Onyankopɔn mu Gyidi—So Ɛhwehwɛ sɛ Obi Hu Anwonwade bi Ansa?
NÁ ALBERT adi mfe 20 ne kakra bere a ofii ase hwehwɛɛ Onyankopɔn no. Ɔsɔɔ ɔsom pii hwɛe, nanso wannya abotɔyam. Bere a ɔkenkan Bible no afã bi no, ohuu sɛnea na Onyankopɔn ne nnipa bi te sɛ Noa, Abraham, Sara, ne Mose te. Albert hui sɛ wabɛn Bible no Nyankopɔn no. Nanso, na obetumi agye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa?
Da koro anwummere bi, Albert tuu kar kɔɔ beae bi a atew ne ho kɔbɔɔ mpae sɛ, “Onyankopɔn, mesrɛ wo, ma minhu sɛnkyerɛnne bi—biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ wowɔ hɔ.” Albert twɛnee araa. Ɔka sɛ bere a biribiara ansi no, n’akwanhwɛ no “danee huammɔdi, anidaso a enni hɔ, ne abufuw.”
Te sɛ Albert no, nnipa pii te nka sɛ wɔahwehwɛ Onyankopɔn nanso wɔanhu no. Ebia nsɛm a asɔfo ka no ma wɔn adwene tu fra anaa asɛnkafo a wɔba television so no aguadi no ma wɔn abam bu. Esiane nyaatwom a ɛda di wɔ wɔn afipamfo dodow no ara mu nti, ebinom nhu nea wonnye nni. Nanso, Ɔhene Dawid a ofi tete Israel no maa ne babarima Salomo awerɛhyem sɛ: “Sɛ wohwehwɛ [Onyankopɔn] a, ɔbɛma woahu no.”—1 Beresosɛm 28:9.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn da ne ho adi? So ɛsɛ sɛ wuhu sɛnkyerɛnne bi—osuahu a ɛboro onipa tumi so a ɛbɛkyerɛ wo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu bi a ɛho amanneɛbɔ baa Time nsɛmma nhoma mu kyerɛ no, Amerikafo bɛboro nkyem abiɛsa mu abien na wogye anwonwade di. Asɛm no kae nso sɛ “asɔre ahorow a ɛrenya nnipa ntɛmntɛm sen biara wɔ Amerika no ne Honhomsɔre ahorow a wɔn som no gyina ‘nsɛnkyerɛnne ne anwonwade’ so no.”
So ɛsɛ sɛ obi hu “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” bi ankasa ansa na wagye Onyankopɔn adi? Ɔde anwonwade ahorow dii dwuma tete mmere no mu. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Saulo a ofi Tarso, a na ɔretaa Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, akyidifo no nyaa osuahu soronko bi bere a na ofi Yerusalem rekɔ Damasko no. Saa anwonwakwan a Saulo nam so huu Yesu a wɔanyan no yi maa ɔsakrae. (Asomafo no Nnwuma 9:1-22) Enti obi a kan no na ɔyɛ ɔtaafo no bɛyɛɛ ɔsomafo Paulo—Kristosom ho adawurubɔfo a wɔsen biara no biako!
Nanso, bere nyinaa na anwonwade ma obi kyerɛ anigye a ɛte saa anaa? So Onyankopɔn mu nokware gyidi a obi benya no gyina anwonwade bi a obehu so?
[Kratafa 3 mfonini]
Onyankopɔn Ba no kasa kyerɛɛ Saulo a ofi Tarso anwonwakwan so. So ɛsɛ sɛ wohwɛ anwonwade bi kwan?