Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/15 kr. 23-28
  • Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi a Yɛwɔ a Yɛbɛhyɛ Mu Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi a Yɛwɔ a Yɛbɛhyɛ Mu Den
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware—Yɛn Gyidi Nnyinaso
  • Suasua ‘Yɛn Gyidi Wiefo’ No
  • Fa Gyidi Tra Ase
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Kyerɛ Gyidi A Egyina Nokware So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/15 kr. 23-28

Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi a Yɛwɔ a Yɛbɛhyɛ Mu Den

BIBLE ne nhoma a nnipa pii akenkan sen nhoma foforo biara. Nanso wɔn mu baahe na wɔakyerɛ emu nsɛm no mu gyidi? Bible no ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Ɛda adi pefee sɛ wɔamfa gyidi anwo yɛn. Ɛsɛ sɛ yesua. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi mpo di ho agoru. Gyidi betumi adwudwo na awu. Enti, mmɔdenbɔ ho hia na yɛakɔ so ‘ayɛ den gyidi mu.’—Tito 2:2.

Enti na ntease wom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no paw asɛmti a ɛne sɛ, “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi,” maa 1997/98 ɔmantam nhyiam ahorow no. Enti Adansefo ne afoforo ɔpepem pii nyaa hokwan hyiaam hyɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu gyidi a wɔwɔ no mu den.

Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware—Yɛn Gyidi Nnyinaso

Eyi ne nhyiam no da a edi kan asɛmti. Wodii kan de nkamfo maa obiara a ɔkɔɔ bi. Nhyiam no a obi kɔɔ bi no kyerɛe sɛ ɔwɔ obu ma Bible no. Nanso wobisaa nsɛm a na ɛkanyan adwene faa sɛnea yɛn gyidi di mũ ho sɛ: ‘So yetumi kasa ma yɛn gyidi, de Onyankopɔn Asɛm foa so? So yɛn ani sɔ honhom fam aduan, a yemmu Bible no, asafo nhyiam, ne Bible ho nhoma ahorow adewa da? Yɛrenya nkɔanim wɔ ɔdɔ, nokware nimdeɛ, ne nhumu mu?’ Ɔkasafo no hyɛɛ obiara nkuran sɛ ontie no yiye, na ɔkae sɛ “wɔasiesie saa ‘Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi’ Ɔmantam Nhyiam yi na aboa yɛn ma yɛn mu biara apɛɛpɛɛ ne ho mu ahwɛ sɛnea ne gyidi te na edi mũ fa.”

Nhyiam asɛmti ho ɔkasa no ti asɛm ne sɛ, “Yɛnam Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Yehu Mu.” (2 Korintofo 5:7) Ɔkasafo no kae sɛ: “Sɛ ebinom nya gyidi bɛyɛ Yehowa Adansefo a, ɛnkyerɛ sɛ saafo no ma biribiara dan wɔn ti.” Eyi yɛ nokware dɛn ara! Nokware gyidi mfa biribiara saa ara. Egyina nokwasɛm ahorow so. Hebrifo 11:1 ka sɛ: “Gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” Ɔkasafo no kae sɛ: “Sɛ yebetumi anantew gyidi mu paa a, ɛnde yehia gyidi a ɛwɔ nnyinaso pa.” Esiane sɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu nti, enhia sɛ yehu ɔkwan a Yehowa nam so, ne bere pɔtee a obedi n’atirimpɔw biara ho dwuma. Nea yenim fa ne ho dedaw no ma yenya tumi a ɔwɔ a ɔde bedi ne bɔhyɛ ahorow ho dwuma wɔ ɔdɔ ne trenee mu no mu ahotoso korakora.

Ɔkasa a ɛne “Kristofo Mmofra—Asafo no Mufo a Wɔn Ho Hia” no kaee mmofra sɛnea wɔsom bo ma Yehowa. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnyin wɔ honhom mu denam botae horow a wɔde besisi wɔn ani so, te sɛ Bible mũ no nyinaa a wɔbɛkenkan ne fata a wɔbɛfata ama ahosohyira ne asubɔ no so. Sukuu ntoaso yɛ kokoam asɛm a ɛsɛ sɛ obi ne n’ankasa awofo susuw ho, nanso sɛ obi de ne ho hyɛ mu a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔde yɛ ne botae sɛ ɛbɛboa no ma wasom Onyankopɔn yiye. Sɛ ‘yɛsɔ nneɛma a eye koraa’ a ɛfa yɛn gyidi ho ‘no hwɛ’ a, wiase nhomasua betumi adi atirimpɔw a mfaso wɔ so ho dwuma.—Filipifo 1:9, 10.

Ɛno akyi na yenyaa ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa a n’asɛmti ne “Hena Gyinapɛn na Wudi So?” Onyankopɔn Asɛm mu gyidi kanyan yɛn ma yɛbata Bible gyinapɛn ahorow ho. Kristofo yɛ osetie ma Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow. Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde kasafĩ ne atennidi di dwuma. (Efesofo 4:31, 32) Ɔkasafo no bisae sɛ: “Sɛ wo bo fuw a, woteɛteɛm gu wo hokafo anaa wo mma so didi wɔn atɛm?” Nokwarem no, ɛremfata sɛ Kristoni bɛyɛ saa. Onyankopɔn wɔ ahosiesie nso ho gyinapɛn ahorow ma yɛn. Ɛsɛ sɛ Kristofo de ‘ntade a ɛsɛ, ne ani a ewu ade’ siesie wɔn ho. (1 Timoteo 2:9, 10) Asɛm “ani a ewu ade” no kura adwene a ɛne bu a obi bu ne ho, nidi, anidahɔ, ne ade a wɔyɛ no hɔ-ne-hɔ. Afoforo ho dɔ na ɛkanyan yɛn, na Bible nnyinasosɛm ahorow ne adetreneeyɛ na ɛkyerɛ yɛn kwan.

Ɔkasa ahorow abien a edi hɔ no de Hebrifo 3:7-15 ne 4:1-16 no nkyekyem biara ho nkyerɛkyerɛmu nso mae. Saa Bible mu nsɛm yi bɔ yɛn asiane a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛma ‘bɔne nnaadaa apirim yɛn koma’ ho kɔkɔ. (Hebrifo 3:13) Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi nkonim wɔ ko a yɛreko tia bɔne no mu? Yehowa nam N’asɛm so boa yɛn. Nokwarem no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na . . . ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.”—Hebrifo 4:12.

Nhyiam no da a edi kan no kasa a etwa to ne “Nhoma a Eye Ma Nnipa Nyinaa.” Esii ahotoso a yebetumi anya wɔ Bible no mu, sɛnea edi mũ, ne sɛnea wotumi de di dwuma no so dua. Hwɛ anigye ara a ɛbae bere a ɔkasafo no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔayi nhomawa foforo a ekura nkratafa 32 a wɔato din Amansan Nhoma adi no! Wɔyɛɛ nhoma foforo yi maa nnipa a ɛmfa ho sɛ wonim nhoma no, wonnim Bible no ho nsɛm pii no titiriw. Nsɛm a wɔka de wiee ɔkasa no ne sɛ: “Ɛho hia sɛ nkurɔfo ankasa pɛɛpɛɛ Onyankopɔn Asɛm no mu. Yɛwɔ ahotoso sɛ, sɛ wɔn ankasa pɛɛpɛɛ mu a, wɔbɛba abehu sɛ saa nhoma soronko yi, Bible no, yɛ nhoma a eye ma nnipa nyinaa ampa!”

Suasua ‘Yɛn Gyidi Wiefo’ No

Nhyiam no da a ɛto so abien no asɛmti yi twee adwene sii Yesu Kristo, ‘yɛn gyidi Wiefo’ no so. Ehia sɛ ‘yedi n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (Hebrifo 12:2; 1 Petro 2:21) Asɛm a wɔka kyerɛ Kristoman mufo pii ne sɛ: ‘Gye Awurade Yesu di, na wubenya nkwa!’ Nanso nea gyidi hwehwɛ ara nen anaa? Bible ka sɛ “gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Enti, Yesu a yebegye no adi akyi no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnwuma a ɔyɛe no bi, titiriw denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛbɛka so.

Anɔpa dwumadi no sii asɛmpaka adwuma no so dua. Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka ogye asɛmpa no akyerɛ. (Romafo 1:14-16) Yesu kaa asɛm kyerɛɛ nnipa wɔ baabiara. Ɛwom sɛ afie afie adwuma a daa yɛyɛ no resow aba de, nanso sɛ yɛkɔ nkurɔfo afie a, yɛnto wɔn mu pii. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Nnipa pii wɔ sukuu mu, wɔreyɛ adwuma, wɔredi gua, anaa wɔretu kwan. Enti ehia nso sɛ yɛka asɛm no wɔ gua so ne baabiara a yebenya nnipa.

Ɔkasa a ɛne sɛ “Gye Ntini na Yɛ Den Wɔ Nokware no Mu” no kaee yɛn asuafo foforo pii a wɔrebɔ wɔn asu—sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, bɛboro 1,000 da biara! Ɛho hia sɛ saa abɛɛfo yi gye ntini na wɔyɛ den wɔ gyidi no mu. (Kolosefo 2:6, 7) Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnua ntini twetwe nsu ne aduan, na bere koro no ara nso ɛma dua no ase tim na enya fapem. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, asuafo foforo ase betumi atim wɔ nokware no mu denam adesua nhyehyɛe ne fekubɔ pa so.

Ná saa afotu yi ye ma asubɔhwehwɛfo no titiriw. Yiw, wɔ nhyiam no da a ɛto so abien no, wɔbɔɔ asuafo foforo pii asu, de dii Yesu nhwɛso akyi. Ɔkasa a ɛne sɛ “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi Kowie Asubɔ Mu” no kaee asubɔhwehwɛfo no sɛ nsu mu a wɔde wɔn wura koraa no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛfata a ɛkyerɛ sɛ wɔawu wɔ wɔn kan ahopɛ asetra no ho. Nsu no mu a woyi wɔn fi no kyerɛ sɛ wɔanyan wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

Ná ɔkasa a ɛne sɛ “Ko Denneennen Fa Pere Gyidi No” gyina Bible nhoma Yuda, so. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ yɛn gyidi ho ban denam ko a yɛbɛko atia nkɛntɛnso bɔne te sɛ ɔbrasɛe, atuatew, ne ɔwae so. Ɛno akyi no, wɔdan adwene kɔɔ awofo—ɛnkanka agyanom—so wɔ ɔkasa a ɛne sɛ “Yɛ Nsiesiei Ma Wo Fiefo” no mu. Nsiesiei a wɔbɛyɛ ama abusua no de adi wɔn honhom, honam, ne nkate fam ahiade ho dwuma no yɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde. (1 Timoteo 5:8) Eyi gye bere, nkitahodi, ne abusuabɔ a emu yɛ den. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn ani gye mmɔden kɛse a Kristofo awofo bɔ sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ nokware no mu no nyinaa ho.

Ɔkasa a wɔakyekyem a edii hɔ, “Momma Yɛnkɔ Yehowa Fie” no, kanyanee Kristofo nhyiam horow ho anisɔ. Ɛma yenya ɔhome fi wiase yi dadwen ho. Wɔ nhyiam horow ase no, yenya hokwan hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, na yebetumi ada ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo gyidifo no adi. (Hebrifo 10:24, 25) Nhyiam horow san boa yɛn ma yɛn ahokokwaw sɛ akyerɛkyerɛfo no tu mpɔn, na ɛma Onyankopɔn atirimpɔw mu ntease a yɛwɔ no yɛ kɛse. (Mmebusɛm 27:17) Ɛmmra sɛ yɛrentew yɛn ho mfi asafo no ho da, na momma yɛnkae Yesu nsɛm yi: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.”—Mateo 18:20.

Ɔkasa a etwa to saa da no ne “Sɛnea Wo Gyidi Som Bo—Wɔasɔ Ahwɛ Nnɛ.” Gyidi a wɔnsɔ nhwɛe no, wonhu bo a ɛsom, na wonhu sɛnea edi mũ fa. Ɛte sɛ sika a wɔakyerɛw ama obi a onnya nkoyii. So ɛyɛ sika ankasa? Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ yɛn gyidi hwɛ na akyerɛ sɛ ɛyɛ papa, na edi mũ ankasa. (1 Petro 1:6, 7) Ɔkasafo no kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, asɔfo ne awaefo daadaa nsɛm ho amanneɛbɔfo ne atumfoɔ ma wɔbɔ yɛn sobo a ɛnyɛ nokware, ka yɛn Kristofo gyidi ahorow ne yɛn asetra kwan ho nsɛmmɔne. . . . So yɛbɛma kwan ma wɔn a Satan afura wɔn ani no ahunahuna yɛn abu yɛn abam, na wɔama yɛn ani awu asɛmpa no ho? So yɛbɛma kwan ma atosɛm a wɔka fa nokware no ho no, aka nhyiam a yɛbɛkɔ daa ne yɛn asɛnka dwumadi no? Anaasɛ yebegyina pintinn de akokoduru abɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛkɔ so aka nokware a ɛfa Yehowa ne N’ahenni ho no?”

Fa Gyidi Tra Ase

Ná nhyiam no da a ɛto so abiɛsa no asɛmti gyina Paulo nsɛm yi so sɛ: “Ɛda hɔ pefee sɛ, mmara mu de, obiara nteɛ Onyankopɔn anim, efisɛ gyidi mu na ɔtreneeni benya nkwa.” (Galatifo 3:11) Ɔkasa a wɔakyekyem a ɛne sɛ, “Yoel Nkɔmhyɛ Nsɛm Ma Yɛn Bere Yi” no, yɛ anɔpa dwumadi no fã titiriw. Yoel nhoma no hyɛ yɛn bere yi ho nkɔm, na ɛka no anibere so sɛ: “Ao, ɛda no! na [Yehowa, NW] da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfoɔ nkyɛn.” (Yoel 1:15) Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ wɔn ade te sɛ mmoadabi a wɔmpa abaw, na wɔmmaa biribiara nsiw Ahenni dawurubɔ a ɛrekɔ so wɔ awiei bere yi mu no kwan.

Yoel nhoma no ma awerɛhyem nso sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no, wobegye no nkwa.” (Yoel 2:32) Eyi kyerɛ pii sen Yehowa din kɛkɛ a wɔbɛbɔ. Ahonu a efi komam ho hia, na nea ɛka eyi ho ne bɔne a yebekyi. (Yoel 2:12, 13) Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase efisɛ ɛrenkyɛ, Yehowa de atemmu bɛba amanaman no so sɛnea ɔde baa Moab, Amon, ne Seir bepɔw so wɔ Yudani Ɔhene Yehosafat bere so no.—2 Beresosɛm 20:1-30; Yoel 3:2, 12.

Ɔkasa a ɛne “Da Gyidi Adi Denam Yehowa a Wobɛtwɛn no So” no hyɛɛ obiara nkuran. Seesei a yɛadu akyiri wɔ awiei bere yi mu no, yetumi hwɛ yɛn akyi hu sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow no pii anya mmamu, na yɛn ani da nsɛm a afei na ɛrebesisi no so denneennen. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo kɔ so nya boasetɔ, na wɔkae sɛ nea Onyankopɔn de ahyɛ bɔ biara bɛba mu.—Tito 2:13; 2 Petro 3:9, 10.

Drama a wɔato din sɛ, “Ma W’ani Nhwɛ Tẽẽ” no na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Saa tebea a ɛwɔ hɔ ankasa ho ɔyɛkyerɛ yi hyɛɛ yɛn nkuran ma yɛpɛɛpɛɛ adwene a yekura wɔ honam fam nneɛma akyidi ho no mu. Ɛmfa ho baabi a yɛte no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkwati dadwen wɔ asetra mu a, ɛsɛ sɛ yedi Yesu afotu a ese yɛmma yɛn ani nhwɛ tẽẽ, na yɛmfa nsi Onyankopɔn Ahenni so no so.—Mateo 6:22.

Ná baguam ɔkasa no kura asɛmti a ɛkanyan adwene a ɛne sɛ, “Gyidi ne Wo Daakye.” Ɛde adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa akannifo ntumi nni wiase haw ahorow ho dwuma mae. (Yeremia 10:23) Nsɛm dedaw no ara na ɛresisi wɔ nnipa abakɔsɛm mu—trɛw ara na emu retrɛw na ɛresɛe kɛse. Yehowa Adansefo te nka dɛn wɔ daakye ho? Yegye di sɛ adesamma anokwafo wɔ daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase. (Mateo 5:5) Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow anya mmamu wɔ wɔn a wɔwɔ N’asɛm a ɛde nkuranhyɛ a edi so yi ma, mu gyidi no so: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.”—Yesaia 55:6.

Bere a Yesu reka yɛn bere yi ho asɛm no, obisaa asɛm bi a ɛho hia. Obisae sɛ: “Onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?” (Luka 18:8) Ɔkasa a etwa to no tĩĩ nhyiam dwumadi no mu, na ɛkyerɛɛ sɛnea ɛde adanse a edi mũ mae de kyerɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm mu gyidi wɔ hɔ, ɛmfa ho sɛ yɛte wiase a wonni gyidi na honam fam nneɛma adi wɔn ti mu no.

Nanso, yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘So meka wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn ne N’asɛm mu gyidi a enhinhim no ho?’ Ɛsɛ sɛ “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam no boa yɛn ma yebua saa asɛmmisa no sɛ yiw. Na aseda ara a yɛde ma Yehowa sɛ ɔhyɛɛ ɔno ne N’asɛm, Bible, a efi ne home mu no mu gyidi a yɛwɔ den!

[Kratafa 24 mfonini ahorow]

Nnipa pii de anigye tuu wɔn ho sii hɔ yɛɛ adwuma ma nhyiamfo mpempem pii nyaa dabere

[Kratafa 25 mfonini ahorow]

L. A. Swingle a ɔka Sodikuw no ho reyi nhomawa foforo no adi

[Kratafa 25 mfonini]

Wohyiaam wɔ agumadibea akɛseakɛse te sɛ eyi wɔ wiase nyinaa

[Kratafa 26 mfonini]

Wɔbɔɔ nnipa pii asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne

[Kratafa 27 mfonini ahorow]

Nhyiamfo de anigye too Ahenni nnwom. Mfinimfini mfonini: drama a ɛne sɛ, “Ma W’ani Nhwɛ Tẽẽ” no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena