Gye Wo Ba Nkwa!
MICHAEL ne Alphina te akuraa bi a ɛda KwaZulu-Natal mmepɔw a ɛso wura frɔmm no ase wɔ South Africa. Wohyiaa mmofra baason a wɔbɛtete wɔn no ho nsɛnnennen bebree. Ɛdenam Michael yere mmoa a edi mu so no, ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de tiee Bible no ahyɛde ma agyanom no: “Monyɛn [mo mma] Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4, NW) Nanso ɛtɔ da bi a nsɛnnennen sɔre.
Sɛ nhwɛso no, Afrika mmarimaa a wɔyɛ mmoahwɛfo taa de wɔn awofonom anantwi bom kɔ adidi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere bebree de adi agoru abom. Ɛtɔ da bi a wodi amumɔyɛsɛm na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka. Bere a Michael mmabarima de abusua no anantwi rekɔ adidi no, wɔhyɛɛ wɔn ketee sɛ wɔne mmofra binom mmmɔ. (Yakobo 4:4) Nanso, sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ ofi adwuma reba a, ohu sɛ wɔreyɛ saa. Ne saa nti, na ɛsɛ sɛ ɔteɛ wɔn so.—Mmebusɛm 23:13, 14.
Wususuw sɛ na Michael yɛ katee dodo wɔ ne mma no so? Ebia ebinom besusuw saa, nanso Yesu Kristo kae sɛ “nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Michael ne Alphina maa ɔdɔ traa wɔn fie, na wonyaa bere maa wɔn mma kyerɛkyerɛɛ wɔn Bible mu kyerɛwtohɔ ne nokware ahorow.
Michael ne Alphina wɔ mmabea baanan—Thembekile, Siphiwe, Tholakele, ne Thembekani. Wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho bere nyinaa asɛmpakafo. Wɔn mmabarima no mu baanu yɛ ahwɛfo guamtrafo wɔ Yehowa Adansefo asafo mu. Wɔn babarima a ɔto so abiɛsa, a ne yere nso yɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no som sɛ asafo mu ɔsomfo.
Awofo Kristofo bebree a wɔwɔ mmusua a ɛsõ atumi adi nkonim wɔ wɔn mma a wɔtete wɔn mu. Nanso, mmofra binom a wonya awofo ntetee pa no apo nokware no. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn awofo kae Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini no ho no na wɔwɔ anidaso sɛ wɔn babarima anaa wɔn babea no bɛsakra na awiei koraa no wanya nkwa.—Luka 15:21-24.
Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, awofo Kristofo binom mma nyinaa refi wɔn nsa akɔ wiase no mu. Eyi yɛ asɛm a ɛhaw adwene titiriw wɔ Afrika afa bi a ɛte sɛ nea mmofra bɔ mmɔden kosi sɛ wobedu wɔn mpanyin afe so no. Na afei, bere a wonyin du baabi na wonya akɔnnɔ a ano yɛ den no, wɔma Satan wiase no brasɛe akwan no daadaa wɔn. (1 Yohane 5:19) Ne saa nti, agyanom bebree mfata sɛ wɔbɛsom sɛ asafo mu mpanyimfo. (1 Timoteo 3:1, 4, 5) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ agya a ɔyɛ Kristoni bu n’ankasa fi nkwagye sɛ asɛm a ɛho hia kɛse. Ɛno nti, dɛn na awofo betumi ayɛ de agye wɔn mma nkwa?
Yɛ Adamfo Paa
Na ɛnyɛ pɛ nko na na Yesu yɛ, na mmom na ɔwɔ nimdeɛ ne osuahu kyɛn onipa foforo biara koraa nso. Nanso, ɔne n’asuafo a wɔnyɛ pɛ no dii sɛ nnamfo paa. (Yohane 15:15) Ɛno nti na wɔpɛe sɛ wɔne no bɔ na wodi yiye bere a na wɔne no wɔ hɔ no. (Yohane 1:14, 16, 39-42; 21:7, 15-17) Awofo betumi asua biribi afi eyi mu. Te sɛ afifide nketewa a ne nhaban dennan gye ɔhyew a efi owia no hɔ no, saa ara na mmofra nya nkɔso bere a ɔdɔ ne anigye wɔ fie no.
Awofo, so mo mma fi wɔn pɛ mu bɛka wɔn ahiasɛm kyerɛ mo? So mutie wɔn? Ansa na mubesi gyinae no, so mutumi hu wɔn adwene ne wɔn nsusuwii sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu asɛm no ani so yiye? So mufi ntoboase mu boa wɔn ma wonya nsɛmmisa bi ho mmuae denam nhwehwɛmu a mo ne wɔn yɛ wɔ Bible mu nhoma ahorow mu no so?
Ɛna bi a ɔwɔ South Africa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efi da a edi kan a yɛn babea no kɔɔ sukuu no, yɛhyɛɛ no nkuran ma ɔkaa nea esii wɔ da no mu ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, mibisa no sɛ: ‘Wo ne hena na ɛbɔe wɔ awia ahomegye bere no mu? Ka wo kyerɛkyerɛfo foforo no ho asɛm kyerɛ me. Ɔte dɛn? Dwumadi bɛn na moayɛ ho nhyehyɛe wɔ dapɛn no mu?’ Bere bi, yɛn babea no baa fie bɛkae sɛ wɔn kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ wɔn Borɔfo no de wɔn rekɔ akɔhwɛ sini a akyiri yi wɔbɛkyerɛw ho asɛm. Na sini no asɛmti ho wɔ asɛm. Bere a yɛyɛɛ nhwehwɛmu no, yehui sɛ ɛremfata mma Kristoni. Yesusuw ho sɛ abusua. Ade kyee no, yɛn babea no kɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɔmpɛ sɛ ɔhwɛ sini no, efisɛ abrabɔ a ɛda no adi no ne ne Kristofo gyidi ahorow nhyia. Ɔkyerɛkyerɛfo no susuw asɛm no ho bio, na ɔdaa yɛn babea no ase akyiri yi kae sɛ ɔremma adesua kuw no nkɔhwɛ biribi a obenu ne ho wɔ ho.” Ɔdɔ mu a awofo yi fi kyerɛɛ wɔn babea no nkwagye ho anigye daa no sow aba pa. Ɔwɔ anigye ne adwempa na seesei ɔsom sɛ obi a watu ne ho ama wɔ Watch Tower Bible and Tract Society no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no.
Yesu yɛɛ nhwɛso pa paa wɔ nkurɔfo foforo mma a ɔne wɔn dii no mu. N’ani gyee ɔne wɔn fekubɔ ho. (Marko 10:13-16) Hwɛ anigye ara a awofo betumi anya sɛ wɔne wɔn ankasa mma yɛ nneɛma! Wɔ Afrika mmeae bi no, ɛyɛ agya aniwu sɛ wobehu no sɛ ɔne ne mmabarima rebɔ bɔɔl anaasɛ ɔne wɔn redi agoru foforo. Nanso ɛnsɛ sɛ agya Kristoni bi te nka da sɛ ɛyɛ aniwu dodo sɛ wobehu sɛ ɔne ne mma reyɛ ade. Mmofra hia awofo a wɔn ani gye ho sɛ wobegye bere ne wɔn ayɛ ade. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw kɛse ma mmofra sɛ wɔbɛda wɔn ahiasɛm adi. Sɛ wobu ani gu mmofra nkate fam ahiade yi so a, ebetumi ahyɛ wɔn abufuw na wɔatew wɔn ho, titiriw sɛ wɔka wɔn anim bere nyinaa a.
Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw abusua mu abusuabɔ ho asɛm akɔma Kolosefo no, ɔkae sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ ɛtɔ da bi a asotwe no dɔɔso dodo na adamfofa no sua koraa. Mmofra, a wɔn a wɔadu mpanyin afe so ka ho a wɔdɔ wɔn na wɔwɔ anisɔ ma wɔn no bɛpɛ yiye sɛ wotie nteɛso a ehia no.
Onyankopɔn Dɔ
Agyapade a ɛsom bo paa a awofo betumi de ama wɔn mma ne wɔn ankasa nhwɛso a wɔbɛyɛ wɔ ɔdɔ ho. Ɛho hia sɛ mmofra hu na wɔte sɛ wɔn awofo da ɔdɔ ankasa adi kyerɛ Onyankopɔn. Aberante bi a ɔyɛ adwuma wɔ Watch Tower Bible and Tract Society no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a na meyɛ abarimaa no, na meboa me papa ma ɔyɛ ofie nnwuma. M’ani gyei sɛ meboaa no efisɛ Paapa ani sɔɔ kakraa bi a meyɛe no. Na ɔde bere no ka Yehowa ho asɛm bebree kyerɛ me. Sɛ nhwɛso no, mekae Memeneda bi a na yɛredɔw yɛn fie hɔ denneennen no. Na wim yɛ hyew ankasa. Na fifiri retew Paapa, enti mituu mmirika kɔsaw nsu kuruwa abien de nsukyenee guu mu. Paapa kae sɛ: ‘Me ba, wuhu sɛnea Yehowa wɔ nyansa? Nsukyenee tɛn nsu ani. Sɛ ɛmem a, anka abɔde a nkwa wom a wɔwɔ atare ne mmura mu nyinaa bewuwu. Mmom no, nsukyenee di dwuma sɛ ade a ɛbɔ biribi ho ban! So ɛno mmoa yɛn mma yenhu Yehowa yiye?’a Akyiri yi, bere a wɔde me kɔtoo afiase esiane sɛ mankɔ sraadi nti no, minyaa bere de dwennwenee. Anadwo bi a na mabotow wɔ m’afiase dan mu no, mekaee Paapa asɛm no. Hwɛ ntease ara a na ɛwom! Sɛ metumi a, mɛsom Yehowa daa.”
Yiw, mmofra pɛ sɛ wohu sɛ Onyankopɔn dɔ da adi wɔ biribiara a wɔn awofo yɛ mu. Ɔdɔ ma Onyankopɔn ne osetie a wofi ɔpɛ mu yɛ ma no no ne nea ɛsɛ sɛ ɛka wɔn titiriw ma wɔkɔ Kristofo nhyiam, nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na wonya abusua Bible akenkan ne adesua mu kyɛfa. (1 Korintofo 13:3) Nea ehia paa no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn da adi wɔ mpae a abusua no fi koma mu bɔ no mu. Yentumi nnyae hia a ehia sɛ wode agyapade a ɛte saa ma wo mma no so dua si. Ɛno nti na wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:5-7; fa toto Mateo 22:37-40 ho.
Nea ɛyɛ Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no, ayɛ osetie ama no no ho akwanside kɛse ne bɔne su a wɔde woo yɛn no. (Romafo 5:12) Ɛno nti, Bible no san hyɛ sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa, NW], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Mpɛn pii no nsusuwii bɔne ma wɔyɛ nneɛma bɔne. Nea ɛbɛyɛ na abofra akwati eyi no, ɛsɛ sɛ onya su foforo bi a ɛho hia.
Onyankopɔn Suro
Ɔdɔ a ɛka osuro a yɛwɔ sɛ yɛrenyɛ nea ɛnsɔ Yehowa ani ho no yɛ nea ɛfata yiye. Yesu Kristo ankasa yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn sɛ obi a onyaa ‘Yehowa suro ho anigye.’ (Yesaia 11:1-3) Osuro a ɛte saa ho hia bere a abofra du mpanyin afe so na ofi ase nya nna ho akɔnnɔ a ano yɛ den no. Onyankopɔn suro betumi aboa abofra ma wako atia wiase nhyɛso a ebetumi akowie ɔbra bɔne mu no. (Mmebusɛm 8:13) Wɔ aman bi mu no, awofo kwati sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mma sɛnea wobedi nna ho nsɛnnennen ho dwuma. Nokwarem no, nnipa bebree te nka sɛ mfomso wom sɛ wobesusuw saa nsɛm yi ho. Nanso dɛn na afi ade a ɛte saa a awofo abu wɔn ani agu so yi mu aba?
Nnuruyɛ ho abenfo baasa a wɔn din de Buga, Amoko, ne Ncayiyana bisabisaa mmeawa 1,702 ne mmarimaa 903 a wofi Transkei nkuraase a ɛwɔ South Africa no nsɛm. South African Medical Journal no bɔɔ amanneɛ sɛ “wɔ nhwehwɛmu yi mu no, na mmea no mu ɔha mu nkyem 76 ne mmarima no mu ɔha mu nkyem 90.1 anya nna mu osuahu dedaw.” Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na mmeawa no adi mfe 15, na nhyɛso na ɛmaa wɔn mu bebree de wɔn ho kɔhyɛɛ nna mu. Na wɔn mu bɛboro 250 anyinsɛn pɛnkoro anaa nea ɛboro saa pɛn. Ade foforo nso a afi mu aba ne nna mu nyarewa pii.
Ɛda adi sɛ awofo pii nhu hia a ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛnea wɔbɛkwati ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim. Mmom no, nsɛmma nhoma a yɛaka ho asɛm dedaw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wobu abawo ne ɛnã a ɔbea bɛyɛ no wɔ Transkeifo a wɔtete nkuraa ase no mu kɛse, na mmeawa a wɔafi ase rebu wɔn nsa hu eyi ntɛm.” Wɔayɛ ɔhaw koro no ara bi ho kyerɛwtohɔ wɔ wiase afa foforo.
Mmofra bebree a wɔwɔ Afrika kasa tia wɔn awofo sɛ wɔmmoa wɔn mma wɔnte wɔn bɔbeasu ho asɛm ase. Awofo Kristofo binom ama ayɛ wɔn fɛre dodo sɛ wɔde nhoma Your Youth—Getting the Best Out Of It bedi dwuma.b Wɔ nkratafa 20-3 no, ɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a nidi wom a wɔfa so de awode di dwuma ne nsakrae a ɛba bere a obi anyin adu baabi a obetumi awo no.
Awofo Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn adwene wɔ nna ho mu akyerɛ wɔn mma no fata nkamfo. Ɔkwan a wɔfa so yɛ eyi yiye ne sɛ wɔbɛyɛ no nkakrankakra, sɛnea abofra no tumi te nsɛm ase fa. Ebia ɛho behia sɛ awofo ka nsɛm pen bere a wɔrekyerɛ nipadua no akwaa ahorow ne ne dwumadi ahorow no na eyi begyina biribi te sɛ mfe a abofra no adi so. Sɛ anyɛ saa a, abofra a onni osuahu biara no nte nea wɔreka no ase.—1 Korintofo 14:8, 9.
Agya bi a ɔwɔ South Africa a ɔwɔ mmabea baanu ne ɔbabarima biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Metaa nya hokwan ka nna ho nsɛm a ne ka yɛ den kyerɛ mmeawa no mpo. Me yere nso de n’adwene sii yɛn mmabea no so titiriw, na ɔde nhoma Your Youth—Getting the Best Out Of It dii dwuma. [Hwɛ nkratafa 26-31.] Bere a me babarima no dii mfe 12 no, me ne no tuu mpase kɔɔ akyiri wɔ mmepɔw so. Saa bere no, yesusuw sɛnea abarimaa nipadua nyin ne dwuma titiriw a eyi bedi wɔ aware mu akyiri yi ho kɔɔ akyiri. Mesan ne no susuw hia a ehia sɛ ɔkwati boasipem a ɛyɛ animguase su na ɔkyerɛ nidi ne obu ma mmeawa—sɛnea obu ne maame ne ne nuabeanom no—ho.”
Akatua Ahorow a Ɛyɛ Anigye
Agya ne ɛna a yɛaka wɔn ho asɛm seesei ara no yɛɛ adwumaden na wɔn ani agye sɛ biribi pa afi wɔn mma baasa a wɔtetee wɔn no mu aba. Seesei wɔn baasa nyinaa anyinyin na wɔawareware Kristofo anokwafo. Wɔn babarima ne wɔn nsewnom no nyinaa som sɛ mpanyimfo wɔ Kristofo asafo no mu, na awarefo no mu baanu de mfe pii asom sɛ bere nyinaa asɛmpakafo.
Yiw, awofo a wɔyɛ adwumaden na ama wɔn fifo anya nkwa no betumi ahwɛ akatua a ɛyɛ anigye kwan afi mmofra a wotie saa Bible nkyerɛkyerɛ yi no hɔ, efisɛ Mmebusɛm 23:24, 25 ka sɛ: “Nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye.” Susuw abusua a ɛsõ a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho. Alphina ka sɛ: “Sɛ mekae honhom mu nkɔso a me mma no anya no a, anigye hyɛ me koma ma.” Ɛmmra sɛ Awofo Kristofo nyinaa bɛyɛ adwuma anya akatua a ɛyɛ anigye yi bi.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ nsu fi ase kyen a, emu yɛ hare na ɛba soro. Hwɛ nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 137-8.
b Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc tintimii no nso mu.
[Kratafa 23 mfonini]
Agya betumi ayɛ nhyehyɛe anya tebea a ɛfata de akyerɛkyerɛ asetram nokwasɛm ahorow mu