Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/1 kr. 9-13
  • Ma Wo Bo Ntɔ Wo Yam Bere a Ogye Bɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Bo Ntɔ Wo Yam Bere a Ogye Bɛn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mmere a Emu Yɛ Den”
  • Nnipa Ntumi Nnye Obiara
  • Ogye Abɛn—Ma Henanom?
  • Ogyefo Kɛse No
  • Tete Mmere Mu Ogye Ahorow
  • Siesie Wo Ho Ma Ogye A Ɛde Kɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Bere A Onyankopɔn Ahenni Begye Yɛn No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • So W’ani Sɔ Nea Yehowa Ayɛ A Ɔde Begye Wo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/1 kr. 9-13

Ma Wo Bo Ntɔ Wo Yam Bere a Ogye Bɛn No

“Midi w’akyi, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni, na megye wo.”—YEREMIA 1:19.

1, 2. Dɛn nti na adesamma abusua no hia ogye?

OGYE! Awerɛkyekyesɛm bɛn ni! Sɛ́ wobegye obi no kyerɛ sɛ wobegye no afi amane mu, sɛ́ wɔbɛma wanya ahofadi wɔ tebea bɔne a ɛyɛ awerɛhow mu. Nea ɛka eyi ho ne adwene a ɛne sɛ wɔde no bɛba tebea pa a ɛyɛ anigye mu.

2 Hwɛ sɛnea adesamma abusua no hia ogye a ɛte saa denneennen saa bere yi! Nsɛnnennen—sikasɛm, asetra mu nsɛm, honam, adwene, ne nkate fam haw—hyɛ nnipa so wɔ baabiara, na wɔn abam abu. Sɛnea wiase rekɔ no ama nnipa pii ahaw na wɔn abam abu, na wɔpɛ nsakrae a ɛbɛma ayɛ yiye.—Yesaia 60:2; Mateo 9:36.

“Mmere a Emu Yɛ Den”

3, 4. Dɛn nti na ogye ho hia kɛse nnɛ?

3 Esiane sɛ nnipa ahyia amanehunu pii wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu sen afeha foforo biara nti, ogye ho abehia seesei sen bere biara a atwam. Ɛnnɛ, nnipa bɛboro ɔpepepem biako na wodi hia buruburoo, na saa nnipa dodow no nya nkɔanim bɛyɛ ɔpepem 25 afe biara. Afe biara mmofra bɛyɛ ɔpepem 13 na aduan pa a wonnya nni anaa nneɛma foforo a ohia de ba kunkum wɔn—bɛboro nnipa 35,000 na wowuwu da biara! Na yare ahorow ma mpanyimfo ɔpepem pii wuwu ɔpatuwu.—Luka 21:11; Adiyisɛm 6:8.

4 Akodi ne ɔman mu basabasayɛ de amanehunu a enni ano aba. Death by Government nhoma no ka sɛ akodi, abusua ne nyamesom mu ntɔkwa ne okunkɛse a nniso ahorow de ba wɔn ankasa mamma so no “akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 203 wɔ saa afeha yi mu.” Ɛka bio sɛ: “Nnipa a wɔakunkum wɔn ankasa no dodow betumi adu bɛyɛ ɔpepem 360. Ɛte sɛ nea owuyare bi a wɔfrɛ no Black Plague asan aba na akunkum adesamma. Na nokwarem no, Tumidi ho yare, na ɛnyɛ ɔyare mmoawa na akunkum wɔn.” Nhomakyerɛwfo Richard Harwood kae sɛ: “Atirimɔden ko a wɔako no mfehaha a atwam no mma koraa.”—Mateo 24:6, 7; Adiyisɛm 6:4.

5, 6. Dɛn na ɛma yɛn bere yi yɛ awerɛhow saa?

5 Nea ama tebea no ayɛ den kɛse wɔ nnansa yi mfe no mu ne amumɔyɛde, ɔbrasɛe, ne mmusua a emu apaapae a anya nkɔanim kɛse no. William Bennett a kan no na ɔyɛ United States Nhomasua Soafo no kae sɛ wɔ mfe 30 mu no, nnipa dodow a wɔwɔ U.S. no kɔɔ soro ɔha biara mu 41, nanso amumɔyɛde kɔɔ soro ɔha biara mu 560, mpena mma awo kɔɔ soro ɔha biara mu 400, awaregyae kɔɔ soro ɔha biara mu 300, mmofra a wodi wɔn ho dɔm kɔɔ soro ɔha biara mu 200. Ɔkyerɛkyerɛfo John DiIulio, Akumaa, a ɔwɔ Princeton Sukuupɔn mu no bɔɔ mmofra a wɔyɛ “dwowtwafo ankasa,” a “wodi awu, wɔtow hyɛ nkurɔfo so, wɔto mmonnaa, wowia ade, na wɔde basabasayɛ a anibere wom ba ɔman mu, ho kɔkɔ. Wonsuro ɔkyere ho aniwu, afiase nna mu yaw, anaa ahonim ho haw.” Wɔ saa man no mu no, awudi ne ade a ɛto so abien a ɛma wɔn a wɔadi mfe 15 kosi 19 wuwu. Na ayayade a wɔyɛ mmofra no kunkum pii a wonnii mfe anan sen yare.

6 Ɛnyɛ ɔman biako pɛ mu na nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛte saa wɔ. Aman dodow no ara de amanneɛbɔ a ɛte saa ma. Nea ɛrema eyi ayɛ kɛse ne nnubɔne nom a ɛsɛe nnipa ɔpepem pii a ɛrenya nkɔanim no. Australiafo Sydney Morning Herald no kae sɛ: “Sɛ akode ho aguadi da nkyɛn a, nnubɔne a wɔtɔn wɔ amanaman mu abɛyɛ nea edi hɔ a sika wom sen biara wɔ wiase.” Ade foforo ne basabasayɛ ne ɔbrasɛe a abu so wɔ television so seesei no. Wɔ aman pii mu no, ansa na abofra bi bedi mfe 18 no, na wahwɛ basabasayɛ ho nneɛma ɔpedudu pii ne ɔbrasɛe ho ade pii wɔ TV so. Ɛno yɛ ade titiriw a ɛsɛe nnipa, efisɛ nea yɛde hyɛ yɛn adwene mu daa no ne ade a ɛma yenya yɛn nipasu.—Romafo 12:2; Efesofo 5:3, 4.

7. Ɔkwan bɛn so na Bible nkɔmhyɛ kaa mprempren tebea bɔne no ho asɛm siei?

7 Bible nkɔmhyɛ kaa nsɛm a ɛyɛ hu a ebesisi wɔ yɛn afeha yi mu ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ. Ɛkae sɛ ɔko, ɔyaredɔm, ɔkɔm, ne amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso bɛba wiase nyinaa. (Mateo 24:7-12; Luka 21:10, 11) Na sɛ yesusuw nkɔmhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no ho a, na ɛte sɛ nea yɛretie atesɛm ho amanneɛbɔ. Ɛda bere a yɛwom yi adi sɛ “nna a edi akyiri no,” na ɛka nnipa ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘ahopɛfo, sikapɛfo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.’ Saa pɛpɛɛpɛ na wiase no te nnɛ. Sɛnea William Bennett kae no: “Nneɛma pii di adanse sɛ . . . anibuei asɛe.” Wɔaka sɛ anibuei sɛee wɔ wiase ko a edi kan no mu.

8. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de Noa bere so Nsuyiri no bae, na ɛfa yɛn bere yi ho dɛn?

8 Tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no asɛe sen nea na ɛwɔ hɔ ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba, bere a “na anuɔden ahyɛ asase so ma” no. Saa bere no, nnipa annu wɔn ho wɔ wɔn akwammɔne ho. Enti, Onyankopɔn kae sɛ: “Wɔn anuɔden ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn.” Nsuyiri no de saa wiase no baa awiei.—Genesis 6:11, 13; 7:17-24.

Nnipa Ntumi Nnye Obiara

9, 10. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa na wobegye yɛn?

9 So onipa mmɔdenbɔ betumi agye yɛn afi saa tebea bɔne yi mu? Onyankopɔn Asɛm bua sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Dwom 146:3; Yeremia 10:23) Nsɛm a asisi mfe mpempem pii a abɛsen kɔ no si nokwasɛm ahorow yi so dua. Nnipa asɔ amammui, sikasɛm, ne asetram nhyehyɛe biara a wɔasusuw ho ahwɛ, nanso sɛe ara na tebea no resɛe. Sɛ onipa betumi adi ho dwuma a, anka sesɛɛ de ada adi. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’—Ɔsɛnkafo 8:9; Mmebusɛm 29:2; Yeremia 17:5, 6.

10 Mfe kakra a atwam no, kan U.S. man bammɔ fotufo, Zbigniew Brzezinski kae sɛ: “Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nyinaa no mu nhwehwɛmu a yɛahyɛ da ayɛ no ho nokwasɛm ankasa ne sɛ asetra ne amammui mu basabasayɛ, sikasɛm mu ahokyere, ne amanaman ntam akodi yɛ nea akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛtrɛw kɛse.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ade a ɛrehaw onipa [ne] wiase amammui mu basabasayɛ.” Saa nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ wiase tebea horow mu no di mu kɛse mpo nnɛ. Bere a atesɛm krataa, Register reka bere a basabasayɛ anya nkɔanim yi ho asɛm wɔ New Haven, Connecticut no, ɛkae sɛ: “Ɛte sɛ nea tebea no asɛe dodo sɛ yebetumi asiw ano.” Dabi, yɛrentumi nsiw sɛe a wiase asɛe no ano, efisɛ nkɔmhyɛ a ɛfa saa “nna a edi akyiri” yi ho no nso kae sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.”—2 Timoteo 3:13.

11. Dɛn nti na nnipa mmɔdenbɔ rensakra tebea a ɛresɛe no?

11 Nnipa rentumi nsakra saa tebea yi efisɛ Satan ne “wi yi ase nyame.” (2 Korintofo 4:4) Yiw, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19; hwɛ Yohane 14:30 nso.) Bible ka yɛn bere yi ho asɛm ma ɛfata sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Satan nim sɛ ne tumidi ne ne wiase no reba awiei, enti ɔte sɛ “gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”—1 Petro 5:8.

Ogye Abɛn—Ma Henanom?

12. Henanom na wɔn gye rebɛn?

12 Asase so tebea a emu reyɛ den kɛse no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ nsakrae kɛse—nokwarem no, ogye kɛse bi—abɛn! Ma henanom? Ogye abɛn ama wɔn a wotie kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne no ne wɔn a wɔyɛ ho ade ɔkwampa so no. Yohane nhoma a edi kan 2:17 kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ: “Wiase [Satan nneɛma nhyehyɛe] ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—Hwɛ 2 Petro 3:10-13 nso; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii hia a ehia sɛ yɛwɛn so dua?

13 Yesu ka siei sɛ ɛrenkyɛ na wɔapra ɛnnɛyi nnipa a wɔaporɔw no wɔ ɔhaw bere bi “a efi wiase bɔ so de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” no mu. (Mateo 24:21) Ɛno nti na ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”—Luka 21:34-36.

14 Wɔn a ‘wɔhwɛ wɔn ho yiye’ na ‘wɔwɛn’ no bɛhwehwɛ Onyankopɔn apɛde na wɔayɛ. (Mmebusɛm 2:1-5; Romafo 12:2) Eyinom ne wɔn a wobenya “ahoɔden de aguan” ɔsɛe a ɛrenkyɛ wɔde bɛba Satan ne n’ahyehyɛde no so no. Na wobetumi anya awerɛhyem koraa sɛ wobegye wɔn.—Dwom 34:15; Mmebusɛm 10:28-30.

Ogyefo Kɛse No

15, 16. Hena ne Ogyefo kɛse no, na dɛn nti na yɛwɔ awerɛhyem sɛ n’atemmu bɛyɛ nea ɛteɛ?

15 Nea ɛbɛyɛ na wɔagye Onyankopɔn asomfo no, ehia sɛ woyi Satan wiase nhyehyɛe no nyinaa hɔ. Eyi hwehwɛ sɛ wonya obi a ne tumi boro nnipa de so koraa a obegye wɔn. Saa nipa no ne Yehowa Nyankopɔn, Amansan Tumfoɔ, ade nyinaa Bɔfo a ɔbɔɔ amansan a ɛyɛ nwonwa yi no. Ɔne Ogyefo kɛse no: “Me, mene Awurade [Yehowa, NW], na ogyefo bi nni hɔ sɛ me!”—Yesaia 43:11; Mmebusɛm 18:10.

16 Yehowa mu na tumi, nyansa, atɛntrenee, ne ɔdɔ nyinaa wɔ. (Dwom 147:5; Mmebusɛm 2:6; Yesaia 61:8; 1 Yohane 4:8) Enti sɛ obu atɛn a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Abraham bisae sɛ: “Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?” (Genesis 18:24-33) Paulo kae sɛ: “So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ? Dabida!” (Romafo 9:14) Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiɛ, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, w’atemmu sɛ nokware ne trenee.”—Adiyisɛm 16:7.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa tete asomfo nyaa ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso?

17 Sɛ Yehowa hyɛ ogye ho bɔ a, ɔbɛma abam. Yosua kae sɛ: “Asɛmpa a Awurade [Yehowa, NW] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam.” (Yosua 21:45) Salomo kae sɛ: ‘N’asɛmpa no nyinaa mu asɛm biako po antɔ fam.’ (1 Ahene 8:56) Ɔsomafo Paulo kae sɛ Abraham ‘amfa gye a onnye nni annye kyim, na na onim ampa sɛ, nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.’ Saa ara na Sara ‘buu Onyankopɔn a na wahyɛ bɔ no nokwafo.’—Romafo 4:20, 21; Hebrifo 11:11.

18. Dɛn nti na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya awerɛhyem sɛ obegye wɔn?

18 Yehowa nte sɛ nnipa, enti wotumi nya ne mu ahotoso koraa, na odi n’asɛm so. “Asafo Awurade [Yehowa, NW] aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.” (Yesaia 14:24) Enti sɛ Bible ka sɛ ‘Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmuda’ a, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ eyi bɛbam. (2 Petro 2:9) Sɛ atamfo a wɔn ho yɛ den de ɔsɛe hunahuna Yehowa asomfo mpo a, wonya abotɔyam esiane su a ɔdaa no adi wɔ bɔ a ɔhyɛɛ n’adiyifo no mu biako ho nti: “Wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni, na megye wo.”—Yeremia 1:19; Dwom 33:18, 19; Tito 1:2.

Tete Mmere Mu Ogye Ahorow

19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa gyee Lot, na ɔkwan bɛn so na ɛne yɛn bere yi de no hyia?

19 Yebetumi anya nkuranhyɛ kɛse denam Yehowa ogye nnwuma a wayɛ dedaw no bi ho a yebesusuw so. Sɛ nhwɛso no, Sodom ne Gomora de wɔn amumɔyɛ “haw” Lot. Nanso Yehowa huu “nteɛm” a na etia saa nkurow no. Wɔ bere a ɛfata mu no, ɔsomaa abɔfo ma wɔkɔka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ womfi saa beae no ntɛm ara. Dɛn na efi mu bae? Yehowa ‘gyee Lot a ɔteɛ no,’ na “ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nsõ.” (2 Petro 2:6-8; Genesis 18:20, 21) Ɛnnɛ nso, Yehowa hu nteɛm a etia amumɔyɛ wiase yi no. Sɛ ne nnɛyi asomafo no wie wɔn adansedi adwuma a egye ntɛmpɛ no sɛnea ɔpɛ a, ɔbɛyɛ ade atia saa wiase yi, na wagye n’asomfo sɛnea ogyee Lot no.—Mateo 24:14.

20. Ka sɛnea Yehowa gyee tete Israel fii Misraim no ho asɛm.

20 Wɔ tete Misraim no, wɔde Onyankopɔn nkurɔfo ɔpepem pii yɛɛ nkoa. Yehowa ka faa wɔn ho sɛ: ‘Mate wɔn sũ, na mahu wɔn amanehunu. Na masian sɛ merebeyi wɔn.’ (Exodus 3:7, 8) Nanso, bere a Farao maa Onyankopɔn nkurɔfo kɔe akyi no, ɔsesaa n’adwene de n’asraafo a wɔyɛ den no tiw wɔn. Ná ɛte sɛ nea Po Kɔkɔɔ no asum Israelfo no afiri. Nanso Mose kae sɛ: “Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ Awurade [Yehowa, NW] nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ.” (Exodus 14:8-14) Yehowa paee Po Kɔkɔɔ no mu, na Israelfo no faa mu. Farao asraafo no tiw wɔn, nanso Yehowa de ne tumi dii dwuma araa ma “ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛse no mu.” Ɛno akyi no, Mose yii Yehowa ayɛ wɔ nnwonto mu sɛ: “Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.”—Exodus 15:4-12, 19.

21. Ɔkwan bɛn so na wogyee Yehowa nkurɔfo fii Amon, Moab, ne Seir nsam?

21 Bere foforo nso, Amon, Moab, ne Seir (Edom), aman a na wɔyɛ atamfo no hunahunaa Yehowa nkurɔfo sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Yehowa kae sɛ: “Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm [atamfo] bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn. . . . Ɛnyɛ mo de ne sɛ mobɛko . . . munkogyina, na monhwɛ Awurade [Yehowa, NW] nkwagye.” Yehowa gyee ne nkurɔfo denam atamfo kuw no a ɔmaa basabasayɛ sii wɔn mu na wokunkum wɔn ho no so.—2 Beresosɛm 20:15- 23.

22. Anwonwakwan bɛn so na Yehowa nam gyee Israel fii Asiria nsam?

22 Bere a Asiria Wiase Tumidi no baa Yerusalem so no, Ɔhene Sanaherib bɔɔ Yehowa ahohora denam asɛm a ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔwɔ ɔfasu no so so: “Nsase [a madi so] yi anyame nyinaa mu henanom na wɔagye wɔn asase afi me nsam, na Awurade [Yehowa, NW] rebegye Yerusalem afi me nsam?” Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn asomfo sɛ: “Mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto Awurade [Yehowa, NW] so sɛ: Ogye ara na Awurade [Yehowa, NW] begye yɛn.” Afei Hesekia bɔɔ mpae anibere so hwehwɛɛ ogye, ‘na asase so ahenni nyinaa ahu sɛ Yehowa nkutoo ne Nyankopɔn.’ Yehowa kunkum Asiria asraafo 185,000, na wogyee Onyankopɔn asomfo. Akyiri yi, bere a Sanaherib som n’atoro anyame no, ne mmamarima kum no.—Yesaia atiri 36 ne 37.

23. Ɛnnɛyi ogye ho nsɛmmisa bɛn na ɛho hia sɛ yebua?

23 Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi anya abotɔyam bere a yehu sɛnea Yehowa nam anwonwakwan so gyee ne nkurɔfo tete mmere mu no. Na ɛnnɛ nso ɛ? Tebea a ɛyɛ hu bɛn na ɛrenkyɛ n’asomfo anokwafo bɛbam a ɛbɛhwehwɛ sɛ ogye wɔn anwonwakwan so? Dɛn nti na watwɛn abesi sesɛɛ ansa na ɔde wɔn gye reba? Yesu nsɛm a ɛne: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn” no bɛbam dɛn? (Luka 21:28) Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo a wɔawuwu dedaw no benya ogye? Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ saa nsɛmmisa yi mu.

Ntimu Nsɛmmisa

◻ Dɛn nti na ogye ho hia kɛse saa?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa begye yɛn?

◻ Henanom na wɔn gye abɛn?

◻ Dɛn nti na yebetumi anya Yehowa nkwagye mu ahotoso?

◻ Tete mmere mu ogye ho nhwɛso bɛn na ɛhyɛ nkuran?

[Kratafa 10 mfonini]

Ná Abraham ka wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso koraa no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena