Nokware Som Nkonimdi Abɛn
“Awurade bedi asase no nyinaa so hene.”—SAKARIA 14:9.
1. Osuahu bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no nyae wɔ Wiase Ko I mu, na wɔhyɛɛ eyi ho nkɔm dɛn?
BERE a wiase ko a edi kan no rekɔ so no, Kristofo a wɔasra wɔn no hyiaa amanehunu ne afiasenna pii fii aman a na wɔredi ako no hɔ. Wɔde anohyeto a emu yɛ den baa wɔn ayeyi afɔre a na wɔbɔ ma Yehowa no so. Wɔhyɛɛ eyi nyinaa ho nkɔm wɔ Sakaria 14:2 a ɛka ntua a amanaman de baa Yerusalem so ho asɛm no. Kurow a wɔka ho asɛm wɔ saa nkɔmhyɛ yi mu no ne “ɔsoro Yerusalem,” beae a na Onyankopɔn soro Ahenni no ne “Onyankopɔn ne oguammaa no ahengua” si. (Hebrifo 12:22, 28; 13:14; Adiyisɛm 22:3) Ná Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so na wogyina hɔ ma saa kurow no. Wɔn mu anokwafo no dii nkonim wɔ ntua no mu a wɔamma wɔantwa wɔn asu amfi “kurow no mu.”a
2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa som adi nkonim fi 1919? (b) Efi 1935 no, dɛn na akɔ so?
2 Wɔ 1919 mu no, wogyee nkaefo a wɔasra wɔn anokwafo no fii wɔn nnommum tebea mu, na wɔde asomdwoe a ɛbae wɔ ɔko no akyi no dii dwuma yiye ntɛm ara. Sɛ ɔsoro Yerusalem ahemmɔfo no, wɔde hokwan kɛse a wonyae no kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na wɔboa ma wɔboaboaa 144,000 no mufo a wodi akyi no ano. (Mateo 24:14; 2 Korintofo 5:20) Wɔ 1931 mu no, wɔfaa edin a ɛfata na egyina Kyerɛwnsɛm so no, Yehowa Adansefo.—Yesaia 43:10, 12.
3 Efi saa bere no, Onyankopɔn Adansefo a wɔasra wɔn no nhwɛɛ wɔn akyi da. Hitler ne ne Nasi asraadi tumi no mpo antumi ansiw wɔn kwan. Ɛmfa ho sɛ wɔataa wɔn wɔ wiase nyinaa no, wɔn adwuma no asow aba wɔ asase so mmaa nyinaa. Efi 1935 titiriw no, amanaman ntam “nnipakuw kɛse” a wɔahyɛ wɔn ho nkɔm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu abɛka wɔn ho. Eyinom nso yɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu, na “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa,” Yesu Kristo, “mogya no mu.” (Adiyisɛm 7:9, 14) Nanso wɔnyɛ nnipa a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro asetra ho anidaso. Wɔn anidaso ne sɛ wobenya nea Adam ne Hawa yeraa no, a ɛne nnipa asetra a ɛyɛ pɛ wɔ paradise asase so. (Dwom 37:29; Mateo 25:34) Ɛnnɛ, nnipakuw kɛse no boro akra ɔpepem anum. Yehowa nokware som redi nkonim, nanso ne nkonimdi a edi akyi no nnya mmae.
Ananafo a Wɔwɔ Onyankopɔn Honhom Fam Asɔrefie
4, 5. (a) Ɛhe na nnipakuw kɛse no som Yehowa? (b) Hokwan ahorow bɛn na wonya, na nkɔmhyɛ bɛn na ɛma ɛbam?
4 Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, nnipakuw kɛse no ‘som Onyankopɔn awia ne anadwo n’asɔredan mu.’ (Adiyisɛm 7:15) Esiane sɛ wɔnyɛ honhom fam Israel asɔfo nti, ɛbɛyɛ sɛ Yohane huu wɔn sɛ wogyina asɔrefie no adiwo a ɛwɔ abɔnten a Amanaman mufo gyina no. (1 Petro 2:5) Hwɛ sɛnea Yehowa honhom fam asɔrefie no anya anuonyam afa, ma nnipadɔm a ɛte sɛɛ a wɔne honhom fam Israel nkaefo no reyi no ayɛ no abɛyɛ n’aboboano ma!
5 Nnipakuw kɛse no nsom Onyankopɔn wɔ tebea a asɔfo no adiwo a ɛhyɛ mfinimfini no yɛ ho mfonini no mu. Wommu wɔn bem sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma. (Romafo 8:1, 15) Nanso, wɔnam Yesu agyede no mu gyidi a wɔakyerɛ so wɔ gyinabea pa wɔ Yehowa anim. Wobu wɔn bem sɛ wɔmmɛyɛ ne nnamfo. (Fa toto Yakobo 2:21, 23 ho.) Wɔn nso wonya hokwan de afɔrebɔ a ɛsɔ ani ba Onyankopɔn honhom fam afɔremuka no anim. Enti saa kuw kɛse yi rema nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 56:6, 7 no anya mmamu fɛfɛ: “Ananafo a wɔabɛbata Awurade ho sɛ wɔresom no na wɔadɔ Awurade din na . . . mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.”
6. (a) Afɔrebɔde bɛn na ananafo no de ma? (b) Dɛn na nsu a na egu ade mu wɔ asɔfo no adiwo hɔ no kae wɔn?
6 Afɔre a saa ananafo yi bɔ no bi ne “anofafa a ɛbɔ [Onyankopɔn] abodin no aba [te sɛ aduan afɔre a wɔayam no muhumuhu]” ne “yiyeyɛ ne adekyɛ.” (Hebrifo 13:15, 16) Asankasɔn kɛse no mu nsu a na ɛsɛ sɛ asɔfo no de hohoro wɔn ho no nso yɛ nkae a ɛho hia ma saa ahɔho yi. Ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔma hokwan ma wɔtew wɔn ho wɔ honhom ne abrabɔ fam bere a wɔma Onyankopɔn Asɛm no mu da hɔ yiye ma wɔn nkakrankakra no.
Kronkronbea no ne Emu Nneɛma
7. (a) Nnipakuw kɛse no bu hokwan ahorow a asɔfokuw kronkron no wɔ no dɛn? (b) Hokwan afoforo bɛn na ananafo bi anya?
7 So Kronkronbea no ne emu nneɛma no kyerɛ biribi ma saa nnipakuw kɛse a wɔyɛ ananafo yi? Wɔrenkɔ tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu da. Wɔnwo wɔn foforo sɛ Onyankopɔn honhom mu mma a wɔn man wɔ soro. Eyi ma wɔyɛ ahoɔyaw anaasɛ anibere? Dabi. Mmom no, wodi ahurusi wɔ hokwan a wɔanya a wɔde reboa 144,000 no nkaefo no, na wɔkyerɛ anisɔ kɛse wɔ atirimpɔw a enti Onyankopɔn agye honhom mu mma yi a wɔne Kristo bɛbom de adesamma akɔ pɛyɛ mu no ho. Bio nso, nnipakuw kɛse a wɔyɛ ananafo no ani sɔ adɔe kɛse a Onyankopɔn ayɛ wɔn ma wɔanya asase so anidaso a ɛne daa nkwa wɔ Paradise no. Wɔama saa ananafo yi binom ɔhwɛ hokwan ahorow ma wɔboa asɔfokuw kronkron no te sɛ tete Netinimfo no.b (Yesaia 61:5) Eyinom mu na Yesu paw “asafohene wɔ asase so mmaa nyinaa.”—Dwom 45:16, NW.
8, 9. Mfaso bɛn na nnipakuw kɛse no nya fi Kronkronbea no mu nneɛma ho a wosusuw no mu?
8 Ɛwom sɛ nnipakuw kɛse a wɔyɛ ananafo no renwura Kronkronbea nsusuwso no mu da de, nanso wonya asuade ahorow a ɛsom bo fi emu nneɛma no mu. Sɛnea na ehia sɛ wɔde ngo gu kaneadua mu bere nyinaa no, saa ara na ananafo no hia honhom kronkron na aboa wɔn ma wɔate Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛrenya nkɔanim a wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma no ase. (Mateo 24:45-47) Bio nso, Onyankopɔn honhom no boa wɔn ma wogye saa nsato yi so: “Honhom no ne ayeforo no [nkaefo a wɔasra wɔn no] se: Bra! Na nea otie no nka se: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Enti kaneadua no kae nnipakuw kɛse no asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɛhyerɛn sɛ Kristofo na wɔakwati suban, nsusuwii, ɔkasa, anaa nneyɛe a ɛbɛhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ.—Efesofo 4:30.
9 Kyerɛ abodoo a egu pon so no ma nnipakuw kɛse no kae sɛ, sɛ wɔbɛkɔ so anya honhom fam akwahosan pa a, ɛsɛ sɛ wodi honhom fam aduan a efi Bible ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow mu no daa. (Mateo 4:4) Aduhuam afɔremuka no kae wɔn hia a ɛho hia sɛ wofi komam bɔ Yehowa mpae srɛ ne mmoa na wɔatumi akura wɔn mudi mu. (Luka 21:36) Nea ɛsɛ sɛ wɔde ka wɔn mpae ho ne ayeyi ne aseda nsɛm a efi koma mu. (Dwom 106:1) Aduhuam afɔremuka no san kae wɔn hia a ehia sɛ woyi Onyankopɔn ayɛ wɔ akwan foforo so, te sɛ wɔn koma nyinaa mu a wobefi ato Ahenni nnwom wɔ Kristofo nhyiam horow ase, ne ahosiesie pa a wɔbɛyɛ na ama wɔatumi de ‘baguam mpaemuka a ɛde kɔ nkwagye mu’ a etu mpɔn ama.—Romafo 10:10.
Nkonim Korakora a Nokware Som Bedi
10. (a) Anidaso kɛse bɛn na yebetumi anya? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ edi kan ba?
10 Ɛnnɛ ‘nnipa pii’ a wofi amanaman nyinaa mu resen yuu ba Yehowa asɔrefie. (Yesaia 2:2, 3) Adiyisɛm 15:4 foa eyi so ka sɛ: “Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.” Sakaria ti 14 ka nea edi hɔ ba no ho asɛm. Wɔ daakye a enni akyiri no, subammɔne a asase so nnipa dodow no ara da no adi no bedu ne mpɔmpɔn so bere a wɔboaboa wɔn ho ano nea edi akyi ko tia Yerusalem—ɔsoro Yerusalem no ananmusifo a wɔwɔ asase so no. Afei, Yehowa bɛka ne ho. Sɛ Onyankopɔn-Kofo no, ‘obefi adi akɔko atia amanaman’ a wosi wɔn bo de ntua yi ba no.—Sakaria 14:2, 3.
11, 12. (a) Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ asase sofo nyinaa ntua a wɔde reba asomfo a wɔwɔ n’asɔrefie hɔ so no ho? (b) Dɛn na ebefi Onyankopɔn ko no mu aba?
11 “Eyi bɛyɛ ɔhaw a Awurade de bɛhaw amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa: wɔda so gyinagyina wɔn anan so no, wɔn honam bɛporɔporɔw, na wɔn aniwa aporɔporɔw wɔn anipun mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔporɔw wɔn anom. Na ɛda no, Awurade hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.”—Sakaria 14:12, 13.
12 Sɛ́ saa ɔhaw yi bɛyɛ paa ara anaa sɛnkyerɛnne kwan so de no, edu hɔ a na yebehu. Nanso, yebetumi asi pi wɔ ade biako ho. Bere a Onyankopɔn atamfo nan si kwan so a wɔrebɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so wɔ asase nyinaa so no, Onyankopɔn tumi soronko a ɛsen biara no besiw wɔn kwan. Wobemuamua wɔn ano. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔn tɛkrɛma a wɔde twa mpoa no aporɔporɔw. Wɔn botae koro a esi wɔn ani so no bɛyɛ wɔn ani so wusiwusi, te sɛ nea wɔn aniwa aporɔporɔw. Wɔn honam fam ahoɔden a ɛma wonyaa akokoduru de fii ntua no ase no bɛsa. Bere a wɔn ani so atan wɔn no, wɔbɛtow ahyɛ wɔn yɔnko so akunkum wɔn ho wɔn ho kɛse. Saa kwan no so na wɔbɛpopa Onyankopɔn asase so atamfo nyinaa afi hɔ. Awiei koraa no, wɔbɛhyɛ amanaman nyinaa ma wɔagye Yehowa amansan tumidi no atom. Nkɔmhyɛ yi benya mmamu: “[Yehowa, NW] bedi asase no nyinaa so hene.” (Sakaria 14:9) Ɛno akyi no, wɔbɛkyekyere Satan ne n’adaemone bere a Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no fi ase ma ɛde nhyira akɛseakɛse brɛ adesamma no.—Adiyisɛm 20:1, 2; 21:3, 4.
Asase so Wusɔre No
13. Henanom ne ‘amanaman nyinaa mu nkae no’?
13 Sakaria nkɔmhyɛ no toa so wɔ ti 14, nkyekyem 16 sɛ: “Na amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa mu nkae no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo Awurade, na wɔahyɛ asese fã no.” Sɛnea Bible kyerɛ no, nnipa a wɔte ase nnɛ a wɔbɛkɔ so atra nkwa mu akosi nhyehyɛe bɔne yi awiei, a wobebu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ nokware som atamfo no benya “akatua, daa ɔsɛe.” (2 Tesalonikafo 1:7-9; hwɛ Mateo 25:31-33, 46 nso.) Wɔrennya owusɔre. Ɛda adi sɛ ‘wɔn a wɔka’ no bi ne amanaman mufo a wowuwui ansa na Onyankopɔn ko a edi akyi no reba a owusɔre anidaso a egyina Bible so no wɔ hɔ ma wɔn no. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29.
14. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wonyan wɔn no yɛ na ama wɔanya daa nkwa? (b) Dɛn na ɛbɛba obiara a ɔrenhyira ne ho so mma Yehowa na onni nokware som akyi no so?
14 Ɛsɛ sɛ saafo a wonyan wɔn yi nyinaa yɛ biribi na ama wɔn sɔre no abɛyɛ nkwa sɔre sen sɛ ɛbɛyɛ atemmu de. Ɛsɛ sɛ wɔba Yehowa asɔrefie no asase so adiwo hɔ bɛkotow no wɔ ahosohyira a wɔnam Yesu Kristo so yɛ ma Onyankopɔn no mu. Wɔn a wonyan wɔn no mu biara a ɔnyɛ saa no behyia ɔhaw koro no ara a ɛbɛba nnɛyi amanaman so no bi. (Sakaria 14:18) Hena na onim wɔn a wobenya wusɔre no dodow a wɔde anigye bɛka nnipakuw kɛse no ho ma wɔadi Asese Afahyɛ nsusuwso no? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛdɔɔso, na ɛno bɛma Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no anya anuonyam kɛse!
Asese Afahyɛ Nsusuwso No
15. (a) Nneɛma atitiriw a ɛfa tete Israel Asese Afahyɛ no ho no bi ne dɛn? (b) Dɛn nti na na wokum anantwinini 70 wɔ afahyɛ no mu?
15 Afe biara, na wɔhwehwɛ sɛ tete Israel di Asese Afahyɛ no. Na edi dapɛn biako, na na wodi wɔ otwa bere no awiei. Na ɛyɛ aseda bere a ɛyɛ anigye. Saa dapɛn no nyinaa no, na ɛsɛ sɛ wɔtra asese a wɔde nhaban, titiriw berɛw, ayɛ mu. Saa afahyɛ yi maa Israel kaee sɛnea Onyankopɔn gyee wɔn agyanom fii Misraim ne sɛnea ɔhwɛɛ wɔn so bere a wɔtraa asese mu dii atutra mfe 40 wɔ sare no so kosii sɛ woduu Bɔhyɛ Asase no so no. (Leviticus 23:39-43) Wɔ afahyɛ no mu no, na wɔde anantwinini 70 bɔ afɔre wɔ asɔrefie no mu afɔremuka no so. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ na saa ade a wɔyɛ wɔ afahyɛ no mu yi yɛ nkwagye adwuma a ɛyɛ pɛ na edi mũ a Yesu Kristo yɛe no ho nkɔmhyɛ. Awiei koraa no, n’agyede afɔre no mu mfaso horow no bɛtrɛw aka adesamma mmusua 70 a wofi Noa mu bae no asefo a wonni ano no.—Genesis 10:1-29; Numeri 29:12-34; Mateo 20:28.
16, 17. (a) Bere bɛn na nea Asese Afahyɛ yɛ ne nsusuwso no fii ase, na ɛkɔɔ so dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no nya afahyɛ no mu kyɛfa?
16 Enti tete Asese Afahyɛ no yɛɛ anigye a wɔde bɛboaboa abɔnefo a wɔanya ogye no ano akɔ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no mu ho mfonini. Saa afahyɛ yi nsusuwso no fii ase wɔ Pentekoste 33 Y.B. bere a wofii ase de anigye boaboaa honhom fam Israelfo ano baa Kristofo asafo no mu no. (Asomafo no Nnwuma 2:41, 46, 47) Saafo a wɔasra wɔn yi hui sɛ wɔyɛ “amamfrafo” wɔ Satan wiase mu efisɛ wɔn “man” ankasa “wɔ ɔsoro.” (1 Petro 2:11; Filipifo 3:20) Ɔwae a efii Kristoman a wɔhyehyɛe mu bae no bunkam afahyɛ a ɛyɛ anigye no so bere tiaa bi. (2 Tesalonikafo 2:1-3) Nanso, afahyɛ no fii ase bio wɔ 1919 mu bere a wɔde anigye boaboaa honhom fam Israelfo 144,000 no mufo a wɔaka, na ɛno akyi no, wɔboaboaa amanaman nyinaa mu nnipakuw kɛse a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no, ano no.
17 Wɔka nnipakuw kɛse no ho asɛm sɛ wokurakura berɛw, a ɛkyerɛ sɛ wɔn nso wɔyɛ wɔn a wɔde anigye di nea Asese Afahyɛ yɛ ne nsusuwso no bi. Sɛ́ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no, wɔde anigye nya adwuma a wɔyɛ de boaboa asomfo pii ba Yehowa asɔrefie no mu kyɛfa. Bio nso, sɛ abɔnefo no, wohu sɛ wɔmfaa asase no mmaa wɔn korakora sɛ wɔntra so. Ɛsɛ sɛ wɔne wɔn a wobenyan wɔn daakye no kɔ so kyerɛ Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi kosi sɛ wobedu nnipa pɛyɛ ho wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei.—Adiyisɛm 20:5.
18. (a) Dɛn na ebesi wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei? (b) Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no, Yehowa nokware som bedi nkonim?
18 Afei, Onyankopɔn asase so asomfo de pɛyɛ begyina n’anim a wɔrenhia ɔsoro asɔfokuw biara. Ɛhɔ na bere bɛsõ ama Yesu Kristo sɛ “ɔde ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa.” (1 Korintofo 15:24) Wobegyaa Satan “kakra” ma wasɔ adesamma a wɔde wɔn akɔ pɛyɛ mu no ahwɛ. Wɔbɛsɛe nnipa a wonni nokware nyinaa aka Satan ne n’adaemone ho koraa. Wɔbɛma wɔn a wɔkɔ so di nokware no daa nkwa. Wɔde asase so Paradise no bɛma wɔn ma wɔatra so daa. Saa kwan no so na nea Asese Afahyɛ yɛ ne nsusuwso no bɛba awiei anuonyam ne nkonimdi mu. Ebedu hɔ no, na nokware som adi nkonim ma ɛde daa anuonyam abrɛ Yehowa ne daa anigye abrɛ adesamma.—Adiyisɛm 20:3, 7-10, 14, 15.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ Sakaria ti 14 no nkyekyem biara mu nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Paradise Restored to Mankind—By Theocracy! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii wɔ 1972 mu no atiri 21 ne 22.
b Sɛ wopɛ nnɛyi Netinimfo no ho nsɛm foforo a, hwɛ April 15, 1992 Ɔwɛn-Aban, kratafa 16.
Nsɛmmisa a Wɔde Ti Mu
◻ Ɔkwan bɛn so na “Yerusalem” baa ntua ase wɔ wiase ko a edi kan no mu?—Sakaria 14:2.
◻ Dɛn na ato Onyankopɔn nkurɔfo fi 1919?
◻ Henanom na wodi Asese Afahyɛ nsusuwso no bi nnɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na nokware som bedi nkonim korakora?
[Kratafa 23 mfonini]
Berɛw na wɔde dii dwuma wɔ Asese Afahyɛ no mu