Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
So yebetumi aka sɛ asɛm “awo ntoatoaso” a ɛwɔ Mateo 24:34 no ho ntease foforo a yɛanya nnansa yi ara no ma yenya adwene sɛ nneɛma nhyehyɛe no awiei no betumi ayɛ nea ɛwɔ akyirikyiri?
Ɛnte saa koraa. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛsɛ sɛ ntease pa a yɛanya wɔ asɛm yi ho nnansa yi no boa yɛn ma yɛhwɛ awiei no kwan bere biara. Ɔkwan bɛn so?
Wiɛ, sɛnea November 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu no, Yesu de asɛm “awo ntoatoaso yi” no kaa amumɔyɛfo a wɔtraa ase bere koro mu ho asɛm. (Mateo 11:7, 16-19; 12:39, 45; 17:14-17; Asomafo no Nnwuma 2:5, 6, 14, 40) Wamfa anka bere pɔtee bi a wɔahyɛ ato hɔ a ebefi ase da pɔtee bi ho asɛm.
Nokwarem no, wosii nsɛntitiriw abien so dua wɔ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a epuee saa Ɔwɛn-Aban koro no ara mu no mu: “Wɔrentumi mmu nnipa awo ntoatoaso sɛ ɛyɛ mfe dodow pɔtee bi,” afei “Sɛ wɔyɛ ntotoho a, awo ntoatoaso mu nnipa tra ase bere tiaa bi.”
Yɛtaa de “awo ntoatoaso” di dwuma saa kwan yi so. Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka sɛ, ‘Ná asraafo a wɔwɔ Napoléon awo ntoatoaso mu no nnim wimhyɛn ne atom atopae ho hwee.’ Sɛ yɛka saa a na yɛkyerɛ asraafo a wɔwoo wɔne Napoléon afe koro mu anaa? So na yɛkyerɛ Francefo asraafo a wowuwui ansa na Napoléon rewu no ara kwa? Dabida; na saa nso na “awo ntoatoaso” a yɛde di dwuma saa kwan yi so no nkyerɛ sɛ yɛde mfe dodow pɔtee bi resi hɔ. Nanso, ɔkwan bi so no, na yɛreka efi Napoléon bere so bere tiaa bi ho asɛm, ɛnyɛ mfehaha pii bi.
Saa ara na ntease a yɛwɔ wɔ nea Yesu kae wɔ ne nkɔmhyɛ a ɔde mae wɔ Ngo Bepɔw so mu no te. Sɛnea saa nkɔmhyɛ no afã horow no anya mmamu no kyerɛ sɛ saa nhyehyɛe yi awiei abɛn. (Mateo 24:32, 33) Kae sɛ sɛnea Adiyisɛm 12:9, 10 kyerɛ no, wɔtow Satan kyenee asase so bere a wɔde Onyankopɔn soro Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 mu no. Adiyisɛm de ka ho sɛ Satan afa abufuw kɛse seesei. Dɛn ntia? Efisɛ onim sɛ “ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Enti na ɛfata sɛ November 1 Ɔwɛn-Aban no kura asɛmti ketewa a ɛne “Monwɛn!” Nkyekyem a edi hɔ no ka ma ɛfatae sɛ: “Ɛho nhia sɛ yehu bere pɔtee a nsɛm besisi. Mmom no, nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so ne sɛ yɛbɛwɛn, yebenya gyidi a emu yɛ den, na yɛayɛ pii wɔ Yehowa adwuma mu—na ɛnyɛ sɛ yebebu bere bi ho akontaa.” Afei ɛfaa Yesu asɛm yi kae sɛ: “Monhwɛ yiye, monwɛn . . . Na munnim da ko a bere no du. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!”—Marko 13:33, 37.