Awofo, Munnya Mo Mma Ho Anigye
“W’agya ne wo na bedi ahurusi.”—MMEBUSƐM 23:25, NW.
1. Dɛn na ɛbɛma awofo anya wɔn mma ho anigye?
HWƐ sɛnea ɛyɛ anika sɛ wubehu sɛ duforo bi anyin abɛyɛ dua kɛse a ɛyɛ fɛ na ɛma onwini—titiriw sɛ wo na wuduae, yɛɛ ho adwuma a! Saa ara na awofo a wɔtete mmofra ma wonyin bɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔn ho akokwaw no nya wɔn ho anigye sɛnea Bible mu bɛ bi ka yi: “Ɔtreneeni agya ani begye ɔkwan biara so; nea ɔbɛyɛ onyansafo agya no nso bedi ahurusi wɔ ne ho. W’agya ne wo na bedi ahurusi, na ɔbea a ɔwoo wo no ani begye.”—Mmebusɛm 23:24, 25, NW.
2, 3. (a) Awofo bɛyɛ dɛn atumi akwati awerɛhow ne amutew? (b) Dɛn na nnuforo ne mmofra nyinaa hia na ama wɔayɛ anigye fibea?
2 Nanso, abofra mmɛyɛ “ɔtreneeni” ne “onyansafo” kwa. Egye mmɔdenbɔ kɛse na mmofra ammɛyɛ “awerɛhow” ne “amutew” fibea, sɛnea egye adwuma pii ansa na duforo atumi abɛyɛ dua kɛse no. (Mmebusɛm 17:21, 25) Sɛ́ nhwɛso no, ɛpam a wɔde gyina nnua betumi ama duforo ateɛ na anya ahoɔden. Nsu a wɔde begugu so daa ho hia, na ɛho behia sɛ wɔbɔ duforo ho ban fi mmoawammoawa ho. Awiei koraa no, twitwa a wotwitwa dua bi ho no ma ɛyɛ fɛ.
3 Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ mmofra hia nneɛma bi te sɛ Onyankopɔn ntetee, Bible mu nokware nsu a wɔbɛma atumi wɔn, ɔbrasɛe ho ahobammɔ, ne nteɛso a ɔdɔ wom a wɔde betwitwa su horow a ɛnteɛ afi hɔ. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi ahiade ahorow yi ho dwuma no, wɔhyɛ agyanom titiriw nkuran sɛ wɔntete wɔn mma “Awurade [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Dɛn na eyi hwehwɛ?
Yehowa Nsɛm na Ehia Titiriw
4. Asɛyɛde bɛn na awofo wɔ wɔ wɔn mma ho, na dɛn na ehia na wɔatumi adi ho dwuma?
4 ‘Yehowa nyansakyerɛ’ kyerɛ yɛn nsusuwii a yebesiesie ma ɛne Yehowa apɛde ahyia. Enti ɛsɛ sɛ awofo de Yehowa nsusuwii wɔ nsɛm ho hyɛ wɔn mma nkumaa adwene mu. Na ɛsɛ sɛ wosuasua Onyankopɔn nhwɛso de nteɛso a mmɔborohunu wom, anaa ntetee a ɛteɛteɛ ma. (Dwom 103:10, 11; Mmebusɛm 3:11, 12) Nanso ansa na awofo betumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa de Yehowa nsɛm hyɛ wɔn mu sɛnea Onyankopɔn diyifo Mose tuu tete Israelfo no fo no: “Nsɛm yi [a efi Yehowa hɔ] a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so.”—Deuteronomium 6:6; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
5. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ Israelfo awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma, na dɛn na “fa kyerɛkyerɛ” no kyerɛ?
5 Bible a awofo besua no daa adwennwen ho, ne mpaebɔ siesie awofo ma wotumi yɛ nea edi hɔ a Mose hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no: “Fa [Yehowa nsɛm] kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kyerɛkyerɛ” no kyerɛ “nsɛm mu a wotĩ,” “nsɛm a wɔka no mpɛn pii,” “nsɛm a wɔka si so dua denneennen.” Hwɛ sɛnea Mose san sii hia a ɛho hia sɛ wɔde Yehowa nsɛm di kan no so dua: “Fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.” Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa hwehwɛ sɛ awofo fi ɔdɔ mu ma wɔn ani kũ wɔn mma ho daa!—Deuteronomium 6:7-9; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
6. Dɛn na na ɛsɛ sɛ awofo de kyerɛkyerɛ wɔn mma, na mfaso bɛn na na ɛwɔ so?
6 Dɛn ne Yehowa “nsɛm yi” a na ɛsɛ sɛ awofo de hyɛ wɔn mma mu no? Ná ɛnkyɛe na Mose tĩĩ nea wɔtaa frɛ no Mmara Nsɛm Du no mu, a na nea ɛka ho ne mmara a ese wonnni awu, wɔnnsɛe aware, wonnwia ade, wonnni adansekurum, na wɔmmma wɔn ani mmmere ade no. Ná abrabɔ fam ahwehwɛde a ɛtete saa, ne mmara a ese “fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn” no ne ade titiriw a na ɛsɛ sɛ Israelfo awofo de hyɛ wɔn mma mu. (Deuteronomium 5:6-21; 6:1-5) Wunnye ntom sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa na mmofra hia nnɛ?
7. (a) Dɛn na wɔde mmofra totoo ho wɔ Bible mu? (b) Dɛn na afei yɛrebɛhwehwɛ mu?
7 Wɔka kyerɛɛ Israelni agya sɛ: “Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛsow, wo fi mpia mu, wo mma yɛ sɛ ngodua a wɔatetɛw atwa wo pon ho ahyia.” (Dwom 128:3) Nanso, sɛ awofo benya wɔn “nnuforo” ho anigye sen sɛ wobedi wɔn ho awerɛhow a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kũ wɔn mma ho da biara. (Mmebusɛm 10:1; 13:24; 29:15, 17) Momma yɛnhwehwɛ sɛnea awofo betumi atete wɔn mma, agugu wɔn so nsu wɔ honhom mu, abɔ wɔn ho ban, na wɔafi ɔdɔ mu ateɛ wɔn so wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔanya wɔn ho anigye ankasa so, mu.
Ntetee Fi Mmofraase
8. (a) Henanom na wodii dwuma sɛ ɛpam a wɔde gyina nnua maa Timoteo? (b) Bere bɛn na ntetee no fii ase, na dɛn na efii mu bae?
8 Susuw Timoteo, a sɛnea yɛbɛka no, onyaa mmoa fii ɛpam abien a wɔde gyina nnua a ase atim—ne maame ne ne nana—hɔ no ho. Esiane sɛ na Timoteo papa yɛ Helani na ɛda adi sɛ ɔnyɛ gyidini nti, ne maame Yudani, Eunike ne ɔno nso maame, Lois, na wɔmaa no ntetee fii ‘nkyerɛwee kronkron no mu fi mmofraase.’ (2 Timoteo 1:5; 3:15; Asomafo no Nnwuma 16:1) Wonyaa nsiyɛ a wɔde kyerɛkyerɛɛ Timoteo ‘Yehowa anwonwade a wayɛ’—bere a na ɔyɛ akokoaa mpo—no so akatua kɛse. (Dwom 78:1, 3, 4) Gyama Timoteo bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ akyirikyiri nsase so bere a na onnya nnii mfe aduonu mpo no, na odii dwuma titiriw hyɛɛ tete Kristofo asafo ahorow no den.—Asomafo no Nnwuma 16:2-5; 1 Korintofo 4:17; Filipifo 2:19-23.
9. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi asua sɛnea wɔbɛkwati honam fam ade dodowpɛ ho afiri?
9 Awofo, ɛpam a wɔde gyina nnua bɛn na moyɛ? Sɛ́ nhwɛso no, mopɛ sɛ mo mma nya honam fam nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ anaa? Ɛnde monyɛ nhwɛso a ɛfata denam hwehwɛ a monhwehwɛ afɛfɛde a aba so anaa nneɛma foforo a munhia ankasa no so. Sɛ mopaw sɛ mubedi honam fam mfaso horow akyi a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa sɛ mo mma besuasua mo. (Mateo 6:24; 1 Timoteo 6:9, 10) Nokwarem no, sɛ ɛpam a wɔde gyina nnua no nteɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na duforo no atumi ateɛ?
10. Hena akwankyerɛ na ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ bere nyinaa, na su bɛn na ɛsɛ sɛ wonya?
10 Awofo a wonya wɔn mma ho anigye no bɛkɔ so ahwehwɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde atete wɔn, a wosusuw nea eye sen biara ma wɔn mma honhom fam yiyedi ho bere nyinaa. Ɛna bi a ɔwɔ mma baanan kae sɛ: “Ansa na yɛrewo yɛn mma no mpo no, na yɛtaa bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn ma yɛnyɛ awofo pa, ma N’asɛm nkyerɛ yɛn kwan, na yɛmfa nni dwuma wɔ yɛn asetram.” Ɔde kaa ho sɛ: “‘Yehowa na odi kan’ nyɛ asɛm a na yɛtaa ka kɛkɛ, na mmom saa na yɛtraa ase.”—Atemmufo 13:8.
“Nsu” a Wɔde Bɛma Wɔn Daa
11. Dɛn na nnuforo ne mmofra nyinaa hia na ama wɔanyin?
11 Ɛho hia titiriw sɛ nnuforo nya nsu daa sɛnea nyin a asubɔnten ho nnua nyin yiye no da no adi no. (Fa toto Adiyisɛm 22:1, 2 ho.) Sɛ wɔma nkokoaa Bible mu nokware nsu daa a, wɔn nso bɛyɛ prɔmprɔm wɔ honhom fam. Nanso ehia sɛ awofo susuw nneɛma dodow a wɔn ba no betumi asua ho. Ebia nkyerɛkyerɛ ntiantia a wɔtaa de ma betu mpɔn asen atenten a wɔmfa mma daa. Mummmu mfaso a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ ntiantia a ɛte saa so no adewa. Bere a wɔde bom yɛ ade no ho hia na ɔwofo no ne abofra no anya koroyɛ, abusuabɔ a emu yɛ den a Kyerɛwnsɛm no taa hyɛ ho nkuran.—Deuteronomium 6:6-9; 11:18-21; Mmebusɛm 22:6.
12. Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wɔne mmofra nketewa bɛbɔ mpae?
12 Bere a wɔne mmofra di nkitaho no mu biako betumi ayɛ anwummere. Abofra biako kae sɛ: “Anadwo biara na m’awofo bɛtra yɛn mpa no anafo, tie mpae a yɛn ankasa bɔ.” Ɔfoforo nso kaa mfaso a ɛwɔ eyi yɛ mu no ho asɛm sɛ: “Ɛno ma ɛbɛyɛɛ me su sɛ anadwo biara mɛbɔ Yehowa mpae ansa na mada.” Sɛ mmofra te da biara sɛ wɔn awofo ka Yehowa ho asɛm na wɔbɔ no mpae a, ɛma wohu sɛ ɔyɛ obi ankasa. Aberantewa bi kae sɛ: “Ná mitumi kata m’ani bɔ Yehowa mpae, na na mihu no sɛ obi a ɔte sɛ nanabarima ankasa. M’awofo boaa me ma mihui sɛ Yehowa di dwuma wɔ biribiara a yɛyɛ na yɛka mu.”
13. Dɛn na wobetumi de aka ɔkyerɛkyerɛ a wɔde ma daa no ho?
13 Nea ɛbɛboa mmofra na Bible mu nokware nsu atumi wɔn no, awofo betumi de nneɛma pii a mfaso wɔ so aka nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔn daa no ho. Awofo bi a wɔwɔ mma baanu a wonnyinii kae sɛ: “Mmofra baanu no fii ase nyaa ntetee a ɛbɛma wɔatra ase komm wɔ Ahenni Asa so wɔ adapɛn kakraa bi a edi kan wɔ wɔn asetram no mu.” Agya bi kaa nea n’abusua yɛe ho asɛm sɛ: “Yɛkyerɛkyerɛw Bible mu nhoma no nyinaa din wɔ nkrataa nketewa so, na yɛn mu biara bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyehyɛ no pɛpɛɛpɛ. Bere nyinaa na mmofra no ho pere wɔn sɛ wɔbɛyɛ eyi.” Mmusua pii de nkyerɛkyerɛ kakraa bi ma ansa na wɔadidi anaasɛ bere a wɔadidi awie no. Agya bi kae sɛ: “Anwummere adidi no ayɛ bere pa a yɛde susuw da biara da Bible mu asɛm no ho.”
14. (a) Honhom fam dwumadi a mfaso wɔ so bɛn na wobetumi ne mmofra abom ayɛ? (b) Mmofra tumi sua ade kodu he?
14 Mmofra nketewa ani gye ho nso sɛ wobetie Bible mu nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛwɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛma mu no. Awarefo bi kae sɛ: “Bere a mmofra no susua no, na yɛne wɔn sua Bible Mu Nsɛm nhoma no mu asɛm biako, na afei mmofra no hyehyɛ ntade de yɛ afã horow no ho ɔyɛkyerɛ te sɛ drama ketewa bi. Wɔn ani gyee eyi ho, na na wɔhwehwɛ bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ aboro adesua biako bere biara a yebehyia no.” Mummmu ade a mo ba no betumi asua no adewa! Mmofra a wɔadi mfe anan asua Bible Mu Nsɛm nhoma no atiri bi mu nsɛm nyinaa agu wɔn tirim, na wɔasua Bible no mpo kenkan! Abofra bi ka sɛ, bere a na wadi bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã no, na bere nyinaa ontumi mmɔ asɛm “atemmusɛm” no yiye, nanso ne papa hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nsua sɛnea wɔbɔ no.
15. Nsɛm bɛn na wobetumi de aka nkɔmmɔ a wɔne mmofra bɔ no ho, na adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ nkɔmmɔbɔ a ɛtete saa no so wɔ mfaso?
15 Wobetumi nso de bere a wɔne mmofra bobɔ nsɛm so no asiesie wɔn ama wɔne afoforo akyɛ nokware nsu no, denam biribi te sɛ mmuae a wɔbɛma wɔ nhyiam horow ase so. (Hebrifo 10:24, 25) Abofra bi ka sɛ: “Sɛ edu bere a yɛrebobɔ nsɛm so a, na ɛsɛ sɛ mede m’ankasa nsɛm ma mmuae. Ná wɔmma menkenkan kɛkɛ bere a mente ase.” Nea ɛka ho no, wobetumi atete mmofra ma wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a ɛsɛ. Ɔbea bi a awofo a wosuro Onyankopɔn tetee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛamfa amemenemfe anni yɛn awofo akyi kɛkɛ wɔ wɔn adwuma no mu da. Ná yenim sɛ yɛwɔ ɔfã bi yɛ, sɛ na ɛyɛ ɔpon ano dɔn kɛkɛ na yebemia so de nsaano krataa bi ama mpo a. Ɛdenam ahosiesie a etu mpɔn a na yɛyɛ ansa na yɛakɔyɛ dapɛn awiei dwumadi biara so no, na yenim asɛm a yɛbɛka. Yɛansɔre Memeneda anɔpa bi ammisa da sɛ yɛbɛkɔ asɛnka anaa. Ná yenim sɛ yɛbɛkɔ.”
16. Dɛn nti na abusua adesua a wɔne mmofra yɛ a wɔntotom no ho hia?
16 Yentumi mmu ani ngu hia a ɛho hia sɛ daa ɛsɛ sɛ yɛma mmofra Bible mu nokware nsu no so, na ɛkyerɛ sɛ dapɛn dapɛn abusua Bible adesua ho hia yiye. Agya bi a ɔwɔ mma baanu kyerɛ sɛ “ade titiriw a ɛhyɛ mmofra abufuw ne nhyehyɛe a wɔmfa nni dwuma.” (Efesofo 6:4) Ɔkae sɛ: “Me ne me yere paw da ne bere bi, na yegyinaa saa bere nhyehyɛe no so yɛɛ abusua adesua a yɛantotom. Ankyɛ na bere a yɛde yɛ no kokwaw mmofra no.” Ntetee a ɛte saa a efi mmofraase no nyinaa ho hia, sɛnea ɛne nokwasɛm a ese, ‘Sɛnea wobɛtɛw dua no, saa ara na ebenyin ayɛ’ no hyia no.
17. Dɛn na ɛho hia te sɛ Bible mu nokware a wɔde ma mmofra nketewa?
17 Bible mu nokware a wɔde ma mmofra ho hia, nanso awofo nhwɛso ho hia saa ara. So wo mma hu wo sɛ wusua ade, kɔ asafo nhyiam horow, nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa, na nokwarem no, wode anigye reyɛ Yehowa apɛde? (Dwom 40:8) Ɛho hia sɛ wohu. Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow no, ɔbabea bi ka faa ne maame a na wagyina ne kunu sɔretia ano atete mma baasia ma wɔabɛyɛ Adansefo anokwafo ho sɛ: “Nea ɛkanyan yɛn sen biara ne Maame ankasa nhwɛso—ná tumi wom sen ɔkasa.”
Mmofra Nketewa a Wɔbɔ Wɔn Ho Ban
18. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama mmofra ahobammɔ a wohia no? (b) Ɔkyerɛkyerɛ bɛn na Israel mmofra nyae wɔ wɔn awo ho nkwaa ho?
18 Sɛnea nnuforo taa hia ahobammɔ fi mmoawammoawa a wɔn ho yɛ hu ho no, saa na mmofra nketewa hia ahobammɔ fi “nnipa bɔne” nsam wɔ saa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Awofo bɛyɛ dɛn de saa ahobammɔ yi ama? Denam Onyankopɔn nyansa a wɔbɛboa wɔn ma wɔanya no so! (Ɔsɛnkafo 7:12) Yehowa maa Israelfo—a “mmofra” ka ho—no ahyɛde sɛ wontie ne Mmara no akenkan, a na nea ɛka ho ne nna mu ɔbrapa ne ɔbrasɛe a wɔdaa no adi. (Deuteronomium 31:12; Leviticus 18:6-24) Wɔbobɔ nipadua no awo ho nkwaa a ebi ne ‘ahweaabo’ ne “bɔbea su” no din mpɛn pii. (Leviticus 15:1-3, 16, NW; 21:20; 22:24; Numeri 25:8; Deuteronomium 23:10) Esiane ɔporɔw a ɛtra so a ɛwɔ wiase nnɛ nti, ɛho hia sɛ mmofra nketewa hu ɔkwan a ɛfata ne ɔkwan a ɛmfata a wɔfa so de nipadua nkwaa a ɛtete saa a ɛka adebɔ a Onyankopɔn kaa ho asɛm sɛ “eye papa” ho no di dwuma.—Genesis 1:31; 1 Korintofo 12:21-24.
19. Dɛn ne ɔkyerɛkyerɛ a ɛfata sɛ wɔde ma mmofra nketewa wɔ wɔn bɔbeasu ho?
19 Ne yiye mu no, ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa, anaasɛ ɔpanyin a ɔrehwɛ abofra biara kyerɛ no ne bɔbea su. Afei ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma onipa foforo biara de ne nsa ka saa nkwaa yi. Esiane sɛ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no taa hwɛ sɛnea mmofra nkumaa bɛyɛ wɔn ade wɔ anifere kwan so amiamia a wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ ho nti, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ abofra sɛnea ɔbɛko atia denneennen na waka sɛ, “Mɛka nea woayɛ no!” Kyerɛ wo mma nkumaa no sɛ bere nyinaa wɔnka obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ obeso wɔn mu wɔ ɔkwan a wɔn ani nnye ho so ho asɛm nkyerɛ, ɛmfa ho n’ahunahuna a emu yɛ den no.
Nteɛso a Ɔdɔ Wom a Wɔde Ma
20. (a) Ɔkwan bɛn so na nteɛso te sɛ dua a wotwitwa ho? (b) Dɛn na nteɛso de ba mfiase, nanso dɛn na efi mu ba?
20 Mmofra nketewa nya nteɛso a ɔdɔ wom so mfaso, sɛnea dua a wotwitwa ho nya no. (Mmebusɛm 1:8, 9; 4:13; 13:1) Sɛ wotwitwa mmaa a enye fi so a, ɛboa ma foforo nyin yiye. Enti sɛ wo mma de wɔn ani asi honam fam nneɛma so titiriw anaa wɔpɛ fekubɔne anaasɛ anigyede a ɛmfata a, saa su horow yi te sɛ mmaa a ehia sɛ wotwitwa fi hɔ no. Sɛ wotwitwa a, ɛbɛboa wo mma no ma wɔanyin honhom fam. Mfiase no, nteɛso a ɛte saa no renyɛ anigye, sɛnea dua ho a wotwitwa no tumi wosow no no. Nanso ade pa a efi nteɛso mu ba ne sɛ, wo ba no nyin bɛyɛ sɛnea wopɛ sɛ ɔyɛ.—Hebrifo 12:5-11.
21, 22. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nteɛso a wɔde ma anaasɛ wogye tom no nyɛ anigye? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde nteɛso bɛma?
21 Wonnye ho kyim koraa sɛ nteɛso a wɔde ma anaasɛ wogye tom no nyɛ anigye. Agya bi kae sɛ: “Ná me babarima ne abofra bi a mpanyimfo no abɔ me kɔkɔ sɛ ɔnyɛ yɔnko pa afi ase rebɔ denneennen. Anka ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi ntɛm sen sɛnea meyɛe no. Ɛwom sɛ me ba no amfa ne ho anhyɛ bɔneyɛ mu pefee de, nanso egyee bere ansa na ɔreyɛ n’adwene yiye.” Ɔbabarima no kae sɛ: “Bere a wɔtetew me ne m’adamfo paa no ntam no, ɛhaw me yiye.” Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Ná eyi yɛ gyinaesi pa, efisɛ ɛno akyi no, ankyɛ na wotuu no.”
22 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan.” Enti ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ den sɛ wode nteɛso bɛma no, mfa nkame wo mma. (Mmebusɛm 6:23; 23:13; 29:17) Bere kɔ so no, wɔn ani bɛsɔ sɛ woteɛɛ wɔn so. Abofra bi ka sɛ: “Mekae sɛ na me bo fuw m’awofo denneennen bere a wɔateɛ me so no. Sɛ wɔde saa nteɛso no kamee me a, anka mprempren me bo befuw asen saa.”
Akatua no Fata Mmɔdenbɔ
23. Dɛn nti na ɛfata sɛ wofi ɔdɔ nyinaa mu ma ani kũ mmofra ho?
23 Akyinnye biara nni ho sɛ mmofra a awofo, ne afoforo nya wɔn ho anigye no yɛ wɔn a wofi ɔdɔ mu ma ani kũ wɔn ho da biara da. Nanso, akatua a wobetumi anya no fata mmɔden a wɔbɔ wɔ wɔn ho no nyinaa yiye—sɛ́ wɔyɛ honam fam mma anaa honhom fam de no. Ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kyerɛɛ eyi bere a ɔkyerɛw eyi no: “Minni
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
◻ Dɛn na nnuforo ne mmofra hia na ama wɔafata nkamfo?
◻ Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ayɛ sɛ ɛpam a wɔde gyina nnua, a etu mpɔn?
◻ Dɛn na wobetumi de aka bere a wɔde kyerɛkyerɛ mmofra nketewa no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn ma wɔko tia?
◻ Ɔkwan bɛn so na nteɛso so wɔ mfaso ma abofra sɛnea dua bi ho a wotwitwa te no?
anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]
Courtesy of Green Chimney’s Farm