Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/15 kr. 3
  • Wubu Bɔne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubu Bɔne Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wubu Bɔne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Adɛn Nti na Nnipa Wu?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/15 kr. 3

Wubu Bɔne Dɛn?

“BƆNE biara nni wo mu, awerɛhow biara nni wo mu; wowɔ tumi a enni ano.” Hinduni nyansapɛfo bi a wagye din, Vivekananda, kaa asɛm yi bere a na ɔrekyerɛkyerɛ Hindufo nhoma kronkron, Bhagavad Gita, mu asɛm bi mu no. Ɔretwe adwene asi Vedanta so no, ɔka sɛ: “Mfomso a ɛsen biara ne sɛ wobɛka sɛ woyɛ mmerɛw, ne sɛ woyɛ ɔbɔnefo.”a

Nanso, ɛyɛ nokware sɛ bɔne biara nni onipa mu? Na dɛn ankasa na onipa nya fi awo mu? Nikhilananda, Hindufo kyerɛkyerɛfo bi ka sɛ, ade biako pɛ a “yenya fi awo mu ne sɛ yɛbɛsɛ yɛn awofo.” Obi “kan asetra mu nneyɛe na ɛma onya” su afoforo. Sɛnea Vivekananda kyerɛ no, “w’ankasa na wohyehyɛ wo nkrabea.” Hindusom nkyerɛkyerɛ bɔne a wonya fi awo mu ho hwee.

Soroastafo, Shintofo, Konfisiofo, ne Buddhafo nso nni bɔne a wonya fi awo mu ho adwene biara. Yudafo ne Kristofo som ahorow a wɔakyerɛkyerɛ bɔne a wonya fi awo mu no mu mpo no, ntease a wɔwɔ wɔ bɔne ho no resesa. Ɛnnɛ nnipa pii mmu wɔn ho sɛ wɔyɛ abɔnefo.

Nyamekyerɛfo Cornelius Plantinga, Kumaa, ka sɛ adwene a nkurɔfo kura nnɛ no “nhyɛ abrabɔ fam ahohorabɔ ho nkuran; ne titiriw no, ɛnhyɛ nkuran sɛ obi ankasa bɛbɔ ne ho ahohora.” Kristoman mu asɔre ahorow no di fɔ bi wɔ bɔne a wɔbrɛ no ase no ho. Duke Sukuupɔn mu sɔfo bi ka sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wote bɔne ho asɛm a, nkɔ asɔre.” Na sɛnea Plantinga kyerɛ no, asɔre ahorow bi ka bɔne ho asɛm de bata asetra mu nsɛm nkutoo ho.

Nokwarem no, asetram amanehunu dɔɔso nnɛ. Basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, akodi, mmusua ntam ntawntawdi, nnubɔnenom, atorodi, nhyɛso, ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade abu so. Nokwarem no, wɔafrɛ afeha a ɛto so 20 yi sɛ mfeha a wɔaka mogya agu sen biara wɔ nnipa asetram no mu biako. Nea ɛka eyi ho ne ɛyaw ne amanehunu a nyarewa, onyin, ne owu de ba no. Hena na ne kɔn nnɔ sɛ obenya ahofadi afi ɔhaw akɛse a ɛwɔ wiase nnɛ no mu?

Ɛnde, wubu bɔne dɛn? So wonya bɔne fi awo mu? So yebenya ahofadi afi ɛyaw ne amanehunu mu da bi? Asɛm a edi hɔ no bɛka nsɛmmisa yi ho asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a Vedanta nyansapɛ no gyina Upanishad a epue wɔ Hindufo nkyerɛwee, Vedas, no awiei no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena