Adwinnade Foforo a Yɛde Bɛboa Nkurɔfo Ma Wɔasua Onyankopɔn Ahwehwɛde Ahorow
“ASETE a ɛnyɛ den, ne nsɛm a ɛka no tee wɔ ayamye mu no bɛma asow aba asen sɛnea yɛhwɛ kwan no. Wɔakyerɛw nsɛm no wɔ ɔkwan a ɛnyɛ den na ɛyɛ anigye so ma ɛbɛka komapafo biara a ɔrepɛ biribi ahu, ma waka sɛ, ‘Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.’” (1 Korintofo 14:25) Saa na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Thailand no mu biako kae, bere a na ɔreka Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?, nhomawa foforo no ho asɛm no. Ɔwɛn Aban Asafo no ayi no adi wɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam horow no ase wɔ 1996/97 mu.
Wɔyɛɛ nhomawa a ekura nkratafa 32 a emu mfonini yɛ kɔla no sɛ nea wɔde bɛyɛ Bible adesua. Ɛka Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ ho asɛm. Emu nsɛm no nyɛ den na ɛyɛ ntiatiaa, na ɛkyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ no mu pefee. Ɛnsɛ sɛ asete yɛ den ma wɔn a wɔkenkan no. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de nhomawa foforo yi ayɛ Bible adesua?
Fa nsɛmmisa no di dwuma. Nsɛmmisa di adesua asɛm biara anim. Wubehu nkyekyem ahorow a mmuae no wɔ no nɔma wɔ nkahyemde mu sɛ edi asɛmmisa biara akyi. Wubetumi de nsɛmmisa yi adi dwuma sɛ nkyerɛkyerɛ ho mmoa a wɔde fi adesua ase ne nea wɔde tĩ mu. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa osuani no nsɛm no wɔ ofie Bible adesua no mfiase, na woatie nea ɔbɛka. Sɛ́ anka wobɛteɛ mmuae biara a ɛnteɛ amonom hɔ ara no, wubetumi akɔ so ayɛ adesua no. Wɔ adesua no awiei no, wubetumi asan akɔ nsɛmmisa no so de ahwɛ sɛ afei osuani no betumi ama ho mmuae ma ɛne Bible no ahyia anaa.
Kenkan kyerɛw nsɛm no. Wɔ adesua asɛm biara mu no, wɔde kyerɛw nsɛm a ɛboa aka Bible mu nokware ahorow a wɔaka ho nsɛm ntiatiaa no ho. Esiane sɛ wɔmfaa kyerɛw nsɛm no mu dodow no ara mu nsɛm nkae, na mmom wɔatwe adwene asi so kɛkɛ nti, ɛho hia sɛ wohyɛ osuani no nkuran ma ɔkenkan saa kyerɛw nsɛm yi wɔ n’ankasa Bible mu. Ehia sɛ ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no dwennwen ho ansa na watumi de adi dwuma wɔ n’asetra mu.—Yosua 1:8.
Ka mfonini ahorow no ho nsɛm. Wofi ayamye mu ayɛ mfonini ahorow a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu—ne nyinaa bɛboro mfonini ahorow 50. Ɛnyɛ aniwa fɛ a ɛbɛyɛ nko nti na wɔyɛe, na mmom sɛ ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ ho mmoa foforo nso. Sɛ nhwɛso no, adesua ahorow abien a etwa to (emu biara yɛ kratafa biako a edi nhwɛanim) no nsɛmti ne “Afoforo a Wobɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Onyankopɔn Apɛde” ne “Gyinae a Wubesi sɛ Wobɛsom Onyankopɔn.” Mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa abien no nyinaa mu no fa onipa biako no honhom fam nkɔso ho, ɛda no adi sɛ ɔredi adanse wɔ bɔnnɔ so, ɔreyɛ afie afie adwuma, ɔreyɛ n’ahosohyira, na awiei koraa no, wɔrebɔ no asu. Sɛ wotwe osuani no adwene kɔ saa mfonini ahorow yi so a, woboa no ma ohu anammɔn ahorow a ɛhwehwɛ sɛ otu na ama watumi asom Onyankopɔn no.
Na sɛ onigyefo no nnim akenkan yiye anaasɛ ontumi nkenkan koraa nso ɛ? Asafo ti no rekyere nhoma foforo yi mu nsɛm agu kasɛt so wɔ kasa ahorow bi mu. Nhomawa no mu nsɛm ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu pii mu nsɛm na ɛwɔ kasɛt no so. Sɛnea wɔakyere agu kasɛt so no na edi so yi: Wɔkenkan asɛmmisa a edi kan no, na nkyekyem (anaa nkyekyem ahorow) a mmuae no wom ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no bi adi akyi. Afei wɔkenkan asɛmmisa a edi hɔ no, na nhomawa no mu nsɛm ne kyerɛw nsɛm a ebua no, ne nea ɛkeka ho adi akyi. Osuani no betumi atie kasɛt no so nsɛm no bere a ɔresiesie ne ho ama adesua no. Wubetumi de kasɛt no adi dwuma bere a moreyɛ adesua no nso.
Wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no ho peree wɔn sɛ wɔde nhomawa foforo yi bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ nhwɛso no, bere a akwampaefo (bere nyinaa asɛmpakafo) baanu a wɔwɔ United States nsa kaa nhomawa no bi nna kakraa bi akyi no, wɔde bi maa awarefo bi a wonnyinii pii a na wɔtaa kɔ wɔn nkyɛn no. Bere a awarefo no hwɛɛ emu nsɛm a wɔahyehyɛ no, wɔn ani bɔɔ adesua asɛm a ɛne “Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi” so. Ababaa no kae sɛ: “Na ayɛ m’adwene bere nyinaa sɛ Onyankopɔn ntumi nkyi biribi da—ɔyɛ ɔdɔ nkoaa. Eyi na medi kan akenkan.” Bere a akwampaefo baanu no san kɔe dapɛn a edi hɔ no, ababaa no kae sɛ: “Na merekenkan nhomawa foforo no. Ɛyɛ den yiye sɛ yebetumi ayɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nyinaa. Yehowa ani nnye yɛn ho—yɛnwaree. Nanso yɛasi gyinae. Yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware Fida a ɛreba yi.” Bere a wɔyɛɛ akwampaefo awarefo no atuu no, wɔde kaa ho sɛ: “Yɛpa mo kyɛw sɛ yɛne mo nyɛ adesua daa, nanso eyi yɛ adesoa kɛse a afi yɛn so.”
Fa Ahwehwɛde nhomawa no di dwuma ɔkwan biara so. Ɛyɛ adwinnade pa a ɛbɛboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow.
[Kratafa 17 mfonini ahorow]
Ɔkwan bɛn so na wode nhomawa foforo no bedi dwuma?