Mihui Sɛ “Akumaa” Adan “Ɔman a ɛyɛ den”
SƐNEA WILLIAM DINGMAN KA KYERƐE
Ná afe no yɛ 1936; beae no, Salem, Oregon, U.S.A. Ná mewɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam bi ase. Wobisaa sɛ: “Nnipa kuw kɛse no wɔ he?” (Adiyisɛm 7:9) Ná me nkutoo na meyɛ ɔfoforo, enti wɔn nyinaa de wɔn nsa teɛɛ me so kae sɛ, “Ɔno ni!”
WƆ 1930 mfe no ntam no, na Yehowa Adansefo no mu kakraa bi pɛ na wɔwɔ Bible mu anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra asase so daa wɔ Paradise no. (Dwom 37:29; Luka 23:43) Efi saa mmere no, nneɛma asesa koraa. Nanso ma menka nsɛm a esisii a ɛmaa mikopuee saa asafo nhyiam no ase wɔ Salem, Oregon, no ho asɛm.
Ná me papa kra The Golden Age, edin a na kan wɔde frɛ Nyan! nsɛmma nhoma no. Bere a na minnya nnii mfe aduonu no, m’ani gyee ne kan ho, na mibegye dii sɛ ekura Bible mu nokware titiriw. Enti, da bi, mehyehyɛɛ kratasin bi a epuei wɔ Golden Age bi akyi de menae. Ɛde nhomawa 20, nhoma bi, ne Yehowa Adansefo asafo bi a ɛbɛn hɔ din maa akenkanfo no. Bere a me nsa kaa nhoma no, mekɔɔ afie afie de nhomawa no ne nhoma no nyinaa kɔmae.
Saa bere no, na obiara ne me nsuaa Bible no. Nokwarem no, na me ne Yehowa Adansefo no mu biara nkasae da. Nanso bere a me nsa kaa Ahenni Asa a ɛbɛn me address no, mede kar twaa bɛyɛ kilomita 40 kɔɔ asafo nhyiam wɔ Salem, Oregon. Ɛhɔ na bere a na madi mfe 18 pɛ no, wɔkyerɛe sɛ me nkutoo ne “kuw kɛse” no.
Ɛwom sɛ na minsiesiee me ho koraa mmaa ɔsom adwuma no de, nanso mifii ase ne Salem Asafo no kɔɔ asɛnka. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa nsɛntitiriw abiɛsa nka m’adansedi ho. Nea edi kan, sɛ Yehowa ne Nyankopɔn; nea ɛto so abien, sɛ Yesu Kristo ne ne Hene a wapaw no; ne nea ɛto so abiɛsa, sɛ Ahenni no ne wiase anidaso biako pɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka saa asɛm no wɔ ɔpon biara ano.
Bere a me ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ Salem bɔe mfe abien akyi no, wɔbɔɔ me asu, April 3, 1938. Adansefo a na wɔwɔ Salem no ani gyei sɛ wohui sɛ yɛn a yɛyɛ “nnipa kuw kɛse” mufo pii regye asubɔ. Wɔ February 1939 no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa somfo. Wɔ December saa afe no, migyee nsa a wɔto frɛɛ me sɛ mintu nkɔ Arizona, a na wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse no so.
Akwampae Adwuma a Meyɛ Wɔ Arizona
Ná Yehowa Adansefo adwuma no yɛ foforo wɔ Arizona, na na wɔnte yɛn ase wɔ nneɛma pii mu, enti bere a United States de ne ho gyee Wiase Ko II mu no, yehyiaa ɔtaa pii. Sɛ nhwɛso no, bere a na meresom wɔ Stafford, Arizona, wɔ 1942 mu no, na wɔreka basabasayɛfo kuw ntua a Mormonfo kuw bi de bɛba yɛn so ho asɛm. Ná me ne m’akwampae ahokafo no te bɛn Mormon sɔfo panyin bi a na obu yɛn no fie, na ɔkae sɛ: “Sɛ Mormon asɛmpatrɛwfo yɛ nsi te sɛ Adansefo no a, anka Mormon Asɔre no bɛdɔ.” Enti ɔkae wɔ asɔredan mu sɛ: “Mate sɛ wɔreka sɛ wɔbɛyɛ Adansefo mmerante no basabasa. Wiɛ, mete bɛn mmerante yi, enti sɛ basabasa bi si a, wɔbɛte otuo nka wɔ ɔfasu a etwa yɛn ntam no mu. Ná wɔbɛto tuo no—nanso na ɛnyɛ Adansefo na wɔbɛto abɔ wɔn. Wɔbɛto abɔ basabasayɛfo no. Enti sɛ wopɛ basabasa a, ɛnde siesie wo ho.” Basabasayɛ no amma so da.
Mfe abiɛsa a mede traa Arizona no, wɔkyeree yɛn de yɛn guu afiase mpɛn pii. Wɔde me toom nnafua 30 bere bi. Nea ɛbɛyɛ na yɛadi polisifo haw a na wɔhaw yɛn wɔ yɛn som adwuma no mu so no, yɛtee nea wɔfrɛ no atufaa kuw. Ɔdansefo a na odi yɛn anim no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Yɛn din ne yɛn honam sɛ. Yefi ase anɔpa nɔnnum anaa nɔnnsia, gyaw nkratawa wɔ ɔpon biara ano, na afei yetu.” Yɛn “atufaa kuw” no yɛɛ adwuma wɔ Arizona mantam no fã bi mu. Nanso, akyiri yi, yeguu no efisɛ na saa kwan a yɛfa so ka asɛm no mma yentumi mmoa wɔn a wɔkyerɛ anigye no.
Gilead Sukuu ne Dwumadi Titiriw
Wɔ December 1942 mu no, na meka akwampaefo pii a wɔwɔ Arizona a wonyaa nsato krataa a wɔde bɛkɔ asɛmpatrɛwfo sukuu a Yehowa Adansefo retew no ho. Mfitiase no, na wɔfrɛ sukuu no, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Kɔlege. Akyiri yi, wɔsesaa saa din no frɛɛ no, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Ná sukuu adan no bɛn Ithaca kurow a ɛwɔ New York atifi fam bɛyɛ kilomita 4,800 tɔnn no.
Bere a yɛde bere tiaa bi kɔsraa Oregon wɔ January 1943 mu akyi no, yɛn a yɛyɛ akwampaefo no mu pii traa Greyhound bɔs mu fii Arizona Anhweatam so ɔhyew no mu. Nna pii akyi no, yeduu baabi a yɛrekɔ no, na yekohuu New York atifi fam awɔw no. Wobuee sukuu no February 1, 1943, bere a ne titrani, Nathan H. Knorr, kae wɔ ne nnianim kasa a ɔma kyerɛɛ adesuafo ɔha no mu sɛ: “ƐNYƐ kɔlege yi botae ne sɛ ɛbɛtete mo ahyɛ mo asomfo. Moyɛ asomfo dedaw, na mode mfe pii na ayɛ ɔsom adwuma no. . . . Kɔlege no adesua atirimpɔw titiriw ne sɛ ebesiesie mo na mo ho akokwaw kɛse sɛ asomfo, wɔ nsasesin a mobɛkɔ mu no mu.”
Esiane sɛ na menkɔɔ sukuu nnuu akyiri biara nti, mfiase no, na minhu so wɔ Gilead. Nanso na akyerɛkyerɛfo no te me ase, na m’ani begyee m’adesua ho yiye. Wɔ asram anum ntetee a adagyew nnim koraa akyi no, yɛn adesuakuw no wiee sukuu. Ɛno akyi no, wɔde yɛn mu kakraa bi kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, faako a wɔsan tetee yɛn siesiee yɛn maa akwantu adwuma no sɛ amansin so ahwɛfo. Ná me dwumadi a edi kan no wɔ Carolina Kusuu ne Kesee fam.
Saa nna no mu no, na ɛkame ayɛ sɛ ɔmansin sohwɛfo tu kwan da biara. Ná yedi da koro wɔ asafo a esua mu anaasɛ nannu wɔ nea ɛso mu. Saa bere no na asafo horow no pii susua. Enti bere a yɛadi da koro, na mpɛn pii no, nsrahwɛ ne nsɛmmisa ho mmuaema reyɛ ama ade akye me no, sɛ ade kye a, mesɔre bɛyɛ anɔpa nnɔnnum kɔ asafo a edi hɔ no mu. Mesom wɔ ɔmansin adwuma no mu bɛyɛ afe, na ɛno akyi no, meyɛɛ akwampae adwuma kakra wɔ Tennessee ne New York.
Mekɔ Cuba na Metoa so Kodu Puerto Rico
Wɔ May 1945 mu no, bere a na akwampaefo afoforo ka me ho no, wɔde me kɔɔ m’amannɔne asɛmpatrɛw dwumadi a edi kan, Cuba! Anadwo a yeduu Havana, Cuba kuropɔn mu no, yefii adi kɔkyekyɛɛ nsɛmma nhoma. Yɛtraa Havana kosii sɛ yenyaa dan bi wɔ Santa Clara. Ná sika a wɔde ma yɛn mu biara ma yɛde totɔ nea ehia yɛn nyinaa, a na aduan ne ɔdan ka nso ka ho, yɛ $25 pɛ ɔsram biara. Yɛde nneɛma a na yɛn nsa bɛka yeyɛɛ mpa ne nkogua, na yɛde adaka a wɔde aprɛ gu mu yɛɛ nnaka a yɛde yɛn nneɛma gu mu.
Afe a edi hɔ no, wɔmaa me ɔmansin dwumadi. Saa bere no, na Cuba nyinaa yɛ ɔmansin biako. Esiane sɛ ɔmansin sohwɛfo a odii m’anim no nan woware na ɔpɛ nantew nti, ná anuanom mmarima ne mmea no tu mmirika di n’akyi, na wɔne no atumi abɔ anan. Ɛda adi sɛ wosusuwii sɛ saa ara na mɛyɛ, enti wosiesiee biribiara twɛn me nsrahwɛ no. Wɔn nyinaa ne me ammom ankɔ asɛnka da koro, na mmom wɔkyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw na wɔne me yɛɛ adwuma nnidiso nnidiso. Da a edi kan no, kuw biako de me kɔɔ asasesin bi a ɛwɔ akyiri mu; da a edi hɔ no, kuw foforo de me kɔɔ asasesin a ɛte saa ara mu, ne nea ɛkeka ho. Nsrahwɛ no akyi no, na mabrɛ, nanso m’ani gyee ho. Mekae saa asafo no yiye.
Ebeduu 1950 no, na yɛanya Ahenni adawurubɔfo bɛboro 7,000 wɔ Cuba, dodow a na ɛte sɛ Mexico de no. Wɔ saa afe no July mu no, mekɔɔ Teokrase Nkɔanim amanaman ntam nhyiam wɔ Yankee Stadium wɔ New York Kuropɔn mu. Ɛno akyi no, minyaa asɛmpatrɛw dwumadi foforo kɔɔ Puerto Rico. Asɛmpatrɛwfo foforo a wofi Gilead adesuakuw a ɛto so 12 a me ne wɔn faa wimhyɛn kɔɔ Puerto Rico no bi ne Estelle ne Thelma Weakley.
Mfe awotwe akyi no, me ne Estelle yɛɛ ayeforo korokorowa bi wɔ yɛn mansin nhyiam dwumadi bi ase wɔ awia ahomegye bere mu, waree wɔ Bayamón, Puerto Rico. Ansa na mereware ne bere a mewaree nyinaa no, na mesom wɔ ɔmansin adwuma no mu. Bɛboro mfe du a yedii wɔ Puerto Rico no, me ne Estelle huu nkɔanim ahorow akɛse—fi nea na ennu adawurubɔfo 500 kosi bɛboro 2,000. Yetumi boaa nnipa pii maa wohyiraa wɔn ho so gyee asubɔ, na yenyaa asafo afoforo a wɔtee mu kyɛfa.
Wɔ December 1960 mu no, Milton Henschel fi Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, bɛsraa Puerto Rico, na ɔkasa kyerɛɛ asɛmpatrɛwfo no. Obisae sɛ ebia ebinom de wɔn ho bɛma ma wɔama wɔn dwumadi foforo anaa. Ná me ne Estelle ka wɔn a wotuu wɔn ho mae no ho.
Yɛn Fie Wɔ Dominican Republic
Ná yɛn dwumadi foforo ne Dominican Republic, na yetuu June 1, 1961 sii hɔ sɛ da a yɛde betu. Wokum Dominicafo katabaako sodifo Rafael Trujillo, May 30, ma enti wotwaa wimhyɛn akwantu nhyehyɛe ahorow a na ɛkɔ ɔman no mu no mu. Nanso ankyɛ na wobuee kwan ma wimhyɛn kɔɔ hɔ, na yetumi kɔɔ Dominican Republic June 1, sɛnea yɛhyehyɛe no.
Yeduu hɔ no na ɔman no mu ayɛ basabasa, na na asraafo redi akɔneaba kakra. Ná yesuro sɛ ebia ɛde ɔman anidan bɛba, na na asraafo rehwehwɛ obiara nneɛma mu wɔ kar kwan so. Wogyinaa yɛn wɔ mmeae ahorow na emu biara mu no, wɔhwehwɛɛ yɛn nneɛma mu. Woyiyii biribiara a ɛwɔ yɛn bag mu hwehwɛɛ mu, a nneɛma nketenkete mpo ka ho. Ɛno na wɔde maa yɛn akwaaba wɔ Dominican Republic.
Yɛtraa ahenkurow, Santo Domingo, adapɛn pii ansa na yɛrekɔ yɛn dwumadi a edi kan wɔ La Romana. Trujillo katabaako nniso bere so no, na wɔaka akyerɛ ɔmanfo no sɛ Yehowa Adansefo yɛ Komunisfo, na wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ hu sen biara. Ne saa nti, wɔtaa Adansefo no atirimɔden so. Nanso, nkakrankakra, yetumi yii yɛn ho adwemmɔne a na wɔwɔ no fii hɔ.
Bere a yɛayɛ adwuma kakra wɔ La Romana no, yefii ase somee wɔ ɔmansin adwuma no mu bio. Na afei wɔ 1964 mu no, wɔmaa yɛn dwumadi sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Santiago kurow mu. Afe a edi hɔ no, Dominican Republic hyiaa ɔman anidan, na ɔman no mu yɛɛ basabasa bio. Bere a ntawntawdi no rekɔ so no, wɔde yɛn kɔɔ San Francisco de Macorís, kurow a na agye din wɔ amammuisɛm mu. Nanso ne nyinaa akyi no, yɛkaa asɛm a biribiara antoatoa yɛn. Ɛmfa ho amammuisɛm a na ayɛ basabasa no, yɛtee asafo foforo mpo. Mfe a edi akyi no, wɔsesaa yɛn dwumadi mpɛn pii ansa na wɔresan de yɛn aba faako a mprempren yɛte wɔ Santiago no.
Akyinnye biara nni ho sɛ yɛahu Yehowa nhyira wɔ adwuma no so wɔ Dominican Republic. Bere a yeduu ha wɔ 1961 mu no, na Adansefo bɛyɛ 600 ne asafo ahorow 20 na ɛwɔ ha. Mprempren adawurubɔfo bɛyɛ 20,000 na wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ asafo horow bɛboro 300 mu. Nnipa 69,908 a wɔbaa Kristo wu Nkaedi ase wɔ 1996 no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nkɔso kɛse bɛba. Ɛno yɛ adawurubɔfo dodow mmɔho bɛyɛ abiɛsa ne fã!
Afei De Ayɛ Ɔman a Ɛyɛ Den
Ɛwom sɛ wiase su kɔ so sakra de, nanso Bible mu asɛm a Yehowa Adansefo ka no nsakra. (1 Korintofo 7:31) Yehowa da so ara yɛ Onyankopɔn, Kristo da so ara yɛ Ɔhene, na abɛda adi asen bere biara sɛ Ahenni no ne wiase anidaso koro pɛ.
Bere koro ara no, nsakrae a ɛyɛ nwonwa aba Yehowa nkurɔfo mu fi bere a mekɔɔ saa asafo nhyiam no ase wɔ Salem, Oregon, bɛyɛ mfe 60 a atwam ni no. Nnipa kuw kɛse no ayɛ kɛse ampa, wɔn dodow boro ɔpepepem anum. Ɛte sɛnea Yehowa kaa ne nkurɔfo ho asɛm siei no: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me [Yehowa, NW], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”—Yesaia 60:22.
Bɛyɛ mfe 60 akyi wɔ bere nyinaa som adwuma mu no, ɛyɛ me anigye sɛ meda so ara wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ ho anigye wɔ m’asɛmpatrɛw adwuma no mu. Hwɛ hokwan kɛse ara a ɛyɛ sɛ minya kyɛfa wɔ saa adwuma no mu na mihu sɛ “akumaa” abɛdan “ɔman a ɛyɛ den”!
[Kratafa 21 mfonini]
Me ne me yere, wɔ Dominican Republic