɔman no da biara da sɛ wɔyɛ abɔnefo a wohia ogyefo a ne mogya a obehwie agu no betumi apata wɔn bɔne korakora na agye wɔn afi owu mu. (Romafo 7:24, 25; Galatifo 3:24; fa toto Hebrifo 10:3 ho.) Saa dwuma kronkron a wɔde mogya dii yi kaee Israelfo no bio sɛ mogya gyina hɔ ma nkwa, ɛne sɛ nkwa yɛ Onyankopɔn dea. Onyankopɔn abara biribi foforo biara a nnipa de mogya bɛyɛ no bere nyinaa.—Genesis 9:4; Leviticus 17:10-12; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Mpata Da No
12, 13. (a) Na dɛn ne Mpata Da no? (b) Ansa na ɔsɔfo panyin no betumi de mogya akɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ no, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
12 Pɛnkoro wɔ afe biara mu, sɛ edu nea wɔfrɛ no Mpata Da no a, na ɛsɛ sɛ Israel man no nyinaa, a ahɔho a wɔabɛsoɛ hɔ a na wɔsom Yehowa ka ho, no kwati adwuma biara na wodi mmuada. (Leviticus 16:29, 30) Sɛ edu saa da titiriw yi a, na wɔpopa ɔman no bɔne wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ a asomdwoe wom afe biako aka ho. Momma yɛmfa yɛn adwene nyɛ tebea no ho mfonini, na yensusuw nsɛntitiriw no bi ho.
13 Ɔsɔfo panyin no wɔ ntamadan no adiwo hɔ. Bere a ɔde asankasɔn no mu nsu ahohoro ne ho awie no, okum nantwinini a wɔde no bɛbɔ afɔre no. Ohwie nantwinini no mogya gu sɛn bi mu; ɔde bedi dwuma titiriw bi de apata Lewi asɔfokuw abusua no bɔne. (Leviticus 16:4, 6, 11) Nanso ansa na wɔbɛyɛ afɔrebɔde no ho biribi foforo biara no, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no yɛ. Ɔfa aduhuam a ebia ɔde gu atere so ne afɔremuka no mu nnyansramma a adɔ gu gyasɔ ade mu. Afei owura Kronkronbea hɔ, na ɔkɔ Kronkron mu Kronkronbea mmɔhɔɔ no ho. Ɔyɛ bɔkɔɔ fa mmɔhɔɔ no akyi kogyina apam adaka no anim. Ɛno akyi no, bere a onipa foforo biara nhu no no, ohwie aduhuam gu nnyansramma no so, na ɛma wusiw huamhuam yɛ Kronkron mu Kronkronbea hɔ ma.—Leviticus 16:12, 13.
14. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no de mmoa abien mogya kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ?
14 Afei de Onyankopɔn nya ɔpɛ sɛ obehu mmɔbɔ, na wagye mpatade no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Eyi nti na na wɔfrɛ Adaka no mmuaso no “mmɔborohunu agua” anaa “mpata mmuaso.” (Hebrifo 9:5, NW ase hɔ asɛm.) Ɔsɔfo panyin no pue fi Kronkron mu Kronkronbea hɔ, na ɔfa nantwinini no mogya san wura Kronkron mu Kronkronbea hɔ bio. Sɛnea wɔahyɛ wɔ Mmara no mu no, ɔde ne nsatea bɔ mogya no mu de petepete Adaka no mmuaso anim mpɛn ason. (Leviticus 16:14) Ɛno akyi no, ɔsan kɔ adiwo hɔ kokum ɔpapo, a ɛyɛ bɔne ho afɔre ma “ɔman” no. Ɔde ɔpapo no mogya no bi kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ, na ɔyɛ no sɛnea ɔyɛɛ nantwinini no mogya no ara pɛ. (Leviticus 16:15) Na ɔsom dwumadi foforo a ɛho hia nso kɔ so wɔ Mpata Da no. Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no de ne nsa gu ɔpapo foforo atifi, na ɔka “Israelfo no mfomso” gu ne so. Afei, na wɔde ɔpapo anikan yi kɔ sare so sɛ ɔnsoa ɔman no bɔne nkɔ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Saa kwan yi so na wɔpata maa “asɔfo no ne ɔman asafo mũ no nyinaa” afe biara.—Leviticus 16:16, 21, 22, 33.
15. (a) Ɔkwan bɛn so na na Salomo asɔrefie no ne ntamadan no sɛ? (b) Dɛn na Hebrifo nhoma no ka wɔ ɔsom kronn a ɛkɔɔ so wɔ ntamadan no ne asɔrefie no mu ho?
15 Wɔ mfe 486 a edi kan wɔ Israelfo abakɔsɛm mu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam mu no, ntamadan a na wotumi tutu no na ɛyɛɛ beae a na wɔsom wɔn Nyankopɔn, Yehowa. Ɛno akyi no, wɔmaa Salomo a ofi Israel hokwan sɛ onsi ɔdan ankasa. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔrefie yi kɛse na wɔde nneɛma pii ba mu de, nanso na sɛnea Onyankopɔn kyerɛe sɛ wonsi no no te sɛ ntamadan no pɛpɛɛpɛ. Te sɛ ntamadan no, na egyina hɔ ma ɔsom mu nsiesiei a ɛkorɔn na etu mpɔn kɛse a Yehowa, “na ɛnyɛ onipa,” na ɔde besi hɔ.—Hebrifo 8:2, 5; 9:9, 11.
Asɔrefie a Edi Kan ne Nea Ɛto so Abien No
16. (a) Dɛn na Salomo fi ɔdɔ mu srɛe bere a na ɔrehyira asɔrefie no so no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ watie Salomo mpaebɔ no?
16 Bere a Salomo rehyira saa asɔrefie fɛfɛ no so no, ɔde abisade a efi honhom mu yi kaa ho sɛ: “Ɔhɔho a omfi wo man Israel mu a ofi akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛse . . . nti no, sɛ wɔba bɛbɔ mpae ɔdan yi mu a, ɛnde wo ara tie ɔsoro, wo trabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no sũ frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ofi a masi yi.” (2 Beresosɛm 6:32, 33) Onyankopɔn kyerɛe pefee sɛ otiee Salomo dan so hyira mpaebɔ no. Ogyaframa fi soro bɛhyew mmoa a wɔde wɔn rebɔ afɔre wɔ afɔremuka no so no, na Yehowa anuonyam hyɛɛ asɔrefie hɔ ma.—2 Beresosɛm 7:1-3.
17. Dɛn na awiei koraa ɛbaa asɔrefie a Salomo sii no so, na dɛn ntia?
17 Awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo no hweree osuro pa a na wɔwɔ ma Yehowa no. Bere kɔɔ so no, wohuraa ne din kɛse no ho denam mogyahwiegu, abosonsom, awaresɛe, abusuafo a wɔne wɔn da a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu, ne ayisaa, akunafo, ne ahɔho a wodii wɔn ani so. (Hesekiel 22:2, 3, 7, 11, 12, 26, 29) Enti, wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Onyankopɔn de atemmu baa wɔn so denam Babilon asraafo a ɔma wɔbɛsɛee asɔrefie no so. Wɔfaa Israelfo a wonyaa wɔn ti didii mu no nnommum de wɔn kɔɔ Babilon.
18. Wɔ asɔrefie a ɛto so abien no mu no, hokwan ahorow bɛn na ebue maa mmarima bi a wɔnyɛ Israelfo a wofi koma nyinaa mu boaa Yehowa som no?
18 Mfe 70 akyi no, Yudafo nkaefo a wɔakyerɛ ahonu san kɔɔ Yerusalem, na wɔmaa wɔn hokwan ma wosii Yehowa asɔrefie no bio. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, na asɔfo ne Lewifo a wɔbɛsom wɔ asɔrefie a ɛto so abien yi mu no ho ayɛ na. Ne saa nti wɔmaa Netinimfo, a na wɔyɛ asɔrefie nkoa a wɔnyɛ Israelfo no asefo, hokwan pii sɛ Onyankopɔn fie asomfo. Nanso, wɔne asɔfo ne Lewifo no anyɛ pɛ da.—Esra 7:24; 8:17, 20.
19. Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛe wɔ asɔrefie a ɛto so abien no ho, na ɔkwan bɛn so na saa nsɛm yi baam?
19 Mfiase no, na ɛte sɛ nea wontumi mfa asɔrefie a ɛto so abien no ntoto kan de no ho koraa. (Hagai 2:3) Nanso Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma . . . Ɔsõ na ɔdan yi anuonyam bɛsõ, akyiri de no bɛsen kan de no.” (Hagai 2:7, 9) Nsɛm yi baam pɛpɛɛpɛ maa asɔrefie a ɛto so abien no benyaa anuonyam a ɛsõ sen kan de no ampa. Ɛtraa hɔ kyɛ sen kan de no mfe 164, na asomfo a wɔdɔɔso a wofi nsase pii so baa n’adiwo hɔ sen kan de no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:5-11 ho.) Wofii ase siesiee asɔrefie a ɛto so abien no wɔ Ɔhene Herode bere so, na wɔtrɛw n’adiwo no mu. Na wɔama so asi ɔbotan kɛse bi so ma abrannaa ahorow a ɛyɛ fɛ atwa ho ahyia, na na n’anuonyam ne kan de a Salomo sii no bɔ so. Na ɛwɔ adiwo kɛse bi nso wɔ abɔnten ma amanaman mufo a na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no. Na wɔde abo ɔfasu bi atwa saa Amanaman mufo Abangua yi ne adiwo a ɛhyɛ mfinimfini a na Israelfo nkutoo na wɔkɔ hɔ no ntam.
20. (a) Ɛdɛn na ɛdaa nsow kɛse wɔ asɔrefie a wɔsan sii no ho? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yudafo no annya asɔrefie no ho adwempa, na dɛn na Yesu yɛe wɔ eyi ho?
20 Ade a ɛda nsow kɛse wɔ saa asɔrefie a ɛto so abien yi ho ne Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, a ɔkyerɛkyerɛe wɔ n’adiwo hɔ no. Nanso sɛnea na ɛte wɔ asɔrefie a edi kan no ho no, Yudafo dodow no ara annya hokwan a na wɔwɔ sɛ Onyankopɔn fie so ahwɛfo no ho adwempa. Hwɛ, wɔmaa adetɔnfo dii gua mpo wɔ Amanaman mufo adiwo hɔ. Bio nso, wɔmaa kwan ma ebinom a wɔsõ nneɛma nenam Yerusalem de asɔrefie hɔ yɛɛ bomkwan. Nnanan ansa na Yesu rewu no, okoyii wiase nneyɛe a ɛtete saa fii asɔrefie no mu de tew hɔ, na ɔkɔɔ so kae sɛ: “Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.”—Marko 11:15-17.
Onyankopɔn Gyaw N’asase so Fie no Daa Daa
21. Dɛn na Yesu kae wɔ Yerusalem asɔrefie no ho?
21 Esiane sɛ Yesu de akokoduru gyinaa Onyankopɔn som kronn akyi nti, Yudafo nyamesom akannifo no sii wɔn bo sɛ wobekum no. (Marko 11:18) Bere a na Yesu nim sɛ ɛnkyɛ wobekum no no, ɔka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo no sɛ: “Wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Mateo 23:37, 38) Ɔnam saa kwan no so daa no adi sɛ ɛnkyɛ Onyankopɔn rennye ɔsom a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem asɔrefie a ɛyɛ biribi nsusuwso no ntom bio. Na ɛrenyɛ ‘asɔrefie mma amanaman nyinaa’ bio. Bere a Yesu asuafo no daa no adi kyerɛɛ no sɛ asɔredan no yɛ fɛ no, ɔkae sɛ: ‘Munhu eyinom nyinaa?. . . Wɔrennyaw ɔbo ɔbo so ɛha a wɔrennwiriw ngu fam.’—Mateo 24:1, 2.
22. (a) Ɔkwan bɛn so na nsɛm a Yesu ka faa asɔrefie no ho no nyaa mmamu? (b) Sɛ anka wɔde wɔn ani bɛto asase so kurow bi so no, dɛn na tete Kristofo hwehwɛe?
22 Yesu nkɔmhyɛ no nyaa mmamu mfe 37 akyi wɔ afe 70 Y.B. mu, bere a Roma asraafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no. Ɛno de adanse kɛse mae sɛ Onyankopɔn agyaw ne fie a ɛyɛ biribi nsusuwso no ampa. Yesu anhyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan asi asɔrefie foforo wɔ Yerusalem da. Ɛdefa saa asase so kurow no ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo sɛ: “Yenni kurow a ɛtra hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛhwehwɛ.” (Hebrifo 13:14) Tete Kristofo hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛba abɛyɛ “ɔsoro Yerusalem”—Onyankopɔn Ahenni a ɛte sɛ kurow—no mufo. (Hebrifo 12:22) Enti, afei de Yehowa nokware som nnyina honam fam asɔrefie bi a ɛwɔ asase so so bio. Wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu no, yebesusuw nhyehyɛe a ɛkorɔn a Onyankopɔn de asi hɔ ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no “honhom ne nokware mu” nyinaa no ho.—Yohane 4:21, 24.
Ntimu Nsɛmmisa
◻ Abusuabɔ a Adam ne Hawa ne Onyankopɔn nyae bɛn na wɔhweree?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ntamadan no mu nneɛma ho hia yɛn?
◻ Dɛn na yesua fi dwumadi a ɛkɔɔ so wɔ ntamadan no adiwo hɔ no mu?
◻ Dɛn nti na Onyankopɔn maa kwan ma wɔsɛee n’asɔrefie no?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10, 11]
Asɔrefie A Herode San Sii No
1. Kronkron mu Kronkronbea
2. Kronkronbea
3. Ɔhyew Afɔremuka
4. Ogu Po
5. Asɔfo Abangua
6. Israel Abangua
7. Mmea Abangua