Amanehunu Pii
“DƐN nti na ankorankoro ne nnipa nyinaa rehu amane pii saa . . . ? Wɔkyerɛ sɛ nneɛma a mfaso wɔ so nko na Onyankopɔn de ma, nanso nneɛma a mfaso nni so dɔɔso kɛse wɔ wiase yi mu, amanehunu ne bɔne a ntease nnim dɔɔso dodo. Ebia Onyankopɔn yi ne nea Nietzsche bɔɔ no sobo sɛ ɔyɛ: katabaakofo, ɔdaadaafo, osisifo, owudifo no?”—On Being a Christian, a Hans Küng kyerɛwee.
Wutumi hu sɛ asɛm a ɛkyere nnipa pii adwene ara kwa na Katolekni nyamekyerɛfo Hans Küng reka—dɛn nti na tumi nyinaa wura a ɔwɔ dɔ, Onyankopɔn, ma amanehunu pii ho kwan saa? So wontee sɛ nkurɔfo bisa asɛm a ɛte saa pɛn? Onipa biara a ɔwɔ ayamhyehye di yaw wɔ nea Küng ka ho asɛm sɛ “mogyahwiegu a enni ano, mfifiri ne nusu, ɛyaw, awerɛhow ne ehu, ankonamyɛ ne owu” no ho. Nokwarem no, ɛte sɛ asuten bi a ano yɛ den, ahodwiriwde ne ɛyawdi a asɛe nnipa ɔpepem pii asetra wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.—Hiob 14:1.
“Amanehunu ne Ɔhaw” Ahyɛ no Ma
Susuw amanehunu a ɔko de ba ho, ɛnyɛ nnipa a ɛka wɔn pɛɛ no nko na wodi yaw, na mmom wɔn a wogya wɔn wɔ akyi ma wodi awerɛhow no nso, te sɛ mmofra a wokunkum wɔn, ne afoforo a wɔayɛ wɔn ayayade no awofo ne wɔn abusuafo. Red Cross kae nnansa yi ara sɛ: “Mfe 10 a etwaam no, wokunkum mmofra ɔpepem 1.5 wɔ akodi mu.” Red Cross bɔ amanneɛ sɛ, wɔ 1994 mu no, “wɔde nkakrankakra kunkum mmarima, mmea ne mmofra ɔpehaha pii atirimɔden so” wɔ Rwanda.
Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu ɛyaw a mpanyimfo a wɔto mmofra mmonnaa de ba no nso so. Ɛna bi a ɔredi awerɛhow a ɔkyerɛe sɛ ne babarima kum ne ho bere a obi a ɔhwɛ mmofra so too no mmonnaa akyi no, kae sɛ: “Ɔbarima a ɔtoo me babarima no mmonnaa no . . . nam anifere kwan a ɛsen biara so de nkakrankakra sɛee ɔno ne mmarimaa foforo dodow bi.” Na ɛyawdi a ɛyɛ hu a awudifo a wonni tema anaa awudifo a wokunkum nnipa ntoatoaso, te sɛ wɔn a wɔkyeree wɔn wɔ Britain a “wɔde mfe 25 kyeree nkurɔfo siei, too wɔn mmonnaa, yɛɛ wɔn ayayade na wokum wɔn a wɔanka wɔn hwee” no nso ɛ? Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ɛte sɛ nea ayayade ne amanehunu a mmarima ne mmea de aba afoforo so no nni ano.—Ɔsɛnkafo 4:1-3.
Nea ɛka eyi ho no, amanehunu a nkate ne honam fam nyarewa, ne awerɛhow kɛse a ɛma mmusua gyigya, bere a adɔfo wu patuwu no wɔ hɔ. Nnipa a ɔkɔm anaa asiane foforo ka wɔn a wodi yaw nso wɔ hɔ. Nnipa kakraa bi pɛ na wobegye Mose asɛm a ɔkae sɛ “amanehunu ne ɔhaw” ahyɛ yɛn mfirihyia nna 70 anaa 80 no ma no ho kyim.—Dwom 90:10, NW.
So Ɛka Onyankopɔn Nhyehyɛe Ho?
Sɛnea ebinom akyerɛ no, so ebetumi aba sɛ amanehunu a ɛkɔ so daa yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a wontumi nhu mu nkosi ase no fã bi? So ɛsɛ sɛ yehu amane seesei na ama yɛn ani asɔ ‘wiase a ɛreba no mu’ asetra? Sɛnea na Franceni nyansapɛfo Teilhard de Chardin gye di no, so ɛyɛ nokware sɛ “amanehunu a ekum nnipa ma ɔporɔw no, ho hia ma no na ama watra ase adan honhom”? (The Religion of Teilhard de Chardin; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Dabida!
So ɔyɛfo bi a ɔwɔ tema bɛhyɛ da ayɛ nneɛma a edi awu na afei wakyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye bere a ogye nkurɔfo fi emu haw mu no? Dabida! Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ ayɛ biribi a ɛte saa? Ɛnde dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? So amanehunu befi hɔ da bi? Asɛm a edi hɔ no bɛka nsɛmmisa yi ho asɛm.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
WHO mfonini a P. Almasy twae