Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 6/1 kr. 29-31
  • Onyankopɔn Asɛm mu Adesuafo a Wɔawie Wɔn Adesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm mu Adesuafo a Wɔawie Wɔn Adesua
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkuranhyɛ a Ɛyɛ Ne Bere mu De Ma Asɛmpatrɛwfo Foforo
  • Nsɛm a Wobisabisa Afoforo
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wɔn a Wɔawie Gilead Adesua—“Nokware Asɛmpatrɛwfo!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Gilead De Asɛmpatrɛwfo Kɔ “Asase Ano Nohɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 6/1 kr. 29-31

Onyankopɔn Asɛm mu Adesuafo a Wɔawie Wɔn Adesua

SƐ́ NKURƆFO a wosuasua afeha a edi kan no mu Kristofo no, wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa esiane wɔn afie afie asɛnka adwuma no nti. Wosii adwuma yi so dua wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 102 no adesua awiei dwumadi no nnianim nsɛm mu.

Wɔ March 1, 1997 no, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni, Albert Schroeder, twee adwene sii asɛm bi a epuei nnansa yi ara wɔ Fransefo nsɛmma nhoma Le Point mu so. Ɛkaa nhyehyɛe a Roma Katolekfo ayɛ sɛ wobefi afie afie asɛnka adwuma ase wɔ Italy ho asɛm. Asɛm no kae sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ na [Vatican asɛmpatrɛwfo] no mfa nsapan mma, bere a wodi apere wɔ Yehowa Adansefo asasesin mu no nti, Vatican ayɛ nhyehyɛe mpo sɛ wontintim Ɔhotefo Marko Asɛmpa no mfuamfua ɔpepem biako, bere a wɔn asomafo no hyia ahokokwawfo [Adansefo no] wɔ asɛmpa a ‘wɔde kɔ’ afie afie mu no.”

Nnipa 48 a wowiee wɔn adesua no ka wɔn a wɔasuasua akwan a ɛda ahokokwaw adi a Yesu nam so kaa Onyankopɔn Asɛm no ho. Ná wofi nsase awotwe so na aba Ɔwɛn Aban Nteteebea a ɛwɔ Patterson, New York no. Wosuaa Bible no fi tiri kosii tiri wɔ asram anum a wɔn sukuu no kɔɔ so no mu. Onyankopɔn ahyehyɛde no ho abakɔsɛm, asɛmpatrɛw asetra mu dwumadi ankasa, ne Onyankopɔn honhom no aba nso ka nea wosuaa ho ade no ho. Ná eyi nyinaa gyina botae koro so—sɛ ebesiesie wɔn ama amannɔne asɛmpatrɛw dwumadi wɔ nsase 17 a wɔde wɔn bɛkɔ so no so. Bere a wɔrewie wɔn adesua no, wɔne atiefo 5,015 a wofi aman horow so nyaa adeyɛ no mu anigye. Afotu a etwa to a mfaso wɔ so bɛn na wɔde maa saa Gilead adesuafo no?

Nkuranhyɛ a Ɛyɛ Ne Bere mu De Ma Asɛmpatrɛwfo Foforo

Oguamtrani no nnianim nsɛm akyi no, Ralph Walls a ɔyɛ Sodikuw no Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no boafo maa ɔkasa tiawa a edi kan a ekura afotu a mfaso wɔ so ma asɛmpatrɛwfo foforo no. Ná n’asɛmti ne sɛ “Kae sɛ Wobɛda Ɔdɔ Adi.” Ɔkyerɛe sɛ Bible ka siei wɔ 2 Timoteo ti 3 sɛ, nnipa pii renna ɔdɔ adi wɔ wiase no mu. Ɔde nkaesɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi maa asɛmpatrɛwfo foforo yi na ama ɛne sɛnea wɔkyerɛkyerɛ ɔdɔ mu wɔ 1 Korintofo 13:1-7 no ahyia: “Sɛ́ asɛmpatrɛwfo no, ebia mubenya aboro nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ fi mo nkyɛn no. Ebia mubenya nimdeɛ pii afi mo Gilead ntetee no mu. Anaasɛ ebia yɛde nsi bɛyɛ adwuma ma aboro adwumayɛ bere so wɔ baa dwumadibea a wɔde yɛn bɛkɔ no. Nanso sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi a, yɛn mmɔdenbɔ ne afɔrebɔ no nyinaa renkosi hwee.”

Nea odi hɔ wɔ dwumadi no mu ne Sodikuw no muni Carey Barber, a ɔkaa asɛmti, “Yehowa Redi Yɛn Anim Akɔ Nkonimdi Mu” ho asɛm no. Efi bere a wofii ase ketewaa bi wɔ Wiase Ko I akyi no, Yehowa Nyankopɔn adi n’asomfo anokwafo anim akɔ nkonimdi mu wɔ N’ahenni ho asɛmpa no ho dawurubɔ mu, a ɔtaa mfa ho. Wɔ 1931 mu no, Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ wɔn saa bere no, faa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so, maa Kristoman asɔfo ani beree. Onua Barber kae sɛ: “Mprempren asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn wɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 102 mu no wɔ hokwan kɛse a ɛne sɛ wobenya adwuma a anuonyam wom yi a ebue hokwan ma nnipa dodow biara a wobetumi no sua saa edin kronkron yi ho ade no mu kyɛfa kɛse.” Wɔabɛka asɛmpatrɛwfo 7,131 a wɔatete wɔn wɔ Gilead Sukuu mu no ho na wɔaboa ma wɔatrɛw Onyankopɔn Asɛm ho asɛnka no mu fi nsase 54 so wɔ 1943 mu akosi nsase 233 so nnɛ.

Ɔkasafo a odi hɔ, Lloyd Barry a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni wiee Gilead adesuakuw a ɛto so 11 no, na ɔde mfe 25 somee wɔ Japan sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɔnam n’asɛmti, “Tra Saa Nneɛma Yi Mu” no so de nkuranhyɛ mae. Ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ “Mubenya mo anigye no mu fã kɛse afi boasetɔ mu.” Akatua bɛn na efi boasetɔ mu ba wɔ asɛmpatrɛw adwuma anaasɛ teokrase dwumadi foforo biara mu? “Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛn boasetɔ ma Yehowa koma ani gye . . . Yebenya abotɔyam kɛse afi yɛn mudi mu a yebekura wɔ sɔhwɛ mu no mu . . . Ma asɛmpatrɛw adwuma no nyɛ w’asetra mu adwuma . . . Wɔde ‘mo ne yɛ’ a ɛma akomatɔyam betua mo ka.” (Mateo 25:21; Mmebusɛm 27:11) Ɔde ne kasa no reba awiei no, Onua Barry fi komam hyɛɛ asɛmpatrɛwfo foforo no nyansa sɛ ‘wɔntra saa nneɛma no mu’ denam wɔn bo a wobesi sɛ wɔde asɛmpatrɛw adwuma no bɛyɛ wɔn asetra nyinaa no so.—1 Timoteo 4:16.

Karl Adams a wakyerɛ Gilead adesuakuw pii ade no bisae sɛ: “Dɛn na Wubehu?” Ɔkae sɛ nea asɛmpatrɛwfo foforo no behu wɔ wɔn dwumadi ahorow mu no nnyina nea wɔn ani ankasa hu so, na mmom nea wɔn koma ani hu nso so. (Efesofo 1:18) Ɔde nea Israel akwansrafo no hui bere a wɔkɔhwehwɛɛ Bɔhyɛ Asase so no yɛɛ eyi ho mfatoho. Aniso no, akwansrafo 12 no nyinaa huu ade pɛ, nanso baanu pɛ na wɔde Onyankopɔn adwene hwɛɛ Bɔhyɛ Asase no. Asɛmpatrɛwfo nso betumi ahwɛ nneɛma wɔ akwan horow so. Ebia wobehu ohia, amanehunu, ne abasamtu wɔ nsase a wɔbɛsom wɔ so no bi so. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade ɔkwan a ɛmfata so na wofi hɔ. Onua Adams kaa biribi faa ɔsɛmpatrɛwfo bi a owiee adesuakuw bi nnansa yi ara a ɔkaa eyi no ho: “Osuahu ahorow yi maa mihui sɛ ɛsɛ sɛ metra ha. Nkurɔfo yi hia daakye ho anidaso bi. Mepɛ sɛ mema wɔn asetra tu mpɔn.” Onua Adams de n’asɛm rekɔ awiei no, ɔhyɛɛ asɛmpatrɛwfo foforo no nkuran sɛ wommu nsase a wɔama wɔn dwumadi wɔ so no sɛ ɛka mmeae a Yehowa asi ne bo sɛ ɔde bɛka Ne wiase nyinaa Paradise no ho bi, na wommu nnipa a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔn a wɔbɛyɛ wiase foforo no mufo daakye.

Onua Wallace Liverance a ɔde mfe pii asom wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu ansa na ɔrebɛyɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no na ɔmaa ɔkasa a etwa to wɔ dwumadi no fã yi mu. Ná n’asɛmti ne “Fa Onyankopɔn Nnwuma a Ɛyɛ Nwonwa no Mu Nhumu Yɛ W’ade.” Nhumu a obi de bedi dwuma no hwehwɛ sɛ ɔde nyansa, anidahɔ, ne adwene di dwuma. Ɛno yɛ ade bi a Israel Hene Saul anyɛ.—1 Samuel 13:9-13; 15:1-22.

Ɔkwan biako a yebetumi de nhumu adi dwuma ne sɛ yebegye nsakrae a ɛne asetra kwan foforo ho nsɛnnennen no atom, a kasa foforo a yebesua ne nkurɔfo no a yebehu sɛnea wɔte no ka ho. Osuahu ahorow a asɛmpatrɛwfo nya bere a wodi nsɛnnennen ne akwanside horow ho dwuma no betumi ahyɛ wɔn den honhom fam sɛnea Yosua ne Kaleb nyaa denhyɛ bere a wodii asase a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no so no.

Nsɛm a Wobisabisa Afoforo

Nsɛm a wobisabisaa afoforo ka dwumadi no fã a edii hɔ no ho. Harold Jackson bisabisaa Ulysses Glass a ɔyɛ Gilead Sukuu no panyin a ɔde bere tenten akyerɛ ade wɔ Gilead Sukuu na mprempren wadi mfe 85 no nsɛm. Asɛmpatrɛwfo a wɔda so ara reyɛ adwuma no mu pii kae bere a ofi nokwaredi mu de nkyerɛkyerɛ ne ntetee mae no. Nea odii so ne Mark Noumair a ɔde mfe pii somee wɔ amannɔne wɔ Afrika ansa na ɔrebɛka Gilead Sukuu no akyerɛkyerɛfo ho no. Obisabisaa adesuafo no wɔn asɛnka mu nsɛm wɔ asram anum sukuu no mu. Wɔn suahu ahorow no ma ɛbɛdaa adi pefee sɛ nnipa a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho wɔ asasesin a ɛwɔ hɔnom no mu.

Afei, Robert Ciranko ne Charles Molohan ne mmarima a wɔn ho akokwaw a na wɔaba sukuu foforo ma baa dwumadibea adwumayɛfo no kasae. Nea ɛka afotu a wɔde maa adesuakuw a wɔrewie wɔn adesua no ho ne hia a ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔboa ma biakoyɛ ba asafo no mu. Wɔhyɛɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔawie wɔn adesua no di kan nya adwene bi wɔ nea ebesi wɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no mu ho, na mmom, ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobegye nea ɛbɛba wɔn akwan mu biara atom. Akyinnye biara nni ho sɛ afotu yi a wɔde bedi dwuma no bɛboa asɛmpatrɛwfo foforo no ma wɔatumi ayɛ wɔn nnwuma sɛ Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛkyerɛfo.

Awiei koraa no, Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni no kaa asɛmti “Hena na Ɔrenya Ne Yɔnko so Nkɛntɛnso?” ho asɛm kyerɛɛ atiefo no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ́ Kristofo no, sɛ yɛda honhom no aba adi a, yebetumi anya afoforo so nkɛntɛnso pa. Ɔkae sɛ: “Asɛmpatrɛwfo a Yehowa ahyehyɛde no asoma wɔn no de kyerɛwtohɔ a ɛfata nkamfo ama wɔ sɛnea wonya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa wɔ honhom fam no ho.” Afei ɔkaa nsɛm bi a nnipa bi a asɛmpatrɛwfo nhwɛso pa aboa wɔn ma wɔabɛsom Onyankopɔn aka kyerɛe. Ɔde baa awiei sɛ: “Ɛmmra sɛ mubekura din pa a Yehowa nkurɔfo anya no mu na moakɔ so abɔ amannɔne nsase a wɔbɛma mo dwumadi wɔ so no apon mu ahwehwɛ wɔn a wɔfata . . . Afei nso, munnyina mo suban pa a ɛho tew no so nkwati wiase honhom no, na monna nhwɛso pa adi mfa nyi Yehowa ayɛ nhyɛ no anuonyam.”

Bere a ɔrewie dwumadi no, oguamtrani no de nkyia a efi wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri hɔ mae, na afei ɔkyekyɛɛ adesua ho adansedi nkrataa no, bobɔɔ mmeae a wɔama asɛmpatrɛwfo no dwumadi no kyerɛe. Ɛno akyi no, wɔn a wɔawie adesua no mu biako kenkan krataa a adesuakuw no kyerɛw de kyerɛɛ nkyerɛkyerɛ a wɔde maa wɔn no ho anisɔ no. Ɛda adi pefee sɛ adesuakuw a ɛto so 102 no adesua awiei dwumadi no maa wɔn a wɔbae no nyinaa sii wɔn bo kɛse sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ Onyankopɔn Asɛm no ho dawurubɔ mu.

[Kratafa 31 mfonini]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 102 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Duffy, C.; Alexis, D.; Harff, R.; Lee, J.; Corey, V.; Nortum, T.; Mora, N.; Journet, F.

(2) Djupvik, L.; Singh, K.; Hart, B.; Kirkoryan, M.; Lee, S.; Rastall, S.; Zoulin, K.; Kollat, K.

(3) Singh, D.; Pitteloud, J.; Pitteloud, F.; Bokoch, N.; Torma, C.; Muxlow, A.; Richardson, C.; Nortum, D.

(4) Harff, J.; Journet, K.; Barber, A.; Loberto, J.; Loberto, R.; Muxlow, M.; Mora, R.; Hart, M.

(5) Torma, S.; Rastall, A.; Diaz, R.; Diaz, H.; Weiser, M.; Weiser, J.; Kirkoryan, G.; Zoulin, A.

(6) Alexis, R.; Barber, D.; Djupvik, H.; Duffy, C.; Kollat, T.; Richardson, M.; Bokoch, S.; Corey, G.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena