Buronya—Wiase Dapɔnna Anaa Nyamesom Dapɔn?
WƆFRƐ no Akwakoraa Buronya wɔ China. Wɔfrɛ no Papa Buronya wɔ United Kingdom. Nnipa a wɔwɔ Russia frɛ no Nanabarima Asukyenee, na wɔfrɛ no Santa Claus wɔ United States.
Nnipa pii bu saa akwakoraa a ne ho yɛ anika a n’afuru sõ, na ne bogyesɛ yɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma yi sɛ ogyina hɔ ma Buronya ankasa. Nanso nnipa pii nim nso sɛ Santa Claus yɛ ayɛsɛm nipa, anansesɛm mu nnipa a wɔanwene afa afeha a ɛto so anan mu sɔfo panyin bi a na ɔwɔ Mira (a ɛwɔ nnɛyi Turkey) no ho atetesɛm ho.
Amammerɛ ne atetesɛm anya nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛnea wodi afahyɛ ahorow so bere nyinaa, na saa ara na ɛte wɔ Buronya nso ho. Santa ho ayɛsɛm no yɛ anansesɛm a wɔde bata dapɔnna a agye din ho no ho nhwɛso biako pɛ. Bere a nnipa binom kyerɛ sɛ Buronya amanne ahorow gyina nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu so no, sɛ wohwɛ mu paa a, amanne yi mu dodow no ara fi abosonsom mu.
Nhwɛso foforo bi ne Buronya dua no. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ɔsom a na Europa abosonsomfo taa de ma nnua no annyae bere a wɔbɛyɛɛ Kristofo no, na ɛbɛdanee Scandinaviafo amammerɛ a ɛne sɛ wɔde dua a n’ahaban mpo da siesie fie ne apata Afe Foforo de pam ɔbonsam, na wɔde yɛ dua ma nnommaa wɔ Buronya bere mu no.”
Ɛkyɛw a wɔde asãã anaa dua foforo a n’ahaban mpo nwene no yɛ Buronya amammerɛ foforo a agye din. Eyi nso nyaa ne mfiase fii abosonsom mu pɛɛ. Tete Romafo de asãã nnua siesiee asɔredan ahorow wɔ Saturnalia, afahyɛ a na ɛkɔ so wɔ awɔw bere no mfinimfini a wɔde dii kuayɛ nyame, Saturn ni no mu. Nea ɛhyɛɛ saa abosonsom afahyɛ yi agyirae titiriw ne anigye ntraso ne adapaade a na wɔyɛ wom no.
Buronya amammerɛ a ɛne sɛ obi bɛfew obi ano wɔ nyankonnuru dua ase (sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ ha no) betumi ayɛ ebinom sɛ ɛkanyan ɔdɔ, nanso ɛyɛ adeyɛ a enyaa n’ahyɛase wɔ Mfinimfini Mmere no mu. Ná tete Britania Nyankomadeyɛfo gye di sɛ nyankonnuru wɔ nyankomade tumi; enti, na wɔde bɔ wɔn ho ban fi adaemone, kaberekyerɛ, ne mmusu afoforo ho. Bere kɔɔ so no, wobenyaa gyidi hunu a ɛne sɛ, sɛ obi few obi ano wɔ nyankonnuru ase a, ɛbɛkɔ akowie aware mu. Ebinom gu so yɛ saa ade no wɔ Buronya bere mu.
Eyinom yɛ nnɛyi Buronya amammerɛ ahorow a abosonsom nkyerɛkyerɛ anya so nkɛntɛnso anaa ɛde aba tẽẽ no mu kakraa bi. Nanso, ebia wubebisa sɛ ɛyɛɛ dɛn na eyi nyinaa bae. Ɛyɛɛ dɛn na amammerɛ ahorow a emfi Kristosom mu abɛhyɛ dapɔnna a wɔkyerɛ sɛ wɔde di Kristo awoda no mã saa? Nea ɛsen saa no, dɛn ne Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho?
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 2]
Kratafa 3: Santa Claus: Thomas Nast/Dover Publications, Inc., 1978; nyankonnuru dua a ɛwɔ kratafa 3 ne mfonini a ɛwɔ kratafa 4: Discovering Christmas Customs and Folklore a Margaret Baker kyerɛwee, na Shire Publications tintim no 1994