Yehowa Yɛ Ade Nokwaredi Mu
SƐNEA PETER PALLISER KA KYERƐE
Ná ɛyɛ December 1985. Ná wɔrehwɛ yɛn kwan denneennen bere a yefii ase sɛ yɛresi fam wɔ amanaman ntam wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ Nairobi, Kenya, no. Bere a yɛte kar mu rekɔ kuropɔn no mu no, nneɛma a yehui na yɛtee no ma yɛkaakae bere bi a atwam.
YƐBAA Kenya sɛ yɛreba Yehowa Adansefo “Mudi mu Kurafo” Ɔmantam Nhyiam. Mfe dumien abien a atwam no, na wɔahyɛ me ne me yere ma yɛafi Kenya esiane sɛ na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no nti. Ná yɛte Betel, edin a wɔde frɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea horow no. Anigyesɛm a yekohui maa yɛn ho dwiriw yɛn bere a yɛsan kɔɔ hɔ no!
Obi a na ɔka ho ma wɔresiesie awiaduan wɔ Betel no ne Ɔdansefo kumaa bi a na yenim no fi bere a na wadi mfe abien. Anyɛ yiye koraa no, na yenim Betel abusua no mufo baasia fi bere a na wɔyɛ mmofra. Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ afei yehuu wɔn sɛ mmerante ne mmabaa a wɔne wɔn mmusua nyinaa da so ara de nsiyɛ reyɛ ɔsom adwuma no! Ná yɛn Nyankopɔn Yehowa ahwɛ wɔn so ma ɛne Bible bɔhyɛ a ese: “Adɔeyɛfo na wo ne no bedi no adɔe so” no ahyia. (2 Samuel 22:26) Hwɛ nsonsonoe kɛse a mihui sɛ na ɛda mmerante ne mmabaa yi asetra kwan a mfaso wɔ so no ne me mmofraberem de no ntam!
Mmofraberem a na Atirimpɔw Biara Nnim
Wɔwoo me wɔ Scarborough, England, wɔ August 14, 1918 mu. Mfe abien akyi no, me maame ne me nuabea panyin tu kɔɔ Canada, enti mfe abiɛsa a edi hɔ no, me ne me papa, me nanabea ne me sewaa na ɛtrae. Bere a midii mfe anum no, Maame wiaa me de me kɔɔ Montreal, Canada. Mfe anan akyi no, ɔsan de me baa England na me ne Paapa atra akɔ sukuu.
Ɛkame ayɛ sɛ asram asia biara, na me maame ne me nuabea kyerɛw me krataa. Wɔ wɔn nkrataa no awiei no, na wɔka sɛ wɔpɛ sɛ meyɛ ɔman ba pa, na midi Ɔhene ne ɔman nokware. Ɛda adi sɛ me mmuae horow no anyɛ wɔn dɛ, efisɛ mekyerɛwee sɛ migye di sɛ ɔmampɛ ne akodi nyɛ ade pa. Nanso esiane sɛ na minni akwankyerɛ pefee biara nti, na menenam abrabɔ mu kɛkɛ.
Afei wɔ July 1939 mu, adapɛn asia ansa na Wiase Ko II refi ase no, wɔhyɛɛ me de me hyɛɛ Britania asraafo mu. Ná madi mfe 20 pɛ. Ankyɛ na wɔde me kuw a na mewom no kɔɔ France atifi fam. Bere a German wimhyɛn tow hyɛɛ yɛn so no, yɛn, mmerante no de yɛn atuo kyerɛɛ wɔn so totoe. Ná ɛyɛ asetra a ɛyɛ hu yiye. Yeguan fii German asraafo ntuafo no anim, na na meka wɔn a wɔbɛfaa wɔn fii Dunkirk wɔ dapɛn a edi kan wɔ June 1940 mu no ho. Meda so ara kae asraafo dɔm mũ a na wɔakunkum wɔn apete mpoano no ma me ho dwiriw me. Minyaa me ti didii mu fii saa ahude no mu, na mede hyɛmma ketewa bi a ɛfa nneɛma duu Harwich, wɔ England apuei fam.
Afe a edi hɔ, wɔ March 1941 mu no, wɔde me kɔɔ India. Ɛhɔ no, wɔtetee me sɛ obi a osiesie nnwinnade a wɔde kyerɛ wimhyɛn kwan. Bere a ɔyare ma midii nna kakra wɔ ayaresabea akyi no, woyii me kɔɔ asraafo kuw bi a ɛwɔ India kuropɔn, Delhi mu. Bere a na me ne fie ntam kwan ware na me ho nnya ntɔɔ me no, mifii ase susuw daakye ho. Nea misusuw ho kɛse ne nea ɛba yɛn so bere a yɛawu no.
Nokwaredi Foforo a Midi Akyi
Ná me ne me yɔnko Englandni Bert Gale na ɛte dan biako mu wɔ Delhi. Da bi ɔkae sɛ “nyamesom fi Ɔbonsam,” asɛm a ɛkanyanee m’anigye. Ná ne yere abɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na bere ne bere mu no, ɔmena no Bible ho nhoma horow. M’ani gyee eyinom mu biako, Hope nhomawa no ho. Owusɔre ho anidaso a ɛkyerɛkyerɛɛ mu no ma minyaa akomatɔyam ankasa.
Bɛyɛ 1943 mfiase mu hɔ no, Bert ne Teddy Grubert a na ɔyɛ Englandni fã ne Indiani fã na ɔnyɛ ɔsraani a yɛne no yɛ adwuma wɔ asraafo adwumayɛban mu hɔ no kasae. Yɛn ho dwiriw yɛn sɛ yehui sɛ Teddy yɛ Ɔdanseni. Ɛwom sɛ na wɔabara Yehowa Adansefo nhoma horow wɔ 1941 mu de, nanso ɔde yɛn kɔɔ Adansefo no nhyiam horow a na wɔyɛ wɔ Delhi no ase. Minyaa fekubɔ a ɔdɔ wom a edi mu bere a edi kan koraa wɔ m’asetra mu wɔ saa asafo ketewaa no mu. Onua Kristoni bi a na ne mfe kɔ anim, Basil Tsatos a ofi Greece, nyaa me ho adagyew buaa me nsɛmmisa. Ɔde Bible no buaa nsɛmmisa a ɛfa nea enti a yenyinyin na yewuwu, owusɔre, ne Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu ho bɔhyɛ no ho maa emu daa hɔ.—Asomafo no Nnwuma 24:15; Romafo 5:12; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.
M’ani gyee nhomawa Peace—Can It Last?, a wotintimii wɔ 1942 mu no ho kɛse. Ɛdaa Amanaman Apam no adi sɛ “aboa kɔkɔɔ” no. (Adiyisɛm 17:3) Ɛrefa Adiyisɛm ti 17, nkyekyem 11, hɔ asɛm aka no, nhomawa no kae sɛ: “Mprempren yebetumi aka sɛ na Apam no ‘wɔ hɔ na afei de, enni hɔ.’” Ɛretoa so no, ɛkae sɛ: “Wiase aman fekuw no bɛsɔre bio.” Wɔ 1945 mu, bɛboro mfe abiɛsa akyi no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae, bere a wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no!
Bere a wɔbaraa Adansefo nhoma no, mitumi boaa me nnamfo foforo yi. Sɛ Peace—Can It Last? nhomawa no adaka biako bedu a, na asafo no dan ma me ma mede sie. Hena na na obenya adwene sɛ ɔbɛba abɛhwehwɛ nhoma a wɔabara wɔ asraafo nsra mu? Bere biara a mɛkɔ asafo nhyiam no, na mede nhomawa no kakra kɔ na ama anuanom anya bi. Sɛ wosuro mpo sɛ wɔbɛba abɛhwehwɛ wɔn afie mu a, na mede wɔn ankasa Bible ho nhoma horow sie ma wɔn. Awiei koraa no, wogyaee yɛn December 11, 1944 mu.
Wɔsɔɔ me nokwaredi wɔ Kristofo nkyerɛkyerɛ ho no hwɛe bere a wɔyɛɛ Buronya apontow maa asraafo kuw a na mewɔ mu no wɔ 1943 mu. Mamfa me ho anhyem, esiane sɛ na masua sɛ wɔanwo Yesu wɔ December awɔw bere mu ne sɛ tete Kristofo no anni Buronya nti.—Fa toto Luka 2:8-12 ho.
Bere a wɔyɛɛ “Adawurubɔfo a Wɔyɛ Biako” ɔmantam nhyiam wɔ Jubbulpore (Jabalpur) December 27 kosi 31, 1944 no, na meka nnipa bɛyɛ 150 a na wɔwɔ ase no ho. Nhyiamfo no pii de keteke na efii Delhi bae, akwantu a ɛboro kilomita 600. Me werɛ remfi sɛnea nneɛma kɔɔ so anigye so wɔ nhyiam a wɔyɛɛ no petee mu no ase da, baabi a mihuu Yehowa ahyehyɛde sɛ ɛredi dwuma no.
Nhyiamfo no kɔdaa sukuu adan mu, baabi a yɛtoo Ahenni nnwom na yenyaa Kristofo fekubɔ mu anigye. Mifii ase de me ho hyɛɛ baguam asɛnka adwuma no mu wɔ nhyiam no ase, na efi saa bere no, minni ho agoru koraa.
Bere Nyinaa Som Adwuma Wɔ England
Mesan baa England wɔ 1946 mu, na ntɛm ara mifii ase de me ho bɔɔ Wolverton Asafo no. Ɛwom sɛ na yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ du pɛ de, nanso wɔmaa m’ani kae, na minyaa akomatɔyam a na mewɔ wɔ me nuanom a wɔwɔ India no ntam no ara bi. Vera Clifton daa nsow wɔ asafo no mu sɛ obi a ɔwɔ ɔdɔ ankasa. Bere a mihui sɛ ɔno nso wɔ ɔpɛ te sɛ me, sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo, sɛnea yɛfrɛ bere nyinaa somfo no, yɛwaree wɔ May 24, 1947 mu. Mehyehyɛɛ kar a ɔdan sa so, anaa kar a wɔasi ɔdan asi so, na afe a edi hɔ no, yɛn nsa kaa yɛn akwampae dwumadi a edi kan, wɔ Huntingdon kurow mu.
Saa bere no, ná yɛde yɛn sakre sim anɔpatutuutu kɔ asasesin a ɛwɔ nkuraase no. Ná yɛde bere tiawa bi na edidi awiabere wɔ da mũ nyinaa a yɛde yɛ asɛnka adwuma no mu. Ɛmfa ho sɛnea mframa a na ɛbɔ hyia yɛn no ano yɛ den fa, anaasɛ nsu a na ɛretɔ a yɛfa mu no ano yɛ den fa no, na yɛn ani gye na na yɛwɔ akomatɔyam wɔ Awurade adwuma no mu.
Bere kɔɔ so no, yɛpɛe sɛ yɛtrɛw yɛn som adwuma no mu na yɛka “asɛmpa” no bi kyerɛ nnipa a wɔwɔ aman foforo so. (Mateo 24:14) Enti yɛkyerɛw kobisaa Gilead asɛmpatrɛw sukuu ho kwan wɔ South Lansing, New York, U.S.A. Awiei koraa no, wogyee yɛn ma yɛkɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 26 a wowiee adesua wɔ February 1956 mu no.
Ɔsom Adwuma a Ɛyɛ Kɛse Wɔ Afrika
Ná yɛn asɛmpatrɛw dwumadi ne Northern Rhodesia (mprempren Zambia) wɔ Afrika. Bere a yeduu hɔ ara pɛ na wɔmaa yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ saa ɔman no Betel. Sɛ́ me Betel adwuma no fã no, na midi nkrataa a efi Afrika Apuei fam ba no ho dwuma. Wɔ 1956 mu no, na Adansefo baanan pɛ na wɔwɔ Kenya—Afrika Apuei fam aman no mu biako—bere a na wɔn a wɔwɔ Northern Rhodesia no bɛboro 24,000. Me ne Vera fii ase susuw fata a na ɛbɛfata sɛ yɛbɛsom wɔ baabi a na mmoa ho hia kɛse ho.
Afei, bere a na menhwɛ kwan no, wɔtoo nsa frɛɛ me bio sɛ menkɔ Gilead Sukuu, saa bere yi de, na ɛyɛ asram du adesua a wɔyɛ ma ahwɛfo. Bere a migyaa Vera wɔ Northern Rhodesia no, mituu kwan kɔɔ New York Kuropɔn mu, faako a saa bere no na Gilead Sukuu wɔ no. Bere a miwiee adesua no wɔ November 1962 mu no, wɔmaa me dwumadi wɔ Kenya sɛ minkobue baa dwumadibea wɔ hɔ. Ebeduu saa bere yi na Kenya anya Adansefo bɛboro ɔha.
Meresan akɔ Northern Rhodesia akohyia Vera no, na ɛsɛ sɛ mekɔfa Nairobi, Kenya bere tiawa bi ansa. Nanso bere a midui no, Bill Nisbet a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 25 no bɔɔ me amanneɛ sɛ hokwan wɔ hɔ a mede benya tumi krataa a mede bɛhyɛn Kenya ntɛm ara. Yɛkɔɔ wɔn a wɔyɛ akwantu ho nhyehyɛe no hɔ, na simma kakraa bi akyi no, me nsa kaa tumi krataa a mede bɛyɛ adwuma mfe anum. Enti mannya ankɔ Northern Rhodesia bio; mmom no, Vera bɛkaa me ho wɔ Nairobi.
Bere a yewiee Swahili ho adesua a wɔyɛ maa yɛn no, yɛne asafo ketewaa a na ɛwɔ Nairobi no boom yɛɛ ɔsom adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, bere a yɛakenkan asɛm a wɔka kyerɛ wɔ Swahili mu awie no, ofiewura no teɛm sɛ “Mente Borɔfo!” Eyi nyinaa akyi no, yemiaa yɛn ani na nkakrankakra yedii kasa ho akwanside no so.
Ná adan pii a ɛwowɔ Bible din ahorow te sɛ Yerusalem ne Yeriko, wɔ yɛn asasesin no mu. Yenyaa anigyefo ntɛm, na nnipa a wofi saa mmeae yi pii bɛyɛɛ Ahenni adawurubɔfo foforo. Hwɛ tumi soronko a Bible mu nokware nyaa wɔ nkurɔfo yi so! Bere a nokwaredi ma Ahenni no de biakoyɛ baa Yehowa nkurɔfo ntam no, mmusua ntam animtiaabu tu yerae. Mmusua ntam ayeware mpo kɔɔ so, biribi a na ɛntaa nsi wɔ wɔn a na wɔnyɛ Adansefo no ntam.
Ahenni adawurubɔfo foforo de nsi gyee nokware no. Sɛ nhwɛso no, na Samson ho pere no sɛ Bible mu nokware bedu ne kurom, ma enti, ɔkɔɔ so srɛe sɛ wɔmfa akwampaefo nkɔ hɔ. Nokwarem no, osii dan a wɔbɛtra mu toaa ne fie a na ɛwɔ Ukambani mantam mu no so maa wɔn. Ankyɛ na wɔtew Ahenni adawurubɔfo asafo foforo wɔ hɔ.
Mpɛn pii na mekɔsraa yɛn nuanom a na wɔwɔ Afrika Apuei fam man, Ethiopia no. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na ɔsram biara obiara de bɛboro nnɔnhwerew 20 ka asɛm, ɛmfa ho afiasenna, ɔhwe, ne sɛnea na ani di wɔn akyi bere nyinaa no. Bere bi, Ethiopiafo anuanom mmarima ne mmea de bɔs abien tuu kwan dapɛn biako faa mmepɔw a ɛyɛ hu ntam kɔɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Kenya. Nyansakwan a wɔnam so de Ahenni nhoma horow duu wɔn kurom hɔ no da nsow. Ná yɛn a yɛwɔ Kenya no ani gye sɛ yɛbɛhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka bi daa.
Atumfoɔ no baraa yɛn dwumadi wɔ Kenya wɔ 1973 mu, na wɔpamoo asɛmpatrɛwfo no. Ebeduu saa bere no, na yɛwɔ Adansefo bɛboro 1,200 wɔ Kenya, na na wɔn mu dodow no ara wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ ne yɛn rebedi nkra a werɛ remfi da. Ba a wɔbaa hɔ no kaa obi a na yɛne no retu kwan maa obisae sɛ ebia yɛyɛ nnipa atitiriw bi anaa. Me ne Vera san baa England na wɔmaa yɛn dwumadi wɔ hɔ, nanso na yɛpɛ sɛ yɛsan kɔ Afrika.
Yɛsan Kɔ Afrika
Enti, asram kakraa bi akyi no, wɔmaa yɛn dwumadi foforo wɔ Betel a ɛwɔ Accra, Afrika Atɔe fam man Ghana no kuropɔn mu. Ɛha no, me dwumadi horow no mu biako maa mihuu ahokyere a na yɛn nuanom no wom wɔ hɔ no yiye. Bere a na mehwɛ ma wɔtɔ nnuan ne nneɛma horow ma Betel abusua no, me ho dwiriw me wɔ sɛnea na nnuan bo yɛ den fa no ho. Mpɛn pii no, obi ntumi ntɔ nneɛma a ohia no. Pɛtro a na ɛho yɛ den ne mfiri ho nneɛma a ɛho yɛ na no de ɔhaw no pii kaa ho.
Mibehuu sɛnea boasetɔ, biribi a na yɛn nuanom Ghanafo de ayɛ wɔn su no ho hia fa. Ná ɛhyɛ nkuran yiye sɛ yehuu animtew a na wokura mu, bere a na wɔpo adanmudegye ho sɔhwɛ a anka wɔnam so benya asetra mu ahiade horow no. Ne saa nti, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Ghana no begyee din yiye esiane wɔn nokwaredi nti, na aban mpanyimfo pii bɔɔ wɔn din pa.
Nanso ɛmfa ho nneɛma a na ɛho yɛ na no, na wonya honhom mu nkɔso. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ ɔman no mu baabiara no, na yɛn Bible ho nhoma horow no bi wɔ hɔ. Na Ghana Ahenni adawurubɔfo dodow nyaa nkɔanim fi 17,156 wɔ 1973 mu, bere a yeduu hɔ no, koduu bɛboro 23,000 wɔ 1981 mu wɔ yɛn ani so. Saa afe no mu no, honam ani kokoram a akyinnye biara nni ho sɛ owia a ɛhyee me mfe pii wɔ India ne Afrika no ma ɛyɛɛ kɛse no hyɛɛ yɛn ma yefii Ghana san baa England bɛhwɛɛ me ho yare.
Tebea Foforo Wɔ England
Wɔ me fam no, na yɛn sanba no hwehwɛ sɛ meyɛ nsakrae pii wɔ me som adwuma mu. Ná me ne nnipa a wɔkyerɛ obu ma Nyankopɔn ne Bible akasa pii ma aka me hɔ. Nanso wɔ London no, na ɛntaa mma sɛ mehu nnipa a wɔda su a ɛte saa adi. Anuanom a wɔwɔ Britain no mmɔdenbɔ no yɛ me nwonwa. Eyi ama mahu hia a ɛho hia sɛ minya tema kɛse ma nnipa a, honhom fam no, “wɔabrɛ na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.”—Mateo 9:36.
Yefii Afrika san bae akyi no, me ne Vera boom som wɔ London Betel kosii ne wu da wɔ September 1991 bere a na wadi mfe 73 no. Ɛnyɛɛ mmerɛw mmaa me sɛ mahwere ɔhokafo nokwafo a ɔne me boom yɛɛ adwuma mfe pii no. Mafe no yiye. Nanso m’ani agye nkuranhyɛ a manya afi yɛn Betel abusua a emufo bɛyɛ 250 no hɔ no ho.
Nokwarem no, mibu Yehowa ahyehyɛde no nkɔanim mu kyɛfa a minya ne nnipa pii a mihu wɔn sɛ wɔde bere nyinaa som adwuma ayɛ wɔn asetra kwan no sɛ hokwan kɛse. Metumi ama mo awerɛhyem sɛ, asetra kwan biara nni hɔ a ɛsen eyi, efisɛ ‘Yehowa rennyaw n’ahotefo.’—Dwom 37:28.
[Kratafa 23 mfonini]
Yɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ England fi 1947 kosii 1955
[Kratafa 23 mfonini]
Bere a edi kan wɔ asɛnka adwuma mu wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ India
[Kratafa 23 mfonini]
Bere a na yɛyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Northern Rhodesia no
[Kratafa 23 mfonini]
Yɛne yɛn nnamfo a yehuu wɔn na adi mfe 12, wɔ 1985 mu