Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/1 kr. 22-24
  • W’ani Sɔ Yehowa Nhyira Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’ani Sɔ Yehowa Nhyira Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdemafo a Obi ne No Nsɛ
  • Nhyira Horow a Ɛma Yɛyɛ Adefo
  • Boasetɔ a Yɛde Bɛtwɛn Yehowa
  • Hwehwɛ Ne Nhyira
  • ‘Sɛnea Mede Nusu Agu Aba Na Mede Ahurusidi Atwa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Nhyira Ma Yɛyɛ Adefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Pɛyɛ Mu A Yɛnantew No Ma Yenya Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Da Yehowa Ase na Nya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/1 kr. 22-24

W’ani Sɔ Yehowa Nhyira Ankasa?

KENICHI, owura bi a n’ani afi, kɔɔ adutɔnbea bi sɛ ɔrekɔpɛ aduru de ako ɔpakum kakra a na wanya. Bere a ɔfaa aduru no, ɛne ne ho annye, na ɛmaa nsaa bi a ɛyɛ hene na ɛhyɛ nsu guguu ne ho nyinaa. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Kenichi adwenem fii ase yɛɛ no naa sɛ ebia oduruyɛfo no anhwɛ no yiye.

Nnipa bi betumi anya Yehowa Nyankopɔn ho adwene te sɛ nea Kenichi nyae wɔ oduruyɛfo no ho ara pɛ. Wonnye nni sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn dwen yɛn ho ankasa. Ɛwom sɛ wonim sɛ Onyankopɔn ye de, nanso wonnye nni sɛ odwen yɛn ho sɛ ankorankoro. Eyi yɛ nokware, titiriw bere a nneɛma nkɔ yiye mma wɔn anaa bere a wodi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi na ɛma wohyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den no. Esiane nhumu a wonni nti, wobu wɔn haw no te sɛ nsaa a ɛyɛ hene a ɛhyɛ nsu a eguu Kenichi mpofirim no, te sɛ nea ebia efi Nyankopɔn no.—Mmebusɛm 19:3.

Ɛnsɛ sɛ yɛde Yehowa toto nnipa a wɔnyɛ pɛ ho. Nnipa nimdeɛ ne wɔn tumi nnɔɔso. Wontumi nhu afoforo ahiade ankasa sɛnea Kenichi duruyɛfo no anhu no. Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa hu biribiara. Mpɛn pii no, Yehowa boa yɛn bere a yenhu na yennim ho hwee, efisɛ yɛwɔ su a ɛma yɛde yɛn adwene si nneɛma a yenni so, na yebu yɛn ani gu nhyira pii a yɛwɔ no so. Sɛ́ anka yɛbɛpere yɛn ho anunu Yehowa wɔ ɔhaw ahorow biara a yehyia ho no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu nhyira horow a Yehowa de ma yɛn no.

Sɛnea Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ no, wobetumi akyerɛ “nhyira” ase sɛ “biribi a ɛde anigye anaa yiyedi ba.” So wunim sɛ eyi te saa wɔ nhyira a efi Yehowa nkyɛn no ho titiriw?

Ɔdemafo a Obi ne No Nsɛ

Sɛ ɔbaa warefo bi ka sɛ ne kunu yɛ ɔdemafo pa a, nea ɔkyerɛ ara ne sɛ ɔhwɛ di abusua no ahiade ho dwuma yiye, ma wɔn aduan a ɛsɛ, dabere, ne ntade, na ama abusua no ani agye anya nkɔso. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ Ɔdemafo pa ma yɛn? Susuw yɛn okyinnsoromma a ɛne Asase yi, a ɛyɛ nnipa fie no ho yiye hwɛ. Kilomita 150,000,000 na ɛda ɛne owia no ntam, nea ɛfata pɛpɛɛpɛ na ama nkwa atumi anya ɔhyew a ɛfata atra asase so. Sɛnea wɔayɛ yɛn asase yi ma akyea digrii 23.5 no fata pɛpɛɛpɛ, na ama yɛanya mmere mu nsakrae a ɛma yenya nnɔbae pii no. Ne saa nti, asase ma nnipa bɛboro ɔpepepem anum aduan. Nokwarem no, Yehowa yɛ Ɔdemafo a ne ho yɛ nwonwa!

Afei nso, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ́ ankorankoro no, Yehowa susuw yɛn yiyedi ho yiye. Wo de susuw ho hwɛ, Yehowa nim nsoromma ɔpepepem pii no nyinaa din, na akasanoma biako mpo nkwati no nhwe fam. (Yesaia 40:26; Mateo 10:29-31) Hwɛ sɛnea odwen nnipa a wɔdɔ no a ɔde ne Dɔba, Yesu Kristo mogya a ɛsom bo tɔɔ wɔn no ho! (Asomafo no Nnwuma 20:28) Onyansafo no ka ma ɛfatae sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.”—Mmebusɛm 10:22, NW.

Nhyira Horow a Ɛma Yɛyɛ Adefo

Yɛwɔ biribi a ɛsom bo kɛse a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ paa. Ɛyɛ dɛn? Bible no ma yehu, bere a ɛka sɛ: “W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem.” (Dwom 119:72; Mmebusɛm 8:10) Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa mmara akyi kwan sɛ ade a ɛsom bo sen sika a wɔayiyi mu. Yehowa mmara ho nokware nimdeɛ ne nhumu a ɔde ma wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Ɛboa yɛn ma yɛhwɛ yɛn ho so yiye, gyina tebea horow a ɛyɛ den ano, di nsɛnnennen ho dwuma yiye, na ɛma yɛpene nea yɛwɔ so, na yɛn ani gye.

Eyi yɛ nokware wɔ mmofra mpo fam. Susuw sɛnea abeawa bi dii ne haw ho dwuma denam Yehowa mmara a odii akyi so no ho hwɛ. Abeawa no, Akemi, te bɛn Tokyo. Ne papa ne ne maame de Bible nnyinasosɛm na ɛtetee no, na ɛdenam nsɛm a wɔka ne wɔn nhwɛso so no, wɔboaa wɔn babea no ma onyaa ɔdɔ maa Yehowa ne ne mfɛfo. Bere a wohuu ɔhaw a obehyia wɔ sukuu mu siei no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de asiesie no. Nanso bere a Akemi kɔɔ mfitiase sukuu no, n’adesuakuw mufo binom buu no sɛ ɔyɛ “soronko” esiane sɛ na ɔbɔ mpae ansa na wadidi, na ofi ahonim mu twee ne ho fii dwumadi horow a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ho nti. Ankyɛ na asisifo kuw bi de wɔn ani sii ne so ma sɛ wɔpɔn sukuu a, wɔka no hyɛ ɔdan ntwea so bobɔ n’asom, kyinkyim ne nsa na wodi ne ho fɛw.

Abofra Akemi antua wɔn wɔn nneyɛe no so ka, saa ara nso na wansuro wɔn a wodii n’ani no anim. Mmom no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde nea wasua no bedi dwuma. Esiane ne suban pa ne n’akokoduru nti, ne mfɛfo adesuafo no pii bebuu no. Wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no, na efi saa da no, wonsisii Akemi wɔ sukuu mu bio.

Dɛn na ɛboaa Akemi ma ogyinaa tebea a emu yɛ den no ano? Nokware nimdeɛ, nhumu, ne nyansa a efi Yehowa hɔ a n’awofo de duaa ne mu no. Ná onim Yesu boasetɔ no yiye na ɛkaa no ma osuasuaa ne nhwɛso no. Bible no boaa no ma ohui sɛ nnipa binom yɛ bɔne a wonnim, na ɛhyɛɛ no nkuran ma okyii bɔne a asisifo no yɛe no, bere a na ɔntan nkurɔfo no ankasa.—Luka 23:34; Romafo 12:9, 17-21.

Ɛyɛ nokware sɛ awofo biara rempɛ sɛ wodi wɔn ba ho fɛw na wosisi no. Nanso hwɛ sɛnea Akemi awofo ani gyei bere a wɔtee nea esii nyinaa no. Nokwarem no, mmofra a wɔte saa yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ.—Dwom 127:3; 1 Petro 1:6, 7.

Boasetɔ a Yɛde Bɛtwɛn Yehowa

Nanso ɛtɔ mmere bi a, ansa na wo nsa bɛka Yehowa nhyira no, ɛsɛ sɛ wotwɛn ma odi nsɛm bi ho dwuma ansa. Yehowa nim wo tebea no, na odi ebiara ho dwuma bere a ɛso bɛba wo mfaso kɛse. (Dwom 145:16; Ɔsɛnkafo 3:1; Yakobo 1:17) Ebia w’ani gye nnuaba ho, nanso sɛ wokɔ obi fie na sɛ ɔde aduaba bun ma wo a, wubebu no dɛn? Sɛ́ ebia ɛyɛ aprɛ, akutu, anaa biribi foforo no, wobɛpɛ sɛ wudi aduaba a abere, nsu wom, na ɛyɛ dɛ. Saa ara na Yehowa de w’ahiade ma wo wɔ bere a ɛfata mu—ɛnyɛ ntɛm dodo na ɛnka akyiri nso dodo.

Kae Yosef suahu no. Ɔkɔdaa Misrifo afiase bere a ɔnyɛɛ hwee. Ná ne yɔnko a ɔne no da afiase, Farao nsahyɛfo bi wɔ anidaso sɛ wobeyi no, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka Yosef ho asɛm akyerɛ Farao. Nanso bere a woyii no no, ne werɛ fii Yosef koraa. Ná ɛte sɛ nea Yosef ho nhia obiara no. Nanso, mfe abien akyi no, woyii no fii afiase na awiei koraa no, ɔbɛyɛɛ Misraim sodifo abadiakyiri. Sɛ́ anka ɔbɛpere ne ho no, Yosef twɛnee Yehowa. Eyi nti, wohyiraa no wɔ ɔkwan bi so a ɛma ogyee Israelfo ne Misrifo nyinaa nkwa.—Genesis 39:1–41:57.

Ná Masashi yɛ asafo bi mu panyin wɔ Japan atifi fam. Ná ɔnna afiase nanso na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn Yehowa. Dɛn ntia? Efi bere a wofii Asomfo Ntetee Sukuu a ɛyɛ sukuu a wɔde tete Kristofo asomfo a wɔfata no ase wɔ Japan no, ɔde yɛɛ ne botae denneennen sɛ ɔbɛkɔ bi. Ɔbɔɔ hokwan no ho mpae denneennen. Wɔtoo nsa frɛɛ ne yɔnko kwampaefo, nanso ɛmfa ho anigye kɛse a na Masashi kyerɛ wɔ ho no, wɔamfrɛ no. Ɛhaw no yiye.

Nanso, ɔbɔɔ mmɔden yɛɛ nea ɛbɛma watumi adi sɛnea ɔte nka no so. Osuaa Bible ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma horow, de n’adwene sii nsɛmti a ɛfa sɛnea ɔbɛbrɛ ne ho ase na wadi ne nkate so so. Osiesiee ne nsusuwii na ɛma onyaa abotɔyam wɔ ne dwumadi no mu. Afei, bere a na ɔnhwɛ kwan koraa no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra sukuu no.

Esiane su horow te sɛ boasetɔ ne ahobrɛase a na wanya nti, onyaa sukuu no mu mfaso kɛse. Akyiri yi, Masashi nyaa hokwan som ne nuanom sɛ ɔhwɛfo kwantuni. Yiw, na Yehowa nim nea Masashi hia, na ɔde maa no bere a na ɛso bɛba mfaso kɛse.

Hwehwɛ Ne Nhyira

Enti Yehowa nte sɛ oduruyɛfo no. Ɛwom sɛ ebia yɛrente sɛnea Yehowa hwɛ yɛn so na odwen yɛn ho no ase, nanso n’ayamye nam akwan ahorow so na ɛba—wɔ bere ne akwan a yebenya so mfaso kɛse so. Enti kɔ so hwehwɛ ne nhyira. Kae sɛ wowɔ nneɛma pii dedaw a wubetumi agyina so de aseda ama. Wɔde nneɛma atitiriw a ehia wo na ama woakɔ so atra asase so adom wo. Wɔama woanya Yehowa ne n’akwan a ɛyɛ pɛ no ho nimdeɛ. Wɔama woate nneɛma ase. Na woanya nhumu. Eyi nyinaa ma wudi yiye na ɛma w’ani gye.

Nea ɛbɛyɛ na woanya Yehowa nhyira pii no, kɔ so sua Bible no daa. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wonte nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ abohene a ɛwɔ N’asɛm a efi honhom mu no ase, na fa di dwuma. Ɛbɛma woayɛ ɔdefo ankasa a hwee renhia wo. Yiw, ɛbɛma woanya anigye ne abotɔyam mprempren, ne nkwa a enni awiei wɔ wiase foforo a ɛreba no mu.—Yohane 10:10; 1 Timoteo 4:8, 9.

[Kratafa 23 mfonini]

Yehowa nhyira som bo sen sika kɔkɔɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena