Hwɛ Yiye Wɔ “Epikurofo” Ho
“Ɔyɛ onipa pa! Ɔde abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn na ɛtra ase. Ɔnnom sigaret, ɔnnom nnubɔne, na ɔnka kasafĩ. Nokwarem no, ɔyɛ nipa pa sen ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo!”
SO WOATE sɛ ebinom de saa nsusuwii no akyerɛ sɛ nnamfo a wɔmfata a wɔafa no teɛ? So ɛne Kyerɛwnsɛm hyia? Nhwɛso bi a efi tete Kristofo asafo bi mu no ma saa asɛm yi mu da hɔ.
Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo bɔɔ Korinto asafo no kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! [fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa.” Ebia na Kristofo binom ne nkurɔfo a Helafo nyansapɛ anya wɔn so nkɛntɛnso no renya ayɔnkofa a emu yɛ den, a na Epikurofo ka ho. Ná henanom ne Epikurofo no? Dɛn nti na na wobetumi de Korinto Kristofo no ato honhom fam asiane mu? So nkurɔfo bi wɔ hɔ nnɛ a wɔte sɛ wɔn, a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ wɔn ho?—1 Korintofo 15:33.
Ná Henanom ne Epikurofo No?
Ná Epikurofo no yɛ Helani nyansapɛfo Epikuro a ɔtraa ase fi 341 kosi 270 A.Y.B. mu no akyidifo. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ anigye a obi benya nkutoo ne asetra mu ade titiriw. So ɛno kyerɛ sɛ Epikurofo no bɔɔ aniwu bra, a na wonni nnyinasosɛm biara, na wɔyɛɛ adapaade wɔ anigyede a wɔkɔɔ so hwehwɛe no mu? Anwonwasɛm ne sɛ, Epikuro ankyerɛkyerɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ wɔn bra saa! Mmom no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ nyansa, akokoduru, ahosodi, ne atɛntrenee a wɔde bɛtra ase na ɛbɛma wɔanya anigye kɛse. Ɛnyɛ bere tiaa mu anigye na ɔkyerɛe sɛ wɔnhwehwɛ, na mmom anigye a ɛtra hɔ nkwa nna nyinaa mu. Enti ebetumi aba sɛ sɛ wɔde Epikurofo no toto wɔn a na wɔrebu brabɔne kɛse no ho a, na wobu bra pa.—Fa toto Tito 1:12 ho.
So Ɛte sɛ Kristosom?
Sɛ na woyɛ tete Korinto asafo no muni a, anka w’ani begye Epikurofo no ho? Ɛbɛyɛ sɛ na ebinom susuw sɛ Epikurofo no abrabɔ a ɛte sɛ nea ɛkorɔn no maa fekubɔ a Kristofo ne wɔn benya no yɛɛ nea asɛm ni ho. Sɛ Korintofo no dwennwen saa asɛm no ho kɔ akyiri a, ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ nea na nsɛdi bi wɔ Epikurofo gyinapɛn ahorow ne Onyankopɔn Asɛm mu de mu.
Sɛ nhwɛso no, na Epikurofo no yɛ anidahɔ wɔ wɔn ani a wogye mu. Ná adwenem anigye som bo ma wɔn sen nnipa ani so anigye. Ná aduan a obi di no ho nhia sɛ abusuabɔ a ɔne nea ɔne no redidi no benya. Epikurofo no amfa wɔn ho anhyɛ amammuisɛm ne kokoam nnebɔne mpo mu. Hwɛ sɛnea na ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ ebinom besusuw sɛ: “Wɔte sɛ yɛn ara!”
Nanso, so na Epikurofo no te sɛ tete Kristofo no ampa? Ɛnte saa koraa. Ná wɔn a wɔatetew wɔn ahonim yiye no betumi ahu nsonsonoe atitiriw a ɛwɔ wɔn ntam. (Hebrifo 5:14) Wubetumi ayɛ saa? Momma yɛnyɛ Epikurofo nkyerɛkyerɛ mu nhwehwɛmu nkɔ akyiri.
Epikurosom Ho Ade a Enye
Nea ɛbɛyɛ na waboa nkurɔfo ma wɔadi anyame ne owu ho suro so no, Epikuro kyerɛkyerɛe sɛ anyame no nni adesamma ho anigye biara, na wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ nnipa nsɛm mu. Sɛnea Epikuro kyerɛ no, ɛnyɛ anyame no na wɔbɔɔ amansan no, na nkwa ara na ɛbae. So na eyi ne Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ “Onyankopɔn biako” na ɔwɔ hɔ, Ɔbɔadeɛ no, na odwen n’abɔde a wɔyɛ nnipa ho, no mmɔ abira?—1 Korintofo 8:6; Efesofo 4:6; 1 Petro 5:6, 7.
Epikuro kyerɛkyerɛe nso sɛ owu akyi no, asetra biara ntumi mma. Nokwarem no, na eyi ne Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne owusɔre no bɔ abira. Nokwasɛm ne sɛ, bere a na ɔsomafo Paulo rekasa wɔ Areopago no, akyinnye biara nni ho sɛ na Epikurofo no ka wɔn a wɔne Paulo dii anobaabae wɔ owusɔre nkyerɛkyerɛ ho no ho.—Asomafo no Nnwuma 17:18, 31, 32; 1 Korintofo 15:12-14.
Ebetumi aba sɛ ade a na ɛyɛ hu sen biara wɔ Epikuro nyansapɛ mu no nso yɛ anifere sen biara. Owu akyi asetra a na onnye nni no maa no kae sɛ ɛsɛ sɛ onipa gye n’ani sɛnea obetumi biara wɔ bere tiaa bi a obedi wɔ asase so no mu. Sɛnea yɛahu no, na ɛnyɛ n’adwene ankasa ne sɛ wobedi bɔne, na mmom, sɛ́ wɔn ani begye mprempren de ho, efisɛ asetra foforo biara nni hɔ mma yɛn.
Enti, Epikuro anhyɛ kokoam nnebɔne ho nkuran efisɛ na ɛbɛma obi asuro sɛ nkurɔfo behu wɔn akyi, ade a ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ akwanside ma mprempren anigye no. Ɔhyɛɛ hɔ-ne-hɔ a wɔbɛyɛ ho nkuran na ama wɔakwati nneɛma a wɔyɛ tra so ho haw, ade foforo a esiw mprempren anigye kwan no. Ɔhyɛɛ afoforo a wɔne wɔn benya abusuabɔ pa nso ho nkuran efisɛ na ɛbɛma afoforo nso ayɛ wɔn papa a ɛde mfaso ba. Nokwarem no, kokoam nnebɔne a obi bɛkwati, nneɛma a ɔnyɛ mmoro so, ne nnamfo a ɔbɛfa no yɛ ade pa. Ɛnde dɛn nti na na Epikuro nyansapɛ no yɛ asiane ma Kristoni? Efisɛ na n’afotu gyina n’adeyɛ a gyidi nnim yi so: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.
Nokwarem no, Bible no kyerɛ sɛnea nnipa bɛbɔ wɔn bra na wɔanya anigye seesei. Nanso etu fo sɛ: “[Momfa] mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.” (Yuda 21) Yiw, Bible twe adwene si daakye a enni awiei so kɛse, na ɛnyɛ mprempren anigye a ɛretwam no. Wɔ Kristoni fam no, Onyankopɔn a ɔbɛsom no ne ade titiriw a ehia, na ohu sɛ sɛ ɔde Onyankopɔn di kan a, onya anigye ne abotɔyam. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ́ anka Yesu bɛma n’ankasa anigyede ahorow agye n’adwene no, ɔde n’ahoɔden som Yehowa boaa nkurɔfo wɔ ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ afoforo papa, a ɛnyɛ sɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛyɛ bi ama wɔn nti, na mmom, sɛ́ nokware dɔ a wɔwɔ ma wɔn nti. Ɛda adi pefee sɛ nnyinasosɛm titiriw a Epikurosom ne Kristosom kura no yɛ soronko koraa.—Marko 12:28-31; Luka 6:32-36; Galatifo 5:14; Filipifo 2:2-4.
Anifere Kwan So Asiane
Anwonwasɛm ne sɛ, bere a Epikurofo no de adwene sii anigye a wobenya so saa no, wɔannya anigye ahe biara. Esiane sɛ na Epikuro nni “Yehowa anigye” nti, ɔfrɛɛ asetra sɛ “akyɛde a ɛyɛ nwene.” (Nehemia 8:10, NW) Sɛ yɛyɛ ntotoho a, hwɛ sɛnea na tete Kristofo no wɔ anigye! Ná ɛnyɛ awerɛhow asetra a nkurɔfo de nneɛma kame wɔn ho na Yesu rekamfo akyerɛ. Nokwarem no, n’anammɔn akyi a yebedi no na ɛbɛma yɛanya anigye a ɛsen biara.—Mateo 5:3-12.
Sɛ na Korinto asafo no mufo binom susuw sɛ wobetumi ne wɔn a Epikuro nsusuwii anya wɔn so tumi no abɔ fekuw a ɛremfa wɔn gyidi nto asiane mu a, na wɔredi mfomso. Bere a na Paulo rekyerɛw ne krataa a edi kan akɔma Korintofo no, na wɔn mu binom ahwere owusɔre no mu gyidi dedaw.—1 Korintofo 15:12-19.
Epikurosom Nnɛ?
Ɛwom sɛ Epikurosom gui wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu de, nanso ebinom wɔ hɔ nnɛ a wokura momma-yennidi-na-yɛnnom, na-ɔkyena-na-yɛawu adwene saa ara. Saa nkurɔfo yi ntaa nkyerɛ gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne daa nkwa no mu. Nanso, wɔn mu binom wɔ abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn kakra.
Ebetumi asɔ Kristoni bi ahwɛ ma ɔne saafo no anya abusuabɔ a emu yɛ den, a ebia osusuw sɛ wɔn suban pa no ma ɛfata sɛ wɔfa wɔn yɔnko. Nanso, bere a ɛnyɛ sɛ yɛrebu yɛn ho sɛ yɛkorɔn no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ “fekubɔne” nyinaa—a wɔn a wɔn nkɛntɛnso yɛ anifere kwan so de ka ho no—“sɛe ɔbra pa.”
Momma-yennidi-na-yɛnnom, na-ɔkyena-na-yɛawu nyansapɛ no da adi nso wɔ aguadi nhyiam ahorow bi ase, nhoma a wɔkenkan de yɛ wɔn ho mmoa, ayɛsɛm nhoma, sini, television so dwumadi ahorow, ne nnwonto mu. Bere a ɛnhyɛ nnebɔne ho nkuran tẽẽ no, so adwene a gyidi nnim yi betumi anya yɛn so nkɛntɛnso wɔ anifere kwan so? Sɛ nhwɛso no, so yɛn ankasa yiyedi betumi agye yɛn adwene araa ma yɛn ani apa Yehowa tumidi ho ɔsɛmpɔw no so? So ebetumi atwetwe yɛn ma ‘yɛagow yɛn ho mu’ sen sɛ anka ‘yɛbɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu’? Anaasɛ ebetumi adaadaa yɛn ma yɛn adwene mu ayɛ yɛn naa wɔ teɛ a Yehowa gyinapɛn ahorow teɛ ne mfaso a ɛwɔ so ho? Ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ yɛn ho mu a yebegyae ama ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne ahonhomsɛmdi koraa ne wɔn a wiase nsusuwii anya wɔn so nkɛntɛnso no ho!—1 Korintofo 15:58; Kolosefo 2:8.
Enti, momma yɛne wɔn a wofi koma nyinaa mu di Yehowa akwankyerɛ akyi no titiriw nnya fekubɔ. (Yesaia 48:17) Nea ebefi mu aba ne sɛ, ɛbɛhyɛ yɛn suban pa mu den. Yɛn gyidi bɛyɛ den. Ɛnyɛ seesei nko na yebenya asetra a ɛyɛ anigye, na mmom yebenya daa nkwa nso daakye.—Dwom 26:4, 5; Mmebusɛm 13:20.
[Kratafa 24 mfonini]
Epikuro kyerɛkyerɛe sɛ anyame no nni adesamma ho anigye biara
[Asɛm Fibea]
British Museum na Wɔmaa Hokwan