Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/1 kr. 27-30
  • So Woyɛ Onyankopɔn Adamfo?—Nea Wo Mpaebɔ Da No Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woyɛ Onyankopɔn Adamfo?—Nea Wo Mpaebɔ Da No Adi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Yebenya Ama Mpaebɔ
  • Yɛn Mpaebɔ a Yɛbɛma Atu Mpɔn
  • Awerɛkyekye ne Ntease Wɔ Ahohia Bere Mu
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Wo Mpaebɔ Di Mũ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/1 kr. 27-30

So Woyɛ Onyankopɔn Adamfo?—Nea Wo Mpaebɔ Da No Adi

SO NNIPA baanu abɔ nkɔmmɔ ma afa w’asom pɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ annye wo bere tenten biara na wode huu abusuabɔ a ɛda wɔn ntam—sɛ́ wɔyɛ nnamfo anaasɛ wonnim wɔn ho, amannifo kɛkɛ anaasɛ nnamfo paa a wɔwɔ wɔn ho mu ahotoso. Saa ara na yɛn mpaebɔ betumi ada abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no adi.

Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ‘ne yɛn mu biara ntam kwan nware.’ (Asomafo no Nnwuma 17:27) Nokwarem no, ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yemmehu no. Yebetumi ayɛ ne nnamfo mpo. (Dwom 34:8; Yakobo 2:23) Yebetumi ne no adi atirimsɛm ankasa! (Dwom 25:14) Ɛda adi sɛ, yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ne ade a ɛsom bo sen biara a yɛn nnipa a yɛnyɛ pɛ no betumi anya. Na Yehowa ani sɔ yɛn adamfofa no. Eyi da adi efisɛ yɛne n’adamfofa no gyina gyidi a yɛwɔ wɔ ne Ba a ɔwoo no koro a ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn no mu so.—Kolosefo 1:19, 20.

Enti ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ da ɔdɔ ne anisɔ kɛse a yɛwɔ ma Yehowa adi. Nanso, woate nka pɛn sɛ ɛmfa ho sɛ nidi wɔ wo mpaebɔ mu no, ɛte sɛ nea emu nnɔ na nkate nnim ankasa? Ɛtaa ba saa. Dɛn na ɛbɛma atu mpɔn? Ɛyɛ wo ne Yehowa Nyankopɔn adamfofa a wobɛhwɛ ma emu ayɛ den.

Bere a Yebenya Ama Mpaebɔ

Nea edi kan koraa no, egye bere na yɛde afa adamfo, na yɛahwɛ ma emu ayɛ den. Ebia nnipa pii—afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ahyɛnkafo, ne aguadidan mu adwumayɛfo—na wubekyia wɔn anaasɛ wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ mpo. Nanso, ɛyɛ den sɛ wobɛka sɛ saafo yi yɛ wo nnamfo ankasa. Adamfofa mu bɛyɛ den bere a wo ne obi kasa bere tenten, fi nkɔmmɔbɔ a emu nnɔ so kosi wo komam nsɛm ne nsusuwii a woda no adi so.

Saa ara na mpaebɔ boa twe yɛn bɛn Yehowa. Nanso ɛsɛ sɛ yenya bere a ɛfata ma mpaebɔ; ɛhwehwɛ pii sen aseda mpae a yɛbɔ wɔ adidi bere mu. Dodow a wo ne Yehowa kasa no, dodow no ara na wutumi hwehwɛ w’ankasa nkate, nsusuwii, ne nneyɛe mu. Ɔhaw ahorow a emu yɛ den ano aduru fi ase da adi bere a Onyankopɔn honhom ma adwene no kaakae N’asɛm mu nnyinasosɛm ahorow no. (Dwom 143:10; Yohane 14:26) Afei nso, sɛ wobɔ mpae a, Yehowa bɛyɛ obi a ɔwɔ hɔ paa ma wo, na wubehu ɔdɔ mu a ofi kyerɛ wo ho anigye, ne dwen a odwen wo ho no kɛse.

Eyi te saa titiriw bere a wunya wo mpaebɔ ho mmuae no. Yehowa betumi ‘ayɛ ma atra ade nyinaa ma aboro so akyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw’! (Efesofo 3:20) Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ anwonwade ma wo. Nanso, ɔnam N’asɛm a wɔakyerɛw, akoa nokwafo kuw no nhoma horow, anaa nsɛm a anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ dɔ ka so betumi ama wo afotu anaa akwankyerɛ a wuhia. Anaasɛ ebia ɔbɛma wo ahoɔden a wuhia de agyina sɔhwɛ ano anaa wode adi so. (Mateo 24:45; 2 Timoteo 4:17) Osuahu ahorow a ɛte saa no ma yɛn Adamfo a ɔwɔ soro no ho anisɔ hyɛ yɛn koma ma!

Enti ɛsɛ sɛ obi nya bere ma mpaebɔ. Ɛyɛ nokware sɛ bere ho yɛ na wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Nanso sɛ wudwen obi ho ampa a, wotaa gye bere ne onii no bɔ fekuw. Hyɛ ɔkwan a odwontofo no faa so kaa n’asɛm yi nsow: “Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no. Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho kɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabefi Nyankopɔn anim?” (Dwom 42:1, 2) So wowɔ akɔnnɔ a ɛte saa sɛ wo ne Onyankopɔn bɛkasa? Ɛnde tɔ bere fa yɛ saa!—Fa toto Efesofo 5:16 ho.

Sɛ nhwɛso no, wubetumi abɔ mmɔden asɔre ntɛm anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere bi de abɔ mpae. (Dwom 119:147) So ɛtɔ da bi a nnakorokoro nya wo? Ɛnde, te sɛ odwontofo no, wubetumi abu ɔhaw mmere a ɛte saa sɛ hokwan a wonam so bɛka w’ahiasɛm akyerɛ Onyankopɔn. (Dwom 63:6) Anaasɛ ebia wobɛbɔ mpae ntiatiaa pii wɔ da no mu. Odwontofo no ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo na misu mefrɛ wo daa adesae.”—Dwom 86:3.

Yɛn Mpaebɔ a Yɛbɛma Atu Mpɔn

Ɛtɔ mmere bi a wubehu nso sɛ ɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛma wo mpaebɔ ayɛ tenten. Wɔ mpaebɔ tiawa mu no, anhwɛ a wobɛka nsɛm a emu nnɔ. Nanso sɛ wobɔ mpae atenten a emu dɔ a, ɛnyɛ den sɛ wubetumi aka wo nsusuwii ne wo komam nsɛm. Anyɛ yiye koraa no, Yesu de anadwo mũ nyinaa bɔɔ mpae bere bi. (Luka 6:12) Akyinnye biara nni ho sɛ woamfa wo mpaebɔ antu mmirika a, wubehu sɛ ɛbɛyɛ nea emu dɔ na ntease wom.

Eyi nkyerɛ sɛ wobɛworo nsɛm bere a nea wowɔ ka no nnɔɔso; na saa ara na ɛnkyerɛ sɛ wobɛkɔ so ati nsɛm mu sɛnea ɛmfata. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn! Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia mo ansa na mubisa no.”—Mateo 6:7, 8.

Sɛ wudi kan susuw nneɛma a wopɛ sɛ woka ho asɛm wɔ mpaebɔ mu ho a, ɛbɛyɛ nea ntease wom kɛse. Nneɛma pii na yebetumi aka ho asɛm—anigye a yenya wɔ ɔsom adwuma no mu, yɛn mmerɛwyɛ ne yɛn sintɔ ahorow, yɛn abasamtu ahorow, yɛn sikasɛm mu haw, adwuma anaa sukuu mu nhyɛso, yɛn mmusua yiyedi, ne yɛn asafo honhom fam tebea, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a.

Sɛ worebɔ mpae a, so ɛtɔ mmere bi a w’adwene kyinkyin? Ɛnde bɔ mmɔden pii sɛ wode w’adwene besi so. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛyɛ aso ama yɛn mpaebɔ.’ (Dwom 17:1) So ɛnsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden biara de yɛn adwene asi mpae a yɛn ankasa bɔ no so? Yiw, ‘fa w’adwene si honhom fam nneɛma so,’ na mma ennkyinkyin.—Romafo 8:5.

Ɔkwan a yɛfa so ne Yehowa kasa no nso ho hia. Ɛwom sɛ ɔpɛ sɛ yebu no sɛ adamfo de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ yɛne amansan Hene no na ɛrekasa. Kenkan na susuw tebea a ɛyɛ hu a wɔada no adi wɔ Adiyisɛm atiri 4 ne 5 no ho. Ɛhɔ no, Yohane huu Onii a yɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu no anuonyam wɔ anisoadehu mu. Hokwan bɛn ara na yɛwɔ sɛ yetumi kɔ ‘Nea ɔte ahengua no so’ no anim! Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn kasa yɛ nea obu anaa nidi nnim da. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ma ‘yɛn anom nsɛm yɛ fɛ, na yɛn komam nkɔmmɔ sɔ Yehowa ani.’—Dwom 19:14.

Nanso, hu sɛ ɛnyɛ anotew na yɛde sɔ Yehowa ani. N’ani gye yɛn nsɛm a yefi komam ka no obu so, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ tia.—Dwom 62:8.

Awerɛkyekye ne Ntease Wɔ Ahohia Bere Mu

Sɛ yehia mmoa ne awerɛkyekye a, yɛtaa kɔ yɛn adamfo paa bi hɔ kɔhwehwɛ mmoa ne tema. Wiɛ, adamfo biara nni hɔ a yebetumi abɛn no ntɛm asen Yehowa. Ɔyɛ “ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” (Dwom 46:1) Sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no, ɔte tebea a yɛwom no ase sen nnipa foforo biara. (2 Korintofo 1:3, 4; Dwom 5:1; 31:7) Na ɔwɔ tema ne ayamhyehye ankasa ma wɔn a wɔwɔ ahohia mu. (Yesaia 63:9; Luka 1:77, 78) Bere a yɛahu sɛ Yehowa yɛ adamfo a ɔwɔ ntease no, yefi komam ne no kasa kɔ akyiri bere nyinaa. Ɛka yɛn ma yɛka nneɛma a yesuro kɛse ne yɛn dadwen kyerɛ no. Yɛnam saayɛ so hu sɛnea Yehowa ‘awerɛkyekye gye yɛn kra ani’ ankasa.—Dwom 94:18, 19.

Ɛtɔ mmere bi a yetumi te nka sɛ yɛmfata sɛ yɛbɛn Onyankopɔn esiane yɛn bɔne nti. Na sɛ w’adamfo paa bi yɛ wo bɔne na ɔsrɛ bɔne fafiri nso ɛ? So ɛrenka wo mma wonkyekye onii no werɛ, na womma no awerɛhyem? Ɛnde afei, so ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ nea ɛsen saa? Ofi ayamye mu de ne nnamfo a esiane nnipa sintɔ nti wɔyɛ bɔne no bɔne firi wɔn. (Dwom 86:5; 103:3, 8-11) Bere a yenim eyi no, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛkɔ akɔka yɛn bɔne akyerɛ no bere biara; yebetumi anya ne dɔ ne ne mmɔborohunu mu ahotoso. (Dwom 51:17) Sɛ yɛn werɛ how esiane yɛn sintɔ ahorow nti a, yebetumi de 1 Yohane 3:19, 20 mu nsɛm akyekye yɛn werɛ: “Eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ, sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.”

Nanso, enhia sɛ yɛkɔ ahokyere mu ansa na yɛahu sɛnea Onyankopɔn fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho no. Biribiara a ebetumi aka yɛn honhom fam ne nkate fam yiyedi ho asɛm hia Yehowa. Yiw, ɛnsɛ sɛ yesusuw da sɛ yɛn nkate, yɛn nsusuwii, ne yɛn haw ahorow yɛ nea esusua dodo sɛ yɛbɛka ho asɛm wɔ mpaebɔ mu. (Filipifo 4:6) Sɛ wo ne w’adamfo paa bi wɔ hɔ a, so w’asetram nsɛm akɛse nkutoo na wo ne no ka ho asɛm? So wo ne no nka ɔhaw ahorow a esusua nso ho asɛm? Saa ara na wubetumi afi wo pɛ mu aka w’asetram nsɛm biara akyerɛ Yehowa, a wunim sɛ ‘odwen wo ho.’—1 Petro 5:7.

Nokwarem no, sɛ nea woka no fa wo nkutoo ho a ebia w’adamfofa renkyɛ. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nea efi pɛsɛmenkominya mu. Ɛsɛ sɛ yɛka ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, ne hia a n’apɛde ho hia yɛn nso ho asɛm. (Mateo 6:9, 10) Mpaebɔ nyɛ ɔkwan a yɛnam so hwehwɛ mmoa nkutoo fi Onyankopɔn hɔ, na mmom ɛyɛ hokwan nso a yɛnam so da no ase na yɛkamfo no. (Dwom 34:1; 95:2) “Nimdeɛ” a yɛnam kokoam adesua a yɛn ankasa bɛyɛ no daa so benya no bɛboa yɛn wɔ eyi mu, efisɛ ɛboa yɛn ma yebehu Yehowa ne n’akwan yiye. (Yohane 17:3) Ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so kɛse sɛ wokenkan Nnwom nhoma no na wohyɛ akwan a asomfo anokwafo foforo faa so ne Yehowa kasae no nsow.

Yehowa adamfofa yɛ akyɛde a ɛsom bo ampa. Ɛmmra sɛ yɛbɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ denam yɛn mpaebɔ a yɛbɛma ayɛ nea ɛda adamfofa su adi, ayɛ nea efi komam, na ayɛ sɛ nea yɛne obi pɔtee rekasa, no so. Ɛno na yebenya anigye a odwontofo a ɔkaa nea edi hɔ yi nyae no bi: “Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo.”—Dwom 65:4.

[Kratafa 28 mfonini ahorow]

Yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae ɛda no mu nyinaa bere a hokwan no bue no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena